Ɛmma Ankonamyɛ Nnsɛe W’asetra
ANKONAMYƐ betumi asɛe mmofra ne mpanyin nyinaa asetra. Ɔkyerɛwfo Judith Viorst ka wɔ Redbook nsɛmma nhoma mu sɛ: “Ankonamyɛ hyɛ koma so te sɛ ɔbo. . . . Ankonamyɛ ma yɛte ahomegu ne abasamtu nka. Ankonamyɛ ma yɛte nka te sɛ abofra a osua ketekete a onni maame, oguammaa a wafom kwan ayera wɔ wiase a ɛso kakraa a wonnwen afoforo ho wom mu.”—September 1991.
Nnamfo a wo ne wɔn ntam tetew, beae foforo a wokɔtra, awaregyae, wo ho nnipa bi a owu, anaa nkɔmmɔbɔ hokwan a esiw—nneɛma ahorow nyinaa betumi ama woayɛ ankonam. Ebinom wɔ hɔ a ɛmfa ho sɛ afoforo atwa wɔn ho ahyia mpo no, wɔn ani nka koraa.
Dɛn na Wubetumi Ayɛ?
Sɛ woyɛ ankonam a, so ɛsɛ sɛ woyɛ ɔmanehunufo a wunnya mmoa biara? So wubetumi ayɛ biribi de asiw ankonamyɛ kwan na ansɛe wo nkakrankakra anaa amma woanhwere ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛtra nkwa mu no? Nokwarem no, wubetumi. Afotu a mfaso wɔ so pii wɔ hɔ. Na wɔde afotu pa pii ama wɔ Onyankopɔn Asɛm a wɔnam honhom so kyerɛwee, a ɛne Bible no mu. Ebetumi aba sɛ nkuranhyɛ a ɛte saa ara na wuhia na wode ako atia ankonamyɛ.—Mateo 11:28, 29.
Sɛ́ nhwɛso no, sɛ wokenkan asɛm a ɛfa Rut, ababaa bi a ɔtraa Mfinimfini Apuei bɛyɛ mfe 3,000 a atwam ni no ho a, ebetumi ahyɛ wo nkuran. Ná ɛnyɛ den koraa sɛ ɔbɛyɛ ankonam. Bere a ne kunu wui no, ɔne n’asebea kɔtraa Israel, a na ɔnkɔɔ hɔ da. (Rut 2:11) Ɛwom sɛ ɔhweree n’abusuafo ne ne kan nnamfo, na ɔbɛyɛɛ ɔhɔho wɔ ananafo asase so de, nanso biribiara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ ɔmaa ankonamyɛ hyɛɛ ne so. Wubetumi akenkan n’asɛm no wɔ Bible nhoma a ɛne Rut no mu.
Te sɛ Rut no, ɛho hia sɛ wunya adwempa. Wo nsusuwii ne sɛnea wudwen nsɛm a esisi ho no betumi akanyan ankonamyɛ. Ann, a ɔde mfe anan hwɛɛ ne papa a yare bi maa ɔkaa dan mu no, foa eyi so. Bere a ne papa wui no, ɔbɛyɛɛ ankonam kɛse. Ɔka sɛ: “Ná mete nka te sɛ nea m’asetra yɛ hunu na me so nni mfaso biara—ɛyɛɛ te sɛ nea obiara mfa me nyɛ hwee bio. Nanso migyee nokwasɛm no toom sɛ afei de m’asetra asakra, na mihui sɛ nea ɛbɛyɛ na matumi adi ankonam a meyɛ so no, na ɛsɛ sɛ meyɛ nea metumi biara wɔ me mprempren tebea no mu.” Ɛtɔ da bi a wuntumi nsakra wo tebea, nanso wubetumi asakra su a woda no adi wɔ ho no ma ayɛ yiye.
Ɛwom sɛ ɛnyɛ ankonamyɛ ano aduru nyinaa ne sɛ obi de ne ho bɛhyɛ dwumadi a mfaso wɔ so mu denneennen de, nanso ɛboa. Irene a ɔbɛyɛɛ okunafo wɔ n’aware akyi asram asia pɛ no, hui sɛ eyi yɛ nokware wɔ ne fam. Ɔka sɛ: “Mihui sɛ bere a memfa nyɛ nneɛma pii no na na ankonamyɛ nkate taa ba, enti mede sii m’ani so sɛ mɛbɛn afoforo, na maboa wɔn ma wɔadi wɔn haw ho dwuma.” Afoforo a wɔboa wɔn de anigye ba, na Kristofo a wɔyɛ ankonam betumi anya pii ayɛ wɔ Awurade adwuma no mu.—Asomafo no Nnwuma 20:35; 1 Korintofo 15:58.
Ma Nnamfo Mmoa
The New York Times Magazine ka mmofra a wɔayɛ ankonam ho asɛm sɛ wɔn a “adamfo a wonni ho asiane” apira wɔn. (April 28, 1991) Nnipa a wɔyɛ ankonam pii, mmofra ne mpanyin nyinaa, te nka sɛ wonni nnamfo. Enti mfaso wɔ so kɛse sɛ wobenya nokware adamfofa a Kristofo asafo no da no adi no. Yere wo ho trɛw w’adamfofa mu wɔ asafo no mu, na ma wɔmmoa wo wɔ akwan biara a wobetumi so. Ɛno ne nnamfo so mfaso biako—sɛ́ wɔde mmoa bɛma wɔ ɔhaw bere mu.—Mmebusɛm 17:17; 18:24.
Nanso, ɛsɛ sɛ wuhu sɛ esiane wo nkate fam yaw no nti, wubetumi ama ayɛ den ankasa sɛ nnamfo bɛboa wo. Ɔkwan bɛn so? Ɔkyerɛwfo Jeffrey Young kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nnipa binom a wɔyɛ ankonam . . . pam wɔn a wobetumi de wɔn ayɛ nnamfo pa, denam kasa a wɔn nkutoo kasa wɔ nkɔmmɔbɔ mu anaa nsɛm a epira anaasɛ ɛmfata a wɔka so. Nnipa a ankonamyɛ taa haw wɔn fa akwan horow so tumi sɛe wɔne afoforo ntam abusuabɔ a emu yɛ den.”—U.S.News & World Report, September 17, 1984.
Ɛtɔ da bi a wubetumi ama tebea no asɛe koraa denam wo ho a wobɛtew afi nnipa afoforo ho no so. Peter, ɔbarima bi a ɔwɔ ne mfe 50 mu yɛɛ saa. Bere a ne yere wui no, ofii ase tew ne ho fii afoforo ho ɛmfa ho sɛ wɔ ne koma mu tɔnn no, na ohia wɔn mmoa no. Ɔka sɛ: “Ɛtɔ da bi a na ɛyɛ me den yiye sɛ me ne afoforo bɛbɔ, na bere kɔɔ so no, mifii ase tew me ho fii nkurɔfo ho.” Eyi betumi ayɛ nea asiane wom. Bere a ɛtɔ da bi a mfaso wɔ so sɛ ɛbɛka wo nkutoo no, asiane wɔ tew a wobɛtew wo ho mu. (Mmebusɛm 18:1) Peter behuu eyi. Ɔka sɛ: “Awiei koraa no mitumi dii eyi so, migyinaa me tebea no ano, na ɛdenam me nnamfo mmoa so no, mitumi san totoo nneɛma yiye wɔ m’asetra mu.”
Nanso, ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ ɛyɛ afoforo asɛyɛde sɛ wɔboa wo. Bɔ mmɔden sɛ wonyɛ nhyɛso. Fa anigye gye mmoa a wɔde ma wo biara tom na kyerɛ ho anisɔ. Nanso kae afotu pa a wohu wɔ Mmebusɛm 25:17 yi: “Mma wo nan nnyɛ wo yɔnko fi ntiantia, na wo ho anyɛ no mfonee na wantan wo.” Frances, a ɔbɛyɛɛ ankonam kɛse bere a ne kunu a waware no mfe 35 wui no, te nka sɛ ahwɛyiye a ɛte saa ho hia. Ɔka sɛ: “Fa ntease yɛ adwuma wɔ nea wohwehwɛ mu, na nhwehwɛ pii mfi afoforo hɔ. Mma wo nan nnyɛ ntiantia wɔ obi fie nkɔhwehwɛ mmoa.”
Yehowa Dwen Wo Ho
Sɛ nnamfo a wɔyɛ nnipa mpo di wo huammɔ wɔ bere ne bere mu a, wubetumi akɔ so de Yehowa Nyankopɔn ayɛ w’Adamfo. Nya awerɛhyem sɛ odwen wo ho. Nya ne mu ahotoso a emu yɛ den na kɔ so hwehwɛ hintabea wɔ ne hwɛ a ahobammɔ wom no mu. (Dwom 27:10; 91:1, 2; Mmebusɛm 3:5, 6) Moabni bea Rut yɛɛ eyi, na wohyiraa no kɛse. Hwɛ, ɔbɛyɛɛ obi a Yesu Kristo nam ne so mpo bae!—Rut 2:12; 4:17; Mateo 1:5, 16.
Bɔ Yehowa mpae daa. (Dwom 34:4; 62:7, 8) Margaret hui sɛ mpaebɔ maa no ahoɔden kɛse ma ɔde gyinaa ankonamyɛ ano. Ɔne ne kunu boom yɛɛ bere nyinaa som adwuma kosii sɛ ɔbarima no wui bere a na ɔda so yɛ aberante. Ɔka sɛ: “Ná mihu sɛ eye sɛ mɛbɔ mpae denneennen na maka biribiara akyerɛ Yehowa bere nyinaa, me dadwen ne me haw nyinaa. Ná ɛno boa me ma mitumi toto nneɛma yiye bere a metee nka sɛ mayɛ ankonam no. Na bere a mihui sɛ Yehowa bua saa mpaebɔ no, minyaa akokoduru.” Onya mfaso kɛse fi ɔsomafo Petro afotu yi akyi a odi no mu: “Enti mommrɛ mo ho ase Onyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, bere a ɛsɛ mu. Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho.”—1 Petro 5:6, 7; Dwom 55:22.
Abusuabɔ pa a wo ne Yehowa benya no bɛboa wo ma woakora biribi a nnipa a wɔyɛ ankonam taa hwere so—obu a wɔwɔ ma wɔn ho. Bere a kokoram kum sɛnkyerɛwfo Jeannette Kupfermann kunu no, ɔkyerɛw “obu a obi wɔ ma ne ho a ɛkɔ fam ne te a ɔte nka sɛ ne so nni mfaso” no ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Ɛyɛ te a wɔte nka sɛ mfaso nni wɔn so yi na ɛma akunafo pii nya adwenemhaw a ɛyɛ hu no.”
Kae sɛ wosom bo kɛse ma Yehowa. Onsusuw sɛ mfaso nni wo so. (Yohane 3:16) Onyankopɔn bɛboa wo sɛnea ɔboaa ne nkurɔfo Israelfo no wɔ tete mmere mu no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Merentow wo menkyene! Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu.”—Yesaia 41:9, 10.
Nnunu Onyankopɔn
Nea ɛho hia sen biara no, nnunu Onyankopɔn wɔ ankonam a woyɛ no ho. Emfi Yehowa. Ɛyɛ n’atirimpɔw bere nyinaa sɛ wo ne adesamma nyinaa, benya fekubɔ pa a akomatɔyam wom. Bere a Onyankopɔn bɔɔ Adam no, ɔkae sɛ: “Enye sɛ onipa nko tra, mɛyɛ ne sɛso boafo mama no.” (Genesis 2:18) Na ɛno ne nea Onyankopɔn yɛe bere a ɔbɔɔ Hawa, ɔbea a odi kan no. Sɛ ɛnyɛ Satan atuatew no a, anka ɔbarima ne ɔbea ne mma a wɔwoe no amma ankonamyɛ mu da.
Nokwarem no, nsɛmmɔnedi a Yehowa ama ho kwan bere tiaa bi no ama ankonamyɛ akɔ soro, na amanehunu afoforo aba. Nanso, ma ɛntra w’adwene mu yiye sɛ eyi yɛ bere tiaa mu ade. Sɛ wode sɔhwɛ a ankonamyɛ de ba no toto nea Onyankopɔn bɛyɛ ama wo wɔ ne wiase foforo no mu ho a, ɛkame ayɛ sɛ ɛma no yɛ mmerɛw sɛ wubegyina ano. Ɛnkosi saa bere no ɔbɛboa wo na wakyekye wo werɛ.—Dwom 18:2; Filipifo 4:6, 7.
Eyi a wubehu no betumi ama wo ahoɔden. Bere a Frances (a yɛadi kan aka ne ho asɛm no) bɛyɛɛ okunafo no, onyaa awerɛkyekye kɛse, titiriw anadwofa, fii nsɛm a ɛwɔ Dwom 4:8 no mu: “Asomdwoe mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko; na wo, [Yehowa], nko na woma metra hɔ dwoodwoo.” Dwennwen nsɛm te sɛ nea ɛwɔ Nnwom nhoma no mu ho. Susuw sɛnea Onyankopɔn dwen wo ho, sɛnea wɔada no adi wɔ Dwom 23:1-3 no ho.
Wobɛyɛ Dɛn Aboa Wɔn a Wɔayɛ Ankonam?
Ɔkwan titiriw a wubetumi afa so aboa wɔn a wɔayɛ ankonam ne sɛ wobɛda ɔdɔ adi akyerɛ wɔn. Mpɛn pii no, Bible no hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo nkuran sɛ wɔnna ɔdɔ adi nkyerɛ wɔn ho wɔn ho, titiriw wɔ sɔhwɛ bere mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yiye.” (Romafo 12:10) Nokwarem no, Onyankopɔn Asɛm a wɔnam honhom so kyerɛwee no ka sɛ: “Ɔdɔ to ntwa da.” (1 Korintofo 13:8) Ɔkwan bɛn so na wubetumi ada ɔdɔ adi akyerɛ wɔn a wɔayɛ ankonam?
Sɛ́ anka ankorankoro a wosusuw afoforo ho bɛpow wɔn a wɔayɛ ankonam anaa wobebu wɔn ani agu wɔn so no, wobetumi de onuadɔ adodɔ wɔn denam boasetɔ mu a wobefi aboa wɔn bere biara a ɛbɛyɛ yiye no so. Wobetumi ayɛ sɛ ɔbarima Hiob a ɔkae eyi no: “Miyi ɔmanehunufo a osũ frɛ ɔboafo, ne ayisaa ne nea onni boafo. . . . Na mema ɔbea kunafo nya abotɔyam.” (Hiob 29:12, 13) Mpanyimfo a wɔapaw wɔn wɔ Kristofo asafo no mu ne nnamfo a wɔwɔ mmɔborohunu nso betumi afi tema mu ayɛ ade saa ara, denam nneɛma atitiriw a nnipa hia a ɛne ntease, ɔdɔ, ne awerɛkyekye a wobeyi no adi so. Wobetumi ada tema adi, na ɛtɔ da bi a, wobetumi ama afoforo aka wɔn tirim asɛm akyerɛ wɔn.—1 Petro 3:8.
Mpɛn pii no, nneɛma nketenkete a nnamfo yɛ ma nnipa a wɔayɛ ankonam no ne ade a ɛho hia kɛse. Sɛ́ nhwɛso no, sɛ owu ma yɛn yɔnko gyidini bi hwere ne dɔfo bi a, nneɛma a wofi ayamye mu yɛ a ɛda nokware adamfofa adi betumi de mfaso pii aba. Mmu ayamye nketenkete, te sɛ nsa a wobɛto afrɛ obi ma wabedidi, tie a wufi mmɔborohunu mu betie no, anaa nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran a mobɛbɔ no adewa. Saa nneɛma yi tu mpɔn kɛse wɔ ankonamyɛ a wɔboa obi ma odi so no mu.—Hebrifo 13:16.
Ebia yɛn nyinaa behyia ankonamyɛ wɔ bere ne bere mu. Nanso, ɛho nhia sɛ ankonamyɛ bɛyɛ biribi a ɛde ahohia ba. Fa dwumadi a ɛma nkɔso na mfaso wɔ so hyɛ w’asetra ma. Ma nnamfo mmoa wo bere a wobetumi. Nya Yehowa Nyankopɔn mu ahotoso. Ma bɔhyɛ a ɛhyɛ nkuran a wɔakyerɛw wɔ Dwom 34:19 yi ntra w’adwene mu yiye: “Ɔtreneeni amane dɔɔso, na [Yehowa] gye no ne nyinaa mu.” Dan kɔ Yehowa nkyɛn kɔhwehwɛ mmoa, na mma ankonamyɛ nnsɛe w’asetra.
[Kratafa 24 adaka]
AKWAN BI A WOTUMI FA SO DI ANKONAMYƐ SO
▪ Twe bɛn Yehowa
▪ Kenkan Bible no fa hwehwɛ awerɛkyekye
▪ Kura Kristofo adwene a ɛfata mu
▪ Fa wo ho hyɛ dwumadi a mfaso wɔ so mu denneennen
▪ Trɛw w’adamfofa mu
▪ Ma ɛnyɛ mmerɛw mma wo nnamfo sɛ wɔbɛboa wo
▪ Ntew wo ho, na mmom da wo dɔ adi
▪ Nya ahotoso sɛ Yehowa dwen wo ho
[Kratafa 24 adaka]
ƆKWAN A WUBETUMI AFA SO ABOA WƆN A WƆYƐ ANKONAM
▪ Fa ntease, ɔdɔ, ne awerɛkyekye ma
▪ Ma wɔnka wɔn tirim asɛm nkyerɛ wo
▪ Kɔ so yɛ nneɛma nketenkete a etumi boa
[Kratafa 23 mfonini]
Ɛmfa ho sɛ Rut hyiaa tebea a emu yɛ den no, biribiara nkyerɛ sɛ ɔmaa ankonamyɛ sɛee n’asetra