Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w00 9/1 kr. 3-5
  • So Wutumi Twɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wutumi Twɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Nkwa Nna a Yɛma Ɛsɛe
  • Sua a Yebesua Sɛnea Wɔtwɛn
  • Wobenya Boasetɔ so Akatua
  • Ɛyɛ Anigye sɛ Yɛbɛtwɛn Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Wobɛtɔ Wo Bo Ase Atwɛn Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Tɔ Wo Bo Ase Twɛn!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Ma W’ani Nnye Bere a Wode Ntoboase Retwɛn Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
w00 9/1 kr. 3-5

So Wutumi Twɛn?

SO WUNIM bere dodow a nkurɔfo sɛe de twɛn kɛkɛ afe biara? Wɔtwɛn wɔ santen mu wɔ sotɔɔ ano, anaa baabi a wɔtɔn pɛtro. Wɔtwɛn sɛ wɔbɛhwɛ wɔn wɔ adidibea. Wɔtwɛn sɛ wobehu oduruyɛfo anaa ɛse ho ɔyaresafo. Wɔtwɛn bɔs ne keteke ahorow. Yiw, bere dodow a onipa sɛe no wɔ ne nkwa nna mu de twɛn sɛ nneɛma bɛkɔ so no yɛ nwonwa pii. Sɛnea akontaabu bi kyerɛ no, Germanfo nkutoo hwere nnɔnhwerew ɔpepepem 4.7 afe biara de twɛn wɔ kar kwan so nkyereso mu! Obi buu akontaa sɛ eyi bɛyɛ nnipa bɛyɛ 7,000 nkwa nna.

Twɛn a obi bɛtwɛn betumi ayɛ ade a ɛhaw adwene yiye. Nnansa yi, ɛte sɛ nea bere nni hɔ mma biribiara, na nneɛma foforo a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho a yebesusuw nso betumi ayɛ sɔhwɛ kɛse. Nhoma kyerɛwfo Alexander Rose kae bere bi sɛ: “Nneɛma a ɛma asetra yɛ yaw no mu fã yɛ twɛn a yɛtwɛn.”

Amerikani ɔmanyɛfo Benjamin Franklin kae sɛ twɛn a yɛtwɛn tumi ma yɛhwere ade. Bɛboro mfirihyia 250 ni na ɔkae sɛ: “Ɛbere yɛ sika.” Ɛno nti na nnwuma ahorow hwehwɛ akwan a wɔbɛfa so akwati akyirika a ɛho nhia bere a wɔreyɛ adwuma no. Nneɛma pii a wɔde bere kakraa bi bɛyɛ no betumi ama wɔanya mfaso pii. Nnwuma a wɔne ɔmanfo di tẽẽ no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔayɛ nneɛma ntɛmntɛm—aduan a wowie no ntɛm, kar mu a wotumi tra yi sika wɔ sikakorabea, ne ade—efisɛ wonim sɛ sɛ adetɔfo ani begye wɔn ho a, ɛnsɛ sɛ wɔsɛe wɔn bere.

Yɛn Nkwa Nna a Yɛma Ɛsɛe

Afeha a ɛto so dunkron Amerikani anwensɛm kyerɛwfo Ralph Waldo Emerson nwiinwii bere bi sɛ: “Hwɛ bere dodow a nnipa sɛe no de twɛn!” Nnansa yi ara, nhoma kyerɛwfo Lance Morrow kaa anihaw ne ahoyeraw a ɛwɔ ɔtwɛn mu ho asɛm. Afei ɔkaa “anifere kwan so ahohia a ɛwɔ ɔtwɛn mu no ho asɛm.” Ɛyɛ dɛn? “Nim a obi nim sɛ ne nkwa nna mu ade bi a ɛsom bo paa, ɛbere, reyera a ne nsa renka bio.” Ɛyɛ awerɛhow, nanso ɛyɛ nokwasɛm. Obi nsa ntumi nka bere a ɔsɛe de twɛn biribi no bio da.

Nokwarem no, sɛ nkwa nna nyɛ tiaa saa a, anka twɛn a obi bɛtwɛn renhaw adwene pii saa. Nanso nkwa nna yɛ tiaa. Mfirihyia mpempem pii a atwam no, Bible mu dwontofo bi kae sɛ: “Yɛn mfirihyiam nna, emu wɔ mfe aduɔson, na sɛ ɛboro so a, na ɛredu aduɔwɔtwe, na emu ahoahoade yɛ ɔbrɛ ne ahuhude, na etwam ntɛmso, na yetu kɔ.” (Dwom 90:10) Ɛmfa ho baabi a yɛte ne nnipa ko a yɛyɛ no, yɛn nkwa—nna, nnɔnhwerew, simma a ɛda yɛn anim fi bere a wɔwoo yɛn no—yɛ tiaa. Nanso, yentumi nkwati tebea a ɛbɛma yɛasɛe bere a ehia yi bi de atwɛn tebea bi anaa nnipa.

Sua a Yebesua Sɛnea Wɔtwɛn

Yɛn mu pii atra kar bi mu a na ofirikafo no pɛ sɛ bere nyinaa ɔbɔ mmɔden sɛ obetwa kar a edi n’anim no ho. Mpɛn pii no, ɛnyɛ ahiade titiriw biara ntia—ofirikafo no nni asɛyɛde bi a ɛsɛ sɛ odi ho dwuma ntɛm so. Nanso, ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛma ofirikafo foforo agyigye no taataa. Abotare a onni no kyerɛ sɛ onsuaa sɛnea wɔtwɛn. Ade a wosua? Yiw, hu a yebehu sɛnea wɔtwɛn no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yesua. Wɔmfa nwo obiara. Sɛ ɔkɔm de nkokoaa anaasɛ biribi haw wɔn a, wɔpɛ sɛ wonya mmoa ntɛm ara. Bere a wɔrenyin no nkutoo na ɛtɔ mmere bi a wɔte ase sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwɛn ansa na wɔn nsa aka nea wɔhwehwɛ. Nokwarem no, esiane sɛ yentumi nyi twɛn a yɛbɛtwɛn mfi yɛn asetram nti, hu a yebehu sɛnea yɛde boasetɔ twɛn bere a ɛho hia no bɛkyerɛ sɛ yɛn ho akokwaw.

Ɛwom, tebea horow bi wɔ hɔ a egye ntɛmpɛ a sɛ obi antumi antwɛn a ntease wom. Okunu aberantewaa bi a ɔpɛ ntɛm de ne yere akɔ ayaresabea esiane sɛ ɔreyɛ awo wɔn ba foforo nti no betumi adi bem sɛ ɔnna boasetɔ adi. Ná abɔfo a wɔrepiapia Lot atikɔ sɛ omfi Sodom no nsiesiee wɔn ho sɛ wɔbɛtwɛn bere a na Lot retwentwɛn ne nan ase no. Ná ɔsɛe reba, na na Lot ne n’abusua nkwa da asiane mu. (Genesis 19:15, 16) Nanso, wɔ nsɛm pii mu no, sɛ wɔhyɛ nkurɔfo ma wɔtwɛn a, na ɛnyɛ sɛ nkwa da asiane mu ntia. Wɔ nsɛm a ɛtete saa mu no, sɛ obiara resua sɛ ɔbɛtɔ ne bo ase a, nneɛma bɛkɔ yiye—ɛmfa ho sɛ ebia obi anyɛ n’adwuma yiye anaa ɔyɛɛ anibiannaso mpo no. Bio nso, sɛ obiara sua sɛ ɔde bere a ɔde twɛn biribi no bɛyɛ biribi a mfaso wɔ so a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛtwɛn. Nyansahyɛ ahorow bi a ɛma wotumi twɛn san nya so mfaso mpo no wɔ adaka a ɛwɔ kratafa 5 no mu.

Yɛrentumi mmu yɛn ani ngu so sɛ obi a ne ho pere no no betumi ada ahantan honhom adi, su a ɛkyerɛ sɛ ne ho hia dodo sɛ wɔma ɔtwɛn. Ɛfata sɛ wɔn a wɔte saa nyinaa susuw Bible mu nsɛm a edidi so yi ho: “Boasetɔ honhom ye sen ahomaso honhom.” (Ɔsɛnkafo 7:8) Dwae anaa ahantan yɛ sintɔ a anibere wom, na Bible mu abebusɛm bi ka sɛ: “Koma mu kwasiarefo nyinaa yɛ [Yehowa, NW] akyide.” (Mmebusɛm 16:5) Enti boasetɔ a yebesua—sɛnea wɔtwɛn a yebesua—betumi ahwehwɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu ne yɛne afoforo ntam abusuabɔ mu yiye.

Wobenya Boasetɔ so Akatua

Sɛ yenim sɛ nea yɛretwɛn no fata, na sɛnea ɛte biara no ɛbɛba a, ɛntaa nyɛ den sɛ yɛbɛtwɛn. Wɔ eyi mu no, eye sɛ yesusuw nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn nokware asomfo nyinaa retwɛn ne bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye a ɛwɔ Bible mu no mmamu ho. Sɛ nhwɛso no, wɔka kyerɛ yɛn wɔ dwom a wofi honhom mu kyerɛwee no mu sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” Ɔsomafo Yohane tii saa bɔhyɛ yi mu bere a ɔkae sɛ: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (Dwom 37:29; 1 Yohane 2:17) Ɛda adi pefee sɛ, sɛ yɛretra ase daa a, anka twɛn a yɛbɛtwɛn no nyɛ ade kɛse biara. Nanso mprempren yi, yenni asetra a enni awiei. So ntease wom mpo sɛ yɛka daa nkwa ho asɛm?

Ansa na yebebua no, hu sɛ Onyankopɔn bɔɔ yɛn awofo a wodi kan no a na wɔwɔ daa nkwa ho anidaso. Ɛyɛ bɔne a wɔyɛe no nkutoo nti na wɔne wɔn mma nyinaa—a yɛka ho—hweree saa anidaso no. Nanso, wɔn bɔne no akyi pɛɛ na Onyankopɔn daa n’atirimpɔw a ɔde bɛdan nea efii wɔn asoɔden mu bae ani, no adi. Ɔhyɛɛ ‘aseni’ bi a na ɔbɛba, a ɔne Yesu Kristo, ho bɔ.—Genesis 3:15; Romafo 5:18.

Sɛ ebia yebenya ne bɔhyɛ ahorow no mmamu mu mfaso sɛ ankorankoro no yɛ yɛn ankasa gyinaesi. Saa a yɛbɛyɛ no gye boasetɔ. Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛasua saa boasetɔ yi no, Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yensusuw okuafo nhwɛso no ho. Ogu n’aba, na ɛsɛ sɛ ɔtɔ ne bo ase twɛn—yɛ nea obetumi biara de bɔ ne nnɔbae ho ban—kosi sɛ otwa bere bedu. Ɛno ansa na obenya ne boasetɔ so akatua, na wadi ne nsa ano adwuma so aba. (Yakobo 5:7) Ɔsomafo Paulo ka boasetɔ ho nhwɛso foforo ho asɛm. Ɔkae yɛn tete mmarima ne mmea gyidifo no. Ná wɔrehwɛ Onyankopɔn atirimpɔw ahorow no mmamu kwan, nanso na ɛsɛ sɛ wɔtwɛn Onyankopɔn bere a wahyɛ. Paulo hyɛ yɛn nkuran sɛ yensuasua eyinom a “wɔnam gyidi ne abodwokyɛre so nyaa bɔhyɛ no.”—Hebrifo 6:11, 12.

Yiw, ɔtwɛn yɛ ade a yentumi nkwati wɔ asetra mu. Nanso ɛnsɛ sɛ ɛyɛ biribi a ɛteetee yɛn bere nyinaa. Wɔ wɔn a wɔretwɛn Onyankopɔn atirimpɔw mmamu fam no, ebetumi ayɛ ade a ɛma wɔn ani gye. Wobetumi de bere a wɔde twɛn no ne Onyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den na wɔayɛ nnwuma a ɛda wɔn gyidi adi. Na ɛdenam mpaebɔ, adesua, ne nsusuwho so no, wobetumi anya ahotoso pintinn sɛ nea Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ biara bɛbam wɔ ne bere a wahyɛ mu.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 5]

TEW ƐYAW A ƆTWƐN DE BA NO SO!

Yɛ nhyehyɛe to hɔ! Sɛ wunim sɛ wobɛtwɛn a, siesie wo ho sɛ wobɛkenkan ade, akyerɛw ade, apam ade, anwene ade, anaa wobɛyɛ biribi foforo a mfaso wɔ so.

Fa bere no susuw nneɛma ho, biribi a ɛkɔ so yɛ den wɔ yɛn wiase yi a nneɛma kɔ ntɛmntɛm yi mu no.

Ma biribi a wubetumi akenkan mmɛn telefon na sɛ ɛba sɛ woretwɛn obi wɔ so a, woakenkan; wubetumi akenkan nkratafa pii wɔ simma anum anaa du mu.

Sɛ woretwɛn wɔ kuw bi mu a, fa hokwan no di dwuma na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wo ne afoforo mfi nkɔmmɔbɔ ase ne wɔn nsusuw nneɛma a ɛma denhyɛ ho.

Fa nhoma ketewa bi a wɔkyerɛw mu anaa nea wubetumi akenkan hyɛ wo kar mu ma bere a ebia wobɛtwɛn mpofirim no.

Kata w’ani, gye w’ahome, anaa bɔ mpae.

TWƐN A WOTUMI TWƐN NO TAA GYINA SUBAN NE NNEƐMA A WOSUSUW HO TO HƆ SO.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena