Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 10/14 kr. 4-6
  • Nea Ɛbɛma Asi Wo Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛbɛma Asi Wo Yiye
  • Nyan!—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma Ensi Wo Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Dɛn na Ɛkyerɛ sɛ Asi Obi Yiye?
    Nyan!—2014
  • Yiyedi​—A Nea Wobɛhwere Biara Mfa Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Sɛnea Ebetumi Asi Wo Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2014
g 10/14 kr. 4-6
Charlotte ne Timothy

ASƐM A ƐDA SO | DƐN NA ƐKYERƐ SƐ ASI OBI YIYE?

Nea Ɛbɛma Asi Wo Yiye

Bible ma yɛhu nea ɛbɛma asi yɛn yiye. Ɛnkyerɛ sɛ nnipa kakraa bi na ɛbɛsi wɔn yiye. Ɛsan ma yɛhu sɛ, ɛnyɛ sɛ woka sɛ ɛbɛsi wo yiye a, na asi wo yiye. Nkurɔfo de saa asɛm no daadaa nkwadaa, na ɛtaa ma nnipa nsa si fam.

Nokware a ɛwɔ mu ne sɛ ɛbɛtumi asi obiara yiye; nanso ɛgye mmɔdenbɔ. Wo deɛ, hwɛ Bible mu nsɛm a ɛdidi so yi.

  • Sikaa yɛahyehyɛ

    NEA BIBLE KA:

    “Nea ɔpɛ dwetɛ no, dwetɛ mmee no, na nea ɔpɛ adedodow nso, ahonyade mmee no.”​—Ɔsɛnkafo 5:10.

    ƐKYERƐ SƐN? Sɛ obi pere nya wiase agyapadeɛ nyinaa mpo a, biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ n’ani bɛgye. Nokwasɛm ne sɛ ɛgya no adwennwene mmom. Ɔbenfo bi a yɛfrɛ no Jean M. Twenge kyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔn adwene nyinaa yɛ sika-sika no, ɛtaa gya wɔn adwennwene ne kɔdaanna. Nanso wɔn a wɔnya nnipa ho adaagye no, ɛntaa nto wɔn saa.” (Generation Me) Ɔsan kae sɛ: “Nhwehwɛmufo ahu sɛ sika ntumi ntɔ anigye. Wonya sika du mpɛnpɛnso bi a, ɛnyɛ sika no na ɛma wo ho tɔ wo.”

    NEA WOBƐTUMI AYƐ. Fa biribi a mfaso wɔ so sen sika ne ahonyade si w’ani so. Yesu kae sɛ: ‘Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ yiye wɔ anibere biara ho, efisɛ sɛ onipa nya ma ɛbu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.’​—Luka 12:15.

  • Obi a ɔyɛ ahantan

    NEA BIBLE KA:

    “Ahantan di ɔsɛe anim, na ahomaso honhom di asehwe anim.”—Mmebusɛm 16:18.

    ƐKYERƐ SƐN? Sɛ woma ahantan ne ahomaso di w’anim a, ɛrensi wo yiye. Nhoma bi ka sɛ, “adwuma wuranom a wɔbrɛ wɔn ho ase, wɔn a wɔntu wɔn ho na wɔte asɛm ase no,” wɔn na wɔn adwuma gyina. “Wɔn a ahomaso ne ahantan reku wɔn no, wɔn adwuma taa gu na ɛnkɔ nkan.” (Good to Great) Asɛm yi, aba a ɛwom ne sɛn? Sɛ wobu wo ho dodo a, ɛntaa nsi wo yiye.

    NEA WOBƐTUMI AYƐ. Nhwehwɛ anuonyam, mmom brɛ wo ho ase. Bible se: “Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi na ɔnyɛ hwee a, na ɔredaadaa ne ho.” Sɛ obi daadaa ne ho a, kae hu sɛ ɛrensi no yiye koraa!​—Galatifo 6:3.

  • Nsa bi a ɛkura hamma

    NEA BIBLE KA:

    ‘Biribi pa bi nni hɔ mma onipa sɛ ɔbɛdidi na wanom na wama ne kra ahu adepa, ne brɛ mu.’​—Ɔsɛnkafo 2:24.

    ƐKYERƐ SƐN? Sɛ woyɛ nsi w’adwuma ho a, nea ɛtaa ba ne sɛ w’ani bɛgye adwuma no ho paa. Ɔbenfo bi a yɛfrɛ no Madeline Levine kaa wɔ ne nhoma bi mu sɛ: “Wonim biribi yɛ a, ɛnna wotumi yɛ no yiye. Sɛ wobɛhu biribi yɛ a, ɛgye animia ne mmɔdenbɔ.” (Teach Your Children Well) Wei kyerɛ sɛ, woreyɛ biribi na ɛgye gu mpo a, womma w’abam mmu; wobɛpere akɔ w’anim.

    NEA WOBƐTUMI AYƐ. Yere wo ho ma wo ho nkokwaw wɔ w’adwuma mu; wohyia akwanside a, ɛnte nna. Sɛ wowɔ mma, na sɛ wɔhyia ɔhaw bi a, ɛyɛ a ma wɔn ankasa nni ho dwuma. (Hwɛ wɔn mfie ne nea wɔbɛtumi ayɛ ansa na woasi saa gyinae no) Ɛnyɛ ɔhaw biara na ɛsɛ sɛ wopere wo ho twitwa gye wɔn. Mmofra wɔ hɔ yi, woboa wɔn ma wɔbɛyɛ mpanyin pa a, ɛma wɔn ani sene; ɛno ma wɔn koma tɔ wɔn yam.

  • Kraman

    NEA BIBLE KA:

    “Ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu.”​—Ɔsɛnkafo 9:4.

    ƐKYERƐ SƐN? Woyɛ adwuma a, ɛnyɛ dɛn ara a ɛbɛgye wo bere, nanso ɛnsɛ sɛ ɛgye wo bere nyinaa. Sɛ wonya dibea sɛn koraa wɔ adwumam na w’apɔwmuden nyɛ papa, na wo yere ne wo mma mmu wo a, enti wobɛtumi aka paa sɛ asi so yiye? Wɔn a asi wɔn yiye paa wɔ asetenam no, wɔnya bere ma wɔn adwuma, wɔn apɔwmuden, ne wɔn abusua. Yɛbɛka a, wɔde biribiara to nea ɛda.

    NEA WOBƐTUMI AYƐ. Hwɛ wo ho so yiye. Gye bere home yiye. Sɛ obi ma n’adwene nyinaa yɛ adwuma-adwuma, na n’apɔwmuden, n’abusua, ne ne nnamfo ho nhia no a, yɛrentumi nka sɛ asi no yiye.

  • Bible a yɛabue mu

    NEA BIBLE KA:

    “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade.”​—Mateo 5:3.

    ƐKYERƐ SƐN? Sɛ obi sua Bible na ɔde nea ɔsua no bɔ ne bra a, na wasi yiyeyɛ kwan so ara no no. Nokwasɛm ni, Yehowa Adansefo mpempem pii ahu sɛ Onyankopɔn som a wɔde di kan wɔn abrabɔ mu nti, wɔnni wiase ahonyade akyi nhaw wɔn ho mma ɛnnya wɔn adwennwene ne tipae.​—Mateo 6:31-33.

    NEA WOBƐTUMI AYƐ. Sua Bible na hu nea woyɛ a, ɛbɛsi wo yiye paa. Sɛ wopɛ sɛ wohu pii ka ho a, hwehwɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabi a wote no, anaa kɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw.

“Na Menim sɛ Asi Me Yiye Nanso Sɛɛ na Ɛnyɛ Papa”

Charlotte ne Timothy

Ná Timothy ne Charlotte te fie kɛse bi mu; na adan pii wom. Na wɔdeda kar akɛse pii mu, na afe biara na wɔtutu kwan kɔgye wɔn ani. Ɛduruu baabi no, na ɛkame ayɛ sɛ wiase agyapade nyinaa wɔwɔ bi. Nanso saa bere no wɔgyaee ahonyade akyi di. Nyan! kyerɛwfo ne Timothy bɔɔ nkɔmmɔ bisaa no nea enti a wɔsesaa wɔn adwene.

Adwuma bɛn na na woyɛ?

Ná mehwɛ nnwuma bi sika so, na na metwa nnwom nso. Na Charlotte nso hwɛ nkurɔfo a wɔn akyi berɛmo ho aka, na na ɔsan yɛ adwuma wɔ bank. Akyiri yi, yɛbuee shɔp a yɛyi ti wom; na ɛyɛ mmaako mmaako nnan. Nnwuma a na meyɛ nyinaa, na ebiara kɔ yiye paa. Ná mewɔ nkurɔfo pii a wɔyɛ adwuma ma me, enti na ɛnhia sɛ mede me nsa sɔ adwuma biara mu. Nanso ɛduruu baabi no, me ne Charlotte sii gyinae sɛ yɛbɛtwitwa nneɛma so, enti yɛtɔn yɛn ho nneɛma pii.

Adɛn nti na ‘motwitwaa nneɛma so’?

Ná yɛn adwene yɛ yɛn sɛ asi yɛn yiye nanso na ɛnte saa koraa. Yɛtɔ biribi foforo a, ɛnkyɛ na ate yɛn ani so; ɛmma yɛn ani nnye, na yɛnni akomatɔyam biara.

Afei deɛ, ɛyɛɛ dɛn na ɛsii wo yiye?

Meyɛ Yehowa Danseni, na memfa me Kristosom nni agorɔ koraa. Bosome biara na me ne Charlotte de nnɔnhwerew 70 kyerɛkyerɛ nkurɔfo Bible. Nanso ɛnyɛ asɛnka no ne adeɛ paa a na ɛsi yɛn ani so. Enti yɛtɔn yɛn nnwuma no, na yɛtuu yɛn ho mmae sɛ yɛbɛkɔ baabi a wɔhia Bible akyerɛkyerɛfo pii. Seesei, yɛyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti wɔ United States. Adwuma a yɛyɛ no ka yɛn som ho, enti mennye akatua biara na ɛmma mensen me nuanom. Nea yɛhia biara yɛn nsa ka, nanso ɛnyɛ ɛno na yɛhwɛ koraa.

Wohu sɛ asi wo yiye sen kan no?

Papaapa! Kan no na menim sɛ asi me yiye nanso sɛɛ na ɛnyɛ papa. Seesei anigye a mewɔ no, merentumi nkyerɛ mu mpo. Adwuma a meyɛ no reboa nnipa a wɔwɔ wiase baabiara ama wɔate Bible mu asɛm, na ama wɔn abrabɔ ayɛ papa.a

a Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a Yehowa Adansefo yɛ no, wɔnnye ho akatua biara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena