Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp21 nɔma 3 kr. 9-11
  • Sɛ Obi Yɛ Onipa Pa a, Ɛkyerɛ Sɛ Ebesi No Yiye Daakye Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Obi Yɛ Onipa Pa a, Ɛkyerɛ Sɛ Ebesi No Yiye Daakye Anaa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA EBINOM YƐ
  • ASI WƆN YIYE?
  • Obiara Pɛ Sɛ Esi No Yiye Daakye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Nea Ɛbɛma Asi Wo Yiye Daakye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Nnianim Nsɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • “Ahobrɛasefo Benya Asase No Adi”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
wp21 nɔma 3 kr. 9-11
Awuraa bi a ɔte bɔs mu asɔre sɛ maame panyin bi ntena ase.

Sɛ Obi Yɛ Onipa Pa a, Ɛkyerɛ Sɛ Ebesi No Yiye Daakye Anaa?

Nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ wɔyɛ adepa a, ɛno na ɛbɛma asi wɔn yiye wɔ abrabɔ mu. Nkurɔfo nyaa saa adwene no nyɛ nnɛ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Asiafo bi bɔ mmɔden sɛ wɔde asɛm a ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔde Confucius (551-479 A.Y.B.) kae no bɛyɛ adwuma. Ɔkaa sɛ: “Nea wompɛ sɛ afoforo de bɛyɛ wo no, mfa nyɛ obi.”a

NEA EBINOM YƐ

Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, ebinom wɔ adwene sɛ, sɛ wɔyɛ papa a, ɛno na ɛbɛma asi wɔn yiye. Ɛno nti wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛda obu adi akyerɛ afoforo, wɔbɛda suban pa adi, na wɔrenyɛ biribiara a ɛbɛma wɔn tiboa abu wɔn fɔ. Afei wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn asɛde wɔ wɔn abusua mu, adwuma mu, ne mpɔtam a wɔte. Maame bi a wɔfrɛ no Linh a ɔwɔ Vietnam kaa sɛ, “Ná migye di paa sɛ, sɛ midi nokware na manyɛ obiara bɔne a, menya nhyira, na nneɛma bɛkɔ yiye ama me wɔ abrabɔ mu.”

Saa awuraa no ara rekyekyɛ aduan ama ahiafo ne adedamfikyiri.

Ebinom nso wɔ hɔ a, nneɛma a wɔkyerɛkyerɛ wɔn wɔ wɔn som mu nti, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ papa. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hsu-Yun te Taiwan. Ɔkaa sɛ, “Wɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ, bra a obi bɛbɔ wɔ asaase so no na ɛbɛkyerɛ sɛ ne wu akyi, n’ani begye anaa wɔbɛyɛ no ayayade.”

ASI WƆN YIYE?

Awuraa no abedu fie anwummere, ne ba da ne nan so. Wohwɛ n’anim a, wutumi hu sɛ wabrɛ, na ne werɛ ahow.

Sɛ yɛyɛ nkurɔfo papa a, akyinnye biara nni ho sɛ, yenya so mfaso pii. Nanso wɔn a woyi wɔn yam yɛ afoforo papa no mu pii ahu sɛ, ɛnyɛ daa na afoforo de papa tua wɔn ka. Awuraa bi a ɔte Hong Kong a wɔfrɛ no Shiu Ping kaa sɛ, “Asɛm bi a ɛtoo me ma mihuu sɛ, sɛ woyɛ papa a, ɛnkyerɛ sɛ sɛnea ɛte biara nneɛma bɛkɔ yiye ama wo. Meyɛɛ nea metumi biara sɛ mɛhwɛ m’abusua, na mayɛ adepa. Nanso nea meyɛe no nyinaa ankosi hwee; m’aware gyigyae, na me kunu guan gyaw me ne me babarima hɔ.”

Nnipa bebree ahu sɛ, ɛnyɛ nyamesomfo nyinaa na ɛyɛ nneɛma pa. Maame bi a wɔfrɛ no Etsuko a ɔte Japan kaa sɛ, “Mekɔdɔm ɔsom bi, na kuw bi a na wɔatew ama mmerante ne mmabaa no, me na na meda ano. Nanso nneɛma bi a na ɛrekɔ so wɔ ɔsom no mu no maa me ho dwiriw me. Ná ebinom bu brabɔne, na na ebinom nso repere sɛ wobenya tumi anaa dibea wɔ ɔsom no mu. Afei nso, na ebinom di asɔre no sika.”

“Meyɛɛ nea metumi biara sɛ mɛhwɛ m’abusua, na mayɛ adepa. Nanso nea meyɛe no nyinaa ankosi hwee; m’aware gyigyae, na me kunu guan gyaw me ne me babarima hɔ.”​—SHIU PING, HONG KONG

Nnipa binom nso de, wɔmfa wɔn som nni agorɔ, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ papa. Enti sɛ nneɛma bɔne to wɔn a, ɛyɛ a wɔnte ase. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɔbea bi a ofi Vietnam a wɔfrɛ no Van kaa sɛ, “Da biara na mede nnuan, nnuaba, ne nhwiren kogu me nananom a wɔawuwu nna so. Ná m’adwene yɛ me sɛ, sɛ meyɛ saa a, ebesi me yiye daakye. Nanso nneɛma pa a na meyɛ ne amanne a meyɛɛ no mfe pii no ankosi hwee. Eduu baabi no, yare koankɔ bi bɔɔ me kunu. Afei me babea a ɔkɔ sukuu wɔ aburokyiri nso wui yayaayaw; na onnyin ahe biara.”

SƐ WOYƐ ADEPA A, ƐNO ARA KƐKƐ NKYERƐ SƐ NNEƐMA BƐKƆ YIYE AMA WO

Onipa de, eye sɛ wobɛyɛ nneɛma pa. Nanso ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ ebesi wo yiye wɔ abrabɔ mu. Adɛn nti na yɛreka saa? Kyerɛw Kronkron no ma yehu nea enti a.

ƐNYƐ NNIPA NYINAA NA ƐYƐ NNEƐMA PA

“Ɔbɔnefo baako pɛ betumi asɛe adepa bebree.”​—ƆSƐNKAFO 9:18.

Ebia wo de, woreyɛ nea wubetumi biara sɛ wobɛyɛ nneɛma pa, nanso nneɛma bɔne a afoforo yɛ no betumi akɔfa ɔhaw abrɛ wo, na ama w’asetena ayɛ basaa. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, fa no sɛ baabi a wote no, nsanyare bi ate asi hɔ. Ebia aban no de akwankyerɛ bɛma sɛ, ɛnsɛ sɛ mobɛn nkurɔfo pii. Ebia wo de, wode bɛyɛ adwuma, nanso sɛ afoforo yɛ wɔn adwene sɛ wɔremfa nyɛ adwuma ɛ? Nea ebesi ne sɛ, wobetumi anya yare no bi, na anhwɛ a wɔde bɛsan wɔn a wɔde aban no akwankyerɛ reyɛ adwuma no mpo.

EBINOM BETUMI ANYA ADWENE SƐ WƆREYƐ ADEPA NANSO NA ƐNTE SAA

“Ɔkwan bi wɔ hɔ a, ɛteɛ wɔ onipa ani so, nanso ekowie owu mu.”​—MMEBUSƐM 14:12.

Ɛtɔ da a, obi betumi anya adwene sɛ nea ɔreyɛ no yɛ papa, nanso ebewie ase no, ebia obehu sɛ, sɛɛ wafom. Adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Ɛwom, ɛtɔ da a obi de adwempa besi gyinae bi, nanso sɛ gyinae no kɔ bɔne anaa ankɔ yiye a, nea ebefi mu aba no, ɔremfa ne ho nni.

OBI NNIM ƆKYENA ASƐM

“Munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena.”​—YAKOBO 4:14.

Sɛ obi yɛ onipa pa mpo a, biribi betumi atwa ne nkwa so. Sɛ nhwɛso no, bere a COVID-19 yare no yii ne ti no, wɔn a wotuu wɔn ho mae sɛ wɔbɛboa afoforo no, wɔn mu pii faa mu hweree wɔn nkwa. Afei hwɛ awuraa bi a ɔwɔ China a wɔfrɛ no Liting asɛm yi. Ne papa nyaa kar akwanhyia wui. Ɔkaa sɛ: “Ná me papa yɛ onipa pa paa; na ɔpɛ adwuma, ɔbrɛ ne ho ase, na na ɔyɛ ɔnokwafo. Enti na minhu nea enti a ɛsɛ sɛ onipa pa saa wu. Nea ɛyɛ yaw koraa ne sɛ, kar akwanhyia no mu no, ɔno nko ara na ɔhweree ne nkwa.”

Ebia obi bebisa sɛ, sɛ ɛnyɛ adepa a obi bɛyɛ na ɛbɛma asi ne yiye a, ɛnde dɛn na ɛbɛma asi no yiye? Baabi wɔ hɔ a yebetumi anya akwankyerɛ pa a ɛbɛboa yɛn ama asi yɛn yiye. Yebenya wɔ he? Asɛm a edi hɔ no bɛma yɛahu.

a Sɛ wopɛ sɛ wuhu Confucius nkyerɛkyerɛ ho nsɛm pii a, hwɛ nhoma a yɛato din Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ ti 7, nkyekyɛm 31-35. Yehowa Adansefo na ɛyɛɛ saa nhoma no. Afei sɛ wokɔ www.jw.org. a, wubenya bi wɔ hɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena