Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 5/8 kr. 28-29
  • Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ade Titiriw a Ɛkanyan Onipa”
  • Yesu Si Nea Salomo Hui no So Dua
  • Asetra Atirimpɔw a Yebehu
  • “Onipa Asɛde Nyinaa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Wo Nkwa—N’atirimpɔw Ne Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Dɛn Na Ɛma Asetra Yɛ Nea Mfaso Wɔ So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • So Asetra Wɔ Atirimpɔw?
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 5/8 kr. 28-29

Bible No Adwene

Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?

“WƆN A WOGYE DARWIN NKYERƐKYERƐ TOM KA SƐ ABƆDE A NKWA WOM A EBI KƆ MA EBI BA NO NKUTOO YƐ NKYERƐKYERƐMU A ƐFATA WƆ ASETRA HO. NANSO ƐKAME AYƐ SƐ NYANSA WOM SƐ SƐ ABƆDE BI TEBEA SAKRA MA ƐBƐYƐ NEA ƐYƐ HU, N’ANI BA NE HO SO NA EHU NYANSA A, ƐNDE NA ƐYƐ NNEƐMA A WƆHYƐ DA HWEHWƐ.”—DYLAN THOMAS (1914-53, WELSH ANWENSƐM NE NHOMA KYERƐWFO).

ASETRA atirimpɔw a wɔhwehwɛ nyɛ ade foforo. Agye nnipa a wɔrepɛ biribi ahu adwene mfehaha pii. Nnansa yi nhwehwɛmu kyerɛ sɛ ɛwɔ New Zealandfo pii adwene mu nnɛ sen mfe du a atwam no. Amanneɛbɔ a wotintim no Listener mu no ka sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ a wɔadi mfe 15 anaa nea ɛboro saa no ɔha biara mu nkyem aduanan akron “taa susuw asetra atirimpɔw ho,” bere a na ɛyɛ ɔha biara mu nkyem 32 bere a wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi a ɛte saa ara wɔ 1985 mu no.

Ɛkame ayɛ sɛ New Zealandfo reda nkate a nnipa a wɔwɔ aman afoforo mu wɔ no bi adi. Listener toa so sɛ: “Bisa a wɔtaa bisa yɛn asetra atirimpɔw ho asɛm no betumi akyerɛ sɛ yɛrepɛ biribi ahu nnɛ sen 1980 mfe no mu, na yenhu ɔkwan a yɛmfa so.”

Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ mmuae a adannandifo de ma wɔ asɛm a wobisa wɔ mmaa nyinaa a ɛne sɛ, Dɛn nti na yɛwɔ ha? ho no ntɔ nnipa bebree asom. Bible no betumi de abrabɔ ho akwankyerɛ a ehia na obi anya atirimpɔw wɔ n’asetra mu ama?

“Ade Titiriw a Ɛkanyan Onipa”

Asase so abɔde nyinaa mu no, onipa nkutoo na osusuw asetra atirimpɔw ho. Wunim nea enti a ɛte saa? Bible no kyerɛ ade biako nti a ɛte saa wɔ Ɔsɛnkafo 3:11. Ɛka Ɔbɔadeɛ no ho asɛm sɛ: “Wama nnipa tumi te tete ne daakye ase.” (The New English Bible) Ɛwom sɛ abɔde a nkwa wom nyinaa pɛ nkwa de, nanso ɛkame ayɛ sɛ onipa nkutoo na ɔte bere ase—tete, mprempren, ne daakye. Onipa tumi susuw tete nsɛm ho hwɛ daakye kwan, yɛ ho nhyehyɛe, na nokwarem no, onya ɔpɛ a emu yɛ den mpo sɛ ɔno nso bɛtra ase saa bere no. Na sɛ ne nkwa nna a ɛyɛ tiawa no mma ontumi nnu ne botae ahorow ho a, n’abam betumi abu.

Enti, onipa nkutoo na obisa nsɛm a ɛne sɛ, Dɛn nti na mewɔ ha? Ɛhe na merekɔ? Adwene ne nneyɛe ho ɔbenfo Viktor Frankl kyerɛwee sɛ: “Mmɔden a obi bɔ sɛ obehu n’asetra mu atirimpɔw no ne ade titiriw a ɛkanyan onipa. . . . Misi me bo ka sɛ, biribiara nni wiase a ebetumi aboa obi ma wagyina tebea a enye koraa ano yiye asen nimdeɛ a ɔwɔ sɛ n’asetra wɔ atirimpɔw.”

Yesu Si Nea Salomo Hui no So Dua

Hia a ɛho hia sɛ wohu asetra mu atirimpɔw no kanyan tetefo. Momma yɛnkɔ yɛn akyi wɔ abakɔsɛm mu mfe mpensa nkɔ Israel ahenni no mu wɔ Salomo bere so. Seba hemmaa no kaa ne ho asɛm sɛ: “Wo nsɛnnii ne wo nyansa ho asɛm a metee m’asase so no yɛ nokware; na mannye nsɛm no manni de besii sɛ mebae, na mede m’aniwa mabehu yi; na hwɛ, wɔanka me emu fã po: wo nyansa ne wo yiye sen nka a metee no.”—1 Ahene 10:6, 7.

Bere a Ɔhene Salomo kyerɛw Bible nhoma a ɛne Ɔsɛnkafo no, ɔkaa nea efii nhwehwɛmu bi a ɔyɛ de hwehwɛɛ asetra atirimpɔw mu bae ho asɛm kyerɛɛ n’atiefo. Ná nhwehwɛmu no fa hokwan a onya de dii asetra mu dɛ sɛnea ɛfata tete Apuei Fam hene ho. Wɔ ti 2, nkyekyem 1-10 no, ɔkaa asetra a anigye wom a yentumi mfa yɛn adwene mmu no nnɛ ho asɛm pɔtee. Ɔsɔɔ honam fam ahonyade ne ɔhonam akɔnnɔ a ɛwɔ asetram no biara hwɛe. Adwene bɛn na obenyae wɔ mfaso a ɛwɔ saa nneɛma no akyidi ho? Ɛsɛ sɛ ne mmuae no ma obi a ogye ne ho di bɔ piriw.

Bere a osusuw saa nneɛma yi nyinaa ho no, mpɛn pii no, obuu no sɛ mfaso nni so. Ná ɛyɛ ahuhude, beresɛe. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛnna medan m’ani mehwɛɛ me nnwuma a me nsa yɛe no nyinaa ne me brɛ a mebrɛ meyɛe no, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu, na mfaso bi nni mu owia ase.”—Ɔsɛnkafo 2:11.

Ɔkae sɛ, sɛ asase so anigyede de anigye bi ba mpo a, ɛyɛ bere tiaa mu de. Ɔdesani nyansa mpo ntumi nnye onipa mfi asetram yaw ne ahoyeraw mu.

Yesu Kristo kaa biribi a ɛte saa ara bere a na ɔrebua ɔbarima bi a odwen honam fam agyapade ho dodo no, na ɔka kyerɛɛ nnipadɔm a na wɔretie no no sɛ: “Monhwɛ na monhwɛ mo ho yiye [anibere] ho! Na ɛnyɛ onipa ade a wanya na aboro so no mu na ne nkwa wɔ.”—Luka 12:15.

Yehowa Nyankopɔn nkutoo na obetumi adi mmerɛwyɛ a nnipa wɔ wɔ daa asetram no so korakora ma atirimpɔw a nyansa wom aba onipa nneyɛe mu. Enti, asetra a Onyankopɔn mmoa nka ho no yɛ ahuhude. Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Ɔsɛnkafo 12:13 no, Salomo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.”

Asetra Atirimpɔw a Yebehu

Yesu Kristo sii sɛnea Salomo wiee asɛm no sɛ asetra ntumi nnya atirimpɔw bere a Onyankopɔn ho osuro pa nka ho no so dua mpɛn pii. Yesu faa Onyankopɔn Asɛm no mu asɛm kae sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.” (Mateo 4:4; Deuteronomium 8:3) Yiw, sɛ obi asetra benya atirimpɔw a, ontumi mmu n’ani ngu honhom fam nneɛma so. Yesu toaa so kae wɔ ne ho sɛ: “M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.” (Yohane 4:34) Osetie a ɔde som ne soro Agya no ma onyaa anigye ne akomatɔyam. Ɛhyɛɛ no den. Ɛmaa n’asetra nyaa atirimpɔw.

Enti, asetra betumi anya nkɔso sɛnea ɛsɛ a Onyankopɔn mmoa nka ho? Dabi! Nea ɛyɛ anigye no, abakɔsɛm kyerɛwfo Arnold Toynbee kyerɛwee bere bi sɛ: “Nyamesom a ɛkyɛn so atirimpɔw ankasa ne sɛ ɛbɛtrɛw honhom fam afotu ne nokware ahorow a egyina so no mu akɔ akra dodow biara a ebetumi mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa akra yi mu biara ma wadi Onipa atirimpɔw ankasa ho dwuma. Onipa atirimpɔw ankasa ne sɛ obeyi Onyankopɔn ayɛ, adi Ne mu ahurusi daa.” Odiyifo Malaki daa Onyankopɔn adwene adi: “Ɛnna mobɛsan ahu nsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.”—Malaki 3:18.

[Kratafa 28 mfonini]

“The Thinker,” a Rodin yɛe

[Asɛm Fibea]

Scala/Art Resource, N.Y.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena