Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w80 11/1 kr. 20
  • Yɛn Nneyɛe Ka Asafo No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Nneyɛe Ka Asafo No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokwaredi Di Teefo Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Di Wo Tɛkrɛma So Fa Da Ɔdɔ Ne Obu Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Adɛn Nti Na Daa Na M’ano Akɔpɛ Asɛm Abrɛ Me Yi?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Momma Asafo No Nyi Yehowa Ayɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
w80 11/1 kr. 20

Yɛn Nneyɛe Ka Asafo No

WƆ MMEBUSƐM 11:11 no yɛkenkan sɛ: “Teefo nhyira na ɛma kurow so, na abɔnefo anom nsɛm na ɛbɔ no.”

Kurow mufo a wodi asɛmpa de asomdwoe ne yiyedi ba, na wɔboa afoforo, ma kurow no nya nkɔso. Wɔn a wɔkeka atorosɛm ne nsɛm a ɛmfata no de basabasayɛ, awerɛhow, mpaapaemu ne ɔhaw ba. Eyi te saa titiriw, sɛ wɔn a wɔyɛ saa no wɔ afoforo so tumi wɔ kurow no mu a. Kurow a ɛte saa hu nsɛmmɔnedi, ɔbrasɛe ne sika fam ahokyere ho amane.

Nnyinasosɛm a ɛda adi wɔ ha no fa Yehowa adansefo Kristofo ho, bere a “wɔtete” wɔn asafo horow a ɛte sɛ nkurow mu no. Asafo a emufo de Kyerɛwnsɛm di dwuma yiye na nnipa a wɔyɛ honhom mufo di anim no nya anigye, emufo ho yɛ hyew, wɔboa wɔn ho wɔn ho na wɔhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Ɛsɔ Onyankopɔn ani na ɔma asafo no nya nkɔso honhom mu. Nanso wɔn a wɔn koma ntɔ wɔn yam, wonni anigye, a wɔhwehwɛ mfomso horow na wɔkasa tia ɔkwan a wɔfa so yɛ nneɛma no te sɛ “awɔnwene ntini” a otumi tene kɔsɛe afoforo a na anka wɔnte saa fi mfiase. (Heb. 12:15) Mpɛn pii no wɔn a wɔn ho yɛ ahometew no pɛ sɛ wonya tumi ne dibea kɛse. Wɔde mpaapaemu ba denam ka a wofi ase keka sɛ nneɛma nkɔ so yiye, anaasɛ wonni asɛntrenee, anaasɛ wɔyɛ nyiyim ne ade, wɔ asafo no mu anaasɛ wɔ mpanyimfo no mu so.

Ɛbɛ foforo nso ka nnyinasosɛm yi ho asɛm wɔ ankorankoro fam sɛ: “Tɛkrɛmabere yɛ nkwa dua, na emu kyea yɛ honhom mu mmubui.” (Mmeb. 15:4) Tɛkrɛma a ɛkasa yiye na ɛka nokware wɔ odwo, ayamye ne ahobrɛase mu no ka ne tiefo ɔkwan pa so. Ɛhyɛ no nkuran na ɛboa no honhom mu, na ne saa nti, ɛma asafo no nyinaa honhom mu yiyedi kɔ so. Na atoro tɛkrɛma pira na ɛsɛe n’atiefo honhom, na ɛmma wonnya adwempa biara a ɛboa wɔn wɔ nkwa kwan no so. Enti, tɛkrɛma bɔne sɛe afoforo honhom mu na ɛde wɔn kɔ owu mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena