Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 4/15 kr. 27
  • So Wokae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwila ne Priskila—Awarefo a Wɔyɛɛ Nhwɛso Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ka Asɛm No Fa Yɛ Asuafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Afã a Nnwom Wɔ Wɔ Nnɛyi Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 4/15 kr. 27

So Wokae?

So woasusuw Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi no ho yiye? Sɛ saa a, ɛnde w’ani begye sɛ wobɛkaakae nea edidi so yi:

◻ Ɔkwan bɛn so na nnɛyi awarefo pii adi nhwɛso pa a Akwila ne Priskila yɛ too hɔ no akyi?

Akwila ne Priskila somee wɔ asafo ahorow pii mu. Te sɛ wɔn no, nnɛyi Kristofo pii de wɔn ho ama sɛ wɔbɛsom wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse no. Afei nso wonya anigye ne akomatɔyam a efi Ahenni nneɛma a enya nkɔso ne sɛnea wotumi nya Kristofo nnamfo a ɛsom bo mu ba no bi.—12/15, kratafa 24.

◻ Bible no adwene ne dɛn wɔ mmosa ho?

Bible no adwene wɔ mmosa ho kari pɛ. Wɔ ɔkwan bi so no, Bible no ka sɛ nsã yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. (Dwom 104:1, 15) Nanso, ɛkasa tia asanom bebrebe. (Luka 21:34; 1 Timoteo 3:8; Tito 2:3; 1 Petro 4:3)—12/15, kratafa 27.

◻ Bible mu nhoma a ɛne Hagai no ho ade titiriw ne dɛn?

Ɛwom sɛ Hagai nhoma no si nkyekyem 38 pɛ de, nanso wɔde Onyankopɔn din di dwuma mpɛn 35 wɔ mu. Saa nkɔmhyɛ no bɛyɛ nea tumi nnim bere a wɔde abodin “Awurade” si din Yehowa ananmu no.—1/1, kratafa 6.

◻ Asuade bɛn na yebetumi anya afi Dawid ne Manase bɔne no mu?

Ɛmfa ho sɛ Yehowa de Dawid ne Manase bɔne firii wɔn no, na ɛsɛ sɛ saa mmarima baanu yi—a Israel ka ho—de nea efii wɔn nneyɛe bɔne mu bae no tra ase. (2 Samuel 12:11, 12; Yeremia 15:3-5) Saa ara na nnɛ, bere a Yehowa de firi nnebɔneyɛfo a wonu wɔn ho no, ebia wontumi nkwati ɔhaw a efi wɔn nneyɛe ahorow mu ba no.—1/1, kratafa 27.

◻ Ɔkwan bɛn so na ‘wɔn a wɔka’ Onyankopɔn Ahenni ho “asɛmpa no anan yɛ fɛ”? (Yesaia 52:7)

Ɛyɛ nan no na bere nyinaa ɛma onipa kɔ bere a opue kɔka asɛm no kyerɛ afoforo no. Anan a ɛte saa no gyina hɔ ma onipa no ankasa. Enti wɔ pii a wɔte Ahenni ho asɛmpa no na wɔyɛ ho biribi no fam no, asomafo a wɔte saa no anan yɛ fɛ ankasa.—1/15, kratafa 13.

◻ Adwuma abien bɛn na ɛwɔ ‘asɛmpa no ka’ mu? (1 Korintofo 9:16)

Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛka Ahenni ho asɛmpa no. Saa adwuma yi ho ade a ɛto so abien ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn a wɔyɛ Ahenni dawurubɔ no ho biribi no.—1/15, kratafa 23.

◻ Mfaso bɛn na yɛn ankasa nya fi Ahenni nnwom a yɛto wɔ asafo nhyiam ahorow ase no mu?

Nnwonto ma yenya hokwan de da yɛn nkate adi ma yɛn Bɔfo no. (Dwom 149:1, 3) Sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu de yɛn ho hyɛ asafo no nnwonto mu a, ebetumi ama yɛn adwene ne yɛn koma mu ada hɔ ama dwumadi a edi hɔ no. Ebetumi akanyan yɛn ma yɛanya kyɛfa kɛse wɔ Yehowa som mu.—2/1, kratafa 28.

◻ Bere bɛn na owuda ye sen awoda? (Ɔsɛnkafo 7:1)

Owuda betumi ayɛ nea eye sen awoda, sɛ ebedu saa bere no na onii ko no anya din pa wɔ Yehowa a obetumi anyan anokwafo a wowu no anim de a. (Yohane 11:25)—2/15, kratafa 12.

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Ɔsɛnkafo nhoma no boa yɛn sɛ ankorankoro?

Ebetumi aboa yɛn mu biara ma yɛasiesie asetra ho adwene a yɛwɔ ne nea yɛde yɛn adwene si so no. (Ɔsɛnkafo 7:2; 2 Timoteo 3:16, 17)—2/15, kratafa 16.

◻ So Yehowa Adansefo kura tetefo adwene?

Dabi. Ɛmfa ho sɛ wɔwɔ nyamesom nkyerɛkyerɛ ho gyidi a emu yɛ den no, wɔnyɛ nkurɔfo a wokura tetefo adwene wɔ ntease a wɔde asɛm no adi dwuma no mu. Wɔmfa wɔn ho nhyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow ne basabasayɛ ahorow mu ntia wɔn a wɔne wɔn nyɛ adwene no. Wosuasua wɔn Kannifo, Yesu Kristo.—3/1, kratafa 6.

◻ Nim a Kristofo nnim bere pɔtee a Yesu de Onyankopɔn awerɛdi bɛba no nya wɔn so nkɛntɛnso bɛn?

Eyi ma Kristofo wɛn, na ɛma wonya hokwan daa sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ wɔmfa pɛsɛmenkominya adwene nsom Yehowa.—3/1, kratafa 13.

◻ Sɛ yɛde onua bi a ebia wadi yɛn amim bɛkɔ asɛnnibea a, dɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan susuw ho?

Ɛsɛ sɛ yesusuw nea ebetumi de aba yɛn, afoforo a aka, asafo no, ne wɔn a wonni asafo no mu so no ho. (1 Korintofo 6:7)—3/15, kratafa 22.

◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nokware anigye?

Nokware anigye yɛ komam tebea a egyina gyidi a edi mũ ne yɛne Yehowa ntam abusuabɔ pa so. (Mateo 5:3)—3/15, kratafa 23.

◻ Sɛ wɔfrɛ Kristoni bi sɛ ɔnkɔyɛ asɛnni baguafo adwuma a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

Ɛsɛ sɛ Kristoni biara a wɔfrɛ no sɛ ɔnkɔyɛ asɛnni baguafo adwuma no si nea ɔbɛyɛ ho gyinae, a egyina Bible mu ntease a ɔwɔ ne n’ankasa ahonim so. (Galatifo 6:5)—4/1, kratafa 29.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena