Bible No Adwene
Mmoa a Wɔyɛ Wɔn Ayayade—So Ɛyɛ Bɔne?
OBIARA rehwɛ nkokɔnini kɔkɔɔ ne fitaa a wɔreko wɔ Central America agoprama bi so no denneennen. Nnipadɔm no bɔ gye so bere a akokɔ kɔkɔɔ a wɔde oyiwan nnamnnam bi akyekyere ne nan ho sɔw fitaa no. Nea ɔhwɛ ntɔkwaw no so no pagyaw nkokɔ abien no. Afei akokɔ fitaa no yɛ mmerɛw na owu a mogya retu no. Nkokɔnini ntɔkwaw no ba awiei.
Wɔ Philippine kesee fam no, wɔma apɔnkɔnini abien ko. Bɛhwɛadefo no hwɛ adeyɛ a ɛyɛ hu yi bere a apɔnkɔ no keka wɔn ho no. Ɛwom sɛ ebia wɔn nyinaa betumi afi agoprama no so a wonwuwui de, nanso anyɛ yiye koraa no, wɔn mu biako betumi adi dɛm anaasɛ n’ani befura anaasɛ wapira na awiei koraa no wawu.
Akraman abien reko wɔ Russia. Wɔ bere tiaa mu no, wɔbobɔ wɔn ani keka wɔn aso, na wɔnenam hɔ a wɔn anan ho atwitwa na wɔn apirakuru no tu mogya.
Wɔ mfehaha pii mu no, onipa de mmoa ntɔkwaw adi agoru, a mpɛn pii no wɔde tow kyakya. Eyinom bi ne anantwinini ntɔkwaw, sakraman a wɔkyere wɔn, ne ananse ntɔkwaw mpo. Afei nso, mmoa pii hu amane esiane nyansahu nti. Bio nso, mmoa bebree hu amane esiane sɛ wɔn wuranom boapa anaasɛ wɔmmoapa to wɔn asaworam nti.
Wɔ nsase bi so no, wɔahyɛ mmara a ɛkyerɛ sɛnea wɔne mmoa nni na wɔabara ayayadeyɛ. Wɔ 1641 mu tɔnn bere a na wɔrehyɛ “Ahofadi Mmara” no, Massachusetts Bay Colony no kae sɛ: “Ɛnsɛ sɛ onipa biara yɛ Mmoa a mpɛn pii no nnipa yɛn wɔn no Atirimɔdenne anaa Ayayade biara.” Efi saa bere no, wɔahyɛ mmara horow na wɔayi nnipa bi sɛ wɔmmɔ mmoa ho ban na wɔanyɛ wɔn ayayade.
Nanso, nnipa pii a wɔde mmoa ntɔkwaw yɛ agodie a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no nnye ntom sɛ wɔyɛ wɔn a wɔhyɛ mmoa ayayadeyɛ ho nkuran. Ebinom ka sɛ wɔdɔ mmoa a wɔyɛ wɔn ayayade atirimɔden so anaasɛ wɔma wowuwu no. Wɔn a wɔn ani gye nkokɔ ntɔkwaw ho no ka sɛ wɔn mmoa no nyinyin kyɛ sen nkokɔ a wɔyɛn wɔn di no—eyi nyɛ awerɛkyekye biara!
Dɛn Nti na Ayayade Yɛ Bɔne?
Onyankopɔn ma yenya mmoa so mfaso. Bible nnyinasosɛm ma yɛn kwan sɛ yenkum mmoa mfa nyɛ aduan ne ntade anaasɛ yɛnyɛ saa mfa mmɔ yɛn ho ban na wɔampira yɛn. (Genesis 3:21; 9:3; Exodus 21:28) Nanso, nkwa yɛ ade kronkron ma Onyankopɔn. Ɛsɛ sɛ tumi a yedi wɔ mmoa so no kari pɛ na yɛkyerɛ obu ma nkwa. Bible no mmɔ Nimrod a na ɛda adi sɛ okunkum mmoa ne ebia nnipa mpo de gyigye n’ani no din pa.—Genesis 10:9.
Yesu kaa sɛnea Onyankopɔn dwen mmoa ho ho asɛm sɛɛ: “Ɛnyɛ nkasanoma anum na wɔtɔn wɔn gye mman abien? Nso Onyankopɔn anim de, ani mpa wɔn mu biako so.” (Luka 12:6) Afei nso, bere a Onyankopɔn sesaa n’adwene wɔ sɛe a na ɔbɛsɛe kurow a na amumɔyɛfo a wɔkyerɛɛ ahonu wom ho no, ɔno ankasa kae sɛ: “Na me de, Niniwe kurow kɛse a nnipa bɛboro ɔpedu ahorow dumien . . . , ne afieboa pii nso wɔ mu no de renyɛ me yaw anaa?” (Yona 4:11) Ɛda adi sɛ, ommu mmoa sɛ ade bi a wɔsɛe no tow gu kɛkɛ.
Bere a Onyankopɔn de mmara rema Israelfo no, ɔkyerɛɛ wɔn ɔkwampa a wɔmfa so nhwɛ mmoa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mfa aboa a wafom kwan nkɔma ne wura na wɔmmoa mmoa a wɔakɔ ahokyere mu. (Exodus 23:4, 5) Na ɛsɛ sɛ mmoa di Homeda te sɛ nnipa pɛpɛɛpɛ. (Exodus 23:12) Wɔde mmara a na ɛkyerɛ ɔkwampa a ɛsɛ sɛ wobu mmoa a wɔde wɔn yɛ afuw mae. (Deuteronomium 22:10; 25:4) Ɛda adi sɛ, na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ mmoa basabasa, na mmom na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn so bɔ wɔn ho ban.
Mmebusɛm 12:10 daa Onyankopɔn adwene adi pefee sɛ: “Ɔtreneeni nim n’afieboa kra, na abɔnefo ayamye yɛ atirimɔden.” Bible ho adwenkyerɛ bi kyerɛ nkyekyem yi ase sɛ: “Ɔtreneeni ayamye sõ mmoa a wontumi mmue wɔn ano mpo so, na ɔbɔnefo tirim yɛ den, bere mpo a osusuw sɛ ne yam ye paa no.”—Believer’s Bible Commentary, a William MacDonald yɛe.
Onipa trenee ne mmoa di no ayamye so na ɔhwɛ sɛ obehu wɔn ahiade. Ebia ɔbɔnefo bɛka sɛ ɔpɛ mmoa asɛm, nanso ne “mmɔborohunu” yɛ atirimɔden ankasa. Ne nneyɛe da ne nyaatwomyɛ adi. Hwɛ sɛnea eyi te saa wɔ wɔn a wɔma mmoa ko de hwehwɛ sika no fam!
Mmoa a Wɔbɛma Wɔanya Ahotɔ
Nokwarem no, na Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ne sɛ onipa “nni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.” (Genesis 1:28) Mmoa a wɔyɛ wɔn ayayade nka saa atirimpɔw no ho. Mmoa a wɔyɛ wɔn ayayade no renkɔ so daa. Yebetumi agye adi sɛ Onyankopɔn bɛma amanehunu nyinaa to atwa. Nanso, wɔ ɔkwan bɛn so?
Ɔhyɛ bɔ sɛ obegu abɔnefo ne atirimɔdenfo ase afi asase so. (Mmebusɛm 2:22) Ɛdefa mmoa ho no, Hosea 2:18 ka sɛ: “Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne wuram mmoadoma ne wim nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, . . . na mama wɔatra dwoodwoo.” Hwɛ anigye ara a saa bere no bɛyɛ bere a nnipa atreneefo ne mmoa nyinaa bɛtra ase wɔ asomdwoe mu no!
[Kratafa 26 mfonini]
“Nantwinini ntɔkwaw wɔ Akuraa bi ase,” a Francisco Goya yɛe no