Abebusɛm A Nyansa Wom
“Ogyimfo abohuru da adi da no ara, na nea ɔkata aniwu so yɛ onitefo.”—Mmeb. 12:16.
Sɛ obi kasa tia wo a ɛmfata a, dɛn na woyɛ? Sɛnea Mmebusɛm 12:16 ka no, nea nnipa a wɔnyɛ pɛ taa yɛ ne sɛ wɔn bo fuw. Na “onitefo” no nso ɛ? Bere a ɛde asɛmfua “onitefo” di dwuma no, Mmebusɛm no nkyerɛ obi a ɔfa anifere kwan so de bɔne tua bɔne so ka wɔ ha. Mmom no, anitew a ɛyɛ papa so dua na esi. Mmebusɛm no mu no, wɔde bata nimdeɛ ne nyansa, ɔbadwemma a osusuw ade ho kɔ akyiri mmom sen sɛ ɔde ahopere fi nkate mu bɛyɛ ade ho. (Mmeb. 13:16; 14:8; 22:3) Bere a obi kasa tia no sɛnea ɛnsɛ anaa ɔka asɛm bi a ɛte sɛ nea egu n’anim ase kyerɛ no no, ɔhyɛ ne tɛkrɛma so. Odi ne ho so mmom sen sɛ ɔbɛma onipa foforo no anaasɛ tebea no adi no so. Onya nyansa a ɔde di dwuma yi ho mfaso efisɛ ɔkwati ntɔkwaw a nnipa a wɔtaa da wɔn abohuru adi ntɛm bere a obi ayɛ wɔn biribi a ɛmfata hyia no.