Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Hwɛ W’ayɔnkofa Yiye
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Adesua 48. Nnamfo bi retwa mfoni.

      ADESUA 48

      Hwɛ W’ayɔnkofa Yiye

      Adamfo de, wowɔ bi a, eye. Sɛ w’ani gye a, wo ne no ara, sɛ ɛto nea ɛyɛ den nso a, ɔwɔ hɔ ma wo. Nanso Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ, ɛnyɛ obiara na ɛsɛ sɛ yɛfa no adamfo. Ɛnde wobɛyɛ dɛn ahu sɛ asomasi anaa ɔbenten bɛyɛ adamfo pa? Nsɛmmisa a edidi so yi betumi aboa wo.

      1. Ɔkwan bɛn so na yɔnko a wobɛfa no betumi ama w’abrabɔ ayɛ papa anaa asɛe?

      Wɔtaa ka sɛ, kyerɛ me w’adamfo na menkyerɛ wo wo suban. Saa asɛm no kyerɛ sɛ, wɔn a yɛfa wɔn nnamfo no, ɛnyɛ den koraa sɛ yebesuasua wɔn suban. Sɛ ɛyɛ sohyia midia so mpo a, yetumi suasua wɔn. Saa pɛpɛɛpɛ na Bible no ka. Ɛka sɛ: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo, na nea ɔne nkwaseafo bɔ no, ebewie no bɔne.” (Mmebusɛm 13:20) Sɛ wofa wɔn a wɔdɔ Yehowa na wɔsom no no nnamfo a, wobetumi aboa wo ama woabɛn no, na woasisi gyinae pa. Nanso, sɛ wofa wɔn a wɔnnɔ Yehowa nnamfo a, wobetumi ama woatwe wo ho afi Yehowa ho. Wei nti, Bible tu yɛn fo sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛfa adamfo a, yɛnyɛ ahwɛyiye! Sɛ yɛfa nnamfo a wɔdɔ Nyankopɔn a, wɔbɛboa yɛn ama yɛn suban ayɛ papa, na yɛn nso yɛbɛboa wɔn ama wɔanya suban pa. Nnamfo pa ‘hyehyɛ wɔn ho nkuran, na wɔhyehyɛ wɔn ho den.’—1 Tesalonikafo 5:11.

      2. Sɛ yɛfa nnamfo pa a, ɛma Yehowa te nka sɛn, na yɛfa nnamfo bɔne nso a, ɔte nka sɛn?

      Ɛnyɛ obiara kɛkɛ na Yehowa fa no adamfo. Bible ka sɛ, “Atreneefo na wɔyɛ ne nnamfo paa.” (Mmebusɛm 3:32) Enti sɛ yɛfa obi a ɔnnɔ Yehowa adamfo a, wohwɛ a ɔbɛte nka sɛn? Ɛbɛyɛ no yaw paa! (Kenkan Yakobo 4:4.) Nanso sɛ yɛfa wɔn a wɔdɔ Yehowa no nnamfo a, n’ani begye, na ɔno nso bɛfa yɛn adamfo.—Dwom 15:1-4.

      SUA PII KA HO

      Ɔfã yi bɛma woahu nea enti a ɛho hia paa sɛ wohwɛ w’ayɔnkofa yiye. Afei nso, ɛbɛma woahu sɛnea wubetumi anya nnamfo pa.

      3. Hwɛ yiye na woamfa wɔn a wɔnnɔ Yehowa nnamfo

      Wɔn a wɔnnɔ Yehowa, na wɔmfa ne mmara nsɛm mmɔ wɔn bra no, ɛnsɛ sɛ yɛfa wɔn nnamfo. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      VIDEO: Ma W’ani Nna Hɔ Na Po Fekubɔne (6:17)

      • Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛne nkurɔfo a wɔnnɔ Yehowa bɛbɔ bere a yɛn ani nna. Ɔkwan bɛn so?

      Monkenkan 1 Korintofo 15:33. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Nnipa bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛne wɔn bɔ fekuw? Adɛn ntia?

      Monkenkan Dwom 119:63. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Dɛn na ɛsɛ sɛ wohwɛ ansa na woafa obi adamfo?

      Apple gu kyɛnsee bi mu. Baako aporɔw, na ɛrefrɛfrɛ nwansena. Nea aka no nso afi ase reporɔw.

      Sɛ wode aduaba baako a aporɔw fra nea ɛmporɔwee a, ne nyinaa bɛsɛe. Sɛ w’adamfo baako pɛ mpo nnɔ Yehowa a, ɔhaw bɛn na ebetumi akɔfa abrɛ wo?

      4. Sɛ obi yɛ abofra oo, ɔpanyin oo, ɔwɔ sika oo, onni bi oo, ofi he oo, ɔte sɛn oo, obetumi abɛyɛ yɛn adamfo

      Bible ka Israelfo mmienu bi a na wɔyɛ nnamfo pa ho asɛm. Yɛfrɛ wɔn Dawid ne Yonatan. Ná Yonatan anyin sen Dawid koraa. Afei nso, na Yonatan yɛ ɔhene ba. Nanso, na mframa mfa ɔne Dawid ntam. Monkenkan 1 Samuel 18:1. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Ɛnyɛ yɛn atipɛnfo anaa wɔn a yɛne wɔn wɔ dibea baako nko ara na ɛsɛ sɛ yɛfa wɔn nnamfo. Adɛn ntia?

      Monkenkan Romafo 1:11, 12. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Ɔkwan bɛn so na nnamfo a wɔdɔ Yehowa betumi ahyɛ wɔn ho nkuran?

      Hwɛ VIDEO yi, na wubehu sɛnea aberante bi nyaa adamfo bi a na ɔnhwɛ kwan koraa. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      VIDEO: Hwehwɛ Nnamfo wɔ Mmeae a Wonhwɛ Kwan (5:06)

      • Nnipa a na Akil ne wɔn bɔ wɔ sukuu mu no, adɛn nti na na ɛhaw n’awofo?

      • Adɛn nti na na Akil pɛ sɛ ɔne saa nkurɔfo no bɔ?

      • Akil tee nka sɛ ɔnyɛ ankonam bio. Dɛn na ɛboaa no?

      5. Sɛnea wubetumi anya nnamfo pa

      Hwɛ VIDEO yi, na wubehu nea ɛbɛboa wo ama woanya nnamfo pa, ne nea woyɛ a, ɛbɛma woayɛ adamfo pa.

      VIDEO: Yɛka Adamfo Paa a, Ɔne Hena? (4:14)

      Mfoni bi a efi video a yɛato din ‘Yɛka Adamfo Paa a, Ɔne Hena?’ no mu. Ababaawa bi nnamfo gyinagyina ne benkum ne ne nifa. Ɛsono mfe a wɔadi, baabi a wofi, ne sɛnea wɔte.

      Monkenkan Mmebusɛm 18:24 ne 27:17. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Dɛn na nnamfo pa yɛ de boa wɔn ho?

      • Wowɔ nnamfo a wɔte saa anaa? Sɛ wunni bi a, wobɛyɛ dɛn anya bi?

      Monkenkan Filipifo 2:4. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Sɛ wubetumi anya nnamfo pa a, ɛsɛ sɛ w’ankasa woyɛ adamfo pa. Wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ woyɛ adamfo pa?

      Mfoni Ahorow: Ababaawa bi akɔsra ne nnamfo mmiɛnsa. 1. Ɔne baako rekasa wɔ fon so. 2. Ɔne baako nso rebɔ nkɔmmɔ wɔ Ahenni Asa so. 3. Ne nnamfo no mu baako biribi awu, na ɔrekyekye ne werɛ.

      Sɛ wubetumi anya nnamfo pa a, ɛsɛ sɛ w’ankasa woyɛ adamfo pa

      EBINOM KA SƐ: “Adamfo biara yɛ adamfo.”

      • Sɛ obi ka saa a, dɛn na wobɛka?

      NEA YƐASUA

      Sɛ yɛfa nnamfo pa a, ɛma Yehowa ani gye, na ɛboa yɛn ankasa.

      Ntimu

      • Wohwɛ a, wɔn a yɛfa wɔn nnamfo no, ɛho hia Yehowa anaa? Adɛn nti na woreka saa?

      • Henanom na ɛnsɛ sɛ yɛfa wɔn nnamfo?

      • Wobɛyɛ dɛn anya nnamfo pa? Sɛ wunya bi a, dɛn na wobɛyɛ na ama mo adamfofa no mu ayɛ den?

      Fa Wei Si W’ani So

      YƐ NHWEHWƐMU

      Sɛ wowɔ nnamfo pa, na sɛ wuhyia ɔhaw bi a, wɔbɛboa wo sɛn?

      “Wo Ne Wo Nuanom Mfa Nnamfo Denneennen Ansa Na Awiei No Aba” (Ɔwɛn-Aban, November 2019)

      Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea woyɛ a ɛbɛboa wo ma woanya nnamfo pa.

      “Mɛyɛ Dɛn Anya Nnamfo Pa?” (Nsɛm a Mmabun Bisa—Mmuae a Ɛbɛboa Wɔn, Ɔfã 1, ti 8)

      Sɛ obi pɛ sɛ ɔfa adamfo wɔ intanɛt so a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ osusuw ho?

      Wokɔ Sohyial Nɛtwɛk So a, Hwɛ Yie (4:12)

      Kenkan asɛm a yɛato din “Na Merehwehwɛ Agya” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no, na wubehu nea ɛboaa ɔbarima bi ma ohuu sɛ, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ n’ayɔnkofa yiye.

      “Bible Tumi Sesa Nnipa” (Ɔwɛn-Aban, April 1, 2012)

  • Fa Nneɛma a Ɛsɔ Yehowa Ani Gyigye W’ani
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • 1. Sɛ yɛrehwehwɛ biribi de agyigye yɛn ani a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

      Sɛ woregye w’ahome a, ɛyɛ a dɛn na woyɛ? Ebinom ani gye ho sɛ wɔbɛkenkan nhoma bi, wobetie nnwom, wɔbɛhwɛ sini, anaa wɔbɛkɔ intanɛt so. Afoforo nso de, wɔn ani gye ho sɛ wɔne wɔn nnamfo bɛkɔ mmeae a ɛhɔ yɛ fɛ, wobeguare nsu, anaa wobedi agorɔ bi. Nea yɛde begyigye yɛn ani biara, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ ‘ɛsɔ Awurade ani.’ (Efesofo 5:10) Nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma saa asɛm yi tena yɛn adwenem ne sɛ, ɛnnɛ, nneɛma a nkurɔfo de gyigye wɔn ani no mu pii wɔ hɔ a, nneɛma a Yehowa kyi nko ara na ɛwom. Sɛ anyɛ awudisɛm a, na ɛyɛ aguamansɛm, anaa ahonhonsɛm. (Kenkan Dwom 11:5.) Ɛnde, dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛahu nea yebetumi de agyigye yɛn ani?

      Sɛ yɛfa wɔn a wɔdɔ Yehowa nnamfo a, wobetumi aboa yɛn ama yɛapaw anigyede a asɛm biara nni ho. Sɛnea yehui wɔ Adesua 48 mu no, “nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo.” Saa ara na sɛ yɛne wɔn a wɔnnɔ Yehowa, na wɔmfa ne mmara nsɛm mmɔ wɔn bra bɔ a, ‘ebewie yɛn bɔne.’—Mmebusɛm 13:20.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena