Ahosiesie Ma Akodi A Etia Ahonhommɔne
“Yɛne . . . ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom [na anya].”—EFESOFO 6:12.
1. Akodi bɛn na Kristofo wɔ, na bere tenten bɛn na ɛsɛ sɛ ɛkɔ so?
BERE tenten a ahonhommɔne ne wiase a wodi so no wɔ hɔ yi, ɛsɛ sɛ yɛko denneennen na yɛamma wɔn nkɛntɛnso ase. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛe adi asi, efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumi ne wiase yi sum mu atumfo, ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom.”—Efesofo 6:11, 12.
2. (a) Esiane mmɔden a Ɔbonsam bɔ fii mfiase no nti, akodi bɛn bio na yɛwɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na Bible no da no adi sɛ tebea no yɛ nea anibere wom araa ma ɛho hia sɛ yesiesie yɛn ho ma akodi no?
2 Nanso ɛnyɛ ahonhommɔne a wofi baabi tow hyɛ yɛn so yi nko na ɛsɛ sɛ yɛko tia; nea ɛma yɛn akodi no mu yɛ den titiriw ne sintɔ ahorow a yenya fii awo mu a ɛnam ɔbonsam mfitiase mmɔdenbɔ ahorow no so a Adam ne Hawa antumi anni no so no. Enti, sɛnea Bible ka no: “Onipa koma mu adwene yɛ bɔne fi mmofraase.” (Genesis 8:21; Romafo 5:12) Ná ɛsɛ sɛ ɔsomafo Paulo mpo pere sɛnea ɛbɛyɛ na wayɛ nea ɛteɛ. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Me a mepɛ sɛ meyɛ nea eye no, bɔne no wɔ me hɔ.” (Romafo 7:21-23) Bible se: “Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ.” (Yeremia 17:9) Hwɛ sɛnea emu da hɔ sɛ ɛho hia sɛ yesiesie yɛn ho ma akodi a etia mmɔden a ahonhommɔne no bɔ sɛ wɔbɛma yɛayɛ bɔne no!
Akodi A Etia Honam Fam Nneɛma Ho Akɔnnɔ Horow
3. (a) Dɛn na yebetumi asua afi mfitiase kwan a ɔbonsam nam so kɔɔ Hawa nkyɛn no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na obi a ɔhwehwɛ ɔhonam fam nneɛma no betumi asusuw nneɛma ho?
3 Yebetumi anya ahotoso sɛ ahonhommɔne no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛanya honam fam nneɛma ho akɔnnɔ. Wɔbɛhwɛ ma nneɛma a ɛyɛ “aniwa akɔnnɔ” asɔ yɛn ahwɛ. (1 Yohane 2:16) Kae mfiase kwan a Satan faa so ne Hawa kasae no, sɛnea ɔtwee n’adwene kɔɔ dua a na ɛte sɛnea bɔne biara nni ho, a n’aba a wɔabara no wɔ so no so no. Bere a wakanyan n’anigye wɔ dua no ne n’aba no ho no, Hawa fii ase hui sɛ “ɛyɛ aniwa fɛ, na dua no dɔ kɔn.” Enti dɛn na ɛbae? “Odii.” (Genesis 3:6) Ahonhommɔne bɛfa ɔkwan a ɛte saa ara so de akɔnnɔ a yɛwɔ ma nneɛma a ɛyɛ fɛ no adi dwuma. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn na wɔyɛ ma nkurɔfo keka nsɛm a ɛtɔ da bi a yɛte no, sɛ: ‘Wiɛ, sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ adwuma na mede ahwɛ me ho a, ɛnde na ɛsɛ sɛ minya sika a ɛdɔɔso na minya nneɛma pii. Saa kwan yi so no metumi ama afoforo bi.’
4. (a) Adekyɛ bɛn na wɔkamfo kyerɛ, nanso adekyɛ bɛn na ɛyɛ mfomso? (b) Afiri bɛn a eyii Onyankopɔn asomfo wɔ tete hɔ na ɛsɛ sɛ yekwati?
4 Nokwarem no eye sɛ nnɛyi Yehowa Adansefo a wɔwɔ ɔhonam fam nneɛma pii no bɛma wɔn a wonni bi no bi, sɛnea tete Kristofo yɛe wɔ wɔn dɔ adidi ase no. (Yuda 12) Nanso, sɛ obi wɔ adwene foforo bi, sɛ ebia ɔrekyɛ obi ade esiane sɛ onim sɛ saa nipa no betumi ama no hokwan bi wɔ Kristofo asafo no mu nso ɛ? Ɛno bɛyɛ nea ɛnteɛ! Na ɛbɛyɛ mfomso nso wɔ onii a ogye akyɛde a ɛte saa no fam sɛ ɔbɛhyɛ n’ananmu wɔ saa kwan no so. Sɛ obi yɛ ade a ɛte saa a, wobetumi de atoto adanmudegye ho. Nyansa mu no, Kristoni bɛhwɛ sɛ ɔrenhwe afiri a ɛte saa mu, afiri a eyii Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase tete hɔ no binom bere a wɔde dibea horow hyehyɛɛ wɔn nsa no.—1 Samuel 8:1-3; 2 Beresosɛm 19:6, 7.
5. Asiane bɛn na ɛwom bere a ɔhonam fam nneɛma bɛyɛ nea ɛho hia kɛse wɔ obi asetra mu no?
5 Sɛ ɔhonam fam nneɛma bɛyɛ ade titiriw anaasɛ nea ɛho hia kɛse wɔ onipa asetra mu a, nea enti a ɛte saa biara no, saa nipa no wɔ tebea a asiane kɛse wɔ mu mu. Dɛn na ebetumi aba? Nkakrankakra no ne honhom fam yiyedi betumi akɔ fam, na ɛtaa yɛ saa. Wɔ ne mfatoho ahorow no biako mu no, Yesu kaa ebinom a na wɔasua Onyankopɔn nokware no ho asɛm sɛ: “Na wɔnam asetra yi mu dadwen ne haw ne ahonya ne anigyede mu na emia wɔn, na wɔansow aba ammere anwie.” (Luka 8:14) Nanso, sɛ Kristoni a ɔde n’ani si honam fam nneɛma so pii no honhom mu yiyedi ano ansiw a, so ɛno kyerɛ sɛ nea ahonhommɔne no nam nyansa kwan so bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ no anyɛ yiye anaa?
6. Ɔhonam fam nneɛma akyi a Kristoni di betumi aka ne mfɛfo gyidifo dɛn?
6 Dabi, efisɛ wo de susuw sɛnea saa nipa no honam fam nneɛma akyidi no betumi aka afoforo wɔ asafo no mu no ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ mmerante anaa mmabaa a ɛnkyɛ na biribi anya wɔn so nkɛntɛnso no hu Kristoni foforo bi sɛ wayere ne ho rehwehwɛ sika pii ne nneɛma ahorow a ɛyɛ fɛ a, so ɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni kan? Dɛn na woahyɛ no nsow? So ɛnyɛ nokware sɛ bere a wɔahu mfaso a ɛwɔ honam fam nneɛma a obi benya so no, wɔn a wɔyɛ foforo wɔ nokware kwan no so no nso de honam fam adepɛ bɛyɛ wɔn botae, na ebia ɛde wɔn akɔ honhom mu ɔhaw mu anaa?
7. (a) Dɛn nti na ɔpanyin Kristoni bi a ɔwɔ Germany nhwɛso no yɛ nea eye? (b) Dɛn na wiase gyina so kyerɛ obi nkɔso, na ɛsɛ sɛ Kristofo bu saa su yi dɛn? (d) So ɛsɛ sɛ yɛkasa tia wɔn a wɔwɔ honam fam nneɛma a ɛyɛ fɛ no anaa?
7 Asɛm a onua panyin Kristoni bi a ɔwɔ Germany a ne nsam ye kae no yɛ nea ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow. Onua Kristoni bi a onim ɔpanyin yi sika fam gyinabea no bisaa no nea enti a VW (a ɛyɛ kar a ne bo nyɛ den) mu na ɔda na ɔte ɔdan a ɛnyɛ kɛse mu. Obuae animduru mu sɛ: ‘Efisɛ, sɛ mete Mercedes Benz (a ɛyɛ kar a ne bo yɛ den) mu na m’asetra yɛ hyɛpɛɛ a, ebetumi ahaw me nuanom Kristofo honhom mu yiye.’ Hwɛ soronko ara a saa su yi yɛ wɔ wiase yi de ho. Sɛ́ obi de ‘asetra mu nneɛma bɛhoahoa ne ho’ no yɛ wiase kwan. (1 Yohane 2:16) Wɔ wiase fam no, sika ne honam fam nneɛma dodow a obi wɔ no na ɛkyerɛ ne nkɔso. Nanso ɛnsɛ sɛ ɛba saa da wɔ Kristofo asafo no mu! Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho na Satan adwene yi mu biara anhyɛn yɛn ankasa adwene mu ne Kristofo asafo no mu. Bere koro no ara mu no, yɛn ankasa nyamesom pa mu ahofama ne abotɔyam remma yɛnhaw yɛn ho wɔ wɔn a ɛte sɛ nea wɔyɛ akɛsede wɔ wɔn asetra mu no ho.—1 Timoteo 6:6-8.
8. (a) Nhwɛso pa bɛn na Yesu Kristo yɛ maa yɛn? (b) Nsɛm bɛn na ɛfata a yebetumi abisa yɛn ho?
8 Ɛho hia sɛ yɛma yɛn Wura, Yesu Kristo, suban ne ne nhwɛso no tra yɛn adwene mu daa. Ɛwom sɛ anka obetumi anya anuonyam ne ahonyade pii, na anka obetumi atra ase wɔ ahotɔ mu, nanso wanhwehwɛ eyinom mu biara. Mmere horow bi wɔ hɔ mpo a na onni nea nnipa pii bu sɛ ɛyɛ asetra mu nneɛma a ɛho hia no mpo. (Mateo 4:8, 9; 8:20) Dɛn nti na ɔde nneɛma pii bɔɔ afɔre saa? Efisɛ na onim nneɛma a ɛho hia kɛse no. Na onim sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn apɛdeyɛ di biribiara kan. (Yohane 4:34) So yɛrehwɛ ne nhwɛso no, abɔ mmɔden sɛ yebesuasua wɔ yɛn abrabɔ mu anaa? Dɛn ankasa na yɛhwehwɛ wɔ asetra mu—sɛ yebenya asetra a ɛyɛ mmerɛw, nea ahotɔ wom nnɛ, anaa sɛ yebenya daa nkwa wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu?—Hebrifo 12:2, 3; 1 Petro 2:21-24; 3:14
9. Honhom mu akode bɛn na yehia na yɛatumi ako atia honam fam nneɛma ho akɔnnɔ, na ɔkwan bɛn so na saa akode yi betumi abɔ yɛn ho ban?
9 Wɔ ɔko a yɛreko atia ahonhommɔne na wɔamfa ɔhonam fam nneɛma ho akɔnnɔ horow anhyɛ yɛn mu no mu no, yehia akode, honhom mu akode. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ “TRENEE nkatabo,” a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so. (Efesofo 6:13, 14) Na ade a ɛfata sɛ yɛyɛ nnɛ ne sɛ ‘yɛpa yɛn ho akyi na yedi Kristo nhwɛso akyi,’ efisɛ sɛnea Yesu kɔɔ so kae no: “Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya?” (Mateo 16:24-27; fa toto Mateo 6:33 ho.) Akode foforo a ɛho hia kɛse nso ne “GYIDI kyɛm” no. (Efesofo 6:16) Ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn nhyehyɛe foforo a ɛreba no mu gyidi ankasa, a yɛmfa yɛn ani nto saa nhyehyɛe dedaw yi so sɛ ɛbɛma yɛanya nea yehia. Mma wo werɛ mfi da sɛ ɛrenkyɛ koraa ɛbɛba awiei, ne emu ahonyade no nyinaa.—1 Yohane 2:17; Hesekiel 7:19.
10. Akode bɛn na ɛho hia titiriw wɔ ɔhonam fam nneɛma ho akɔnnɔ a yɛbɛko atia mu, na dɛn ntia?
10 Nanso sɛ́ yɛbɛko atia honam fam nneɛma akyidi a ɛba anifere kwan so no, yehia akode a edi so yi titiriw, a ɛne “NKWAGYE dade kyɛw” no. Ɔsomafo no nhoma foforo bi ka sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ‘NKWAGYE ANIDASO no sɛ́ dade kyɛw.’ (Efesofo 6:17; 1 Tesalonikafo 5:8) “Nkwagye anidaso” no a yebenya no kyerɛ sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn na ɔde akatua no bɛma, na ɛnyɛ sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ yebenya akatua no wɔ ahotɔ asetra mu wɔ saa nneɛma nhyehyɛe yi mu.
11. Ɔkwan bɛn so na Mose kyerɛe sɛ na ɔhyɛ ‘nkwagye anidaso no sɛ́ dade kyɛw’?
11 Mose hyɛɛ saa dade kyɛw yi, “nkwagye anidaso” no. Ɛwom sɛ wɔtetee no sɛ́ Farao babea ba de, nanso ɔpowee sɛ ‘ɔbɛte bɔne mu dɛw nna tiaa bi’ wɔ adehye abusua no mu anaasɛ ɔbɛhwehwɛ “Misraim ahonyade.” Dɛn ntia? “Efisɛ ɔde n’ani sii akatua no so.” Mose susuwii anaasɛ odwen nneɛma a na Yehowa ahyɛ ho bɔ no ho kɔɔ akyiri. Ná ɛnyɛ sɛ ebia Mose ate anaasɛ wakenkan Yehowa ho nsɛm ara kwa. Bible se “omiaa n’ani traa mu sɛnea ohu nea wonhu no no.” (Hebrifo 11:24-27) Ná Yehowa yɛ ɔteasefo ankasa ma Mose na na Ne daa nkwa ho bɔhyɛ ahorow no yɛ paara ma no. Sɛ yebetumi agyina Satan ntoa ahorow no ano nkonimdi mu a, ɛsɛ sɛ anidaso a yɛwɔ wɔ daa nkwa ho no yɛ anidaso ankasa.
Ko Tia Ahohwibɔ
12. Dɛn na ahonhommɔne de aba na wɔde adi Kristofo pii so nkonim?
12 Sɛnea yehui wɔ adesua a etwaam no mu no, akwan atitiriw a ahonhommɔne fa so nya nkurɔfo ne sɛ wɔbɛma Kristofo de wɔn ho ahyɛ ahohwibɔ mu. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ a Onyankopɔn de ama—a aware mu nko na ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma no. Ɛkame ayɛ sɛ, wɔ baabiara nnɛ no, ahonhommɔne no atumi ama nneɛma ahorow ne tebea horow aba a ɛsɔ Kristofo hwɛ ma wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu a ɛnyɛ aware nhyehyɛe mu. Akode bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛako atia saa ahonhommɔne adeyɛ yi?
13. Ɔkwan bɛn so na Yosef kyerɛe sɛ na ɔhyɛ “trenee nkatabo”?
13 “Trenee nkatabo” a yɛbɛhyɛ no ho hia yiye. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ yɛbɛyɛ nea Yehowa kyerɛ sɛ ɛteɛ. (1 Korintofo 6:18) Ná Yosef hyɛ saa akotade yi. Bere a Potifar yere a na akɔnnɔ abɔ no dam no kɔɔ so srɛɛ no daa sɛ “wo ne me mmɛda” no, Yosef kae sɛ: “Na ɛdɛn na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn?” (Genesis 39:7-12) Sɛnea Yosef yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yedwen nea ebefi abrabɔ bɔne a ebia yɛn ‘koma okontomponi’ no kɔn bɛdɔ no mu aba no ho.—Yeremia 17:9.
14. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho na aboa yɛn ma yɛakwati yɛn ho a yɛde bɛhyɛ ahohwibɔ mu?
14 Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea ɛka Onyankopɔn bere a yebu ne mmara so no. Satan atwa Yehowa mpoa, aka sɛ wɔ sɔhwɛ mu no nnipa renni No nokware. Enti Yehowa ka sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora (Mmebusɛm 27:11) Susuw ho hwɛ: So wubebu Onyankopɔn mmara so ma Satan ani agye na Onyankopɔn adi awerɛhow anaa? (Dwom 78:38-41) Sɛ wodɔ Yehowa ampa a, wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi? Susuw nea nyansa wom sɛ woyɛ no nso ho hwɛ. Yehowa nkutoo na obetumi ama wo daa nkwa. Enti so ɛnyɛ nea nyansa wom sɛ woyɛ n’apɛde?—1 Yohane 5:8; Romafo 6:23.
15. Dɛn na wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ aguamammɔ mu no mma ɛntra wɔn adwene mu?
15 Kristofo a wogyaa wɔn mudi mu wɔ Satan ntoa ase no hwere wɔn honhom mu yiyedi. Wobetumi de honhom mu adehu a wonni no atoto Elisa akoa no tebea no ho. Kae sɛnea Elisa bɔɔ mpae maa no no: “[Yehowa], bue n’ani na onhu.” Na akoa no hui, “na hwɛ, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam ayɛ bepɔw no so mma atwa Elisa ho ahyia.” (2 Ahene 6:15-17) So wuhu onii a ɔrehwɛ yɛn no? Ɛyɛ Yehowa, ne Kristo ne abɔfo no nso. (Dwom 11:4; 34:7; Hebrifo 1:14; Mateo 18:10) Yɛayɛ te sɛ ahwɛde. (Fa toto 1 Korintofo 4:9 ho.) Bere a obi wɔ adwene a ɛte sɛɛ a efi Kyerɛwsɛm mu no, ɛbɛyɛ dɛn na watumi de ne ho ahyɛ ahohwibɔ mu bere a onim sɛ wofi soro rehwɛ ne nneyɛe no?
16. Nsɛm afoforo bɛn bio na sɛ yesusuw ho a ɛbɛboa yɛn ma yɛakwati yɛn ho a yɛde bɛhyɛ aguamammɔ mu?
16 Bio nso, sɛ wofa ɔbrasɛe kwan so a, susuw sɛnea ebesi aka Kristofo asafo no ho. Afoforo bɛka sɛ Yehowa Adansefo nyɛ soronko biara wɔ wiase no ho, na ne saa nti, ebia saafo yi rentie nkwa asɛm no. (2 Petro 2:2) Na susuw awerɛhow a abrabɔ bɔne a ɛte sɛɛ betumi de aba w’abusuafo so no nso ho hwɛ. (Mmebusɛm 10:1) Na sɛ woaware a, bisa wo ho sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ atirimɔden ade a ɛte sɛɛ atia me hokafo? Onipa bɛn na meyɛ? Sɛ yesusuw biribiara ho a, so ahohwibɔ nyɛ pɛsɛmenkominya ne nkwasea adeyɛ a ntease nni mu anaa?
17, 18. (a) Aperepere bɛn na ɔsomafo Paulo dii wɔ ne nkwa nna nyinaa mu, na ɔkwan bɛn so na otumi dii so nkonim? (b) Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛn ahosiesie no adi mu no, dɛn na ɛho hia, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma?
17 Ampa, ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ yebekwati bɔne yɛ. Ɔsomafo Paulo ankasa ne akɔnnɔ bɔne a na wabɛyɛ akoa ama no bere bi a atwam no peree so ne nkwa nna nyinaa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Na mmom mehyɛ me nipadua ahometew, na midi no nya, na mereka asɛm makyerɛ ebinom yi, m’ankasa manyɛ nea ɔmfra.” (1 Korintofo 9:27; Tito 3:3) Nanso Paulo ‘hyɛɛ ne ho so.’ Ná ɔhyɛ ne ho sɛnea ɛbɛyɛ na wayɛ nea ɛteɛ, bere a ne nipadua kɔn dɔ sɛ ɛbɛyɛ bɔne mpo no. Ɛsɛ sɛ woyɛ saa ara, sɛ wobɛkɔ adi nkonim a.
18 Sɛnea ɛbɛyɛ na w’ahosiesie no adi mu no, ɛho hia nso sɛ wobɔ mpae bere nyinaa hwehwɛ Onyankopɔn hɔ mmoa. (Efesofo 6:18) Nanso wurentumi mmɔ mpae mmisa mmoa na bere koro no ara mu na wonkɔ so nkenkan nhoma a ɛfa ɔbrasɛe ho, nkɔ sini a ɛda nguamansɛm adi anaasɛ wonkɔ so nnwinnwen ho, anaasɛ wo ne ɔbarima anaa ɔbea bi nni nguamangoru. Ɛsɛ sɛ woyɛ nea wobɔ mpae bisa no ho adwuma!
Ko Tia Ahofadi Adwene
19. (a) Ɔkwan bɛn na Yehowa nam so kyerɛ ne nkurɔfo kwan bere nyinaa? (b) Ɔkwan bɛn so na nnipa binom da ahofadi adwene adi?
19 Bere a yesua Bible no yehu sɛ Yehowa akyerɛ n’asomfo kwan bere nyinaa wɔ ahyehyɛde kwan so. Na te sɛ afeha a edi kan no mu a na nokware Kristofo asafo biako pɛ na ɛwɔ ho no, saa ara na nnɛ Yehowa de ahyehyɛde biako pɛ redi dwuma. (Efesofo 4:4, 5; Mateo 24:45-47) Nanso ebinom wɔ ho a wɔkyerɛ sɛ wɔayɛ nsakrae horow wɔ ahyehyɛde no mu pɛn, enti wɔka sɛ: “Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛn ankasa si nea yebegye adi ho gyinae.” Eyi yɛ ahofadi adwene. Dɛn nti na ɛyɛ nea asiane kɛse wom?
20. (a) Ahofadi adwene da dɛn adi? (b) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakwati yɛn ankasa adwene a yɛde bedi ahyehyɛde no de anim? (d) Afeha a edi kan no mu nhwɛso bɛn na eye sɛ yedi akyi?
20 Nsusuwii a ɛte saa da ahantan adi. Na Bible se: “Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan.” (Mmebusɛm 16:18) Sɛ yefi ase susuw sɛ yenim dodo sen ahyehyɛde no a, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: “Mfiase no ahe na yesuaa Bible mu nokware fii? Sɛ ɛnyɛ akwankyerɛ a ahyehyɛde no de ma a, so anka yebehu nokware kwan no? Nokwarem no, so yebetumi akwati Onyankopɔn ahyehyɛde no akwankyerɛ na yɛanya nkɔso?” Dabi, yɛrentumi!—Fa toto Asomafo no Nnwuma 15:28, 29; 16:4, 5 ho.
21. (a) Ɔkwan bɛn so nkutoo na yebetumi adi yɛn akodi no mu nkonim? (b) Dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi, na enti abrabɔ bɛn na ɛsɛ sɛ yekura mu nnɛ?
21 Sɛ yesusuw ahonhom dɔm kɛse a wɔreko atia yɛn no ho a, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ yɛrentumi mfa yɛn ankasa ahoɔden nni wɔn so nkonim. Nanso ɛdenam Onyankopɔn mmoa so, ne n’ahyehyɛde—a ɛyɛ anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa fekuw—no mmoa so no, yɛrenni nkogu. (Dwom 118:6-12; 1 Petro 5:9) Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da sɛ yɛwɔ honhom mu akodi mu, ne sɛ ɔko bere nyɛ ahomegye bere, bere a wɔde di asetra mu anigyede akyi. Mmom no ɛyɛ ntetee bere a emu yɛ den, ɛyɛ anidahɔ ne ahofama bere. Ɔtamfo no atumi anya yɛn mu binom ma woagow wɔn nsam, na eyinom adi nkogu. Mommma eyi mma yɛn so! Na ɛremma saa, sɛ yɛkɔ so ‘hyɛ Onyankopɔn akode nyinaa’ na ‘yegyina pintinn ne ɔbonsam nnɛɛdɛe di asi’ a.—Efesofo 6:11, 12.
So Wubetumi Abua Nsemmisa Yi?
□ Sɛ ɔhonam fam nneɛma bɛyɛ nea edi kan wɔ Kristoni asetra mu a, ɔhaw bɛn na ebetumi de abrɛ saa nipa no ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu?
□ Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛako atia ɔhonam fam nneɛma ho akɔnnɔ horow?
□ Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakwati yɛn ho a yɛde bɛhyɛ aguamammɔ mu?
□ Dɛn na ɛda ahofadi adwene adi, na dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakwati?
[Kratafa 17 mfoni]
Sɛ Kristoni hoahoa ne ho, bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma afoforo ahu nea ɔwɔ wɔ asetra mu a, eyi betumi aka asafo no mufo afoforo dɛn?