Yehowa Din No—Ɛyɛ Ahobammɔ
NOKWAREM no edin Yehowa yɛɛ ahobammɔ maa Yehowa ɔdansefo bi a na ɔrenantew akɔ fie anadwo bi wɔ abɔnten a na esum wɔ so na ɛso ayɛ dinn wɔ Italy. Sɛnea ɔka ni:
“Mpofirim ara, aberante bi hyiaa me, na ɔma migyinae, na ɔde nne a nhyɛso wom kae sɛ: ‘Ɛha yɛ baabi a wɔhwehwɛ nkurɔfo ho gye wɔn nneɛma. Fa sika a wowɔ nyinaa ma me.’ Migyinae amonom hɔ ara na mihui ntɛm ara sɛ na ɔrenni agoru; afei mmerante afoforo baanan a wɔadi fi mfe 16 kosi 18 twaa me ho hyiae a wokurakura sekan wɔ wɔn nsam. Ɛhɔ ara na mede me sika kotoku maa wɔn, na bere a obiako yii sika a ɛwɔ mu no, ɔfoforo baee me wakye (watch) na afoforo no yii nea na mewɔ wɔ m’atade kotoku mu. Bere a mede m’ayeforohyia kawa maa obiako no, ɔkae sɛ: ‘Ɛnyɛ ɛno! Yɛmpɛ ɛno. Mmom, fa sika kɔnmuade a ɛsɛn wo kɔn no ma me.’ Mibuae sɛ menhyɛ kɔnmuade anaasɛ sɛbɛ biara efisɛ meyɛ Yehowa Ɔdansefo.
“Manwie kasa bere a wɔn mu biako a ɔwɔ m’akyi kae sɛ: ‘Yɛayɛ mfomso. Eyinom yɛ nnipa papa. Minim wɔn.’ Medan kɔɔ nea ɔkasae no so na mifii ase dii no adanse, na mehyɛɛ no nkuran sɛ ɔmfa nokwaredi ntra ase. Migu so kasa no, ɛyɛɛ me nwonwa sɛ wɔn mu biara fii ase de nea na wɔagye no mae bio—obiako de sika no, ɔfoforo de wakye (watch) , kosii sɛ me nsa kaa biribiara bio. Wobisaa me sɛ ebia mede befiri wɔn anaa, na mekae sɛ wɔ me fam de minni wɔn ho menasepɔw biara, na mmom, sɛ, ɛsɛ sɛ wofi ahonu a efi koma mu srɛ Yehowa hɔ fafiri. Medaa Yehowa ase sɛ ɔbɔɔ me ho ban saa bere no.”
Asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 18:10 no yɛ nokware: “Aban dennen ne Yehowa din: ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no.”