Di Wo Honhom So!
“ADWENEMYARE ho oduruyɛfo bi ahu sɛ ɛda adi sɛ tumi a nnipa abufufafo, a wonnye afoforo nni betumi awu ansa na wɔadi mfirihyia 50 yɛ kɛse sen sɛnea wɔn a wodwo na wogye afoforo di betumi awu no mmɔho anum.” Saa na January 17, 1989 The New York Times bɔɔ amanneɛ. Oduruyɛfo Redford B. Williams, ɔkyerɛkyerɛfo a ɔwɔ Duke Sukuupɔn Ayaresabea wɔ Durham, North Carolina no, “nam nhwehwɛmu pii so na ohuu eyi.” Times no bɔ amanneɛ sɛ: “Ɔkae sɛ koma a egye afoforo di no kyɛ efisɛ enya ahobammɔ wɔ nneɛma a ehon nkwaadɔm a ɛma obi nya ayamhyehye sɛe no no ho.”
Abufuw betumi ama obi anya mogya mmoroso, ontumi nhome yiye, ne nyarewa afoforo. Abufuw betumi anya sɛnea obi dwen so tumi, na adwenemhaw taa fi mu ba. Abufuw tumi sɛe obi honhom mu akwahosan nso. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no ka sɛ: “Koma mu dwo yɛ ɔhonam nkwa, na nitan yɛ nnompe mu porɔw.” (Mmebusɛm 14:30) Yiw, eye sɛ wubedi wo honhom so. Nanso hyɛ nneɛma afoforo nti a ɛsɛ sɛ woyɛ saa nsow.
Yɛ Onyansafo
Obiara a n’adwenem da hɔ pɛ sɛ oye ade nyansam. Ɔkwan biako a ɔbɛfa so ayɛ eyi ne sɛ ɔbɛda ahosodi adi. Wɔ eyi mu no, Mmebusɛm 29:11 ka sɛ: “Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi, na onyansafo dwudwo no ma ɛka akyiri.”
Sɛ Bible no de asɛmfua “honhom” di dwuma a, su titiriw a ɛkanyan obi ma ɔfa ɔkwan pɔtee bi so ne nea wɔkyerɛ wɔ mmere ahorow bi mu. “Ɔkwasea” yi ne honhom nyinaa adi, efisɛ ontumi nni so. Ɔma ne bo fuw a onnwen nea ebefi mu aba no ho. Honhom a ɛwɔ ɔkwasea mu no betumi ama wakunkum n’anim. Na afei honhom no bɛda ne ho adi wɔ abufuw kasa ne nneyɛe a nyansa nnim mu.
Nanso onyansafo ‘dwudwo ne honhom kosi ase.’ Odi so na osusuw nea ebetumi aba no ho, sɛ ɔma ne bo fuw a. Sɛ ɔwɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ ɔma ne bo fuw mpo a, ohu sɛ ade a ɔbɛyɛ no mpofirim bere a ne bo afuw no betumi de ɔhaw kɛse aba. Enti ɔda ahosodi adi na ɔnna n’abufuw adi wɔ ɔkwan a nyansa ne ahosodi nnim so. Ɔhwɛ mmoa kwan fi Yehowa hɔ, na ɔbɔ mpae wɔ ne tirim ntɛm ara. Ɛnkyɛ biara onyansafo no tumi di n’abufuw no so, na otumi susuw nneɛma ho pefee ma ɛne Kyerɛwnsɛm no ne Onyankopɔn apɛde hyia, na ɛyɛ mfaso kɛse ma wɔn a ɛfa wɔn ho nyinaa. Afei nso, onyansafo hu sɛ ɛnsɛ sɛ ɔde abufuw hyɛ ne mu efisɛ ebetumi ama wapirim ne ho ayɛ nneɛma a nyansa nnim na wayɛ bɔne.
Onyansafo de ɔsomafo Paulo afotu no di dwuma nso: “Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nkɔtɔ mo abufuw so, na mommma Ɔbonsam kwan!” (Efesofo 4:26, 27) Sɛ ntease wom sɛ wo bo fuw a, mma wo bo mfuw nkyɛ, na mma owia nkɔtɔ bere a wowɔ saa tebea no mu. Dɛn ntia? Efisɛ wonam saayɛ so bɛma Ɔbonsam anya wo so tumi, na obetumi ama woayɛ biribi bɔne bi na woahwere Onyankopɔn anim dom. (Dwom 37:8, 9) Mmom no, di wo honhom so, na yɛ ade ntɛm fa siesie nsɛnnennen a ebia ama wo bo afuw no.—Mateo 18:15-17.
Nya Odwo Honhom
Ɛbɛ foforo ka sɛ: “Nea ɔkyɛe ne nsɛm hu nimdeɛ, na nea ne honhom dwo yɛ nhumu nipa.” (Mmebusɛm 17:27) Obi a ɔwɔ Onyankopɔn asɛm ho nimdeɛ ‘kyɛe ne nsɛm so,’ na ɔmma ne nsɛm mpue kwa a onnwen ho, ne titiriw no bere a wahaw no. Esiane sɛ onim abusuabɔ a ɔne Yehowa wɔ, ne ne gyinabea pa wɔ n’ahyehyɛde no mu nti, ɔremma abufuw nni ne so nkonim. Mmom no, “nhumu nipa” no bɔ mmɔden yɛ komm na ɔkari pɛ wɔ adwene mu. Wo nso, honhom a ɛte sɛɛ betumi aboa wo ma woadi nsɛm tebea a ebetumi ama ɔkwasea akɔ bɔne mu no so.
Wɔ eyi ho no, yɛkenkan sɛ: “Nea n’abufuw yɛ nyaa no wɔ ntease pii, na honhom mu katirikatirifo ma agyimisɛm so.” (Mmebusɛm 14:29) Boasetɔ a worennya bere a wo bo afuw no betumi ama woayɛ nneɛma a nyansa nnim. Hwɛ sɛnea eye koraa sɛ wubesusuw nea ebetumi afi kasa anaasɛ nneyɛe a ahosodi nnim mu aba ho! Anyɛ saa a, ebia obi bɛpere ne ho na wayɛ nea nyansa nnim, na ɔnam saayɛ so ‘ama agyimisɛm so.’ Enti, ‘yɛ abufuw mu nyaa,’ te sɛ Onyankopɔn na wobɛkwati nneɛma a wɔde ahopere yɛ na nyansa nnim.—Exodus 34:6.
Kwati Ahantan
Esiane ahantan nti, ebia obi rensusuw afoforo ho na ɔbɛyɛ obi a ne bo haw no mpo. Enti yɛkenkan sɛ: “Obufufafo sɔ atutuw ano, na ɔbobɔnefo mmarato dɔɔso.” (Mmebusɛm 29:22) Sɛ obi anni ne honhom so na mmom ɔyɛ “obufufafo” a, obetumi ‘asɔ atutuw ano’ mpo wɔ nnamfo ntam. Na “ɔbobɔnefo mmarato dɔɔso.” Yiw, akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛyɛ bɔne—biribi a onyansafo a osuro Onyankopɔn bɛpɛ sɛ ɔkwati.
Kae sɛ Yehowa ani nsɔ ahantan ne ahomaso a wɔde da abufuw adi. (Mmebusɛm 16:18) Eye koraa sɛ wobɛhwehwɛ Onyankopɔn mmoa ma woatumi agyina sɔhwɛ ano na wode ahobrɛase ayɛ ade sen sɛ wubefi ahomaso mu ada abufuw adi.—Mmebusɛm 29:23.
Fa Odwo yɛ Ade
Ahobrɛase hia, sɛ ɛba sɛ ɔpanyin de nkaanim ma wo a. Wɔ saa bere no, nkate bɛn na wubedi kan anya? Ebia sɛ wode ahopere, kasa a ɛmfata bebua. Nanso Bible tu fo sɛ: “Sɛ otumfoɔ honhom sɔre hyɛ wo a, nnyaw w’afã, na odwo brɛ bɔne akɛse ano ase.” (Ɔsɛnkafo 10:4) Hwɛ sɛnea nyansa pii wom sɛ wode odwo bebua! Nokwarem no, “mmuae bɔkɔɔ sianka anibere.” (Mmebusɛm 15:1) Egye ahosodi na woatumi de mmuae bɔkɔɔ ama, nanso adeyɛ a nyansa wom yi siesie nsɛnnennen na ɛde abusuabɔ a asomdwoe wom ba.
Sɛ wɔka w’anim wɔ biribi a wonyɛe ho a, wɔhwɛ kwan sɛ ɔpanyin no bɛma wo kwan ma woakyerɛkyerɛ nsɛm mu. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wufi odwo honhom mu de nkyerɛkyerɛmu biara ma a wowɔ anidaso sɛ wonam saayɛ so bɛma wɔasiesie adwene a ɛnteɛ bi. Ehia sɛ ɔpanyin no di ne honhom so na ama wama nkyerɛkyerɛmu a ɛte saa kwan, na eyi bɛkyerɛ sɛ ɔwɔ nyansa ne ahoɔden.
Sɛ Kristoni yɛ ɔpanyin anaa dabi no, ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ “ɔbarima a ontumi nsianka ne honhom te sɛ kurow a abubu a n’afasu nni ho.” (Mmebusɛm 25:28) Onipa a onni odwo na ontumi nni ne honhom so no betumi anya adwene a ɛnteɛ a ebetumi ama wayɛ nneɛma a ɛnteɛ. Ná Yesu Kristo a ɔyɛɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ no “dwo na ɔbrɛ ne ho ase komam.” (Mateo 11:29) Afei nso, odwo yɛ Onyankopɔn honhom kronkron aba a ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mpae bisa.—Luka 11:13; Galatifo 5:22, 23.
Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wudi Wo Honhom So?
Yɛn ani gye odwo kasa ho, nanso ɛtaa ba sɛ yennim nea ɛkanyan abufuw. Ɛdɛn, obi a ɔmfa nnyinasosɛm nni dwuma mpo tumi de n’abufuw ne ne bo a wasi sɛ ‘ɔbɛhyɛ’ onipa foforo ‘ananmu’ wɔ mfomso ankasa anaasɛ nea osusuw sɛ wayɛ no ho mpo sie. Wɔ nyaatwom kwan so no, ebia ɔbɛtwɛn bere a ɛfata na waka biribi a enye atia onipa a wanya ne ho tan no. Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ Kristoni ma honhom yi fi ase wɔ ne mu, efisɛ ɔsomafo Yohane kyerɛw sɛ: “Nea ɔtan ne nua no te sum mu na ɔnam sum mu, na onnim nea ɔrekɔ, efisɛ esum no afura n’ani.” Nokwarem no, Yohane kae nso sɛ: “Obiara a ɔtan ne nua no yɛ owudifo; na munim sɛ daa nkwa rentra owudifo biara mu.”—1 Yohane 2:11; 3:15.
Sɛ obi de ahomaso, nyaatwom anaasɛ suban bɔne foforo biara sie a, ahintade a ɛte sɛɛ no rentumi nnaadaa Onyankopɔn. Kasa denneennen anaasɛ obi ho a ɔbɛyɛ no trenee no mpo remma nea ɛwɔ ne koma mu no nhintaw Onyankopɔn. Mmebusɛm 16:2 ka sɛ: “Onipa akwan nyinaa so tew n’ani so, na ahonhom karifo ne [Yehowa].” Wontumi nnaadaa Onyankopɔn da. Esiane wo ankasa yiyedi ne Kyerɛwnsɛm mu ntease horow a yɛasusuw ho yi nti, yɛ sɛ Yesu ne anyansafo afoforo a wɔakwati ahomaso na wɔde odwo ayɛ ade no. Ɔkwan biara so no, di wo honhom so!