Yehowa Na Nkwagye Wɔ No
“Ɔno Nyankopɔn no ne yɛn nkwagye Nyankopɔn.”—DWOM 68:20.
1, 2. (a) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa na nkwagye fi no? (b) Wobɛkyerɛkyerɛ Mmebusɛm 21:31 mu dɛn?
YEHOWA na ogye nnipa a wɔdɔ no no. (Yesaia 43:11) Ná Israel hene Dawid a wonim no yiye no fi n’ankasa suahu mu nim eyi, na ofi koma nyinaa mu too dwom sɛ: “[Yehowa, NW] na nkwagye wɔ no.” (Dwom 3:8) Odiyifo Yona de nsɛm koro no ara dii dwuma wɔ mpaebɔ a emu yɛ den mu bere a na ɔwɔ apataa kɛse no yam no.—Yona 2:9.
2 Ná Dawid ba Salomo nso nim sɛ nkwagye fi Yehowa, efisɛ ɔkae sɛ: “Wosiesie ɔpɔnkɔ ma kõ da, na nkonimdi wɔ [Yehowa, NW] nsam.” (Mmebusɛm 21:31) Wɔ tete Mediterranea Supɔw no so no, na anantwi twe fɛtɛw ade, mfurum soa nnesoa, nkurɔfo tra mfurumpɔnkɔ so, na na wɔde apɔnkɔ di dwuma wɔ ɔsa mu. Nanso ansa na Israelfo no rehyɛn Bɔhyɛ Asase no so no, Onyankopɔn kae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn hene a ɔbɛba daakye no ‘ma n’apɔnkɔ dɔɔso.’ (Deuteronomium 17:16) Esiane sɛ na Yehowa begye ne nkurɔfo nti, na wɔrenhia apɔnkɔ a wɔde bɛkɔ ɔsa.
3. Nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?
3 Amansan Hene Yehowa yɛ “nkwagye Nyankopɔn.” (Dwom 68:20) Hwɛ sɛnea eyi hyɛ nkuran fa! Nanso ‘nkwagye nnwuma’ bɛn na Yehowa ayɛ? Na ɛhefo na wagye wɔn?
Yehowa Gye Atreneefo
4. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa gye atreneefo?
4 Wɔn a wɔfa kwantrenee so sɛ Nyankopɔn asomfo a wɔahyira wɔn ho so no nyinaa betumi anya awerɛkyekye afi ɔsomafo Petro nsɛm yi mu: “[Yehowa, NW] nim sɛnea obeyi wɔn a wɔde fɛre som no afi sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔnteɛ aso de wɔn asie atemmu da.” Ɔrekyerɛkyerɛ asɛm yi mu no, Petro kae sɛ Onyankopɔn ‘ankora tete wiase so, na mmom Noa a ɔyɛ treneekafo ne afoforo baason nko na ogyee wɔn, na ɔde nsuyiri bɛkataa amumɔyɛfo wiase no so.’—2 Petro 2:5, 9.
5. Tebea bɛn mu na na Noa som sɛ “treneekafo”?
5 Fa no sɛ na wote ase wɔ Noa nna no mu. Abɔfo a wɔadan wɔn ho nnipa aba asase so. Mma a abɔfo asoɔdenfo yi woo wɔn no ne nkurɔfo di no atirimɔden so, na ‘anuɔden hyɛ asase so ma.’ (Genesis 6:1-12) Nanso wɔantumi anhunahuna Noa ma wannyae Yehowa adwuma. Mmom no na ɔyɛ “treneekafo.” Ɔne n’abusua yɛɛ adaka na wɔn adwenem anyɛ wɔn naa wɔ abɔnefosɛm a wobeyi afi hɔ wɔ wɔn bere so no ho da. Noa gyidi buu saa wiase no fɔ. (Hebrifo 11:7) Ɛnnɛyi tebea no te sɛ Noa nna no ara pɛ, na edi adanse sɛ yɛwɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi nna a etwa to mu. (Mateo 24:37-39; 2 Timoteo 3:1-5) Ɛnde, te sɛ Noa no, so wubedi nokware sɛ treneekafo bere a wo ne Onyankopɔn nkurɔfo som de twɛn Yehowa nkwagye no?
6. Ɔkwan bɛn so na 2 Petro 2:7, 8 kyerɛ sɛ Yehowa gye atreneefo?
6 Petro de adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ Yehowa gye atreneefo no ma. Ɔsomafo no ka sɛ “[Onyankopɔn yii] Lot a ɔteɛ a amumɔyɛfo no de wɔn ahohwi abrabɔ haw no;—na nea onipa trenee no traa wɔn mu hui na ɔtee no, mmarato nnwuma no yɛɛ ne kra trenee no ayayade daa nyinaa.” (2 Petro 2:7, 8; Genesis 19:1-29) Nna mu ɔbrasɛe abɛyɛ nnipa ɔpepem pii asetra kwan wɔ nna a edi akyiri yi mu. Te sɛ Lot no, so nnipa pii a ɛnnɛ wɔde wɔn ho ahyɛ ‘ahohwi abrabɔ mu no haw wo kɛse’? Sɛ ɛte saa, na sɛ woreyɛ adetrenee a, ebia wobɛka wɔn a sɛ wɔde nhyehyɛe bɔne yi ba awiei a, Yehowa begye wɔn no ho.
Yehowa Gye Ne Nkurɔfo Fi Nhyɛsofo Nsam
7. Ɔkwan bɛn so na sɛnea Yehowa ne Israelfo dii wɔ Misraim no kyerɛ sɛ ogye ne nkurɔfo fi nhyɛso mu?
7 Bere tenten a nhyehyɛe dedaw yi wɔ hɔ yi, Yehowa asomfo behyia ɔtaa ne atamfo nhyɛso. Nanso wobetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa begye wɔn, efisɛ tete no, ogyee ne nkurɔfo a wɔhyɛɛ wɔn so no. Fa no sɛ na woyɛ Israelni a worehu amane wɔ Misrifo nhyɛso ase wɔ Mose bere so. (Exodus 1:1-14; 6:8) Onyankopɔn de ɔhaw ahorow ba Misrifo so ntoatoaso. (Exodus 8:5–10:29) Bere a ɔhaw a ɛto so du a ekunkum nnipa no fa Misrifo mmakan no, Farao ma Israelfo kwan sɛ wɔnkɔ, nanso akyiri yi ɔboaboa n’asraafodɔm ano ma wɔde mmirika tiw wɔn. Nanso ankyɛ, wɔsɛe ɔne ne mmarima no wɔ Po Kɔkɔɔ no mu. (Exodus 14:23-28) Woka Mose ne Israelfo nyinaa ho na moto dwom yi: “[Yehowa, NW] yɛ dɔmmarima, [Yehowa, NW] ne ne din. Farao nteaseɛnam ne ne dɔm no, watow wɔn agu po mu, na n’akofo a wɔapaw wɔn no, wɔamemmem mmɛw po [Po Kɔkɔɔ, NW] mu. Ebun akata wɔn so, wɔamem kɔ ase tɔnn sɛ ɔbo.” (Exodus 15:3-5) Ɔsɛe a ɛte saa ara da hɔ retwɛn wɔn a wɔhyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so wɔ nna a edi akyiri yi mu nyinaa.
8, 9. Fi Atemmufo nhoma no mu ma nhwɛso bi a ɛkyerɛ sɛ Yehowa gye ne nkurɔfo fi nhyɛsofo nsam.
8 Bere a Israelfo hyɛnee Bɔhyɛ Asase no so mfe pii akyi no, na atemmufo na wobu wɔn ntam atɛn. Ɛtɔ mmere bi a, na wohu amane wɔ aman afoforo nhyɛso ase, nanso Onyankopɔn nam atemmufo anokwafo so gyee wɔn. Ɛwom sɛ ebia saa ara na ‘yebesi apini esiane yɛn ahawfo ne yɛn ataafo nti’ de, nanso sɛ́ Yehowa asomfo anokwafo no, obegye yɛn nso. (Atemmufo 2:16-18; 3:9, 15) Nokwarem no, Bible mu nhoma a ɛne Atemmufo no de eyi ne nkwagye kɛse a Onyankopɔn nam ne Temmufo a wapaw no, Yesu Kristo, so de bɛba no ho awerɛhyem ma yɛn.
9 Momma yɛnsan yɛn akyi nkɔ Ɔtemmufo Barak bere so. Esiane atoro som ne Onyankopɔn anim dom a Israelfo ahwere nti, na Kanaanfo hene Yabin ahyɛ wɔn so atirimɔden so mfe 20. Sisera na ɔda Kanaanfo asraafo dɔm kɛse no ano. Ɛwom sɛ ebia na ɔman no mu nnipa bɛyɛ sɛ ɔpepem anan de, nanso ‘na wonhu kyɛm ne peaw Israel mu nnipa ɔpeduanan mu.’ (Atemmufo 5:6-8) Israelfo no fi ahonu mu su frɛɛ Yehowa. Ɛdenam Onyankopɔn akwankyerɛ a ɔde faa odiyifobea Debora so de mae so no, Barak boaboaa mmarima 10,000 ano wɔ Tabor Bepɔw so, na Yehowa twetwee atamfo no kɔɔ bon kakraa a ɛda Tabor no anafo mu. Sisera ne n’asraafo dɔm ne dade nteaseɛnam 900 de gyegyeegye bɛfaa asasetaw no ne Kison asuten a na emu nsu ayow no mu. Nanso osu kɛse bi tɔe maa Kison yiri sram so. Bere a Barak ne ne mmarima no nam ahum no akyi wɔ Tabor Bepɔw no anafo no, wohuu sɛnea Yehowa abufuw no sɛee ade fae no. Barak mmarima no kunkum Kanaanfo a ehu aka wɔn a wɔreguan no mmiako mmiako, ma anka obiara. Hwɛ kɔkɔbɔ ara a ɛyɛ ma wɔn a wɔhyɛ yɛn so a ɛyɛ wɔn sɛ wɔreko atia Onyankopɔn no!—Atemmufo 4:3-16; 5:19-22.
10. Dɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn begye ne nnɛyi asomfo afi wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa nsam?
10 Yehowa begye ne nnɛyi asomfo afi wɔn atamfo a wɔhyɛ wɔn so nyinaa nsam, sɛnea ogyee Israelfo a na wosuro Nyankopɔn wɔ amanehunu bere mu no. (Yesaia 43:3; Yeremia 14:8) Onyankopɔn gyee Dawid fii “n’atamfo nyinaa nsam.” (2 Samuel 22:1-3) Enti sɛ́ Yehowa nkurɔfo no, sɛ mpo wɔhyɛ yɛn so anaa wɔtaa yɛn a, momma yennya akokoduru efisɛ ne Mesia Hene no begye yɛn afi nhyɛso mu. Yiw, ‘obegye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.’ (Dwom 72:13, 14) Nokwarem no, saa ogye no abɛn paa.
Onyankopɔn Gye Wɔn a Wɔde Wɔn Ho To Ne So No
11. Yehowa mu ahotoso ho nhwɛso bɛn na aberantewa Dawid de ma?
11 Sɛ yebehu Yehowa nkwagye a, ɛsɛ sɛ yefi akokoduru mu nya ne mu ahotoso. Dawid daa akokoduru mu a wofi nya Onyankopɔn mu ahotoso adi bere a ofii adi sɛ ɔrekohyia ɔbran Goliat no. Yɛ ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ, aberantewa Dawid a ogyina Filistini ɔbran no anim na ɔteɛm sɛ: “Wo de, wode nkrante ne peaw ne pɛmɛ na ɛreba me nkyɛn, na me de, mede asafo [Yehowa, NW], Israel mpasua a woabɔ wɔn ahohora no Nyankopɔn din na mereba wo nkyɛn. Ɛnnɛ da yi [Yehowa, NW] de wo bɛhyɛ me nsa, na makum wo, na matwa wo ti afi so, na mede Filistifo dɔm afunu mama wim nnomaa ne asase so mmoadoma nnɛ ara, na asase nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel, na bagua yi nyinaa nso ahu sɛ ɛnyɛ nkrante ne peaw na [Yehowa, NW] de gye nkwa, efisɛ ɔko no yɛ [Yehowa, NW] dea.” Anni gyina na Goliat awu, na wodii Filistifo no so nkonim. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa gyee ne nkurɔfo.—1 Samuel 17:45-54.
12. Dɛn nti na ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛkae Dawid dɔmmarima Eleasar?
12 Sɛ yehyia ataafo a, ebia ebehia sɛ ‘yenya akokoduru’ na yenya Onyankopɔn mu ahotoso kosi ase. (Yesaia 46:8-13; Mmebusɛm 3:5, 6) Hyɛ asɛm a esii wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Pas-damim yi nsow. Ná Israelfo no aguan afi Filistifo dɔm no anim. Nanso ehu anka Dawid nnɔmmarima baasa no mu biako, Eleasar. Ɔte gyinaa atoko asasewa bi so na ne nkutoo kunkum Filistifo no nkrate ano. Enti ‘Yehowa de nkonimdi kɛse gyee Israel.’ (1 Beresosɛm 11:12-14; 2 Samuel 23:9, 10) Obiara nhwɛ kwan sɛ yɛn nkutoo bɛko adi asraafo dɔm so nkonim. Nanso ɛbɛtɔ da bi no, ebia na aka yɛn nkutoo a atamfo hyɛ yɛn so. So yebefi mpaebɔ mu de yɛn ho ato Yehowa, nkwagye Nyankopɔn no so? So yɛbɛhwehwɛ ne hɔ mmoa sɛnea ɛbɛyɛ na yenyi yɛn mfɛfo gyidifo mma ataafo?
Yehowa Gye Mũdi Mu Kurafo
13. Dɛn nti na na ɛyɛ den sɛ obi bekura ne mudi mu ama Nyankopɔn wɔ Israel mmusuakuw du ahemman no mu?
13 Sɛ yebehu Yehowa nkwagye a, ɛsɛ sɛ yekura yɛn mũdi mu ma no ɛmfa ho nea ɛbɛba biara. Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtraa ase tete no hyiaa sɔhwɛ ahorow pii. Sɛ wotraa ase wɔ Israel mmusuakuw du ahemman no mu a, susuw nea anka wubehyia no ho hwɛ. Ná Rehabeam atirimɔdensɛm no ama mmusuakuw du no atew wɔn ho akɔtew Israel atifi fam ahemman no. (2 Beresosɛm 10:16, 17; 11:13, 14) Ná Yehu yɛ ɔhempa sen ahemfo a wodii wɔn so no nyinaa, nanso ɔno mpo ‘amfa ne koma nyinaa anni Yehowa mmara so.’ (2 Ahene 10:30, 31) Ne nyinaa akyi no, na mmusuakuw du ahemman no wɔ nkurɔfo a wokura wɔn mũdi mu. (1 Ahene 19:18) Wɔkyerɛɛ Onyankopɔn mu gyidi, na odii wɔn akyi. Ɛmfa ho wo gyidi ho sɔhwɛ no, so wukura wo mũdi mu ma Yehowa?
14. Dɛn na Yehowa yɛe de gyee nkurɔfo wɔ Ɔhene Hesekia bere so, na dɛn na ɛmaa Babilonfo dii Yuda so nkonim?
14 Onyankopɔn Mmara a wɔn mu dodow no ara buu so no maa Israel ahemman no hyiaa ɔhaw. Bere a Asiriafo dii so nkonim wɔ 740 A.Y.B. no, ankorankoro a wofi mmusuakuw du no mu no guan kɔɔ Yuda mmusuakuw abien ahemman a na wobetumi asom Yehowa wɔ n’asɔrefie hɔ no mu. Ná Yuda ahemfo 19 a wofi Dawid ase no mu baanan—Asa, Yehosafat, Hesekia, ne Yosia—da nsow wɔ ɔsom a wɔde maa Nyankopɔn no mu. Wɔ mũdi mu kurafo Hesekia bere so no, Asiriafo no de dɔm kɛse baa Yuda so. Onyankopɔn de ɔbɔfo biako pɛ dii dwuma ma okunkum Asiriafo 185,000 anadwo biako pɛ, de tiee Hesekia sufrɛ, ma enti Ogyee n’asomfo nkwa! (Yesaia 37:36-38) Akyiri yi, bere a ɔman no anni Mmara no so na wɔantie Onyankopɔn adiyifo kɔkɔbɔ ahorow no, ɛmaa Babilonfo dii Yuda so nkonim sɛee ne kuropɔn, Yerusalem, ne asɔrefie no wɔ 607 A.Y.B.
15. Dɛn nti na na boasetɔ ho hia ma Yudafo atukɔfo a na wɔwɔ Babilon no, na ɔkwan bɛn so na awiei koraa no Yehowa gyee wɔn?
15 Ná Yuda atukɔfo no hia boasetɔ na wɔatumi akura wɔn mũdi mu ama Onyankopɔn bere a wɔde mfe 70 a na awerɛhow wom traa Babilon nnommumfa mu no. (Dwom 137:1-6) Mũdi mu kurafo biako a ɛfata sɛ yesusuw ne ho ne odiyifo Daniel. (Daniel 1:1-7; 9:1-3) Yɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei bere a Persia hene Kores de ahyɛde mae wɔ 537 A.Y.B. mu maa Yudafo nyaa kwan san baa Yuda besii asɔrefie no ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ! (Esra 1:1-4) Ná Daniel ne afoforo de boasetɔ agyina mu mfe pii de, nanso awiei koraa no, wɔde wɔn ani huu Babilon a wotu gui ne Yehowa nkurɔfo a wogyee wɔn no. Ɛsɛ sɛ eyi boa yɛn ma yɛda boasetɔ adi bere a yɛhwɛ “Babilon kɛse,” wiase atoro som ahemman no sɛe kwan no.—Adiyisɛm 18:1-5.
Yehowa Gye Ne Nkurɔfo Bere Nyinaa
16. Nkwagye bɛn na Nyankopɔn ma wonyae wɔ Ɔhemmaa Ester bere so?
16 Sɛ Yehowa asomfo di ne din ni a, bere nyinaa ogye wɔn. (1 Samuel 12:22; Yesaia 43:10-12) San susuw Ɔhemmaa Ester bere no—afeha a ɛto so anum A.Y.B.—ho hwɛ. Ná Ɔhene Ahasweros (Xerxes I) apaw Haman sɛ ɔman soafo panyin. Bere a Yudani Mordekai ankotow Haman ma ne bo fuwii no, ɔpam ne tiri so sɛ ɔbɛsɛe ɔne Yudafo a wɔwɔ Persia Ahemman mu no nyinaa. Ɔkaa wɔn ho asɛm sɛ nkurɔfo a wɔto mmara, afei ɔde sika bɔɔ anohoba, na wɔmaa no kwan ma ɔde ɔhene pɛtea dii dwuma sɔɔ krataa a ɛhyɛe sɛ wonkunkum wɔn nyinaa no ano. Ester fi akokoduru mu daa Yudani a ɔyɛ no adi kyerɛɛ ɔhene, na ɔpaa Haman pɔ bɔne no ho ntama. Ankyɛ na wɔde Haman kɔsɛnee dua koro no ara a ɔyɛe sɛ wɔde bɛsɛn Mordekai no so. Wɔde Mordekai bɛyɛɛ ɔman soafo panyin, maa no tumi sɛ obetumi ama Yudafo no kwan ma wɔabɔ wɔn ho ban. Wodii wɔn atamfo so nkonim kɛse. (Ester 3:1–9:19) Ɛsɛ sɛ saa asɛm a esii yi hyɛ yɛn gyidi a yɛwɔ sɛ Yehowa begye ne nnɛyi asomfo a wotie no no mu den.
17. Ɔkwan bɛn so na osetie dii dwuma wɔ gye a wogyee afeha a edi kan Yudafo Kristofo a na wɔte Yudea no mu?
17 Ade foforo a enti Onyankopɔn gye ne nkurɔfo ne sɛ wotie ɔne ne Ba no. Fa no sɛ na woyɛ Yesu asuafo Yudafo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan mu no mu biako. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ ne bɔ abɛn. Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so.” (Luka 21:20-22) Mfe bi twam, na wuntumi nhu bere a nsɛm yi bɛbam. Afei Yudafo tew atua wɔ 66 Y.B. mu. Roma asraafo a Cestius Gallus da wɔn ano betwa Yerusalem ho hyia na wɔkɔ asɔrefie fasu no ho. Mpofirim ara, Romafo no san wɔn akyi kɔ a wonhu nea enti a wɔyɛ saa. Dɛn na Yudafo Kristofo no bɛyɛ? Wɔ Eusebius nhoma Ecclesiastical History (Nhoma a ɛto so III, ti V, 3) mu no, ɔka sɛ woguan fii Yerusalem ne Yudea. Wonyaa wɔn ti didii mu efisɛ wotiee Yesu kɔkɔbɔ a ɔnam nkɔmhyɛ so de mae no. So woayɛ krado sɛ wode Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ a wɔnam “ofiepanyin nokwafo” a wɔde no asi Yesu ‘nneɛma’ nyinaa so no so de ma no bedi dwuma?—Luka 12:42-44.
Nkwagye a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu
18, 19. (a) Nkwagye ho kwan bɛn na Yesu wu no buei, na henanom na wonyae? (b) Dɛn na na ɔsomafo Paulo asi ne bo sɛ ɔbɛyɛ?
18 Yesu kɔkɔbɔ a Yudafo Kristofo a na wɔwɔ Yudea no tiei no na ɛma wonyaa wɔn ti didii mu. Nanso Yesu wu no ma “nnipa nyinaa” nya nkwagye kɔ daa nkwa mu. (1 Timoteo 4:10) Agyede ho behiaa adesamma bere a Adam yɛɛ bɔne na ɛnam so ma ne nkwa fii ne nsa ma ɔde adesamma abusua no kɔhyɛɛ bɔne ne owu nkoayɛ mu no. (Romafo 5:12-19) Ná mmoa afɔre a wɔbɔ wɔ Mose Mmara ase no yɛ bɔne ho mpata kakraa bi kɛkɛ. (Hebrifo 10:1-4) Esiane sɛ na Yesu nni honam fam agya na ɛda adi sɛ Onyankopɔn honhom kronkron na ‘ɛkataa’ Maria so fi bere a onyinsɛnee Yesu kosii sɛ ɔwoo no no nti, wɔwoo no a wannya bɔne anaa sintɔ biara amfi awo mu. (Luka 1:35; Yohane 1:29; 1 Petro 1:18, 19) Bere a Yesu wui sɛ mũdi mu kurafo a ɔyɛ pɛ no, ɔde n’ankasa nkwa a ɛyɛ pɛ no mae de gyee adesamma ma wonyaa ahofadi. (Hebrifo 2:14, 15) Enti Kristo ‘de ne ho mae sɛ agyede a ɛfata, maa nnipa nyinaa.’ (1 Timoteo 2:5, 6) Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔbɛhwehwɛ ogye nsiesiei yi akyi kwan, nanso Onyankopɔn ma ho kwan sɛ wɔmfa emu mfaso horow no mmoa wɔn a wɔnam gyidi so gye no.
19 Ɛdenam n’agyede afɔrebɔ bo a otua maa Onyankopɔn wɔ soro no so no, Kristo gyee Adam asefo. (Hebrifo 9:24) Ne saa nti, Yesu nya akyidifo a wɔasra wɔn 144,000 a wonyan wɔn fi awufo mu kɔ ɔsoro asetra mu no sɛ Ayeforo. (Efesofo 5:25-27; Adiyisɛm 14:3, 4; 21:9) Afei nso wabɛyɛ “Daa Agya” ama wɔn a wogye n’afɔrebɔ no tom na wonya daa nkwa wɔ asase so no. (Yesaia 9:6, 7; 1 Yohane 2:1, 2) Nhyehyɛe a ɔdɔ wom bɛn ni! Sɛnea Paulo kyerɛɛ ho anisɔ no da adi wɔ ne krataa a ɛto so abien a efi honhom mu a ɔkyerɛw Kristofo a na wɔwɔ Korinto no mu, sɛnea adesua a edi hɔ no bɛkyerɛ no. Nokwarem no, na Paulo asi ne bo sɛ ɔremma biribiara nsiw no kwan wɔ boa a ɔbɛboa nkurɔfo ma wɔanya nsiesiei nwonwaso a Yehowa ayɛ ama nkwagye a ɛkɔ daa nkwa mu no mu.
Wubebua Dɛn?
◻ Kyerɛwnsɛm mu adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn gye ne nkurɔfo a wɔteɛ no?
◻ Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa gye wɔn a wɔde wɔn ho to ne so na wokura wɔn mũdi mu no?
◻ Nsiesiei bɛn na Onyankopɔn ayɛ ama nkwagye a ɛkɔ daa nkwa mu?
[Kratafa 12 mfonini]
Dawid de ne ho too Yehowa, “nkwagye Nyankopɔn” no so. So ɛte saa wɔ wo fam?
[Kratafa 15 mfonini]
Yehowa gye ne nkurɔfo bere nyinaa, sɛnea ɔyɛe wɔ Ɔhemmaa Ester bere so no