Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w04 12/1 kr. 32
  • Nhoma A Yɛbɛkan​—Salomo Afotu Pa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhoma A Yɛbɛkan​—Salomo Afotu Pa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
w04 12/1 kr. 32

Nhoma A Yɛbɛkan​—Salomo Afotu Pa

ƆHENE Salomo kyerɛwee bɛyɛ mfirihyia 3,000 a atwam ni sɛ: “Nhoma bebree yɛ nni awiei, na tirim dwen bebrebe hyɛ ɔhonam brɛ.” (Ɔsɛnkafo 12:12) Bere a Israel hene nyansafo no kaa eyi no, na ɛnyɛ sɛ ɔrebu yɛn abam sɛ mma yɛnkenkan nhoma biara. Mmom no, na ɔreka sɛ ɛnyɛ nhoma biara kɛkɛ na ɛsɛ sɛ yɛkenkan. Sɛ wohwɛ sɛnea afe biara wotintim nhoma ɔpepepem pii wɔ wiase yi mu no a, akyinnye biara nni ho sɛ saa afotu no fata yɛn bere yi paa!

Ɛda adi sɛ nea Salomo kaa ho asɛm sɛ “nhoma bebree” no yɛ nhoma a ɛmma abotɔyam ne nkuranhyɛ. Enti sɛ́ anka nea ɔkenkan no benya mfaso afi n’akenkan so no, Salomo kae sɛ ‘ɛhyɛ no brɛ’ mmom.

Nanso, asɛmmisa no ne sɛ, enti na Salomo repɛ akyerɛ sɛ nhoma biara nni hɔ a ɛma akwankyerɛ pa a ebetumi aboa nea ɔkenkan no? Dabi, efisɛ ɔkyerɛwee nso sɛ: “Anyansafo nsɛm te sɛ anantwikafo mpeaw ne nnadewa a nhyiam mu akunini de ama a ɔhwɛfo biako na ɔde mae.” (Ɔsɛnkafo 12:11) Yiw, nhoma bi wɔ hɔ a ɛte sɛ “anantwikafo mpeaw” a ebetumi ama yɛafa ɔkwan a ɛteɛ so. Bio nso, te sɛ “nnadewa” a wɔde bobɔ biribi mu no, ebetumi ama obi ayɛ den na wayɛ adepa a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no.

Ɛhefa na yebenya afotu a ɛte saa? Salomo ka sɛ afotu pa a ɛsen biara ne nea efi Ɔhwɛfo biako, Yehowa nkyɛn no. (Dwom 23:1) Enti, Bible a Onyankopɔn ankasa ama wɔakyerɛw no mu nkutoo na yebehu afotu pa a ɛsen biara no, na ɛnyɛ nhoma foforo biara mu. Sɛ obi kenkan saa nsɛm a efi Onyankopɔn hɔ no daa a, ɛbɛma no “ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.”—2 Timoteo 3:16, 17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena