Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w02 12/1 kr. 32
  • Bere a Eye Sen Biara a Ɛsɛ sɛ Wotra Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Eye Sen Biara a Ɛsɛ sɛ Wotra Ase
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
w02 12/1 kr. 32

Bere a Eye Sen Biara a Ɛsɛ sɛ Wotra Ase

SƐ WUHYIA sɔhwɛ ahorow a, so w’ani gyina ‘kan nna a eye no’? Ɛnde susuw Ɔhene Salomo nsɛm no ho hwɛ: “Nka sɛ: Ɛdɛn na kan nna no ye sen eyinom yi? Na ɛnyɛ nyansa so na wubisa eyi ase.”—Ɔsɛnkafo 7:10.

Dɛn nti na Salomo de afotu yi mae? Efisɛ na onim sɛ kan nna ho adwempa a obi benya yɛ mmoa a ɛsom bo a ɛbɛma watumi agyina mprempren tebea a ɛnyɛ anigye no ano. Wɔn a wɔn ani gyina ‘kan nna a eye’ no werɛ betumi afi ankasa sɛ na ɔhaw ne amanehunu ahorow wɔ saa mmere no mu nso, ɛne sɛ asetra nyɛɛ pɛ da. Ebetumi aba sɛ kan nna no mu nneɛma bi wɔ hɔ a na eye, nanso ɛda adi ankasa nso sɛ na afoforo nye. Sɛnea Salomo kae no, nyansa nnim ankasa sɛ wode w’adwene besi kan nna so sɛnea ɛmfata, efisɛ ɛda adi sɛ yentumi nsan nkɔ saa tebea no mu bio.

So asiane bi betumi aba yɛn ani a yɛbɛma agyina kan asetra no mu? Yiw, sɛ amma yɛanyɛ fakãã na yɛanyɛ nsakrae a ɛne tebea a yɛwom mprempren anhyia anaasɛ amma yɛankyerɛ mmere a yɛwom ne anidaso a yebetumi anya ho anisɔ a.

Nokwarem no, ɛnnɛ ne bere a eye sen biara a ɛsɛ sɛ wotra ase, ɛmfa ho sɛ ɔhaw ahorow a ɛwɔ wiase redɔɔso no. Dɛn ntia? Efisɛ yɛrebɛn Onyankopɔn atirimpɔw a ɛfa yɛn asase ne N’ahenni nniso a asomdwoe wom mu nhyira horow ho mmamu ho. Bible hyɛ bɔ sɛ: “Ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:4) Afei, bere a tebea horow ayɛ yiye paa no, obiara rennya biribi a obegyina so ama n’ani agyina ‘kan nna a eye no’ bio.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena