Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 11/15 kr. 24-27
  • ‘Yehowa na Ɔma Nyansa’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Yehowa na Ɔma Nyansa’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Tie Nyansa’
  • So Wobɛbɔ Ho Mmɔden?
  • Worenni Nkogu
  • Bere a “Nyansa Ankasa Bɛyɛ Anigye”
  • ‘Ebegye Wo Afi Ɔkwammɔne So’
  • “Teefo na Ɛbɛtra Asase no So”
  • Kom Wo Koma Ma Nhumu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Wubetumi Anya Nhumu Pii?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • “Nhyira Ne Onipa a Ohu Nyansa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Akwankyerɛ Pa Ma Nnɛyi Mmofra
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 11/15 kr. 24-27

‘Yehowa na Ɔma Nyansa’

NNWUMA bɛn na egye wo bere ne w’ahoɔden? So din pa a wubegye no ho asɛm hia wo? So wode wo bere nyinaa repɛ ahonyade? Dɛn na woreyɛ wɔ adwuma bi a woresua anaa nkɔanim a wopɛ sɛ wunya wɔ adwuma biako anaa nea ɛboro saa mu no mu? So wo ne afoforo ntam abusuabɔ pa a wubenya no ho asɛm hia wo? So akwahosan pa a wubenya no ne ade titiriw a wudwen ho?

Nea yɛasusuw ho no nyinaa betumi ayɛ te sɛ nea mfaso wɔ so. Nanso dɛn na ɛho hia titiriw? Bible no bua sɛ: ‘Nyansa ne ade titiriw. Enti nya nyansa.’ (Mmebusɛm 4:7) Ɛnde yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nyansa, na mfaso bɛn na ɛwɔ so? Bible mu nhoma Mmebusɛm ti a ɛto so abien no de eyinom ho mmuae ma.

‘Tie Nyansa’

Te sɛ agya a ɔwɔ ɔdɔ no, tete Israel hene, onyansafo Salomo ka sɛ: “Me ba, sɛ wutie me nsɛm, na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn, sɛ wobɛyɛ asõ atie nyansa, na woakom wo koma ama ntease, yiw, sɛ wusu frɛ nhumu, na woma wo nne so frɛ ntease, sɛ wohwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw a, ɛno na wubehu Awurade suro, na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.”—Mmebusɛm 2:1-5.

So woahu faako a nyansa a obi benya no ho asɛyɛde wɔ? Wɔ saa nkyekyem yi mu no, asɛm ‘sɛ wo’ pue mpɛn abiɛsa. Ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara hwehwɛ nyansa ne ɛho nneɛma a ehia no—nhumu ne ntease. Nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ ‘yetie’ Kyerɛwnsɛm no mu nyansa a wɔakyerɛw ato hɔ no na ‘yɛde sie’ yɛn adwene mu. Wɔ eyi mu no ɛho hia sɛ yesua Bible no.

Nyansa ne sɛ yɛde nimdeɛ a Onyankopɔn de ama yɛn no bedi dwuma ɔkwan pa so. Na hwɛ sɛnea Bible no ma yenya nyansa ma no yɛ nwonwa fa! Yiw, ekura nyansasɛm pii, te sɛ nea wɔakyerɛw wɔ Mmebusɛm ne Ɔsɛnkafo nhoma no mu no, na ɛsɛ sɛ yetie saa nsɛm yi. Afei nso yehu mfaso pii a wɔn a wodii mmara so no nyae ne amanehunu a wɔn a wobuu wɔn ani guu mmara so no hyiae no wɔ Bible mu. (Romafo 15:4; 1 Korintofo 10:11) Sɛ nhwɛso no, susuw odifudepɛfo Gehasi a na ɔyɛ odiyifo Elisa somfo no asɛm no ho hwɛ. (2 Ahene 5:20-27) So ɛmma yenhu nyansa a ɛwom sɛ yɛbɛkwati adifudepɛ? Na awerɛhosɛm a efii Yakob babea Dina a ɔkɔsraa Kanaan “asase no so mmea” a na ɛte sɛ nea asiane biara nni ho mu bae no nso ɛ? (Genesis 34:1-31) So ɛmma yenhu agyimisɛm a ɛwɔ fekubɔne so no?—Mmebusɛm 13:20; 1 Korintofo 15:33.

Nea ɛka nyansa a yebetie ho ne sɛ yebenya nhumu ne ntease. Sɛnea Webster’s Revised Unabridged Dictionary kyerɛ no, nhumu yɛ “adwene mu tumi a wɔnam so hu nsonsonoe a ɛwɔ ade biako ne foforo ntam.” Nhumu a efi Onyankopɔn hɔ na ɛma yetumi hu nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ, na yɛpaw ɔkwan a ɛteɛ a ɛsɛ sɛ yɛfa so no. Sɛ ‘yɛankom yɛn koma’ amma ntease, anaa yɛanya ɔpɛ sɛ yɛbɛhwehwɛ a, yɛbɛyɛ dɛn atumi anantew ɔkwan a “ɛkɔ nkwa mu” no so? (Mateo 7:14; fa toto Deuteronomium 30:19, 20 ho.) Onyankopɔn Asɛm a yesua de di dwuma no ma yenya nhumu.

Ɔkwan bɛn so na yebetumi ‘afrɛ ntease’—tumi a ɛma wotumi hu sɛnea asɛm bi afã horow ne ne fã foforo hyia? Onyinkyɛ ne osuahu, yɛ ade a ebetumi aboa yɛn ma yɛanya ntease kɛse—nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɛte saa. (Hiob 12:12; 32:6-12) Odwontofo no kae sɛ: “Mihu ade mu mesen mpanyimfo, na mehwɛ wo [Yehowa] nsiesie midi so.” Ɔtoo dwom nso sɛ: “Wo nsɛm mu bue ma hann, ɛma nkwasea hu nyansa.” (Dwom 119:100, 130) Yehowa ne “nea ne nna akyɛ” no na ɔwɔ ntease a ɛboro adesamma nyinaa de so. (Daniel 7:13) Onyankopɔn betumi ama obi a onni suahu anya ntease ma wasen wɔn a wɔanyinyin sen no mpo. Enti ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm Bible no, anibere so na yɛde di dwuma.

Kasasin ‘sɛ wo’ a wɔati mu mpɛn pii wɔ Mmebusɛm ti a ɛto so abien no mfiase no de nsɛm te sɛ “gye,” “fa sie,” “ma wo nne so frɛ,” “kɔ so hwehwɛ,” “bɔre hwehwɛ” na ɛtoa so. Dɛn nti na ɔkyerɛwfo no de saa nsɛm no dii dwuma mpɛn pii saa? Nhwehwɛmu bi ka sɛ: “Adwene a ɛwom [wɔ ha] ne sɛ esi hia a ehia sɛ wɔhwehwɛ nyansa akyi kwan denneennen so dua.” Yiw, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho hwehwɛ nyansa ne su horow a ɛka ho—nhumu ne ntease akyi kwan.

So Wobɛbɔ Ho Mmɔden?

Ɔkwan titiriw a wɔfa so nya nyansa ne sɛ obi de nsi besua Bible no. Ɛsɛ sɛ adesua a ɛte sɛɛ yi kɔ akyiri sen akenkan a wɔde hwehwɛ nsɛm ara kwa. Nea yɛakenkan a yesusuw ho yiye no yɛ Kyerɛwnsɛm a wosua no fã titiriw. Nyansa ne nhumu a yebenya no hwehwɛ sɛ yesusuw ɔkwan a yɛbɛfa so de nea yɛresua no adi dwuma de adi yɛn nsɛnnennen ahorow ho dwuma na yɛde asisi gyinae ahorow ho. Ntease a yebenya no hwehwɛ sɛ yehu sɛnea asɛm a aba foforo no fa nea yenim dedaw no ho. Obiara ntumi nnye kyim sɛ Bible adesua a wosusuw ho saa no gye bere ne mmɔdenbɔ kɛse. Ahoɔden ne bere a egye no te sɛ nea obi ‘hwehwɛ dwetɛ na ɔbɔre hwehwɛ akorade a ahintaw ara pɛ.’ So wobɛbɔ mmɔden a ɛte saa? So ‘wobɛtɔ bere a ɛfata’ de ayɛ saa?—Efesofo 5:15, 16.

Sɛ yefi koma pa mu hwehwɛ Bible no mu kɔ akyiri a, hwɛ ademude kɛse ara a ɛda yɛn anim. Hwɛ, yebenya ‘Onyankopɔn ho nimdeɛ’—yɛn Bɔfo no ho nimdeɛ a ɛkyɛn so a ɛma nkwa! (Yohane 17:3) Afei nso ‘Yehowa ho suro’ yɛ ademude kɛse a yebetumi anya. Hwɛ sɛnea obu ne nidi a yebenya ama no no som bo fa! Ɛsɛ sɛ osuro pa a ɛne sɛ yɛrenyɛ nea ɛnsɔ n’ani no di yɛn asetram biribiara so, na yɛde honhom fam nneɛma nso bata nea yɛyɛ nyinaa ho.—Ɔsɛnkafo 12:13.

Ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛbɔre ahwehwɛ honhom fam ademude. Nea ɛbɛma yɛayɛ eyi no, Yehowa ama yɛn nnwinnade a edi mũ—Ɔwɛn–Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma a ɛyɛ nokware na ɛyɛ ne bere mu de, ne afei Bible ho nhoma horow. (Mateo 24:45-47) Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakyerɛkyerɛ yɛn N’asɛm ne n’akwan no, Yehowa de Kristofo nhyiam horow nso ama yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ no daa, wɛn yɛn aso tie nea wɔka, bɔ mmɔden biara de yɛn adwene si emu nsɛntitiriw so de sie, na yedwennwen yɛne Yehowa ntam abusuabɔ ho yiye.—Hebrifo 10:24, 25.

Worenni Nkogu

Mpɛn pii no, sɛ wɔbɔre hwehwɛ biribi a ɛsom bo a ahintaw te sɛ, sika anaa dwetɛ a, wonnya bi. Ɛnsɛ sɛ eyi ba saa wɔ honhom fam akorade ho. Dɛn ntia? Salomo ma yɛn awerɛhyem sɛ: “[Yehowa, “NW”] na ɔma nyansa, n’anom na nimdeɛ ne ntease fi ba.”—Mmebusɛm 2:6.

Ɔhene Salomo gyee din sɛ onyansafo. (1 Ahene 4:30-32) Kyerɛwnsɛm no da no adi sɛ na ɔwɔ nneɛma horow bi te sɛ nnua, mmoa, nnipa suban, ne Onyankopɔn Asɛm ho nimdeɛ. Nhumu a ɔdaa no adi sɛ ɔhene a na onnyinii de siesiee mmea baanu bi asɛm a na ɛfa abofra biako a na wɔn mu biara kyerɛ sɛ ɔyɛ ne ba ho no maa ogyee din wɔ amanaman mu. (1 Ahene 3:16-28) Onyaa ne nimdeɛ kɛse no fii he? Salomo bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma no “nyansa ne nimdeɛ” ne tumi a ɔde behu “papa ne bɔne mu.” Yehowa de maa no.—2 Beresosɛm 1:10-12; 1 Ahene 3:9.

Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛbɔ mpae srɛ Yehowa mmoa bere a yɛde nsi sua N’asɛm no. Odwontofo no bɔɔ mpae sɛ: “Awurade, kyerɛ me wo kwan, mɛnantew wo nokware mu, ka me koma bom ma ensuro wo din.” (Dwom 86:11) Yehowa penee saa mpaebɔ no so efisɛ wama wɔakyerɛw wɔ Bible mu. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ yɛn mpae a yɛbɔ bere nyinaa sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛnnya honhom mu akorade a ahintaw wɔ Bible mu no renyɛ ɔkwa.—Luka 18:1-8.

Salomo da no adi sɛ: “Ɔkora nyansahu ma teefo, ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔnam pɛpɛ, sɛ ɔbɛkari atemmu akwan, na wahwɛ n’ahotefo kwan so. Ɛno na wubehu trenee ne atemmu ne ade a ɛteɛ ne ɔkwan pa nyinaa mu.” (Mmebusɛm 2:7-9) Hwɛ awerɛhyem ara a eyi yɛ! Ɛnyɛ sɛ Yehowa de nokware nyansa ama wɔn a wɔde koma pa hwehwɛ no no nko na mmom ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔnam pɛpɛɛpɛ no efisɛ wɔda nokware nyansa adi na wofi nokwaredi mu di ne trenee gyinapɛn ahorow so. Ɛmmra sɛ yɛbɛka wɔn a Yehowa boa wɔn ma wɔte “nea ɛyɛ papa nyinaa” ase no ho.

Bere a “Nyansa Ankasa Bɛyɛ Anigye”

Kokoam Bible adesua—ahwehwɛde a ɛho hia a wɔde nya nyansa—nyɛ ade a nnipa pii ani gye ho. Sɛ nhwɛso no, Lawrence a wadi mfe 58 ka sɛ: “Mede me nsa ayɛ adwuma bere nyinaa. Adesua yɛ me den.” Micheal a wadi mfe 24, a na n’ani nnye adesua ho wɔ sukuu mu no ka sɛ: “Gye sɛ mehyɛ me ho na matumi atra ase asua ade.” Nanso, wubetumi asua sɛnea wosua ade.

Susuw nea Michael yɛe no ho hwɛ. Ɔka sɛ: “Mehyɛɛ me ho so sɛ mesua ade dɔnhwerew fã da biara. Ankyɛ na mihuu nea efii saa a meyɛe no mu bae, me mmuaema wɔ Kristofo nhyiam ase, ne me ne afoforo ntam nkɔmmɔbɔ sakrae. Mprempren merehwɛ bere a mede besua ade kwan, na mempɛ sɛ biribiara betwitware mu.” Yiw, sɛ yehu nkɔso a yɛrenya a, ɛma kokoam adesua bɛyɛ anigye. Lawrence nso de ne ho hyɛɛ Bible adesua mu, na bere bi akyi no, ɔbɛsomee sɛ ɔpanyin wɔ Yehowa Adansefo asafo bi mu.

Sɛ kokoam adesua bɛyɛ anigye a, egye mmɔdenbɔ. Ɛso nhyira dɔɔso. Salomo ka sɛ: “Sɛ nyansa ba wo koma mu, na nimdeɛ sɔ wo kra ani a, adwempa bɛhwɛ wo so, na ntease abɔ wo ho ban.”—Mmebusɛm 2:10, 11.

‘Ebegye Wo Afi Ɔkwammɔne So’

Ɔkwan bɛn so na nyansa, nimdeɛ, adwempa, ne nhumu tumi yɛ ahobammɔ? Salomo ka sɛ: “[Ebeyi] wo afi bɔne kwan mu, ne onipa a ɔka akɔntɔnkyesɛm ho, afi wɔn a wogyaw trenee akwan kɔnantew sum akwan so no ho, wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho, wodi bɔne akontonkyesɛm ho ahurusi, wɔn a wɔn atempɔn kyeakyea, na wɔn akwan dannan.”—Mmebusɛm 2:12-15.

Yiw, wɔn a nokware nyansa som bo ma wɔn no kwati sɛ wɔde wɔn ho bɛbɔ ‘wɔn a wɔka akɔntɔnkyesɛm,’ kyerɛ sɛ, nneɛma a ɛne nokware ne nea ɛteɛ bɔ abira no ho. Adwempa ne nhumu bɔ yɛn ho ban fi wɔn a wɔpo nokware no na wɔnantew sum mu ne nkontompofo a wɔn ani gye bɔneyɛ ho ho.—Mmebusɛm 3:32.

Hwɛ aseda ara a yebetumi de ama sɛ nokware nyansa ne ne su ahorow a ɛkeka ho no nso bɔ yɛn ho ban fi ɔkwammɔne ne mmarima ne mmea a wɔn bra asɛe ho! Salomo de ka ho sɛ saa su ahorow yi ‘beyi wo afi ɔbea nanani nsam, afi ɔbea hɔho a ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm no nsam; ɔno na wapa ne mmabaabere mu kunu, na ne werɛ afi ne Nyankopɔn apam; na ne fi kom kɔ owu mu, na n’akwan kɔ asamanfo mu: Wɔn a wɔkɔ ne ho mu biara nsan, na wɔrensi nkwa akwan mu.’—Mmebusɛm 2:16-19.

Wɔyɛ saa “ɔbea nanani,” guamamfo yi ho mfonini sɛ obi a wagyaw “ne mmabaabere mu kunu”—ɛda adi sɛ ne kunu a ɔwaree no wɔ ne mmabaabere mu.a (Fa toto Malaki 2:14 ho.) Ne werɛ afi sɛ na awaresɛe nso ka nneɛma a wɔbarae wɔ Mmara apam no ase no ho. (Exodus 20:14) Ne fie kwan kɔ owu mu. Wɔn a wɔkɔ ne ho mu biara “nsan”, kyerɛ sɛ, wowu, na wontumi nsan wɔn akyi bio. Onipa a ɔwɔ nhumu na ɔwɔ adwempa no nim asiane a ɛwɔ ɔbrasɛe mu na ofi nyansam kwati sɛ ɔde ne ho bɛfra mu.

“Teefo na Ɛbɛtra Asase no So”

Ɔreka botae a ɛwɔ afotu a ɛfa nyansa ho ho asɛm no, Salomo ka sɛ: “Na woafa nnipa pa kwan so, na woadi treneefo kwan so.” (Mmebusɛm 2:20) Atirimpɔw a ɛyɛ anigye a efi nyansa mu ba bɛn ara ni! Ɛboa yɛn ma yenya asetra a ɛyɛ anigye na abotɔyam wom na ɛsɔ Onyankopɔn ani.

Bio nso susuw nhyira kɛse a ɛwɔ hɔ ma wɔn a “wɔne nnipa pa nantew no ho hwɛ.” Salomo toa so sɛ: “Na teefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase so na wɔatu nkontompofo afi so.” (Mmebusɛm 2:21, 22) Ɛmmra sɛ wobɛka teefo, a wɔbɛtra asase so daa wɔ Onyankopɔn trenee wiase no mu ho bi.—2 Petro 3:13.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔde asɛmfua “ɔnanani” dii dwuma maa wɔn a wɔpo sɛ wɔbɛyɛ nea Mmara no hwehwɛ ma ne saa nti, wɔdan fii Yehowa ho no. Ne saa nti, wɔka oguamamfo—a ɛnyɛ sɛ ɔyɛ ɔhɔho—no ho asɛm sɛ “ɔbea nanani.”

[Kratafa 26 mfonini]

Salomo bɔɔ mpae srɛɛ nyansa. Saa na ɛsɛ sɛ yɛyɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena