-
Hwɛ Wo Asanom YiyeƆwɛn-Aban—2004 | December 1
-
-
2. Nsa ho nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?
2 Sɛ wɔde akyɛde a ɛma anigye di dwuma ɔkwampa so nkutoo a, ɛnna ɛyɛ akyɛde pa. Sɛ nhwɛso no, ɛwo ‘ye,’ nanso “ɛwodi ntraso nye.” (Mmebusɛm 24:13; 25:27) Bere a ebia ɛnyɛ bɔne sɛ wobɛnom “bobesa kakraa bi” no, nsa bebree a wobɛnom yɛ aniberesɛm. (1 Timoteo 5:23) Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Nsã yɛ ɔfɛdifoɔ, nsaden yɛ ntɔkwapɛni, na obiara a ɔtɔ mu ntintan nnim nyansa.” (Mmebusɛm 20:1, Asante Twi Bible) Nanso, dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi atɔ nsa mu ntintan?a Dodow ahe na ɛyɛ nea ɛboro so? Obi bɛyɛ dɛn ahu dodow a ɛfata sɛ ɔnom?
Ɔkwan Bɛn So na Obi ‘Tɔ Nsa Mu Ntintan’?
3, 4. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ wɔkasa tia asabow wɔ Bible mu? (b) Asabow ho nsɛnkyerɛnne bi ne dɛn?
3 Wɔ tete Israel no na wosiw ɔba a ɔyɛ ohohwini ne ɔsabofo a ɔnsakra abo kum no. (Deuteronomium 21:18-21) Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ: “Sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ aguaman anaa oniberefo anaa ɔbosonsonni anaa ɔmaanefo anaa ɔsabofo anaa omimfo a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo.” Ɛda adi pefee sɛ, Kyerɛwnsɛm no kasa tia asabow.—1 Korintofo 5:11; 6:9, 10.
4 Bible reka nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ obi abow ho asɛm no, ɛka sɛ: “Nhwɛ nsã sɛ ɛbere kɔɔ, na ani twa kuruwa mu, na ɛkɔ yɔɔ no, akyiri no ɛka sɛ ɔwɔ, na ɛwɔ bɔre sɛ ahurutoa. W’aniwa bɛhwɛ ananade, na wo koma aka akɔntɔnkyesɛm.” (Mmebusɛm 23:31-33) Asanom bebrebe ka te sɛ ɔwɔ a n’ano wɔ bɔre, ɛbɔ yare, ɛma obi adwene yɛ no basaa, na ade tumi tɔ ne so. Ɔsabofo tumi hu “ananade,” kyerɛ sɛ, otumi hu nneɛma wɔ n’ani so, na odwen nneɛma hunu ho. Ɛba saa a ontumi nhyɛ ne ho so yiye ma enti ɔkeka nsɛnhunu, na ɔda akɔnnɔ bɔne a sɛ ɔmmoe a anka obetumi ahyɛ ne ho so wɔ ho adi.
5. Ɔkwan bɛn so na asanom bebrebe betumi apira obi?
5 Na sɛ obi taa nom nsa nanso ɔhwɛ yiye sɛ ɔrennom bebree nkosi sɛ afoforo behu sɛ wabow nso ɛ? Nnipa bi wɔ hɔ a sɛ wɔnom nsa bebree mpo a ɛyɛ den sɛ wubehu sɛ wɔabow. Nanso, sɛ obi nya adwene sɛ asɛm biara nni nneyɛe a ɛte saa ho a, na ɔredaadaa ne ho. (Yeremia 17:9) Asanom de nkakrankakra na ɛka obi hɔ ma ɔbɛyɛ ‘ɔsadweam.’ (Tito 2:3) Ɛdefa sɛnea obi bɛyɛ ɔsadweam ho no, nhoma kyerɛwfo Caroline Knapp ka sɛ: “Ɛba nyaa nkakrankakra.” Hwɛ sɛnea asanom bebrebe yɛ afiri a etumi di awu!
6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi gyae asanom bebrebe ne adidi ntraso?
6 Susuw Yesu kɔkɔbɔ yi nso ho hwɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow [asanom ntraso, NW] ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri, na ɛbɛba wɔn a wɔte asase nyinaa ani nyinaa so.” (Luka 21:34, 35) Enhia sɛ obi nom nsa bow ansa na watɔ nko ayɛ akwadworɔ wɔ n’asetram ne Onyankopɔn som mu. Na sɛ Yehowa da no bɛto no wɔ tebea a ɛte saa mu nso ɛ?
-
-
Hwɛ Wo Asanom YiyeƆwɛn-Aban—2004 | December 1
-
-
10. Nsa betumi aka yɛn adwene dɛn, na dɛn nti na asiane wom?
10 Ɛnyɛ nipaduam nko na asanom bebrebe haw nnipa na mmom ɛka ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn nso. Bible ka sɛ: “Nsã ne mmosa sɛe ntease.” (Hosea 4:11) Nsa ka adwene no. Nhoma bi a U.S. Ɔman Asoɛe a Ɛhwɛ Nnubɔnenom Ho Nsɛm So akyerɛw kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ obi nom nsa a, ɛfa n’adidi nkwaadɔm mu kɔ ne mogya mu, na edu n’adwenem ntɛm. Efi ase ma adwene no fã a edi nsusuwii ne nkate ho dwuma no adwumayɛ kɔ fam. Ɛmma onipa no ntumi nhyɛ ne ho so, na otumi yɛ nea ɔpɛ biara.” Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɛda adi paa sɛ ‘yɛbɛtɔ mu ntintan,’ ayɛ ade atra so, na ɛde yɛn akɔ sɔhwɛ ahorow bebree mu.—Mmebusɛm 20:1.
-