Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 12/15 kr. 30
  • So Wokae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Momfa Nkyekyɛ Mo Ho Daa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Wubetumi Anya Wo Nua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Onyankopɔn a ‘Oyi Ne Yam De Bɔne Kyɛ’
    Bɛn Yehowa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 12/15 kr. 30

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Sɛ ɛte saa a, ɛbɛyɛ wo anigye sɛ wobɛkaakae nea edidi so yi:

◻ Dɛn ne nsɛmmisa a ɛsɛ sɛ Kristofo baanu bisa wɔn ho ansa na wɔafi ase asusuw aware nhyehyɛe ho?

‘So minim onipa no honhom mu gyinabea ne ahofama a ɔwɔ ma Onyankopɔn no yiye? So mihu sɛ metumi ne saa nipa no asom Onyankopɔn wɔ me nkwa nna nyinaa mu? So yɛn mu biara ahu ne yɔnko nipasu yiye? So mewɔ ahotoso sɛ yɛn adwene behyia bere nyinaa? So yenim yɛn mu biara kan nneyɛe ne ne mprempren tebea ahorow ho nsɛm pii?’ —8/15, kratafa 31.

◻ Na Yesu kyerɛ dɛn bere a ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mone asase so nkyene” no? (Mateo 5:13)

Na Yesu kyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a wɔka kyerɛ afoforo no betumi akora wɔn atiefo no so, anaasɛ ebegye wɔn nkwa. Nokwarem no, wɔn a wɔde Yesu nsɛm no dii dwuma no bɛbɔ wɔn ho ban afi aman a wɔte mu som no abrabɔ ne ne honhom fam ɔporɔw ho.—8/15, kratafa 32.

◻ Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔayɛ aware nhyehyɛe betumi akwati nna mu ɔbrasɛe ho afiri no?

Sɛ wo ne obi a wopɛ sɛ woware no ayɛ nhyehyɛe a mode pue a, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛkwati sɛ wo ne no nkutoo bɛhyɛ baabi wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Enti ɛyɛ papa sɛ mo ne afoforo bɛbom agye mo ani anaasɛ mobɛyɛ saa wɔ baguam. Monkyerɛ baabi a mobɛda ɔdɔ adi akyerɛ mo ho mo ho akodu, na obiara nkyerɛ obu mma ɔfoforo nkate ne n’ahonim.—9/1, nkratafa 17, 18.

◻ Dɛn ne ntease?

Ɛyɛ tumi a wɔde hu asɛm bi ani so ne sɛnea n’afa ahorow te, denam hu a wobehu sɛnea afa horow no ne asɛm mũ no nyinaa hyia so na ama wɔanya emu ntease. (Mmebusɛm 4:1)—9/15, kratafa 13.

◻ Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ nnɛ?

Nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ titiriw ne sɛ yebetie Ne Ba no na yɛadi ne nhwɛso ne ne nkyerɛkyerɛ akyi. (Mateo 16:24; 1 Petro 2:21)—9/15, kratafa 22.

◻ Henanom na wobetumi anya asomdwoe ankasa?

Esiane sɛ Yehowa yɛ “asomdwoe Nyankopɔn” nti, nnipa a wɔdɔ Nyankopɔn na wɔwɔ obu kɛse ma ne trenee nnyinasosɛm nkutoo na wobetumi anya asomdwoe. (Romafo 15:33)—10/1, kratafa 11.

◻ Ɛyɛɛ dɛn na Yosef nyaa ahoɔden de kaa dabi kyerɛɛ Potifar yere da biara da?

Yosef buu abusuabɔ a ɔne Yehowa wɔ no sen bere tiaa mu anigye a obenya no koraa. Afei nso, ɛwom sɛ na Yosef nhyɛ Onyankopɔn mmara apam ase de, nanso na ɔte abrabɔ pa ho nnyinasosɛm ahorow ase yiye. (Genesis 39:9)—10/1, kratafa 29.

◻ Fi a yebefi yɛn pɛ mu de afiri yɛn nua no ho hia dɛn?

Sɛ yɛbɛkɔ so anya Onyankopɔn nkyɛn fafiri a, ɔfã kɛse no ara gyina yɛn pɛ mu a yebefi de yɛn nuanom mfomso afiri wɔn no so. (Mateo 6:12, 14; Luka 11:4)—10/15, kratafa 17.

◻ Bɔne bɛn na na Mateo 18:15-17 retwe adwene asi so, na dɛn na ɛkyerɛ saa?

Ná bɔne a Yesu aka ho asɛm no yɛ aniberesɛm a na ebetumi ama wɔabu ɔbɔnefo no “sɛ ɔbosonsonni ne towgyeni.” Na Yudafo no ne Amanaman mufo no mmɔ, na na wɔpo towgyefo. Enti asɛm a ɛwɔ Mateo 18:15-17 no fa bɔne a anibere wom ho, ɛnyɛ mfomso nketenkete a wobetumi abu ani agu so anaa wɔagyae mu ma aka. (Mateo 18:21, 22)—10/15, kratafa 19.

◻ Dɛn na Onyankopɔn Asɛm ho nokware anigye a obi bɛkyerɛ no hwehwɛ?

Onyankopɔn Asɛm ho anigye a obi nya no ma ɔtra ase ma ɛne emu ahwehwɛde ahorow hyia. (Dwom 119:97, 101, 105) Eyi hwehwɛ sɛ ɔyɛ nsakrae wɔ ne nsusuwii ne n’asetra kwan mu bere nyinaa.—11/1, kratafa 14.

◻ Bere a yenya nnepa pii fi Yehowa nsam no, dɛn na yɛn nso yebetumi de ama Ɔhene ne Ɔdemafo a ɔsen biara no?

Bible no da no adi sɛ akyɛde a ɛsom bo paa a yebetumi de ama Yehowa ne sɛ yɛbɛbɔ no “ayeyi afɔre.” (Hebrifo13:15) Dɛn ntia? Efisɛ saa afɔrebɔ no fa nkwagye ho tẽẽ, ade titiriw a ehia Yehowa wɔ saa awiei bere yi mu. (Hesekiel 18:23)—11/1, kratafa 21.

◻ Dɛn na na Salomo kyerɛ bere a ɔkyerɛw sɛ: “Anyansafo nsɛm te sɛ anantwikafo mpeaw no”? (Ɔsɛnkafo 12:11)

Wɔn a wɔwɔ ɔsoro nyansa no kanyan akenkanfo anaa atiefo ma wonya nkɔso ma ɛne nyansasɛm a wɔkenkan anaa wɔtie no hyia.—11/15, kratafa 21.

◻ Dɛn ne nhumu a efi Nyankopɔn hɔ?

Ɛyɛ adwene mu tumi a wɔnam so hu nsonsonoe a ɛwɔ papa ne bɔne mu na wɔpaw nea ɛteɛ. Onyankopɔn Asɛm a yesua na yɛde di dwuma no ma yenya nhumu.—11/15, kratafa 25.

◻ Dɛn na ɔpɛ mu a yefi sɛ yebegye asɛyɛde atom no hwehwɛ? (1 Timoteo 3:1)

Eyi hwehwɛ sɛ yɛde atɛmpa di dwuma. Ɛnsɛ sɛ obiara sesaw dwumadi pii gu ne ho so ma Yehowa som adwuma no fono no. Yɛn pɛ mu a yebefi de ayɛ ade no ho hia, nanso ɛsɛ sɛ yɛda ahobrɛase ne “adwenemtew” nso adi bere a yenya ɔpɛ sɛ yɛde yɛn ho bɛma no. (Tito 2:12; Adiyisɛm 3:15, 16)—12/1, kratafa 28.

◻ Ɔkwan bɛn so na wobetumi adi ɔwofoyɛ ho nsɛnnennen no ho dwuma?

Onyankopɔn tu awofo fo sɛ wɔnyɛ nhwɛso pa, nnamfo, ne akyerɛkyerɛfo. (Deuteronomium 6:6, 7)—12/1, kratafa 32.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena