Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 2/1 kr. 19
  • ‘Yehowa Din Yɛ Abannennen’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Yehowa Din Yɛ Abannennen’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔda So Te Ase!
  • Mpaebɔ Tumi
  • Fa Wo Ho To Onyankopɔn Honhom So Na Gyina Asetram Nsakrae Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • “Kyerɛkyerɛ Me Ma Menyɛ Nea Wopɛ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Yehowa Yɛɛ ‘Ogyefo’ Wɔ Mmere A Na Wɔrekyerɛw Bible No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Ɔhene Dawid Yɛɛ Bɔne
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 2/1 kr. 19

Ahenni Adawurubɔfo bɔ Amanneɛ

‘Yehowa Din Yɛ Abannennen’

YƐTE bere bɔne mu. Dwoodwoo asetra a yɛwɔ no betumi asakra mpofirim; na ebinom akɔ asiane kɛse mu bere a wɔnhwɛ kwan ansa na wɔn ani reba wɔn ho so. Nneɛma bi a ebetumi de asiane aba ne amammui mu sakasakayɛ, ntua a ano yɛ den, akwanhyia, anaa ɔyare a emu yɛ den. Sɛnea asɛm no te biara no, ɛhe na ɛsɛ sɛ Kristoni dan kɔ bere a ne nkwa da asiane mu no?

David a ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo a ɔwɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea bi no nyaa saa asemmisa no ho mmuae wɔ osuahu a ɛyɛ hu mu. Sɛ́ ofirikafo no, osiim da bi ahemadakye sɛ ɔrekɔfa Betel adwumayɛfo a wɔnte baa dwumadibea hɔ aba. Ná anim ntetewee. Bere a wakɔfa Rosalía na wɔretwam wɔ polisi adwumayɛbea bi nkyɛn no, ɔtee sɛ otuo bi ato.

Afei nneɛma pii sisii ntɛmntɛm. Ɔtee nnyigyei bi a ɛte sɛ nea biribi apae, na ohui sɛ kar no kɔba biako apae. Mpofirim na ohui sɛ ɔsraani bi abegyina ɔkwan no mfinimfini a ɔde n’akodiawuo akyerɛ no so tẽẽ. Ɛkame ayɛ sɛ nneɛma abiɛsa sisii bere koro mu: Atuo aboba tutuu kar no nkyɛn ntokuru, na ɛbobɔɔ ne mfɛnsere; David ne Rosalía bɔɔ wɔn mu ase; ɔsraani no totoo tuo faa anim ahwehwɛ no mu sɛnea anka ebetumi aka wɔn ti.

Bere a ɔkɔɔ so totoo tuo bobɔɔ kar no mu pii no, David bɔɔ mmɔden sɛnea obetumi biara gyinaa kar no, bere a na ɔda so abɔ ne mu ase. Ná David ne Rosalía nyinaa susuw sɛ wobewuwu. Wɔbɔɔ Yehowa mpae denneennen sɛ ɔnhwɛ wɔn so. Akyiri yi Rosalía kae sɛ saa bere no osusuw nea n’abusua bɛyɛ bere a wɔate sɛ wawu no ho!

Wɔda So Te Ase!

Atu totow ne ahwehwɛ a ɛredwiriw gu fam no gyaee, na David hwɛɛ Rosalía. Bere a ohui sɛ mogya kakra ayɛ n’atade akyi no, ne yam hyee no yiye. Nanso na ɛyɛ ahwehwɛ na abɔ atwa no, na ɛnyɛ tuo aboba. Ná ne ho ye, gye sɛ ne kotodwe anim a na ahwehwɛ abobɔ atwitwa no na ɛretu mogya.

Mmarima a wɔhyehyɛ asraafo ntade a wɔde nnukuu fitaa abobɔ wɔn nsa baa kar no ho, na wɔhyɛɛ wɔn sɛ wompue na wɔmmema wɔn nsa so. Obiako a ɛda adi sɛ na ne dibea korɔn sen wɔn nyinaa danee n’ani kyerɛɛ ɔsraani bi kae sɛ: “Yɛka kyerɛɛ mo sɛ ɛnsɛ sɛ mobɔ wɔn a wɔnyɛ asraafo tuo.” Ɔsraani no hwehwɛɛ anoyi kae sɛ ɔtee sɛ wɔretoto tuo, na osusuwii sɛ efi kar no mu.

Bere a David kae sɛ ɔne Rosalía yɛ Yehowa Adansefo no, wɔn ani gyee ho. Ɔkaa adwuma a na ɔreyɛ kyerɛɛ wɔn, nanso na asraafo no da so ara pɛ sɛ wɔde no to deduadan mu kakra. Ná ɛda adi sɛ asraafo kuw bi afi ɔman anidan ase ahemadakye no, na na saa asraafo no rekɔko agye polisifo adwumayɛbea hɔ bere a David ne Rosalía de kar betwaam wɔ hɔ no.

Rosalía bɔɔ hu kɛse nanso ɔde akokoduru yɛɛ dinn maa David srɛe sɛ wonnyae wɔn. Awiei koraa no, wɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnkɔ—wɔamma wɔamfa kar no. Wɔnantew kɔɔ beae bi a ɛbɛn hɔ kɔfaa bɔs kɔɔ baa dwumadibea hɔ, na ɛhɔ ayaresabea no hwɛɛ Rosalía.

Mpaebɔ Tumi

David suaa biribi fii osuahu no mu—ɛnsɛ sɛ yebu tumi a mpaebɔ a efi komam wɔ no adewa, na ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ akokoduru mu a yebefi ada yɛn ho adi sɛ Yehowa Adansefo no mu biako no taa yɛ ahobammɔ. Ɛyɛ nokware ankasa sɛ “aban dennen ne [Yehowa] din, ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no.”—Mmebusɛm 15:29; 18:10; Filipifo 4:6.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 19]

Fotografía de Publicaciones Capriles, Caracas, Venezuela

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena