Yehowa Ahyehyɛde No a Yɛne No Bɛsom Wɔ Nokwaredi Mu
“Nokwaredifo na wo ne no bedi no nokware mu.”—2 SAMUEL 22:26, NW.
1, 2. Nokwaredi ho nhwɛso ahorow a yɛn nyinaa betumi ahu wɔ asafo no mu bi ne dɛn?
ƆPANYIN bi siesie ɔkasa a ɔbɛma wɔ Kristofo nhyiam ase anadwo bi. Onyae a anka obegyae agye n’ahome; nanso, ɔkɔ so yɛ adwuma, hwehwɛ Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ne mfatoho ahorow a ɛbɛka nkurɔfo koma na ahyɛ nguankuw no nkuran. Anadwo a wɔbɛyɛ asafo nhyiam no, awofo bi a wɔabrɛ a wɔwɔ asafo koro no ara mu yam a anka wɔtraa fie anwummere no; nanso, wɔde abotare siesie wɔn mma ho na wɔkɔ nhyiam no. Nhyiam no akyi no, Kristofo bi susuw ɔpanyin no kasa no ho. Ɛyɛ onuawa bi sɛ ɔnka sɛ onua koro no ara yɛɛ no biribi ma ɛyɛɛ no yaw; nanso, ɔde anigye ka nsɛntitiriw a ɔkae no mu biako ho asɛm. So wuhu ade biako a ɛda adi wɔ saa nsɛm yi mu no?
2 Nea ɛda adi no ne nokwaredi. Ɔpanyin no de nokwaredi yɛ adwuma de som Onyankopɔn nguan no; awofo no de nokwaredi kɔ asafo nhyiam ahorow; onuawa no de nokwaredi gyina mpanyimfo no akyi. (Hebrifo 10:24, 25; 13:17; 1 Petro 5:2) Yiw, wɔ asetram biribiara mu no, yehu sɛ Onyankopɔn nkurɔfo asi wɔn bo sɛ wɔne Yehowa ahyehyɛde no bɛsom wɔ nokwaredi mu.
3. Dɛn nti na ɛho hia kɛse sɛ yɛkɔ so di Yehowa asase so ahyehyɛde no nokware?
3 Sɛ Yehowa brɛ n’ani ase hwɛ wiase a aporɔw yi mu a, nokwaredifo kakraa bi pɛ na ohu. (Mika 7:2) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ne koma ani gye bere a ohu ne nkurɔfo nokwaredi no! Yiw, w’ankasa nokwaredi ma n’ani gye. Nanso, ɛhyɛ Satan, otuatewfo dedaw no, abufuw, na ɛma ɔyɛ ɔtorofo. (Mmebusɛm 27:11; Yohane 8:44) Hwɛ kwan sɛ Satan bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe nokware a wudi ma Yehowa ne N’asase so ahyehyɛde no. Ma yensusuw akwan bi a Satan nam so yɛ eyi no bi ho. Ɛbɛma yɛahu sɛnea yebetumi akɔ so adi nokware akodu awiei.—2 Korintofo 2:11.
Sintɔ Ahorow a Wɔde Adwene Si So Betumi Asɛe Nokwaredi
4. (a) Dɛn nti na ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛde adwene besi wɔn a wodi tumi no mfomso so? (b) Ɔkwan bɛn so na Kora anni Yehowa ahyehyɛde nokware?
4 Sɛ onua bi wɔ dibea a asɛyɛde hyɛ ne nsa a, ne mfomso ahorow betumi ada adi kɛse. Hwɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛka ‘duaa a ɛda yɛn nua aniwa mu ho asɛm na yɛabu yɛn ani agu mpuran a ɛda yɛn de so’ so! (Mateo 7:1-5) Nanso, mfomso ahorow a yɛde yɛn adwene besi so no betumi ama yɛayɛ nkurɔfo a yenni nokware. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a, susuw nsonsonoe a ɛda Kora ne Dawid ntam no ho hwɛ. Ná Kora wɔ asɛyɛde pii, na ebetumi aba sɛ na wadi nokware mfe pii, nanso ɔhwehwɛɛ anuonyam. Obenyaa Mose ne Aaron a wɔyɛ ne papa nua mma no tumidi ho menasepɔw. Ɛwom sɛ na Mose dwo sen nnipa nyinaa de, nanso ɛda adi sɛ Kora fii ase hwehwɛɛ ne ho mfomso. Ɛbɛyɛ sɛ ohuu ne ho mfomso ahorow. Nanso, saa mfomso ahorow no amma Kora anni bem wɔ nokware a wanni amma Yehowa ahyehyɛde no ho. Wɔsɛee no fii asafo no mu.—Numeri 12:3; 16:11, 31-33.
5. Dɛn na anka ebetumi ama Dawid atew atua atia Saul?
5 Dawid nso som Ɔhene Saul. Saul a bere bi na anka ɔyɛ ɔhene pa no bɛyɛɛ ɔbɔnefo ankasa. Ná Dawid hia gyidi, boasetɔ, ne nyansa kakra mpo na ama watumi agyina oninkufo Saul ntua no ano. Nanso, bere a Dawid nyaa hokwan sɛ ɔbɛtɔ were no, ɔkae sɛ ‘Yehowa mma ɛmpare no’ sɛ ɔbɛyɛ ade a ɛnkyerɛ nokwaredi atia nea Yehowa asra no.—1 Samuel 26:11.
6. Sɛ yehu mmerɛwyɛ ne mfomso ahorow wɔ mpanyimfo no ho mpo a, dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ da?
6 Sɛ ɛbɛyɛ sɛ nea nnipa bi a wodi yɛn anim no di mfomso wɔ atemmu mu, wɔka nsɛm a epira, anaa ɛte sɛ nea wɔhwɛ nnipa anim a, so yebenwiinwii wɔ ho, ma ebia ɛde kasatia honhom aba asafo no mu? So yebegyae Kristofo nhyiam horow kɔ de ada yɛn abufuw adi? Dabida! Te sɛ Dawid no, yɛremma afoforo mfomso ahorow nka yɛn mma yɛnyɛ nkurɔfo a wonni nokware mma Yehowa ne n’ahyehyɛde no da!—Dwom 119:165.
7. Dɛn ne nneyɛe bɔne bi a ɛkɔɔ so wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ, na Yesu tee nka dɛn wɔ eyi ho?
7 Yesu Kristo a wɔkaa ne ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ kwan so sɛ Yehowa “nokwaredifo” no na ɔyɛɛ nnipa nokwaredi ho nhwɛso a ɛsen biara. (Dwom 16:10, NW) Ɛbɛyɛ sɛ Yerusalem asɔrefie no a wɔde dii dwuma ɔkwammɔne so no maa nokwaredi ho baa asɛm. Ná Yesu nim sɛ ɔsɔfo panyin no adwuma ne afɔrebɔ ahorow no yɛ N’ankasa som adwuma ne n’afɔrebɔ wu no ho sɛnkyerɛnne, na na onim sɛnea ɛho hia sɛ nkurɔfo sua biribi fi eyi mu. Enti bere a ohui sɛ asɔrefie no abɛyɛ “adwowtwafo tu” no, ɔfaa abufuw trenee so. Ɔde tumi a Onyankopɔn de ama no no yɛɛ ade de tew ho mprenu.—Mateo 21:12, 13; Yohane 2:15-17.
8. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu dii nokware maa asɔrefie nhyehyɛe no? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa ahyehyɛde a ɛho tew no a yɛne no resom no?
8 Nanso, Yesu de nokwaredi boaa asɔrefie nhyehyɛe no. Ofi ne mmofraase kɔɔ afahyɛ ahorow wɔ asɔrefie hɔ, na ɔkyerɛkyerɛe wɔ hɔ mpɛn pii. Otuaa asɔrefie tow no mpo—ɛwom sɛ na ɛnyɛ nhyɛ ankasa sɛ otua de. (Mateo 17:24-27) Yesu kamfoo okunafo hiani no sɛ ɔde “n’ade nyinaa” beguu asɔrefie tow adaka no mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Yehowa poo saa asɔrefie no koraa. Nanso, Yesu de nokwaredi bataa ho kosii saa bere no. (Marko 12:41-44; Mateo 23:38) Onyankopɔn asase so ahyehyɛde a ɛwɔ hɔ nnɛ no korɔn koraa sen Yudafo nhyehyɛe ne n’asɔrefie no. Nokwarem no, ɛnyɛ pɛ; enti na ɛtɔ da bi a wɔyɛ nsakrae ahorow no. Nanso ɔporɔw nhyɛɛ no ma, na saa ara na Yehowa Nyankopɔn remmɛsesa no. Ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma sintɔ ahorow bi a yehu wom no hyɛ yɛn abufuw anaasɛ ɛka yɛn ma yɛda kasatia honhom a ɛnhyɛ nkuran adi. Mmom no, momma yensuasua Yesu Kristo nokwaredi no.—1 Petro 2:21.
Yɛn Ankasa Sintɔ Ahorow
9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na Satan nneɛma nhyehyɛe no de yɛn sintɔ ahorow di dwuma wɔ ɔkwammɔne so sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛdaadaa yɛn ma yɛde yɛn ho ahyehyɛ nneyɛe a ɛnkyerɛ nokwaredi mu? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ obi a wayɛ bɔne a anibere wom yɛ?
9 Satan nso bɔ mmɔden sɛ ɔremma yenni nokware denam yɛn ankasa sintɔ ahorow a ɔde di dwuma so. Ne nneɛma nhyehyɛe no de yɛn mmerɛwyɛ ahorow di dwuma de bɔ mmɔden sɛ ɛbɛma yɛayɛ nea enye wɔ Yehowa ani so. Awerɛhosɛm ne sɛ, mpempem pii de wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe mu afe biara. Ebinom ma nokware a wonni no yɛ kɛse denam asetra akwan abien a wɔde wɔn ho hyɛ mu so, na wɔkɔ so yɛ bɔne, a bere koro no ara wɔyɛ wɔn ho sɛ nea wɔyɛ Kristofo anokwafo. Bere a ababaa bi reka Nyan! nsɛmma nhoma no mu nsɛm bi a ɛfa asɛm yi ho a epuee “Mmofra Bisa Sɛ . . ” afã ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ná nsɛm no fa m’asetra ho.” Kokoam no, na ɔne mmofra a wɔnnɔ Yehowa afa nnamfo. Dɛn na efii mu bae? Ɔkyerɛwee sɛ: “M’asetra sɛee koraa, na mede me ho hyɛɛ ɔbrasɛe mu ma wɔkaa m’anim. Me ne Yehowa ntam abusuabɔ sɛee, na ahotoso a na m’awofo ne mpanyimfo wɔ wɔ me mu no yerae.”
10 Saa ababaa yi nyaa mmoa fii mpanyimfo no hɔ, na ofii ase de nokwaredi som Yehowa bio. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa pii kɔ tebea a enye koraa mu, na ebinom mma asafo no mu bio. Hwɛ sɛnea eye sɛ wubedi nokware na woako atia wiase bɔne yi mu sɔhwɛ! Tie kɔkɔbɔ ahorow a Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no de ma wɔ nneɛma bi te sɛ wiasefo fekubɔ ne anigyede a ɛmfata ho no. Ɛmmra sɛ woremfa wo ho nhyehyɛ nneyɛe a ɛnkyerɛ nokwaredi mu da. Na sɛ wode wo ho hyɛ mu a, ɛnyɛ wo ho sɛnea wonyɛɛ hwee da. (Dwom 26:4) Mmom no, hwehwɛ mmoa. Ɛno nti na Kristofo awofo ne mpanyimfo wɔ hɔ no.—Yakobo 5:14.
11. Dɛn nti na ɛbɛyɛ mfomso sɛ yebebu yɛn ho sɛ abɔnefo a wonni anidaso biara, na Bible mu asɛm bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛateɛ yɛn nsusuwii?
11 Yɛn sintɔ ahorow betumi de yɛn ato asiane foforo mu. Ebinom a wɔyɛ nneɛma a ɛnkyerɛ nokwaredi no pa abaw a wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Kae sɛ, Dawid yɛɛ bɔne ahorow a anibere wom. Nanso, Dawid wu akyi bere tenten no, Yehowa kaee no sɛ ne somfo nokwafo. (Hebrifo 11:32; 12:1) Dɛn ntia? Efisɛ wampa abaw da wɔ mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛsɔ Yehowa ani no mu. Mmebusɛm 24:16 ka sɛ: “Mpɛn ason na ɔtreneeni hwe ase na ɔsɔre.” Nokwarem no, sɛ yɛyɛ bɔne nketenkete—yiw mpɛn pii—esiane mmerɛwyɛ bi a yɛreko tia nti a, yebetumi akɔ so ara ayɛ atreneefo wɔ Yehowa ani so, sɛ yɛkɔ so ‘sɔre’ a—kyerɛ sɛ, sɛ yenu yɛn ho wɔ komam na yefi ase bio som nokware mu a.—Fa toto 2 Korintofo 2:7 ho.
Hwɛ Yiye Wɔ Anifere Kwan so Nneyɛe a Ɛnkyerɛ Nokwaredi Ho!
12. Wɔ Farisifo no fam no, ɔkwan bɛn so na mmara sodi katee ho adwene a na wɔwɔ no amma wɔanyɛ nokwaredifo?
12 Nneyɛe a ɛnkyerɛ nokwaredi tumi da adi wɔ anifere kwan so nso. Ebetumi ayɛ sɛ biribi a ɛkyerɛ nokwaredi mpo! Sɛ nhwɛso no, ebia Farisifo a wɔtraa ase Yesu bere so no susuwii sɛ wɔyɛ nokwaredifo ankasa. Nanso wɔanhu nsonsonoe a ɛda nokwaredifo a obi yɛ ne nnipa mmara a obi di akyiri katee no ntam, efisɛ na wɔyɛ katee, na na wobu atɛn atirimɔden so. (Fa toto Ɔsɛnkafo 7:16 ho.) Wɔ eyi mu no, na wɔnyɛ nokwaredifo ankasa—wɔ nkurɔfo a anka ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn no fam, wɔ nea Mmara a na wɔkyerɛ sɛ wɔde kyerɛkyerɛ no kyerɛ no ho, ne Yehowa ankasa fam. Nea ɛne eyi bɔ abira no, na Yesu yɛ nokwaredifo wɔ nea Mmara a na egyina ɔdɔ so no kyerɛ ho. Enti ɔhyɛɛ nkurɔfo den hyɛɛ wɔn nkuran, sɛnea na Mesia nkɔmhyɛ ahorow aka asie no ara pɛ.—Yesaia 42:3; 50:4; 61:1, 2.
13. (a) Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔyɛ awofo betumi ayɛ nnipa a wonni nokware? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ awofo teɛ wɔn mma so wɔ atirimɔden so, na wɔkasa tia wɔn ɔkwammɔne so?
13 Kristofo a wɔwɔ tumi bi nya mfaso kɛse fi eyi ho nhwɛso a Yesu yɛe no mu. Sɛ nhwɛso no, awofo a wodi nokware nim sɛ ɛsɛ sɛ wɔteɛ wɔn mma so. (Mmebusɛm 13:24) Nanso, wɔhwɛ yiye sɛ womfi abufuw mu mfa nteɛso mma atirimɔden so, anaasɛ wɔnkasa ntia wɔn abufuw so daa mfa nyi wɔn abufuw. Mmofra a wɔte nka sɛ wontumi nsɔ wɔn awofo ani da, anaa wɔte nka sɛ ɛte sɛ nea ɔsom a wɔn awofo wom no na ɛma biribiara a wɔyɛ no nsɔ wɔn ani, na wɔyɛ awofo akasatiafo no koma betumi atu, na ama wɔatwe wɔn ho afi nokware som no ho.—Kolosefo 3:21.
14. Ɔkwan bɛn so na Kristofo ahwɛfo betumi adi nguan a wɔsom wɔn no nokware?
14 Saa ara na Kristofo mpanyimfo ne ahwɛfo akwantufo de wɔn adwene si ɔhaw ne asiane ahorow a nguan no hyia so. Sɛ́ nguanhwɛfo anokwafo no, wɔde afotu ma bere a ɛho hia, na wɔhwɛ hu sɛ wɔanya nokwasɛm no nyinaa kan, na wɔahwɛ yiye de wɔn nsɛm a wɔka no agyina Bible ne Asafo ti no nhoma ahorow so. (Dwom 119:105; Mmebusɛm 18:13) Wonim nso sɛ nguan no ani da wɔn so sɛ wɔbɛhyɛ wɔn den ama wɔn aduan wɔ honhom fam. Enti wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua Yesu Kristo, Oguanhwɛfo Pa no. Wɔde nokwaredi som nguan no dapɛn biara wɔ Kristofo nhyiam horow ase—ɛnsɛ sɛ wobu wɔn abam, na mmom, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn nkuran na ama wɔn gyidi ayɛ den.—Mateo 20:28; Efesofo 4:11, 12; Hebrifo 13:20, 21.
15. Ɔkwan bɛn so na afeha a edi kan no mufo bi daa no adi sɛ na wɔn nokwaredi mfata?
15 Anifere kwan so ade foforo a ɛnkyerɛ nokwaredi nso ne nokwaredi a ɛmfata. Bible mu no, nokwaredi a edi mũ mma kwan mma yɛmfa ɔsom bi nni nokware a yedi ma Yehowa Nyankopɔn no anim. Afeha a edi kan no mu Yudafo pii bataa Mose Mmara ne Yudafo nneɛma nhyehyɛe no ho denneennen. Nanso na bere adu sɛ Yehowa yi ne nhyira fi saa atuatew man no so kɔ honhom fam Israel man no so. Wɔn mu kakraa bi pɛ na wodii nokware maa Yehowa, na wogyee nsakrae titiriw yi toom. Wɔ nokware Kristofo no mu mpo no, Yudasom akyitaafo bi hyɛe sɛ wɔnsan nkodi Mose Mmara no mu “mfitiase de a ɛyɛ mmerɛw na edi hia” a enyaa ne mmamu wɔ Kristo so no akyi.—Galatifo 4:9; 5:6-12; Filipifo 3:2, 3.
16. Ɔkwan bɛn so na Yehowa asomfo anokwafo yɛ wɔn ade wɔ nsakrae ahorow ho?
16 Nea ɛne no bɔ abira no, Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ada wɔn ho adi sɛ anokwafo bere a nneɛma sesa no. Bere a nokware a wɔayi no adi no hann kɔ so hyerɛn no, wɔyɛ nsakrae ahorow. (Mmebusɛm 4:18) Nnansa yi ara, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no aboa yɛn ma yɛayɛ nsakrae wɔ ntease a na yɛwɔ wɔ asɛm “awo ntoatoaso” a wɔde dii dwuma wɔ Mateo 24:34 no, ne bere a wobebu “nguanten” ne “mpapo” no atɛn a wɔaka ho asɛm wɔ Mateo 25:31-46 no, ne adwene a na yekura wɔ nnwuma bi a ɛmfa asraadi ho no mu. (Mateo 24:45) Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ Yehowa Adansefo pii bataa ntease dedaw a na yɛwɔ wɔ nsɛm a ɛte saa no ho katee ma wɔannya nkɔso a, anka awaefo bi ani begye. Biribiara a ɛte saa nsii. Dɛn ntia? Yehowa nkurɔfo yɛ nokwaredifo.
17. Ɔkwan bɛn so na ɛtɔ da bi a yɛn adɔfo betumi asɔ yɛn nokwaredi ahwɛ?
17 Nanso, nokwaredi a ɛmfata yi betumi aka yɛn pɛɛ. Sɛ adamfo pa bi anaa obusuani bi mpo fa kwan bi a etia Bible nnyinasosɛm so a, ebia yɛbɛte nka sɛ yɛn nokwaredi mu apaapae. Yefi awosu mu te nka sɛ ɛsɛ sɛ yedi abusuafo nokware. Nanso, ɛnsɛ sɛ ɛba da sɛ yebenya ahofama ama wɔn de adi yɛn nokwaredi ma Yehowa no anim! (Fa toto 1 Samuel 23:16-18 ho.) Saa ara na yɛremmoa nnebɔneyɛfo mma wɔnkata bɔne bi a anibere wom so anaasɛ yɛne wɔn renyɛ biako mma wɔnsɔre ntia mpanyimfo a wɔrebɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛteɛ wɔn so wɔ odwo honhom mu’ no. (Galatifo 6:1) Saa a yɛbɛyɛ no bɛkyerɛ nokware a yenni mma Yehowa, n’ahyehyɛde, ne yɛn dɔfo no. Sɛnea ɛte biara no, sɛ yɛamma ɔdebɔneyɛfo bi annya nteɛso ankasa a ohia a, na yɛresiw Yehowa dɔ a ne nsa bɛka no ho kwan. (Hebrifo 12:5-7) Kae nso sɛ, “ɔdɔfo pira yɛ nokware.” (Mmebusɛm 27:6) Afotu pɔtee a ɔdɔ wom a egyina Onyankopɔn Asɛm so no betumi ama ɔdɔfo bi a wafom no ani awu de, nanso awiei koraa no, ebetumi agye no nkwa!
Nokwaredi Kɔ So a Ɔtaa Mfa Ho
18, 19. (a) Dɛn na na Ahab hwehwɛ fi Nabot hɔ, na dɛn nti na Nabot ampene? (b) So nokware a Nabot dii no fata nneɛma a ɔde bɔɔ afɔre no? Kyerɛkyerɛ mu.
18 Ɛtɔ da bi a, Satan to hyɛ yɛn nokwaredi so tẽẽ. Fa Nabot asɛm no sɛ nhwɛso. Bere a Ɔhene Ahab hyɛɛ no sɛ ɔntɔn ne bobeturo no, obuae sɛ: “[Yehowa, NW] mma eyi mpare me, sɛ mede m’agyanom awunnyade mɛma wo.” (1 Ahene 21:3) Na ɛnyɛ atua na Nabot retew; na ɔredi nokware. Mose Mmara no hyɛe sɛ Israelni biara nntɔn awunnyade a ɛyɛ asase korakora. (Leviticus 25:23-28) Ná Nabot nim yiye sɛ ɔhemmɔne yi betumi ama wɔakum no, efisɛ na Ahab ama ne yere Isebel akunkum Yehowa adiyifo pii dedaw! Nanso Nabot gyinaa pintinn.—1 Ahene 18:4.
19 Ɛtɔ da bi a nokware a obi bedi no hwehwɛ sɛ ɔde nneɛma bi bɔ afɔre. Isebel nam “mmarima ahuhufo” bi mmoa so dii adansekurum tiaa Nabot wɔ bɔne a na ɔnyɛe ho. Ne saa nti, wokunkum ɔne ne mma. (1 Ahene 21:7-16; 2 Ahene 9:26) So ɛno kyerɛ sɛ na Nabot nokwaredi no mfata? Dabi! Nabot ka mmarima ne mmea nokwaredifo a ‘wɔte ase’ wɔ Yehowa nkae mu seesei, a wɔadeda wɔ adamoa mu dwoodwoo de rekosi owusɔre bere mu no ho.—Luka 20:38; Asomafo no Nnwuma 24:15.
20. Ɔkwan bɛn so na anidaso betumi aboa yɛn ma yɛakɔ so adi nokware?
20 Bɔhyɛ koro yi ara ma Yehowa anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nya awerɛhyem. Yenim sɛ yɛn nokwaredi betumi ama yɛahwere ade kɛse wɔ saa wiase yi mu. Yesu Kristo de ne nkwa twaa ne nokwaredi so, na ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔbɛyɛ wɔn nso saa ara. (Yohane 15:20) Sɛnea daakye ho anidaso a na ɔwɔ wowaw no no, saa ara na yɛn nso yɛn de bɛwowaw yɛn. (Hebrifo 12:2) Enti yebetumi akɔ so adi nokware wɔ ɔtaa ahorow nyinaa mu.
21. Awerɛhyem bɛn na Yehowa de ma n’anokwafo?
21 Nokwarem no, sɛ yɛyɛ ntotoho a, yɛn mu kakraa bi pɛ na ehyia yɛn nokwaredi ho ntua tẽẽ a ɛte saa nnɛ. Nanso, Onyankopɔn nkurɔfo betumi ahyia ɔtaa pii ansa na awiei no aba. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akura yɛn nokwaredi mu? Denam nokware a yebedi no mprempren so. Yehowa de adwuma kɛse bi ahyɛ yɛn nsa—N’ahenni no ho asɛm a yɛbɛka na yɛakyerɛkyerɛ. Momma yɛmfa nokwaredi nyɛ adwuma a ɛho hia yi. (1 Korintofo 15:58) Sɛ yɛamma nnipa sintɔ ahorow ansɛe yɛn nokwaredi ma Yehowa ahyehyɛde no, na sɛ yɛko tia anifere kwan so nneyɛe a ɛnkyerɛ nokwaredi te sɛ nokwaredi a ɛmfata a, ɛnde yɛbɛyɛ nkurɔfo a yɛasiesie yɛn ho, sɛ ɛba sɛ wɔsɔ yɛn nokwaredi hwɛ denneennen a. Sɛnea ɛte biara no, yebetumi anya awerɛhyem bere nyinaa sɛ Yehowa di ne nokware asomfo nokware bere biara. (2 Samuel 22:26) Yiw, ɔbɛhwɛ n’anokwafo so!—Dwom 97:10.
[Ase hɔ nsɛm]
Ná Yesu wɔ akokoduru sɛ otumi ko tiaa aguadi ahyehyɛde a ɛte saa. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo bi kyerɛ no, na wɔhwehwɛ sɛ wɔde tete Yudafo dwetɛ sika pɔtee bi na etua asɔrefie tow no. Enti na ebehia sɛ ahɔho pii a wɔba asɔrefie hɔ no sesa wɔn sika na ama wɔatumi atua tow no. Wɔmaa kwan maa sikasesafo no gyee sika bi wɔ sika a na wɔsesa no ho, na eyi maa wonyaa sika pii.
Hwɛ February 8, 1994; March 8, 1994; ne April 8, 1994 Nyan! mu.
Ná wɔn kuw no fi Hasidim, ekuw bi a wodii kan tewee mfeha pii sɛ wɔde reko atia Helafo nkɛntɛnso mu. Hasidimfo no nyaa wɔn din no fii Hebri asɛmfua chasi·dhimʹ, a ɛkyerɛ “nokwaredifo” anaa “ahotefo” mu. Ebia wosusuwii sɛ Yehowa “nokwaredifo” ho asɛm a kyerɛw nsɛm no ka no fa wɔn ho wɔ ɔkwan soronko bi so. (Dwom 50:5, NW) Ná wɔn, ne Farisifo a wɔbaa akyiri yi no yɛ nnipa katee a wɔn ankasa paw wɔn ho sɛ wobegyina Mmara no akyi denneennen.
Wubebua Dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati sɛ yɛbɛma afoforo mfomso ahorow ama yɛayɛ wɔn a wonni nokware?
◻ Akwan bɛn so na yɛn ankasa sintɔ ahorow betumi ama yɛde yɛn ho ahyehyɛ nneyɛe a ɛnkyerɛ nokwaredi mu?
◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi ako atia nneyɛe a ebetumi ama yɛn nokwaredi ayɛ nea ɛmfata?
◻ Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakura yɛn nokwaredi mu wɔ ɔtaa mmere mu mpo?
[Kratafa 9 adaka]
Nokwaredi a Wɔde Som Wɔ Betel
“Wɔnyɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano.” Saa na ɔsomafo Paulo kyerɛwee. (1 Korintofo 14:40) Na Paulo nim sɛ sɛ asafo bi dwumadi bɛkɔ so yiye a, na ehia sɛ wɔyɛ nneɛma “wɔ ano wɔ ano.” Saa ara na nnɛ, ɛsɛ sɛ mpanyimfo sisi gyinae wɔ nneɛma a mfaso wɔ so te sɛ asafo no mufo a wɔde wɔn bɛkɔ nhoma adesua akuw horow mu, asɛnka nhyiam horow ho nhyehyɛe, ne asasesin mu dwumadi sohwɛ, ho. Ɛtɔ da bi a nhyehyɛe ahorow a ɛte saa ma nokwaredi ho sɔhwɛ ahorow sɔre. Ɛnyɛ ahyɛde ahorow a efi Onyankopɔn home mu, na ɛrentumi nyɛ nea obiara ani begye ho.
So ɛtɔ da bi a ɛyɛ den ma wo sɛ wubedi nhyehyɛe a mfaso wɔ so a wɔayɛ wɔ Kristofo asafo no mu bi so? Sɛ ɛte saa a, ebia Betel nhwɛso no betumi aboa wo. Wɔde din Betel, Hebri asɛm a ɛkyerɛ “Onyankopɔn Fie,” na ɛfrɛ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea 104 no nyinaa, a U.S adwumayɛbea ti no ka ho. Adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama a wɔte Betel afie mu yɛ adwuma wɔ hɔ no pɛ sɛ saa mmeae yi da nidi ne osuro a yɛwɔ ma Yehowa no adi. Eyi hwehwɛ sɛ wɔn mu biara di nokware.
Ahɔho a wɔkɔ Betel taa ka nhyehyɛe pa ne ahotew a wohu wɔ hɔ no ho asɛm. Adwumayɛfo no wɔ nhyehyɛe pa na wɔwɔ anigye; wɔn kasa ne wɔn nneyɛe ne wɔn ahosiesie mpo da no adi sɛ wɔyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw a wɔde Bible atete wɔn ahonim. Betel abusua mufo nyinaa de nokwaredi bata Onyankopɔn Asɛm mu gyinapɛn ahorow ho.
Afei nso, Sodikuw no de akwankyerɛ nhoma bi a wɔato din Dwelling Together in Unity, a efi ayamye mu twe adwene si nhyehyɛe ahorow a ehia na abusua kɛse a ɛte saa no abom adi dwuma yiye so ma wɔn. (Dwom 133:1) Sɛ nhwɛso no, ɛka adan, nnuan, ahotew, ntadehyɛ ne ahosiesie, ne nneɛma a ɛtete saa ho asɛm. Betel abusua mufo de nokwaredi boa nhyehyɛe ahorow a ɛte saa no bata ho, sɛ ɛba sɛ nea wɔn ankasa ani gye ho ne no nhyia mpo a. Ɛnyɛ sɛ wobu akwankyerɛ nhoma yi sɛ mmara anaa ahyɛde ahorow katee bi, na mmom sɛ akwankyerɛ ahorow a mfaso wɔ so a wɔayɛ na aboa ma biakoyɛ ne asomdwoe atra hɔ. Ahwɛfo de nokwaredi gye akwan a wɔfa so yɛ nneɛma a egyina Bible so yi tom, na wɔde di dwuma wɔ ɔkwampa so de hyɛ Betel abusua no den hyɛ wɔn nkuran ma wɔyɛ wɔn Betel som adwuma kronn no.
* Saa adwinnan, adwumayɛ adan, ne atrae yi nnyina hɔ mma Onyankopɔn honhom fam asɔrefie, anaa ofie kɛse no. Onyankopɔn honhom fam asɔrefie no ne ne nhyehyɛe a wayɛ ama ɔsom kronn. (Mika 4:1) Ne saa nti, ennyina ɔdan biara a ɛwɔ asase so so.
[Kratafa 10 adaka]
Nokwaredifo ne Mmarapɛfo
Wɔ 1916 mu no, Encyclopædia of Religion and Ethics kae sɛ “yebetumi ahu nsonsonoe a ɛwɔ nokwaredifo ne mmarapɛfo ntam yi mmere nyinaa wɔ baabiara.” Ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mmarapɛfo ne obi a ɔyɛ nea wɔka kyerɛ no, ommu mmara biara so; odi asɛm a wɔakyerɛw a wotumi kenkan no so. Nokwaredifo ne obi a ɔyɛ eyi nanso wotumi . . . de ho to ne so wɔ nea ɛsen saa mu, na ɔde n’adwene nyinaa si n’adwuma so, na ɔde ne nneyɛe gyina atirimpɔw a ɛredi ho dwuma no so.” Akyiri yi, nhoma koro yi ara kae sɛ: “Nokwaredifo a obi bɛyɛ no kyerɛ pii sen mmara sodi kɛkɛ. . . . Nokwaredifo yɛ soronko wɔ mmara sodifo ho efisɛ ɔyɛ obi a ɔde ne koma ne n’adwene nyinaa som . . . Ɔnhyɛ da nyɛ bɔne, ɔnyɛ anibiannaso mmu n’ani ngu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ anaa nea ɛnsɛ sɛ ɔyɛ so.”