Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w07 6/1 kr. 31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Tete Abofra Wɔ Ɔkwan a Ɛfata So”
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Wubu Wo Mma Dɛn?
    Nyan!—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
w07 6/1 kr. 31

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So Mmebusɛm 22:6 kyerɛ sɛ sɛ Kristofo tete wɔn mma yiye a, wɔn mma no remman mfi Yehowa ho da?

Saa kyerɛwsɛm yi ka sɛ: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.” Sɛnea sɛ wɔkom dua bi a ɛno na ɛkyerɛ sɛnea dua no benyin ayɛ no, saa ara na sɛ wɔtete mmofra yiye a, wɔn nso taa nyin bɛsom Yehowa. Sɛnea ɔwofo biara nim no, ntetee a ɛte saa gye bere ne mmɔdenbɔ. Sɛ awofo betumi ama wɔn mma abɛyɛ Kristo asuafo a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn, wotu wɔn fo, wɔhyɛ wɔn nkuran, wɔteɛ wɔn so, na wɔn ankasa yɛ nhwɛso pa ma mmofra no suasua. Ɛsɛ sɛ wofi ɔdɔ mu yɛ eyi daa na wɔyɛ no mfe pii nso.

Nanso, sɛ abofra bi man fi Yehowa ho a, so ɛno kyerɛ sɛ awofo no antete abofra no yiye? Ebetumi aba sɛ ebia na awofo no amfa Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ antete wɔn mma no yiye. (Efesofo 6:4) Nanso, saa kyerɛwsɛm no nka sɛ sɛ wɔtete mmofra yiye a, sɛnea ɛte biara no wobenyin abɛsom Onyankopɔn. Awofo ntumi nhwɛ kwan sɛ wɔbɛtete wɔn mma ama mmofra no abɛyɛ nea awofo no pɛ sɛ wɔyɛ biara. Mmofra tumi paw nea wɔpɛ, na ɛyɛ wɔn ankasa na wɔkyerɛ nea wɔbɛyɛ wɔ wɔn asetra mu te sɛ nea mpanyimfo yɛ no ara pɛ. (Deuteronomium 30:15, 16, 19) Ɛmfa ho mmɔden kɛse a awofo bɔ de tete wɔn mma no, sɛ mmofra no bi nyin a, wɔman fi Onyankopɔn ho te sɛ nea Salomo a ɔkyerɛw kyerɛwsɛm a yɛresusuw ho yi yɛe no. Ná Yehowa mpo wɔ mma bi a wɔman fii ne ho.

Enti, saa kyerɛwsɛm yi nkyerɛ sɛ abofra bi ‘remman mfi’ Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ ho ɔkwan biara so, nanso mpɛn pii no, mmofra dodow no ara na wɔbata nkyerɛkyerɛ no ho. Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ awofo ma asɛm yi hyɛ wɔn nkuran! Ɛsɛ sɛ eyi hyɛ awofo nkuran sɛ sɛ wɔbɔ mmɔden tete wɔn mma wɔ Yehowa kwan so a, ɛbɛsow aba pa. Esiane sɛ awofo dwumadi ne wɔn nhwɛso ho hia kɛse nti, wɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa wɔn adwuma no aniberesɛm.—Deuteronomium 6:6, 7.

Sɛ awofo bɔ mmɔden tete wɔn mma na sɛ mmofra no gyae Yehowa som mpo a, awofo no betumi ahwɛ kwan sɛ wɔn mma no ani bɛba wɔn ho so akyiri yi. Tumi wɔ Bible mu nsɛm mu, na mmofra werɛ remfi nkyerɛkyerɛ a wɔn awofo de ma wɔn no koraa.—Dwom 19:7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena