Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 3/15 kr. 17-22
  • Ma Nhumu Mmɔ Wo Ho Ban

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Nhumu Mmɔ Wo Ho Ban
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yehia Nhumu Wɔ Ɔkwan Titiriw So
  • Na Sika a Wɔde Hyɛ Nnwuma Mu Nso Ɛ?
  • Bere a Adwuma Bi Di Huammɔ
  • Na sɛ Amimdi Wɔ Mu Nso Ɛ?
  • Nhumu ne Gyinaesi
  • Kom Wo Koma Ma Nhumu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Wubetumi Anya Nhumu Pii?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Kristofo Biakoyɛ Mu A Yebekura Wɔ Adwuma Mu Nkitahodi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • ‘Yehowa na Ɔma Nyansa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 3/15 kr. 17-22

Ma Nhumu Mmɔ Wo Ho Ban

“Adwempa bɛhwɛ wo so, na ntease [nhumu, “NW”] abɔ wo ho ban.”—MMEBUSƐM 2:11.

1. Nhumu betumi abɔ yɛn ho ban afi dɛn ho?

YEHOWA pɛ sɛ wunya nhumu. Dɛn ntia? Efisɛ onim sɛ ɛbɛbɔ wo ho ban wɔ asiane ahorow ho. Mmebusɛm 2:10-19 fi ase sɛ: “Sɛ nyansa ba wo koma mu, na nimdeɛ sɔ wo kra ani a, adwempa bɛhwɛ wo so, na ntease [nhumu, NW] abɔ wo ho ban.” Ɛbɛbɔ wo ho ban afi dɛn ho? Afi nneɛma te sɛ ‘ɔkwammɔne,’ wɔn a wogyaw ɔkwan trenee, ne nnipa a wɔasɛe wɔ wɔn akwan nyinaa mu no ho.

2. Dɛn ne nhumu, na nea ɛwɔ he titiriw na Kristofo pɛ?

2 Ɛda adi sɛ wobɛkae sɛ nhumu ne tumi a adwene no de hu sɛnea biribi da nsow wɔ foforo ho. Nhumu nipa hu nsonsonoe a ɛwɔ nsusuwii anaa nneɛma ahorow ntam, na ɔwɔ atɛmpa. Sɛ́ Kristofo no, yɛpɛ sɛ yɛda honhom fam nhumu a egyina Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ so titiriw adi. Sɛ yesua Kyerɛwnsɛm no a, ɛte sɛ nea yɛrepae abo a wɔde si honhom fam nhumu. Nea yesua no betumi aboa yɛn ma yɛasi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani.

3. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya honhom fam nhumu?

3 Bere a Onyankopɔn bisaa Israel Hene Salomo sɛ nhyira bɛn na ɔpɛ no, aberante sodifo no kae sɛ: “Ma w’akoa koma a etie, na memfa mimmu wo man atɛn, na minhu papa ne bɔne mu.” Salomo bisaa nhumu, na Yehowa maa no pii. (1 Ahene 3:9; 4:30) Sɛ yebenya nhumu a, ehia sɛ yɛbɔ mpae, na yesua Onyankopɔn Asɛm denam nhoma a ɛma yɛte honhom fam nneɛma a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw” no de ma no ase so. (Mateo 24:45-47) Eyi bɛboa yɛn ma yɛanya honhom fam nhumu akosi sɛ yɛbɛyɛ ‘pɛ wɔ asɛm ho dwen mu,’ na yɛatumi ‘ayiyi papa ne bɔne mu [anaa, yɛahu].’—1 Korintofo 14:20; Hebrifo 5:14.

Sɛnea Yehia Nhumu Wɔ Ɔkwan Titiriw So

4. Aniwa a “eye” a obi wɔ no kyerɛ dɛn, na ɔkwan bɛn so na ɛso betumi aba yɛn mfaso?

4 Sɛ yɛwɔ nhumu a ɛfata a, yebetumi ayɛ ade ma ɛne Yesu Kristo nsɛm yi ahyia: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom [honam fam nneɛma] nyinaa bɛka mo ho.” (Mateo 6:33) Yesu san kae sɛ: “Wo nipadua kanea ne w’aniwa. Enti sɛ w’ani ye a, wo nipadua nyinaa nso bɛyɛ hann.” (Luka 11:34) Aniwa yɛ sɛnkyerɛnne kwan so kanea. Aniwa a ‘eye’ so da hɔ, ehu ade yiye. Sɛ yɛwɔ aniwa a ɛte saa a, yebetumi ada nhumu adi na yɛanantew a yenhintiw honhom fam.

5. Ɛdefa adwumasɛm ho no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae wɔ nea enti a Kristofo asafo no wɔ hɔ no ho?

5 Sɛ́ anka ebinom bɛkwati akɛsesɛm no, wɔama wɔne afoforo asetra ayɛ basaa denam adwuma a sika wom a wɔde wɔn ho hyɛ mu so. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Kristofo asafo no yɛ “nokware no dum ne nnyinaso.” (1 Timoteo 3:15) Te sɛ ɔdan bi adum no, asafo no taa Onyankopɔn nokware akyi, na ɛnyɛ onipa bi adwuma. Wɔantew Yehowa Adansefo asafo ahorow no sɛ ɛnyɛ mmeae a wɔde bɛhyɛ aguadi, aguade, anaa sika dwuma ho nkuran. Ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi yɛn ankasa adwumasɛm ho dwuma a yebedi wɔ Ahenni Asa so ho. Nhumu boa yɛn ma yehu sɛ Yehowa Adansefo Ahenni Asa, Asafo Nhoma Adesua, amansin ne amantam nhyiam ahorow no yɛ mmeae a yehyiam ma Kristofo fekubɔ ne honhom fam nkɔmmɔbɔ. Sɛ ɛba sɛ yɛde honhom fam abusuabɔ ahorow hyɛ aguadi ho nkuran a, anyɛ yiye koraa no, so eyi renkyerɛ sɛ yenni honhom fam nneɛma ho anisɔ ahe biara? Ɛnsɛ sɛ yɛde asafo no mu abusuabɔ hwehwɛ sika fam mfaso da.

6. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔtɔn aguade ne nneɛma foforo wɔ asafo nhyiam ahorow ase anaasɛ wɔhyɛ ho nkuran?

6 Ebinom nam teokrase fekubɔ so atɔn nnuru anaa ahoɔfɛ ntoaso, aduannuru, nkitahodi ho nneɛma, adansi ho nneɛma, akwantu nhyehyɛe, kɔmputa dwumadi ne ɛho nneɛma, ne nea ɛkeka ho. Nanso, asafo nhyiam ahorow no nyɛ beae a wɔtɔn aguade anaa wɔbɔ ho dawuru. Sɛ yɛkae sɛ Yesu ‘pam wɔn a na wokurakura nguan ne anantwi no nyinaa fii asɔrefi hɔ, na ohwiee sikasesafo no sika gui, na ɔkaa apon no butubutuwii; na osee wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ: Momfa eyinom mfi ha, monnyɛ m’agya fi aguadi fi!’ a, yebetumi ahu nnyinasosɛm titiriw a ɛwɔ eyi mu.—Yohane 2:15, 16.

Na Sika a Wɔde Hyɛ Nnwuma Mu Nso Ɛ?

7. Dɛn nti na nhumu ne ahwɛyiye ho hia bere a wɔde sika rekɔhyɛ adwuma bi mu no?

7 Nhumu ne ahwɛyiye ho hia bere a wode wo sika rekɔhyɛ adwuma bi mu no. Fa no sɛ obi pɛ sɛ ɔbɔ bosea, na ɔhyɛ bɔ ahorow te sɛ eyinom: “Mehyɛ bɔ sɛ wubenya ho mfaso.” “Woremmɔ ka da. Enni huammɔ.” Sɛ obi de awerɛhyem a ɛtete saa ma a, hwɛ yiye. Ɛda adi sɛ onnim nea ɔreyɛ anaasɛ ɔnyɛ nokwaredifo, efisɛ obi nnim nea ebefi sika a wɔde hyɛ adwuma bi mu aba. Nokwarem no, nnipa a wɔn ano yɛ dɛ, na wɔnka nokware, asisi asafo no mufo. Eyi ma yɛkae “amumɔyɛfo” a wowiawiaa wɔn ho bɛhyɛɛ afeha a edi kan asafo no mu, na ‘wɔdanee yɛn Nyankopɔn dom no ahohwi’ no. Ná wɔte sɛ abotan a ano yɛ hwirenhwiren a ahintaw nsu ase a ebetumi apaapae asuguarefo mu akunkum wɔn. (Yuda 4, 12) Ɛyɛ ampa sɛ amimfo no botae a wokura yɛ soronko de, nanso wɔn nso didi asafo no mufo ho.

8. Dɛn na aba nnwuma bi a na ɛte sɛ nea mfaso wom so?

8 Kristofo a wokura adwempa mpo aka nnwuma a ɛte sɛ nea mfaso wom ho asɛm akyerɛ afoforo, na wɔne wɔn a wodii wɔn akyi no ahwere sika a wɔde hyɛɛ adwuma no mu no. Ne saa nti, Kristofo pii ahwere hokwan ahorow a wɔwɔ wɔ asafo no mu no. Sɛ ɛbɛda adi sɛ nnwuma a na ɛte sɛ nea ɛbɛma obi anya sika ntɛm no yɛ nnaadaa anaa amimdi a, nea onya mu mfaso ara ne omimfo no, na ɔtaa guan ntɛm ara. Ɔkwan bɛn so na nhumu betumi aboa obi ma wakwati tebea a ɛtete saa?

9. Dɛn nti na nhumu ho hia bere a yɛresusuw nnwuma bi ho no?

9 Nea nhumu kyerɛ ne sɛ wubetumi ate asɛm bi a emu nna hɔ yiye ase. Eyi ho hia na ama yɛatumi asusuw nsɛm a ɛfa nnwuma ho no ho. Kristofo gye wɔn ho wɔn ho di, na ebinom besusuw sɛ wɔn honhom fam anuanom mmarima ne mmea remfa wɔn ho nhyɛ nnwuma bi a asiane wom a ɛbɛma wɔn mfɛfo gyidifo ahwere wɔn sika mu. Nanso nokwasɛm a ɛyɛ sɛ adwumawura bi yɛ Kristoni no nkyerɛ sɛ ɔwɔ nimdeɛ titiriw bi wɔ adwumasɛm mu anaa n’adwuma no bɛyɛ yiye.

10. Dɛn nti na Kristofo bi fɛm sika fi mfɛfo gyidifo hɔ, na dɛn na ebetumi aba nnwuma a ɛte saa so?

10 Kristofo binom fɛm sika a wɔde bɛyɛ adwuma fi mfɛfo gyidifo hɔ esiane sɛ nnwumakuw a wɔde sika fɛm no remmɔ wɔn bosea wɔ wɔn nnwuma a enni nnyinaso no ho nti. Wɔadaadaa pii ma wɔagye adi sɛ sɛ wɔde wɔn sika hyɛ adwuma bi mu ara kwa a, ebetumi ama wɔayɛ yiye ntɛm a wɔrenyɛ adwuma pii anaasɛ ebia wɔrenyɛ adwuma koraa. Esiane adwuma bi ho anigye nti, ebinom de wɔn sika hyɛ mu, na wɔhwere wɔn sika a wɔasie wɔn nkwa nna nyinaa no! Kristoni bi de sika kɛse hyɛɛ adwuma bi mu a na ɔhwɛ kwan sɛ obenya ho mfaso ɔha biara mu nkyem 25 wɔ adapɛn abien pɛ mu. Ɔhweree saa sika no nyinaa bere a adwumakuw no kae sɛ abɔ ka no. Wɔ adwuma foforo mu no, onua bi a ɔtotɔ nsase sisi adan tɔn fɛm sika akɛse fii afoforo hɔ wɔ asafo no mu. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma wɔn mfɛntom akɛseakɛse a na ɛyɛ nwonwa, nanso ɔbɔɔ ka ma bosea a ɔbɔe no nyinaa hyewee.

Bere a Adwuma Bi Di Huammɔ

11. Afotu bɛn na Paulo de mae wɔ adifudepɛ ne sikanibere ho?

11 Kristofo nnwuma bi a ɛsɛe no de huammɔdi aba, na ama ebinom a wɔde wɔn ho hyɛɛ nnwuma a enni nnyinaso mu no ahwere wɔn honhom fam yiyedi mpo. Nhumu a wɔmma ɛmmɔ wɔn ho ban no de awerɛhow ne ɛyaw pii aba nkurɔfo so. Adifudepɛ asum nnipa pii afiri. Paulo kyerɛwee sɛ: “Na . . . anibere de, mommma wɔmmmɔ din po wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo.” (Efesofo 5:3) Na ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu. Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ [sikanibere, NW] a ebinom dii akyiri yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.”—1 Timoteo 6:9, 10.

12. Sɛ Kristofo ne wɔn ho wɔn ho yɛ adwuma a, dɛn titiriw na ɛsɛ sɛ wɔma ɛtra wɔn adwenem?

12 Sɛ Kristoni bi ani bere sika a, obetumi apira ne ho pii wɔ honhom fam. Ná Farisifo no ani bere sika, na eyi ne su a nnipa pii da no adi wɔ nna a edi akyiri yi mu. (Luka 16:14; 2 Timoteo 3:1, 2) Nea ɛne no bɔ abira no, ɛnsɛ sɛ Kristoni ma ‘sikanibere ba’ n’abrabɔ mu. (Hebrifo 13:5) Nokwarem no, Kristofo betumi ne wɔn ho wɔn ho ayɛ adwuma anaasɛ wɔabom afi nnwuma ase. Nanso, sɛ wɔyɛ saa a, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ ɛho nsusuwii ne nhyehyɛe no sɛ asafo mu asɛm. Na monkae sɛ: Wɔ honhom fam anuanom ntam mpo no, monyɛ adwuma nhyehyɛe no ho kyerɛwtohɔ bere biara. Nea ɛboa kɛse wɔ eyi mu ne asɛm bi a wɔato din “Monkyerɛw Nto Hɔ!” a wotintimii wɔ August 8, 1983, Nyan! no nkratafa 13 kosi 15 mu no.

13. Ɔkwan bɛn so na wode Mmebusɛm 22:7 bedi dwuma wɔ sika a wɔde hyɛ nnwuma mu ho?

13 Mmebusɛm 22:7 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɔdefɛmfo yɛ nea ɔde fɛm akoa.” Mpɛn pii no, ɛyɛ nea nyansa nnim sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho anaa yɛn nua akoa wɔ tebea a ɛte saa mu. Sɛ obi srɛ sɛ yɛmfɛm no sika nkɔyɛ adwuma bi a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yebesusuw tua a obetumi atua sika no ho. So wonim no sɛ ɔnokwafo ne nea afoforo tumi de wɔn to no so? Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yehu sɛ bosea a ɛte saa a yɛde ma no betumi ama yɛahwere sika no efisɛ nnwuma pii ntumi nnyina. Krataa a mobɛyɛ no nkyerɛ sɛ adwuma no bɛyɛ yiye. Na nokwarem no, nyansa nnim sɛ obi de sika pii a ɛhyew a ebetumi ahaw no yiye bɛhyɛ adwuma bi mu.

14. Sɛ yɛabɔ ɔyɔnko Kristoni bi a n’adwuma agu bosea a, dɛn nti na ehia sɛ yɛda nhumu adi?

14 Sɛ yɛde sika afɛm Kristoni bi sɛ ɔmfa nyɛ adwuma na sɛ sika no ahyew, a nnaadaasɛm biara nnim a, ehia sɛ yɛda nhumu adi. Sɛ ɛnyɛ yɛn yɔnko gyidini a ɔfɛm sika fii yɛn hɔ no na ɔmaa adwuma no gui a, so yebetumi aka sɛ wayɛ yɛn bɔne? Dabi, efisɛ yɛn na yefi yɛn pɛ mu de sika no maa no, na na ebia yegye ho mfɛntom daa, na nnaadaasɛm biara nnim. Esiane sɛ nnaadaasɛm biara nnim nti, yenni biribiara a yebetumi agyina so de ɔdefɛmfo no akɔ asɛnnibea. Ade pa bɛn na ɛbɛyɛ sɛ wode wo yɔnko Kristoni a odi nokware a ɔde ato gua sɛ wabɔ ka esiane sɛ adwuma bi a osusuwii sɛ ɛbɛyɛ yiye no gui nti no bɛkɔ asɛnnibea?—1 Korintofo 6:1.

15. Sɛ wɔde to gua sɛ wɔabɔ ka a, nsɛm bɛn na ehia sɛ yesusuw ho?

15 Ɛtɔ da bi a, nnipa bi a wɔn adwuma di huammɔ nam ka a wɔka sɛ wɔabɔ ka so tetew wɔn ho. Esiane sɛ Kristofo mmu wɔn ani ngu ɛka a wɔde so nti, bere a mmara ama wɔafa wɔn ho adi afi aka bi ho mpo no, ebinom ate nka sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɔ mmɔden tua aka a wɔatwam no, sɛ wɔn a wɔde wɔn aka no begye a. Nanso sɛ ɔdefɛmfo no ma ne nua sika no hyew na afei ɔyɛ ne ho sɛ ɔte yiye nso ɛ? Anaasɛ ɔdefɛmfo no nyaa sika no a anka ɛsɛ sɛ otua ma nea ɔde fɛmee no no, nanso obuu n’ani guu abrabɔ fam asɛyɛde a ɔwɔ sɛ otua sika no ma ne nua no so nso ɛ? Ɛnde asɛm bɛba fata a ɔdefɛmfo no fata sɛ onya gyinabea a asɛyɛde wom wɔ asafo no mu ho.—1 Timoteo 3:3, 8; hwɛ September 15, 1994, Ɔwɛn-Aban no, nkratafa 30-1.

Na sɛ Amimdi Wɔ Mu Nso Ɛ?

16. Sɛ ɛte sɛ nea wɔadi yɛn amim a, akwan bɛn na yebetumi afa so?

16 Nhumu boa yɛn ma yehu sɛ ɛnyɛ nnwuma nyinaa na wonya mu mfaso. Na sɛ amimdi wom nso ɛ? Amimdi ne “sɛ obi boapa fa nnaadaa ne adɛfɛdɛfɛ kwan so, anaa okyinkyim nokware, a atirimpɔw no ne sɛ ɔbɛdaadaa ɔfoforo agye n’ade bi a ɛsom bo anaa ɔbɛma wahwere mmara mu hokwan bi a ɔwɔ.” Yesu Kristo kyerɛɛ akwan a yebetumi afa so bere a obi susuw sɛ ne yɔnko Kristoni bi adi no amim no. Sɛnea Mateo 18:15-17 kyerɛ no, Yesu kae sɛ: “Sɛ wo nua fom wo a, kɔ na koyi no ntɛn wo ne no nko ntam. Sɛ otie wo a, woanya wo nua. Na sɛ wantie a, fa onipa biako anaa baanu ka wo ho, na nsɛm nyinaa nnyina adansefo baanu anaa baasa anom. Na sɛ wantie wɔn nso a, kɔka kyerɛ asafo. Na sɛ wantie asafo no nso a, ɛnde bu no sɛ ɔbosonsonni ne towgyeni.” Mfatoho a Yesu de maa akyiri yi no kyerɛ sɛ bɔne ahorow te sɛ nea ɛfa sikasɛm ho, a amimdi ka ho, na na ɛwɔ n’adwenem.—Mateo 18:23-35.

17, 18. Sɛ obi a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni di yɛn amim a, ɔkwan bɛn so na nhumu betumi abɔ yɛn ho ban?

17 Nokwarem no, sɛ adanse anaa biribi a ɛkyerɛ sɛ wadi wo amim nni hɔ a, worentumi nnyina Kyerɛwnsɛm so mfa akwankyerɛ a ɛwɔ Mateo 18:15-17 no nni dwuma. Na sɛ obi a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni di yɛn amim ankasa nso ɛ? Nhumu betumi abɔ yɛn ho ban na yɛanyɛ biribi a ɛbɛma asafo no anya dimmɔne. Paulo tuu mfɛfo Kristofo fo sɛ sɛ́ anka wɔde onua bi bɛkɔ asɛnnibea no, wɔmma wonsisi wɔn na wonni wɔn amim mmom.—1 Korintofo 6:7.

18 ‘Nnaadaa ne mmusu’ nyɛɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea anokwafo no ma te sɛ osumanni Bar-Yesu. (Asomafo no Nnwuma 13:6-12) Enti sɛ ɛka ba adwuma a yɛn mfɛfo gyidifo ho wom mu a, ɛsɛ sɛ yɛde nhumu di dwuma. Sɛ yɛresusuw ho sɛ yɛde wɔn bɛkɔ asɛnnibea a, ɛsɛ sɛ yesusuw nea ebetumi de aba yɛn ankasa, afoforo a aka, asafo no, ne wɔn a wonni asafo no mu so ho. Hwehwɛ a yɛbɛhwehwɛ sɛ wotua yɛn ka no betumi agye yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne nneɛma foforo pii. Nea ebetumi de aba ara ne sɛ ɛbɛma mmaranimfo ne afoforo anya sika. Awerɛhosɛm ne sɛ Kristofo binom ahwere teokrase hokwan ahorow esiane nneɛma a ɛho nhia yi a wodii akyi pii nti. Saa nneɛma yi a yɛbɛma atwetwe yɛn no bɛma Satan ani agye, nanso yɛpɛ sɛ Yehowa koma ani gye. (Mmebusɛm 27:11) Ɔkwan foforo so no, gye a yebegye atom sɛ yɛabɔ ka no betumi ama yɛakwati komam yaw, na ama yɛne mpanyimfo no anya bere pii. Ɛbɛboa ma asafo no asomdwoe atra hɔ, na ama yɛatumi akɔ so ahwehwɛ Ahenni no kan.

Nhumu ne Gyinaesi

19. Sɛ ehia sɛ yesisi gyinae ahorow a emu yɛ den a, dɛn na honhom fam nhumu ne mpaebɔ betumi ayɛ ama yɛn?

19 Sikasɛm anaa adwumasɛm ho gyinaesi betumi ayɛ nea emu yɛ den yiye. Nanso honhom fam nhumu betumi aboa yɛn ma yɛasusuw nsɛm ho yiye, na yɛasi gyinae pa. Afei nso, yɛn ho a yɛde bɛto Yehowa so denam mpaebɔ so no betumi ama yɛanya “Onyankopɔn asomdwoe.” (Filipifo 4:6, 7) Ɛyɛ dwoodwoo asetra ne asomdwoe a yenya fi abusuabɔ pa ankasa a yɛne Yehowa nya mu. Ɛda adi sɛ, asomdwoe a ɛte saa betumi aboa yɛn ma yɛakɔ so akari pɛ bere a ehia sɛ yesisi gyinae ahorow a emu yɛ den no.

20. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ wɔ adwumasɛm ne asafo no ho?

20 Momma yensi yɛn bo sɛ yɛremma adwuma mu akasakasa nsɛe yɛn asomdwoe anaa asafo no de. Ehia sɛ yɛkae sɛ Kristofo asafo no di dwuma boa yɛn honhom fam, na enni dwuma sɛ baabi a wɔka aguadi ho nsɛm. Ɛsɛ sɛ yeyi adwumasɛm fi asafo dwumadi ahorow mu bere nyinaa. Sɛ yɛrefi adwuma bi ase a, ehia sɛ yɛde nhumu ne ahwɛyiye di dwuma. Na momma yennya nneɛma a ɛtete saa ho adwene a ɛkari pɛ bere nyinaa, na yɛnhwehwɛ Ahenni nneɛma kan. Sɛ adwuma bi a anuanom mmarima ne mmea ahyehyɛ sɛe a, ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ ade a ɛbɛboa obiara.

21. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de nhumu adi dwuma na yɛayɛ yɛn ade ma ɛne Filipifo 1:9-11 ahyia?

21 Sɛ́ anka yɛbɛma sikasɛm ne nneɛma foforo a ɛho nhia pii agye yɛn adwene no, ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛkom yɛn koma ama nhumu, abɔ mpae ahwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ, na yɛakɔ so de Ahenni nneɛma adi kan. Nea ɛne Paulo mpaebɔ no hyia no, ‘ɛmmra sɛ yɛn dɔ bɛkɔ so aboro so ara nokware nimdeɛ ne nhumu a edi mũ mu, na yɛasɔ nneɛma a eye no ahwɛ, na yɛanto afoforo’ anaa yɛn ankasa ho “hintidua.” Seesei a Ɔhene Kristo te ne soro ahengua so no, momma yɛnna honhom fam nhumu adi wɔ yɛn asetram biribiara mu. Na ‘ɛmmra sɛ trenee aba a ɛnam Yesu Kristo so ba no bɛyɛ yɛn ma ahyɛ yɛn Nyankopɔn,’ Amansan Hene Yehowa no, “anuonyam.”—Filipifo 1:9-11.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn ne nhumu?

◻ Dɛn nti na ɛho hia titiriw sɛ wɔda nhumu adi wɔ adwumasɛm ho wɔ Kristofo mu?

◻ Sɛ yɛte nka sɛ ɔyɔnko Kristoni bi adi yɛn amim a, ɔkwan bɛn so na nhumu betumi aboa yɛn?

◻ Dwuma bɛn na ɛsɛ sɛ nhumu di wɔ gyinaesi mu?

[Kratafa 18 mfonini]

Nhumu bɛboa yɛn ma yɛde Yesu afotu a ese yɛnkɔ so nhwehwɛ Ahenni no kan no adi dwuma

[Kratafa 20 mfonini ahorow]

Monyɛ adwuma nhyehyɛe ho kyerɛwtohɔ bere nyinaa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena