Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 4/8 kr. 11-14
  • Ɔkwan A Wɔfa So Siesie Asɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan A Wɔfa So Siesie Asɛm
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti Na Ɛyɛ “Wo Ne No Nko Ntam”?
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ sɛ Wofa “Onipa Biako Anaa Baanu”?
  • Ɔkwan Bɛn Na Wofa So “Kɔka Kyerɛ Asafo” No?
  • Wubetumi Anya Wo Nua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Ɔkwan Bɛn na Wonam so Siesie Asɛm?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Sɛnea Yɛbɛma Asomdwoe Atena Asafo No Mu Na Ɛho Atew
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Munsiesie Mo Ntam Nsɛmnsɛm Wɔ Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 4/8 kr. 11-14

Ɔkwan A Wɔfa So Siesie Asɛm

WƆ NNANSA yi mmere a emu yɛ den yi mu no, ankorankoro ne aman nyinaa adan wɔn a wɔyɛ “apamsɛefo.” Mpɛn pii no asɛm a wɔn a akasakasa ba wɔn ntam yi pene so ara ne sɛ wɔne wɔn ho nyɛ adwene.​—2 Tim. 3:1, 2.

Nanso mfomso ne ntease a enni hɔ sɔre a, so ɔkwan bi nni hɔ a wɔbɛfa so asiesie, ayi afi hɔ koraa a obi nhu?

Yiw, ɔkwan bi wɔ hɔ. Sɛ wodi ho dwuma sɛnea wɔahyehyɛ ato hɔ no, na sɛ wɔde adwene pa yɛ a, saa kwan yi ma akasakasa to twa. Na mpɛn pii no ede anigye ba. Nanso ɛrenyɛ mmerɛw ne mfaso mma wɔn nyinaa gye sɛ nnipa baanu no nyinaa pene so sɛ wobetie na wɔadi nnyinasosɛm a wɔde di dwuma no akyi.

Saa nnyinasosɛm yi yɛ ahyɛde horow a Kristo Yesu de mae na akyerɛ Kristofo asafo a ɛwɔ Y.B. afeha a edi kan no mu no kwan. Wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a mfaso wom so wɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ wiase nyinaa mu. Momma yɛmpɛɛpɛɛ saa nnyinasosɛm yi mu, efisɛ ɛho ba mfaso ma nnipa horow nyinaa a wɔpɛ sɛ wosiesie akasakasa a ɛda wɔne afoforo ntam no.

Yesu Kristo kyerɛkyerɛɛ akwan horow abiɛsa no mu:

ƆKWAN A EDI KAN:

“Na sɛ wo nua fom wo a, kɔ na koyi no ntɛn wo ne no nko ntam. Sɛ otie wo a, woanya wo nua.”​—Mat. 18:15.

So ɛnyɛ nea ɛyɛ nyam na ayamye nso wom sɛ bere a wɔresusuw mfomso ho no wɔbɛyɛ saa wɔ kokoam? Nanso ɛnyɛ nsɛm nketenkete na Yesu reka ho asɛm wɔ ha no. Sɛnea asɛm a ɔreka ho asɛm wɔ ha no da no adi no, ɔreka asɛm a ɛyɛ aniberesɛm a ɛbɛma wɔatumi atu obi afi gyidifo asafo no mu no ho asɛm.

Dɛn Nti Na Ɛyɛ “Wo Ne No Nko Ntam”?

Susuw atirimpɔw ahorow a eye a ɛno nti ɛsɛ sɛ ɔkwan a edi kan no nea ɛda wo ne no nkutoo ntam wɔ kokoam no ho hwɛ. Asɛm biako ne sɛ, gyinae a wusi sɛ wobɛda nsɛm adi no hwehwɛ sɛ wobɛpɛɛpɛɛ nkate horow ne adwene horow a wo ankasa wukura no mu hwɛ. So wopɛ sɛ woda w’abufuw nkutoo adi? Anaasɛ wobɛyɛ biribi de atua ka? So asɛm no ho hia saa? So ebia na ne nyinaa betumi ayɛ mfomso? Ma ɛntra w’adwenem sɛ ɛsɛ sɛ adwene a ɛka wo ma woyɛ saa no yɛ: sɛ wubenya wo nua no bio. Sɛ wo nsa bɛka no, na woanya no bio. Sɛ wobɛboa no na w’atra ase sɛ Onyankopɔn somfo.

Mmɔden a wobɔ sɛ wobɛma asɛm no ayɛ kokoamsɛm no bɛma ɔde obu kɛse ama wo. Egye akokoduru ansa na obi ne obi aka kokoamsɛm saa. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wubehwie ɔhaw horow a ɛda wo so no agu afoforo so. Nanso so eyi ne “Ɔkwan a Edi Kan” no behyia?

Afei nso, sɛ woda mfomso ahorow a ɛda wo ne ɔfoforo ntam no adi kyerɛ afoforo a, nea ebetumi afi mu aba ne sɛ w’ani bewu na wo anim agu ase. “Asɛm a wo ne wo yɔnko wɔ no, wo ne no nni, na nyi obi ahintasɛm adi. Na nea ɔbɛte no annidi wo atɛm, na wo nsopa anka hɔ.” (Mmeb. 25:9, 10) Ɔkwan bɛn na nea ɔretie no bɛfa so adi wo atɛm? Na sɛ obisa wo sɛ, “So woasɔ Ɔkwan a Edi Kan no ahwɛ?” Sɛ wopene so sɛ wonyɛɛ saa a, ɔbɛkae wo sɛ anyɛ yiye koraa no akasakasa aba wɔ nnipa baanu ntam, wo ne ɔfoforo no. Na mpɛn pii no nea ɛto so abiɛsa, nea ɛteɛ no. “Nea ɔbɔ ne nkuro kan yɛ sɛ ɔtreneeni kosi sɛ ne yɔnko ba bɛpɛɛ no mu.” (Mmeb. 18:17) Mmom Yesu reka mfomso a asemmisa biara nni ho ho asɛm, bɔne a ɛda hɔ pefee. Nanso so wo adanse no yɛ nea wɔrentumi mmisa ho asɛm na sɛnea wote nsɛm ase fa no nso yɛ nea wɔrentumi mpɛɛpɛɛ mu nhu ho biribi? Ɔkwan a eye bɛn na ɛwɔ hɔ a wubetumi de ahu eyi mu kyɛn kokoam nhyiam a mobɛyɛ?

Nanso sɛ asɛm no dan ba wo so ɛ? Sɛ ɔfoforo no te nka sɛ wo na woayɛ no bɔne ɛ? So wompɛ sɛ wubehu sɛnea ɛbɛyɛ na moasiesie asɛm no? Eyi bɛma woanya kwan apɛɛpɛɛ ɔno nso mu na “wo ne no mmom ntɛm.” (Mat. 5:25) So ɛrenyɛ papa nsen sɛ wobɛma abufuw no akɔ so apira obi de akosi sɛ nea ne bo afuw no bɛda nea akɔ so no adi atia wo?

Nanso sɛ Ɔkwan a Edi Kan no anyɛ yiye ɛ? So woda so te nka sɛ wubenya wo nua no bio denam asɛm no akyi a wubedi so? De besi mprempren yi akasakasa no yɛ nea ɛda wo ne no baanu pɛ ntam. Dɛn bio na edi hɔ?

ƆKWAN A ƐTO SO ABIEN:

“Na sɛ wantie a, fa onipa biako anaa baanu ka wo ho, na nsɛm nyinaa nyina adansefo baanu baasa anom.”​—Mat. 18:16.

Dɛn Nti Na Ɛsɛ sɛ Wofa “Onipa Biako Anaa Baanu”?

So wunim obi anaasɛ nnipa baanu bi a wɔanyin wɔ honhom mu a ebia wɔwɔ tebea a ɛte sɛɛ ho osuahu a wobetumi aka asɛm no wɔ ɔkwan a ɛfata so a worenhwɛ mo baanu anim? Sɛ wunnim obi a, ebia ɔpanyin bi a ɔwɔ asafo no mu betumi akamfo obi akyerɛ wo, na wayɛ nhyehyɛe no mpo ama wo.

Nanso so eyi kyerɛ sɛ wowɔ hokwan sɛ afei de wuhwie w’abufuw no gu obiara a wopɛ so? Ɛnte saa. Nea woka ara ne sɛ, ‘Me ne onua asiamasi wɔ asɛm na misuro sɛ ebia eyi nya nkɛntɛnso bɔne wɔ ne honhom mu yiyedi so. Mafa ɔkwan a Edi Kan no so na me nsa antumi anka no. Afei mepɛ sɛ obi boa me ma mefa ɔkwan a Ɛto So Abien no so. Mehwehwɛ onipa biako anaa nnipa baanu na wɔne yɛn abehyia atie yɛn baanu asɛm no.’ Ɛnsɛ sɛ obi di kan tie obi gye sɛ baanu no nyinaa abehyia ansa. Wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so no obi nni kan nnya obi ho adwemmɔne anaasɛ ɔrente sɛ obi reka asɛm bi wɔ ɔfoforo akyi na ɛmma wɔnka asɛm bi wɔ n’akyi a worentumi nka wɔ n’anim.

Ɔkwan a Ɛto So Abien no nyɛ asenni boayifo nhyiam. Ɛyɛ mmɔden a worebɔ bio na wo nsa aka wo nua no. Sɛ́ wo nkutoo bɛbɔ ho mmɔden no afei de woanya mmoa afi onipa biako anaa baanu hɔ. Sɛ w’adanse no yɛ nea egyina hɔ pintinn na su a wukura ne sɛ ‘wubenya wo nua bio a, afei de wowɔ adansefo.

Nanso sɛ Ɔkwan a Ɛto So Abien no anyɛ yiye ɛ? Anyɛ yiye koraa no woada wo nsɛm adi akyerɛ nnipa a Kyerɛwnsɛm no ma ho kwan sɛ ɛsɛ sɛ wɔte. Afei de adansefo a wɔfata gyina w’akyi sɛ nea ɔmpene so no bɛdan obi a sɛ wanhwɛ yiye a wobetumi ayi no afi asafo no mu. Nanso ɛsɛ sɛ nea etwa to ba bio

ƆKWAN A ƐTO SO ABIƐSA:

“Na sɛ wamma wɔn de ankɔ n’asom a, kɔka kyerɛ asafo.”​—Mat. 18:17.

Ɔkwan Bɛn Na Wofa So “Kɔka Kyerɛ Asafo” No?

Mpanyimfo kuw no na wogyina asafo no ananmu. Afei asenni boayifo a asafo no paw wɔn anaasɛ tumidi foforo paw wɔn di asɛm no. Enti afei de wɔde wo asɛm no abɛto mpanyimfo anim. Wɔ ɔkwan bɛn so?

So wubisa sɛ mpanyimfo kuw no nyinaa ntie wo asɛm no? So ɛno bɛyɛ nea ehia anaasɛ nea mfaso wom? Ɛha no ɛno nkyerɛ sɛ worebisa ma wɔn mu bi atie wo, anyɛ yiye koraa no wɔ bere a nea ɔrefom no nni hɔ. Nea worebisa ne sɛ asenni boayifo kuw bi a wɔbɛpaw betie asɛm no. Worebɔ mpanyimfo no mu biako anaa wɔn a wɔdɔɔso amanneɛ sɛ ɔhaw bi da wo ne asiamasi ntam, na woafa Ɔkwan a Edi Kan, ne nea Ɛto So Abien no so. Na afei de wubisa na wɔadi ɔkwan a Ɛto So Abiɛsa no ho dwuma.

“Na sɛ [nea wafom no] wantie wɔn nso a, ka kyerɛ asafo. Na sɛ wantie asafo [asenni boayifo kuw] no nso a, ɛnde bu no sɛ ɔbosonsonni ne towgyeni.”​—Mat. 18:17.

Na woabɔ mmɔden mpɛn abiɛsa sɛ wubegye wo nua no. Woafa ɔkwan a ɛfata so saa ara. Na wonnaa asɛm no adi nkyerɛɛ obi a ɔwɔ akyi a Kyerɛwnsɛm no mmaa no kwan sɛ ɛsɛ sɛ otie asɛm no. Wo fam de asɛm no nyɛ nea ada adi wɔ asafo no mu.

Ɛyɛ nokware sɛ, worentumi nsiesie asɛm a ɛda wo ne no ntam no nyinaa na wo nsa aka no bere a ɔmpɛ no saa. Na esiane sɛ wotee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ asɛyɛde a ɛda wo so sɛ wudi asɛm no akyi kosi faako a ehia nti, adwene a wukura no yɛ asomdwoe de ampa. “Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.”​—Rom. 12:18.

Saa nnyinasosɛm a wɔfa so siesie asɛm yi ne nea Yesu de sii hɔ a wotumi di ho dwuma ma ɛyɛ yiye. Sɛ obiara di saa Kristofo nnyinasosɛm yi akyi a, wɔ nokwarem no, wiase no bɛyɛ beae pa a wobetumi atra mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena