Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 5/15 kr. 28-31
  • So Wubetumi Anya Anigye Bere A Wowɔ Pii Yɛ No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubetumi Anya Anigye Bere A Wowɔ Pii Yɛ No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ade a Wɔyɛ Wie De Anigye Ba
  • Kari Pɛ
  • Akwan Pa a Yebetumi Afa so Akɔ so Akari Pɛ
  • Fa Atɛmpa Di Dwuma
  • Yɛn Som Adwuma No Ho Adwempa A Yebenya
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Woyɛ Ɔkwampaefo a Ɔkari Pɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Wunni Wo Ho Adagyew Koraa?
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Ma W’asetra Nyɛ Nea Ɛkari” Pɛ Na Ɛkwati Akɛsesɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 5/15 kr. 28-31

So Wubetumi Anya Anigye Bere A Wowɔ Pii Yɛ No?

YƐN mu pii nni adagyew koraa wɔ asetra mu. Nnɛyi asetra mu ahokyere a ɛkɔ so bere nyinaa no hwehwɛ sɛ yɛbɔ mmɔden bere nyinaa na yɛatumi agyina ano. Ɛsɛ sɛ okununom ne agyanom di wɔn mmusua, adwumawuranom ne afoforo ho asɛyɛde a egye ntɛmpɛ no ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔyerenom ne ɛnanom yɛ fie nneɛma a wɔn mmusua hia no, na mpɛn pii no ɛsɛ sɛ wɔyɛ honam fam adwuma. Wɔhyɛ mmofra nso sɛ wonni abusua mu asɛyɛde ahorow bi ho dwuma, bere a wosua nhoma a ebesiesie wɔn ama adwuma a ɛsow aba wɔ adesamma abusua mu no.

Na yɛn a yɛahyira yɛn nkwa so ama Yehowa Nyankopɔn na yɛyɛ n’Adansefo a wɔabɔ wɔn asu no nso ɛ? Nneɛma a wɔhwehwɛ sɛ yɛyɛ nyinaa akyi no, yɛwɔ ɔsomafo Paulo afotu yi nso: “Me nuanom adɔfo, muntintim, munnhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, efisɛ munim sɛ mo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu.” (1 Korintofo 15:58) Yiw, asɛyɛde afoforo pii ka nea wɔhwehwɛ sɛ yɛyɛ wɔ nokware som mu no ho. Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi asɛyɛde yi nyinaa ho dwuma, na yɛanya asomdwoe ne anigye nso?

Ade a Wɔyɛ Wie De Anigye Ba

Anigye​—yiyedi anaasɛ akomatɔyam nka a wɔte​—ne asetra mu asɛyɛde ahorow a wotumi di ho dwuma wɔ abusuabɔ kɛse. Sɛ yetumi di yɛn da biara asɛyɛde ahorow ho dwuma yiye sɛnea ɛsɛ, na yɛyɛ nneɛma bere ano ne wɔ ano wɔ ano a, yenya akomatɔyam. Ɛsɛ sɛ ɛba saa, na nea efi mu ba no ma yɛn ani gye.

Yehowa Nyankopɔn mmɔɔ ne tirim da sɛ ɔbɛma asɛyɛde ahorow ho dwumadi ayɛ adesoa a emu yɛ duru. Mmom no, bere nyinaa ɔpɛ sɛ ‘yɛn ani gye na yehu adepa yɛn brɛ nyinaa mu.’ (Ɔsɛnkafo 3:12, 13) Sɛ yɛn ani gye wɔ yɛn adwuma mu a, yɛtaa sow aba. Yegye akwankyerɛ tom ntɛm ara, na yɛne afoforo bɔ wɔ asomdwoe mu. Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ yenni anigye a, ɛma adwuma a yɛyɛ no yɛ den​—biribi a ɛfono yɛn, na edi yɛn awu wɔ nkate fam. Eyi ma yenya adwumayɛ su a ɛnsow aba, ne adwene a ɛnteɛ. Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nea wɔhwehwɛ sɛ yɛyɛ nyinaa no, asetra dan apereperedi da biara. Nanso, sɛ yebetumi anya ɔkwan bi a yɛbɛfa so akura anigye mu wɔ nea yɛyɛ no mu a, ɛda adi yiye sɛ yebenya asetra a mfaso ne akomatɔyam wom.

Kari Pɛ

Sɛ yɛn ani begye, ɛwom sɛ yɛwɔ pii yɛ mpo a, ehia sɛ yɛkari pɛ. Sɛ yɛbɛkari pɛ no kyerɛ dɛn? Ɛyɛ “adwene ne nkate mu pintinnyɛ.” Obi a ɔkari pɛ bɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ n’ade pɛpɛɛpɛ wɔ ne dwumadi ahorow mu. Odi kan yɛ nhyehyɛe, ɔkwati mmɔtohɔ, na n’ani so da hɔ. Ɔda ahosodi adi wɔ adidi, ɔnom, ahomegye, ne anigyede mu. Nokwarem no, “ɔsɔre ne ho ade nyinaa mu”!​—1 Korintofo 9:24-27; fa toto Tito 2:2 ho.

Mpaebɔ di dwuma titiriw wɔ sɛnea Kristofo bɛkɔ so akari pɛ no mu. Yehowa akoa betumi abɔ mpae asrɛ Onyankopɔn honhom kronkron, ne ne soro Agya mmoa na ama wasow honhom no aba a ahosodi ka ho. (Luka 11:13; Galatifo 5:22, 23) Ne titiriw no, ɛsɛ sɛ Kristoni bɔ Onyankopɔn mpae bere a ɔrehyia sɔhwɛ a ɛbɛma wahinhim no. Odwontofo Dawid kae sɛ: “Fa wo kwan hyɛ [Yehowa] nsam, na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ.” (Dwom 37:5) Ebia ɛtɔ da bi a, ebehia sɛ yɛbɔ mpae sɛnea Dawid yɛe no, bere a ɔsrɛe sɛ: “Onyankopɔn, yɛ ntɛm ma me. Wone me boafo ne me gyefo, [Yehowa], ntwentwɛn wo nan ase.” (Dwom 70:5) Mma wo werɛ mfi da sɛ wonam mpaebɔ so betumi akari pɛ na woanya ‘Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so na ɛhwɛ yɛn koma ne yɛn adwene so no.’​—Filipifo 4:6, 7.

Esiane sɛ Kristoni a ɔkari pɛ de ne ho to Yehowa so, na ɔwɔ Onyankopɔn asomdwoe nti, n’adwenem tew. (Tito 2:11, 12) Eyi fi Bible nnyinasosɛm a ɔte ase yiye ne dwuma a ɔde di wɔ n’asetra mu no. Onipa a ɔte sɛɛ no nyɛ nyaatwom, na ɔmfa ahopere mmu ntɛn. Odwo nti ɔnyɛ katee anaasɛ mpĩ. Ɔwɔ ne ho ne nea otumi yɛ ho adwene a ɛsɛ, a eyi ma otumi ne afoforo yɛ biako. (Mika 6:8) Anigyesɛm ne sɛ su horow a ɛboa obi ma ɔkari pɛ no nso ka su horow a wɔhwehwɛ afi wɔn a wɔpaw wɔn sɛ wɔnsom sɛ ahwɛfo wɔ Kristofo asafo no mu no hɔ no ho.​—1 Timoteo 3:2, 3.

Yebetumi ama yɛn anigye ayɛ kɛse denam mmɔden a yɛbɛbɔ akari pɛ kɛse wɔ yɛn da biara dwumadi ahorow mu no so. Sɛ yɛda su horow a ɛma yetumi kari pɛ yiye no adi a, yebetumi ayɛ nneɛma a ehia a ɛrempira yɛn wɔ honam mu ne nkate mu. Ɛbɛda adi sɛ yɛn asetra kɔ so yiye, na yebetumi ayɛ pii. Afoforo benya yɛn fekubɔ mu anigye kɛse, na yebenya akomatɔyam ne anigye kɛse. Nanso akwan a yɛbɛfa so na ama yɛakɔ so akari pɛ no bi ne nea ɛwɔ he?

Akwan Pa a Yebetumi Afa so Akɔ so Akari Pɛ

Nea ɛbɛyɛ na yɛakɔ so akari pɛ no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi yɛn ankasa nneɛma ho dwuma ntɛm ne wɔ ano wɔ ano. Ehia sɛ yedi kan yɛ nhyehyɛe, na yedi nneɛma ho dwuma pɛpɛɛpɛ ne nnidiso nnidiso. Wɔn a wɔnyɛ nhyehyɛe pa, na wɔyɛ mmɔtohɔ no de dadwen ne ahokyere pii ma wɔn asetra yɛ hwanyann. Nneɛma a yetumi yɛ no yiye wɔ asetra fã yi mu no bɛboa yɛn ma yɛate nka sɛ yɛwɔ yɛn asetra so tumi, na ɛnyɛ sɛ tebea no ama yentumi nyɛ hwee.

Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛn nkutoo bɛyɛ biribiara. Wɔn a wɔmpɛ sɛ afoforo bɛboa wɔn no taa brɛ na wɔyɛ basaa yiye. Nnwuma ahorow wɔ hɔ a afoforo betumi ayɛ. Enti, nyansa wom sɛ wobɛma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔboa no yɛ nneɛma a wobetumi ayɛ no ma wo. Wɔ yɛn nnwuma a ɛbɛma so atew akyi no, eyi betumi ahyɛ afoforo a wɔpɛ sɛ wɔbɛn yɛn no nkuran nso.

Nyansa nnim sɛ yɛde yɛn ho bɛtoto wɔn a ebia wotumi yɛ pii no ho. Mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ sɛ wɔn a ɛda adi sɛ wɔyɛ pii sen yɛn no bebu yɛn abam, na yɛbɛte nka sɛ yɛmfra na yɛmfata. Nsusuwii a ɛte sɛɛ no sɛe ade, ɛsɛe yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛyɛ biribi ne ahotoso a yɛn ankasa yɛwɔ. Paulo kyerɛwee sɛ: “Obiara nsɔ n’ankasa n’adwuma nhwɛ, ɛno na obenya n’ankasa ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho.” (Galatifo 6:4) Kae sɛ odwumayeni a ɔsom bo kɛse ne nea odi akwankyerɛ akyi, ɔkari pɛ, wotumi de ho to no so, na ɔyɛ adwuma pa. Sɛ yɛte saa a, wɔbɛkyerɛ yɛn nnwuma ho anisɔ na wɔbɛhwehwɛ.​—Mmebusɛm 22:29.

Ehia sɛ yɛhwɛ yɛn akwahosan so yiye. Ɛyɛ yɛn ahode a ɛsom bo sen biara no mu biako, efisɛ sɛ yenni akwahosan a, nneɛma kakraa bi na yebetumi ayɛ. Enti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden di nnuan pa. Ɛsɛ sɛ yenya ɔhome a yehia no, na yɛkɔda anadwo wɔ bere a ɛfata mu. Sɛ yɛabrɛ yiye anaasɛ ‘yɛte nka sɛ yɛreyɛ ayare a, ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho kɔ so yɛ nneɛma; ebetumi apira yɛn kɛse.

Ehia sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannya anwiinwii honhom. Sɛ yenya adwene a ɛnteɛ a, ɛkame ayɛ sɛ yebetumi ahu biribi a enye wɔ biribiara anaasɛ obiara ho. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛne afoforo ani rennye. Sɛ anka yebedi nea yɛte nka sɛ ɛnteɛ ho nseku anaasɛ yebenwiinwii wɔ ho no, ɛsɛ sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ wɔn a ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wodi asɛm no ho dwuma no, na yegyaw ma wɔn ma wosiesie nneɛma. (Fa toto 1 Korintofo 1:10-12 ho.) Nyansa wom sɛ yebenya adwene pa, na yɛahwehwɛ bere nyinaa sɛ yebehu biribi pa wɔ afoforo ho, ne wɔ nsɛm a ɛkyerɛ yɛn asetra kwan mu no.​—Fa toto Yuda 3, 4, 16 ho.

Bere a yɛreyɛ yɛn dwumadi ahorow ho nhyehyɛe no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ tra so a, ɛbɛma yɛayɛ biribi pa de, nanso yɛrentumi nyɛ nkyɛ. Ɛnyɛ ɔbrɛ nko na yɛn ho a yɛbɛyere atra so daa no bɛma yɛabrɛ, na mmom nso ɛde abasamtu a ebetumi asɛe yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ no bɛba. Enti, momma yɛnyɛ nea yebetumi ayɛ daa ho nhyehyɛe. Sɛ nhwɛso no, eye sɛ yɛbɛyɛ daa afie afie asɛnka adwuma ne Kristofo ɔsom adwuma no afã foforo ho bere nhyehyɛe pa. Ehia sɛ yenya bere ma ahomegye ne anigyede a ɛma denhyɛ. Na yebehu sɛ mfaso wɔ so sɛ yɛne nnipa a wɔn mfe akɔ anim a wɔde mfe pii anya osuahu bɛbɔ nkɔmmɔ, efisɛ ebia wɔasua sɛnea wɔyɛ nneɛma a ehia a wɔmmrɛ ɔhonam fam ne nkate mu.

Fa Atɛmpa Di Dwuma

Ɛfata sɛ wote nka sɛ wowɔ asɛyɛde na wunya ɔpɛ sɛ wubedi asɛyɛde ahorow a wɔde ama wo no nyinaa a Yehowa nkurɔfo asafo mu de ka ho ho dwuma. Onyankopɔn ani gye adwumayɛfo nsiyɛfo a wotumi de ho to wɔn so no ho. (Fa toto Mateo 25:21; Tito 2:11-14 ho.) Nanso Kyerɛwnsɛm no hyɛ sɛ: “Fa nyansahu ne adwempa sie.” (Mmebusɛm 3:21) Yebenya mfaso afi Bible mu nyansa a yɛde bedi dwuma no mu, na ehia sɛ yɛde nyansa ne atɛmpa di dwuma, yɛde boasetɔ yɛ nhyehyɛe, na yɛayɛ nea yɛn ahoɔden betumi bere nyinaa.

Ɛsɛ sɛ afotu a ɛne sɛ yɛnyɛ pii Awurade adwuma mu no ne kɔkɔbɔ a wɔakamfo akyerɛ wɔ Ɔsɛnkafo 9:4. no hyia. Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “Ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu.” Yiw, ɛwom sɛ ebinom bu ɔkraman a ɔte ase animtiaa de, nanso oye sen gyata a wawu, aboa a pii bu no sɛ kwaem obirɛmpɔn. Sɛ yɛkari pɛ na yɛhwɛ yɛn akwahosan so yiye a, yɛbɛtra nkwa mu na yɛakɔ so ayɛ nneɛma. Awufo nni dwumadi biara mu kyɛfa bio. Atɛmpa betumi aboa yɛn ma yɛakari pɛ sɛnea ɛsɛ na yɛayɛ nneɛma a ehia no a anigye a yɛwɔ no remfi yɛn nsa.

Enti pii a yɛwɔ yɛ no nkyerɛ sɛ yɛrentumi nnya anigye. Nnipa a wonni adagyew sen biara no betumi ayɛ wɔn a wɔka wɔn a wɔwɔ anigye sen biara no ho, sɛ wɔda ntease adi, kura adwempa mu, na wɔde atɛmpa di dwuma na wɔakari pɛ yiye a. Sɛ yɛda nyansa adi, yɛ nnwuma pa, na yɛde yɛn ho to Yehowa Nyankopɔn so a, yebetumi anya anigye a ɛsen biara.​—1 Timoteo 6:17-19.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena