-
Dɛn Na Ebetumi Aboa Wo Ma Woakɔ So Asua Bible?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
ADESUA 12
Dɛn Na Ebetumi Aboa Wo Ma Woakɔ So Asua Bible?
Sɛ yɛyere yɛn ho sua Bible a, yebenya so mfaso pii. Nanso ɛtɔ da a, ne yɛ nna fam. Ebi mpo a w’adwene yɛ wo sɛ ebedu baabi no, worentumi nkɔ so nsua Bible no. Nanso adɛn nti na ɛsɛ sɛ woyere wo ho toa so? Sɛ worehyia ɔhaw mpo a, dɛn na ɛbɛboa wo ama woakɔ so asua Bible?
1. Sɛ wusua Bible no a, sɛn na ɛbɛboa wo?
“Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.” (Hebrifo 4:12) Bible som bo paa efisɛ sɛ wokenkan a, ɛbɛma woahu Onyankopɔn adwene, na ɛbɛma woahu sɛ ɔdɔ wo. Sɛ wusua a, ɛbɛma woanya nimdeɛ. Ɛnyɛ ɛno nko, ɛbɛma woanya nyansa ne anidaso nso. Nanso mfaso a ɛsen biara a wubetumi anya afi Bible so ne sɛ, ɛbɛboa wo ama woafa Onyankopɔn adamfo. Esiane sɛ Bible no wɔ tumi nti, sɛ wusua a, ebetumi aboa wo ama w’abrabɔ ayɛ papa.
2. Nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛsom bo ma yɛn?
Nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no te sɛ agude bi a ɛsom bo. Ɛno nti, Bible tu yɛn fo sɛ ‘yɛntɔ nokware, na ɛnsɛ sɛ yɛtɔn da.’ (Mmebusɛm 23:23) Sɛ yegye tom sɛ nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no som bo a, ɛbɛma yɛakɔ so ayere yɛn ho asua, na mpo sɛ yehyia ɔhaw a, yɛrennyae.—Kenkan Mmebusɛm 2:4, 5.
3. Dɛn na Yehowa betumi ayɛ de aboa wo ama woakɔ so asua Bible?
Yehowa yɛ tumi nyinaa Wura. Ɔno na ɔbɔɔ wo, na ɔyɛ w’Adamfo. Enti ɔpɛ sɛ ɔboa wo ma wusua ne ho ade. Obetumi ama ‘woanya ɔpɛ ne ahoɔden a wode bɛyɛ n’apɛde.’ (Kenkan Filipifo 2:13.) Ɛno nti, ɛtɔ da na ɛyɛ den ma wo sɛ wubesua ade anaa wode nea woresua no bɛyɛ adwuma a, obetumi aboa wo. Afei sɛ nkurɔfo sɔre tia wo anaa wuhyia ɔhaw bi a, obetumi ama woanya ahoɔden a wode begyina ano. Ɛyɛ a taa bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na kɔ so sua Bible no.—1 Tesalonikafo 5:17.
SUA PII KA HO
Adagyew a wunni nti, ɛyɛ den sɛ wubesua Bible anaa? Anaa wo de, Bible a woresua nti, nkurɔfo sɔre tia wo? Sɛ saa a, hwɛ nea ɛbɛboa wo ma woakɔ so asua Bible no, na hwɛ sɛnea Yehowa nso betumi aboa wo.
4. Ma Bible a woresua no ho nhia wo paa
Ɛtɔ da na yɛsɔre a, nneɛma a egu yɛn so nti, yetumi te nka sɛ yenni adagyew a yɛde besua Bible. Dɛn na ebetumi aboa yɛn? Monkenkan Filipifo 1:10. Muwie a, munsusuw nsɛmmisa yi ho:
“Nneɛma a ehia paa” wɔ asetena mu no, wohwɛ a ebi ne dɛn?
Dɛn na woyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ Bible a woresua no ho hia wo paa?
Sɛ wode abo ne anwea regu bokiti mu, na wudi kan de anwea no gu mu ansa na wode abo no agu mu a, abo no nyinaa renkɔ mu
Sɛ wudi kan de abo no gu mu a, anwea no dodow no ara bɛkɔ mu. Saa ara na nneɛma a yɛyɛ wɔ yɛn asetena mu no nso te. Sɛ yɛde si yɛn ani so sɛ yebedi kan ayɛ “nneɛma a ehia paa no” a, yebetumi ayɛ awie asan anya bere mpo de ayɛ nneɛma foforo
Yɛn nyinaa hia Onyankopɔn akwankyerɛ; sɛ yesua Bible a, etumi ma yenya saa akwankyerɛ no. Afei ɛma yehu no yiye, na yetumi som no nso. Monkenkan Mateo 5:3. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Sɛ yɛma Bible a yɛresua no ho hia yɛn paa a, ɛboa yɛn sɛn?
5. Sɛ nkurɔfo sɔre tia wo mpo a, mpa abaw
Ɛtɔ da a, ebinom bɛyɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ wɔn ani nnye Bible a woresua no ho. Ebinom mpo betumi aka sɛ gyae. Biribi saa too aberante bi a ne din de Francesco. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho.
Bere a Francesco kaa nea ɔresua no ho asɛm kyerɛɛ ne nnamfo ne n’abusuafo no, wɔyɛɛ wɔn ade sɛn?
Nea wɔyɛe nyinaa akyi no, wampa abaw. Nhyira bɛn na efii mu bae?
Monkenkan 2 Timoteo 2:24, 25. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Nea woresua no, w’abusuafo ne wo nnamfonom hu no sɛn?
Wohwɛ kyerɛwsɛm a yɛakenkan yi a, sɛ obi yɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ n’ani nnye Bible a woresua no ho a, sɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ w’ade? Adɛn ntia?
6. Fa wo ho to Yehowa so
Sɛ yɛne Yehowa adamfofa no mu yɛ den a, ɛbɛma yɛn ani agye ho sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. Nanso ɛtɔ da a, nsakrae a Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ wɔ yɛn abrabɔ mu no, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ nsakrae bi mpo a, mma w’abam mmu. Yehowa bɛboa wo. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho.
Nsakrae bɛn na Jim yɛe wɔ n’abrabɔ mu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asɔ Yehowa ani?
Dɛn na w’ani gye ho paa wɔ nea ɔyɛe no ho?
Monkenkan Hebrifo 11:6. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Wɔn a “wɔn ani abere rehwehwɛ” Yehowa, kyerɛ sɛ, wɔn a wɔreyɛ nea wobetumi nyinaa sɛ wobesua ne ho ade na wɔayɛ nea ɛsɔ n’ani no, dɛn na Yehowa bɛyɛ ama wɔn?
Sɛnea kyerɛwsɛm yi ka no, sɛ Yehowa hu sɛ woreyɛ nea wubetumi biara asua Bible no a, ɔte nka sɛn?
OBI BETUMI ABISA SƐ: “Adɛn nti na wo ne Yehowa Adansefo resua Bible?”
Sɛ obi bisa saa a, dɛn na wobɛka akyerɛ no?
NEA YƐASUA
Ɛtɔ da a, ɛnna fam sɛ yebesua Bible. Nanso sɛ wutumi yɛ saa a, ebetumi ama woatena ase daa, na w’ani begye afebɔɔ. Afei nso, sɛ wokɔ so ara de wo ho to Yehowa so a, obehyira wo.
Ntimu
Nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no, adɛn nti na ɛsom bo ma wo?
Dɛn na woyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ ‘worehwehwɛ mu ahu nneɛma a ehia paa’ wɔ w’asetena mu?
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wobɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na kɔ so sua Bible?
YƐ NHWEHWƐMU
Hwɛ nneɛma nnan bi a nnipa pii ayɛ a aboa ma wɔatumi de wɔn bere ayɛ adwuma yiye.
Ná maame bi pɛ sɛ ɔyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani, nanso na ne kunu ani nnye ho. Hwɛ sɛnea Yehowa boaa no.
Papa bi yɛe ara sɛ ɔbɛma ne yere agyae Bible a ɔresua no, nanso wannyae. Akokoduru a maame no nyae no, hwɛ sɛnea ɛboaa ne kunu no.
Ɛyɛ a ebinom keka sɛ Yehowa Adansefo tetew mmusua ntam. Wohwɛ a, saa asɛm no yɛ nokware?
“Yehowa Adansefo Tetew Mmusua Ntam Anaasɛ Wosiesie Mmusua?” (Ɛwɔ jw.org)
-
-
Sɛnea Yebetumi Asisi Gyinae PaWubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
ADESUA 35
Sɛnea Yebetumi Asisi Gyinae Pa
Nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara sisi ho gyinae. Ebi ne baabi a yɛbɛtena, adwuma a yɛbɛyɛ de ahwɛ yɛn ho, sɛ́ yɛbɛware anaa yɛrenware. Gyinae a yesisi no bi wɔ hɔ a, ebetumi de ɔhaw abrɛ yɛn anaa ebetumi ama yɛn ani agye. Ebi nso betumi asɛe yɛne Yehowa ntam, anaasɛ ama yɛne ne ntam ayɛ papa. Enti sɛ yesi gyinae pa a, yɛn ani begye, na Yehowa nso ani begye.
1. Sɛn na Bible betumi aboa wo ama woasisi gyinae pa?
Ansa na wubesi gyinae biara no, di kan bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo na si gyinae pa. Afei, dekode a worebesi ho gyinae no, yɛ ho nhwehwɛmu wɔ Bible mu hwɛ sɛ, dɛn na Yehowa ka fa ho. (Kenkan Mmebusɛm 2:3-6.) Ebi wɔ hɔ a, wubehu sɛ Yehowa ahyɛ mmara pɔtee bi a ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ. Sɛ wuhu biribi saa a, bɔ mmɔden sɛ wode bɛyɛ adwuma, efisɛ nea Yehowa aka no, ɛno paa na ɛbɛboa wo.
Nanso yɛmfa no sɛ wokan Bible no, woanhu mmara pɔtee bi nso ɛ? Wobɛyɛ no dɛn? Ɛno mpo no, Yehowa bɛkɔ so akyerɛ wo “ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so.” (Yesaia 48:17) Ɔbɛyɛ no sɛn? Ɔbɛma woahu nnyinasosɛm anaa Bible mu asɛm bi a ɛbɛboa wo. Dɛn ne nnyinasosɛm? Ɛyɛ nokwasɛm ahorow bi a ɛwɔ Bible mu a ɛma yehu Onyankopɔn adwene ne sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho. Mpɛn pii no, sɛ yɛkenkan asɛm bi a esii wɔ Bible mu a, ɛma yehu sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ nneɛma bi ho. Wei boa yɛn ma yehu n’adwene, na ɛma yetumi sisi gyinae a ɛsɔ n’ani.
2. Sɛ wopɛ sɛ wusi gyinae bi a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wudi kan susuw ho?
Bible ka sɛ: “Onyansafo de, anammɔn biara a obetu no, ɔhwɛ no yiye.” (Mmebusɛm 14:15) Wei kyerɛ sɛ, ansa na wubesi gyinae bi no, ɛsɛ sɛ wotɔ wo bo ase dwen ho yiye. Ɛsɛ sɛ wubisa wo ho sɛ: ‘Bible mu asɛm bɛn na ebetumi aboa me ama masi saa gyinae yi? Gyinae bɛn na misi a, ɛrenkɔfa ɔhaw mmrɛ me? Gyinae a merebesi yi, ɛbɛhaw afoforo anaa ɛrenhaw wɔn?’ Weinom nyinaa da nkyɛn a, asɛm a ehia paa a ɛsɛ sɛ wubisa wo ho ne sɛ, ‘Gyinae a mepɛ sɛ misi yi, ɛbɛma Yehowa ani agye anaa?’—Deuteronomium 32:29.
Yehowa nko ara na ɔfata sɛ ɔkyerɛ yɛn nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. Sɛ yesua Bible no na sɛ yehu mmara ne nnyinasosɛm a ɛwom no yiye, na yɛde bɔ yɛn bra a, ɛbɛboa yɛn ama yɛatete yɛn ahonim anaa yɛn tiboa. Yɛn ahonim anaa yɛn tiboa na ɛma yehu sɛ biribi ye anaa enye. (Romafo 2:14, 15) Sɛ yɛn ahonim yɛ adwuma yiye a, ɛboa yɛn ma yesisi gyinae pa.
SUA PII KA HO
Ɔfã yi bɛma woahu sɛnea nnyinasosɛm a ɛwɔ Bible mu ne w’ahonim betumi aboa wo ama woasisi gyinae pa.
3. Ma Bible no nkyerɛ wo kwan
Sɛ yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi a, Bible nnyinasosɛm bɛboa yɛn sɛn? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Akyɛde a ɛsom bo bɛn na Yehowa de ama yɛn?
Adɛn nti na Yehowa de obiara pɛ ama no?
Dɛn na Yehowa de ama yɛn a ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi asisi gyinae pa?
Nnyinasosɛm a ɛwɔ Bible mu no, ɛho nhwɛso baako wɔ Efesofo 5:15, 16. Monkenkan, muwie a, munsusuw ho nhwɛ sɛnea ‘wubenya bere’ de . . .
akenkan Bible da biara.
ayɛ nneɛma a ɛbɛboa wo ama woayɛ okunu pa, ɔyere pa, ɔwofo pa, anaa abofra pa.
akɔ asafo nhyiam.
4. Yɛ nneɛma a ɛbɛboa ama w’ahonim ayɛ adwuma yiye, na woatumi asisi gyinae pa
Sɛ yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi, na sɛ mmara pɔtee bi wɔ Bible mu a ɛma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ a, ɛyɛ a ɛnyɛ den sɛ yebesi gyinae pa. Nanso sɛ Bible no nkaa biribi pɔtee a ɛsɛ sɛ yɛyɛ nso ɛ? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Nneɛma bɛn na onuawa no yɛe sɛnea ɛbɛyɛ a n’ahonim bɛyɛ adwuma yiye, na watumi asi gyinae a ɛbɛsɔ Yehowa ani?
Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma obi si gyinae ma yɛn? Monkenkan Hebrifo 5:14. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Gyinae bi wɔ hɔ a, yenyae a anka obi asi ama yɛn. Nanso sɛnea kyerɛwsɛm no kae no, nneɛma mmienu bi wɔ hɔ a, yɛn ara na ɛsɛ sɛ yehu emu nsonsonoe. Ɛyɛ dɛn ne dɛn?
Dɛn na ɛbɛboa wo ama woatete w’ahonim ama ayɛ adwuma yiye na woatumi asisi gyinae pa?
Yɛn ahonim no te sɛ map; ɛkyerɛ yɛn kwan wɔ asetena mu
5. Sɛ obi de n’ahonim si gyinae a, ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia no
Obiara ne n’ahonim, enti ɛsono sɛnea obiara besi gyinae bi. Sɛ obi de n’ahonim si gyinae a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia no? Wo de, hwɛ nhwɛso mmienu a edidi so yi:
Nhwɛso 1: Sɛ onuawa bi resiesie ne ho akɔ adesua a, ɛyɛ a n’ani gye ho sɛ obetwiw n’anim. Nanso asafo foforo a wakɔ mu no, sɛ anuanom mmea a wɔwɔ hɔ no mu pii hu a, ɛyɛ a ɛhaw wɔn.
Monkenkan Romafo 15:1 ne 1 Korintofo 10:23, 24. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Wohwɛ nea kyerɛwnsɛm mmienu yi ka yi a, gyinae bɛn na onuawa no betumi asi? Sɛ w’ahonim ma wo kwan sɛ wobɛyɛ biribi, na sɛ obi foforo ahonim mma no kwan sɛ ɔbɛyɛ saa a, wobɛyɛ no dɛn?
Nhwɛso 2: Onua bi nim sɛ, sɛ obi nom nsa kakra a, Bible nkasa ntia. Nanso ɔno de, wasi gyinae sɛ ɔbɛtwe ne ho afi ho. Fa no sɛ onua no akɔ apontow bi ase. Oduu hɔ no, ohui sɛ anuanom a wɔwɔ hɔ no renom nsa. Dɛn na ɔbɛyɛ?
Monkenkan Ɔsɛnkafo 7:16 ne Romafo 14:1, 10. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Wohwɛ nea kyerɛwnsɛm mmienu yi ka yi a, gyinae bɛn na onua no betumi asi? Sɛ wuhu sɛ obi reyɛ biribi, na w’ahonim mma wo kwan sɛ wobɛyɛ saa a, wobɛyɛ no dɛn?
Nneɛma bɛn na woyɛ a ɛbɛboa wo ama woasisi gyinae pa?
1. Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na si gyinae pa.—Yakobo 1:5.
2. Yɛ nhwehwɛmu wɔ Bible ne nhoma ahorow a ɛboa yɛn ma yɛte Bible no ase mu. Wei bɛboa wo ama woanya nnyinasosɛm a wubetumi de ayɛ adwuma. Afei, nea wopɛ sɛ wusi ho gyinae no, wubetumi ne Kristofo a wɔwɔ osuahu anaa wɔasom akyɛ abɔ ho nkɔmmɔ.
3. Bisa wo ho sɛ, ‘Gyinae a merebesi yi, ebetumi ahaw me ne afoforo ahonim anaa?’
EBINOM KA SƐ: “Wubetumi ayɛ nea wopɛ biara. Ntie nea obi bɛka.”
Sɛ yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedwen ho hwɛ sɛnea Onyankopɔn ne afoforo bɛte nka?
NEA YƐASUA
Sɛ yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa te nka wɔ asɛm no ho. Afei, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ gyinae a yɛrebesi no bɛhaw afoforo anaa ɛrenhaw wɔn. Sɛ yetumi yɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa.
Ntimu
Wobɛyɛ dɛn asisi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani?
Nneɛma bɛn na woyɛ a ɛbɛboa ama w’ahonim ayɛ adwuma yiye?
Sɛ obi de n’ahonim si gyinae a, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yegye tom?
YƐ NHWEHWƐMU
Kenkan saa asɛm yi, na wubehu sɛnea wubetumi asisi gyinae a ɛsɔ Onyankopɔn ani.
“Sisi Gyinae A Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” (Ɔwɛn-Aban, April 15, 2011)
Hwɛ video yi, na wubehu sɛnea Yehowa kyerɛ yɛn kwan.
Ná ɛsɛ sɛ ɔbarima bi si gyinae bi. Ná ɛnna fam mma no, nanso hwɛ nea ɛboaa no ma otumi sii saa gyinae no.
Sɛ wopɛ sɛ wusi gyinae bi, na mmara pɔtee biara nni Bible mu a ɛbɛma woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ a, hwɛ nea ebetumi aboa wo ama woasi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani.
“So Wuhia Bible Mmara Bere Nyinaa?” (Ɔwɛn-Aban, December 1, 2003)
-