Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 3/1 kr. 13-18
  • “Asɔrefie No” Ne “Obirɛmpɔn No” Nnɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Asɔrefie No” Ne “Obirɛmpɔn No” Nnɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɔrefie no ne Wo
  • Asɔfo Anokwafo
  • Obirɛmpɔn No—Ɔne Hena?
  • Onyankopɔn Nkurɔfo Asase Nnɛ
  • “Fa Wo Koma To” Onyankopɔn Asɔrefie No So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • “Eyi Ne Asɔrefi No Ho Mmara”
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
  • “Ka Asɔrefi No Ho Asɛm”
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
  • Hesekiel Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—II
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 3/1 kr. 13-18

“Asɔrefie No” Ne “Obirɛmpɔn No” Nnɛ

“Obirɛmpɔn no, sɛ wɔreba mu a, ɔmfra wɔn mu mmra mu, na sɛ wɔrefi adi a, ɔne wɔn mfi adi.”—HESEKIEL 46:10.

1, 2. Nokware titiriw bɛn na ɛboa yɛn ma yɛte Hesekiel asɔrefie ho anisoadehu no fã kɛse ase?

NÁ TETE Yudafo rabifo no bi ani nnye Hesekiel nhoma no ho koraa. Sɛnea Talmud kyerɛ no, wɔn mu binom mpo pɛe sɛ woyi nhoma no fi Kyerɛw Kronkron no mu. Ná ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ asɔrefie ho anisoadehu no mu, na wɔkae sɛ ɛyɛ nea nnipa ntumi nte ase. Yehowa asɔrefie ho anisoadehu a Hesekiel nyae no ama Bible ho abenfo foforo ho adwiriw wɔn. Na yɛn nso ɛ?

2 Efi bere a wɔsan de nokware som sii hɔ no, Yehowa ama ne nkurɔfo anya honhom fam nhumu, a nea ɛka ho ne nea Onyankopɔn honhom fam asɔrefie no kyerɛ—Yehowa nhyehyɛe ma nokware som—ho nhumu.a Saa nokware titiriw yi boa yɛn ma yenya Hesekiel asɔrefie ho anisoadehu no ho ntease kɛse. Momma yensusuw anisoadehu yi mu nneɛma atitiriw anan no ho yiye—asɔrefie, asɔfodi, obirɛmpɔn, ne asase no. Dɛn na eyinom kyerɛ nnɛ?

Asɔrefie no ne Wo

3. Dɛn na yesua fi nsɛmso a ɛkorɔn ne afasu ho mfonini a ɛwɔ asɔrefie no kwan ano no mu?

3 Fa no sɛ yɛrehwehwɛ anisoadehu mu asɔrefie yi mu. Yɛbɛn ho foro atrapoe ason kɔ apon akɛse no biako ho. Yegyina saa pon no ano de ahodwiriw hwɛ soro. Ne nsɛmso wɔ soro bɛboro mita 30! Enti eyi kae yɛn sɛ gyinapɛn ahorow a wɔde kɔ Yehowa som mu no korɔn. Hann a efi mpomma no mu no ma mmɛ mfonini a Kyerɛwnsɛm no de gyina hɔ ma treneeyɛ a ɛwɔ ɔfasu no ho no hyerɛn. (Dwom 92:12; Hesekiel 40:14, 16, 22) Wɔn a wɔteɛ wɔ abrabɔ ne honhom fam na wɔtra saa beae kronkron yi. Nea ɛne ɛno hyia no, yɛpɛ sɛ yɛteɛ na ama Yehowa ani asɔ yɛn som.—Dwom 11:7.

4. Henanom na wɔmma wɔnkɔ asɔrefie hɔ, na dɛn na eyi kyerɛ yɛn?

4 Mpia abiɛsa wɔ anammɔn kwan no biara ho. So awɛmfo no bɛma yɛn kwan akɔ mu? Yehowa ka kyerɛ Hesekiel sɛ ɔnanani biara a ɔyɛ “komam momonoto” ntumi nkɔ mu. (Hesekiel 40:10; 44:9) Dɛn na ɛno kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn mmara na wɔde bɔ wɔn bra nkutoo na ogye wɔn tom sɛ n’asomfo. (Yeremia 4:4; Romafo 2:29) Ogye saafo no ba ne honhom fam ntamadan, n’asɔrefie, no mu. (Dwom 15:1-5) Efi bere a wɔsan de nokware som sii hɔ wɔ 1919 mu no, Yehowa asase so ahyehyɛde no de nkakrankakra ama n’abrabɔ ho mmara mu ada hɔ, na wɔakura mu. Wɔmma wɔn a wɔhyɛda bu so no ne ne nkurɔfo mmɔ fekuw. Ɛnnɛ, adeyɛ a egyina Bible so a ɛne abɔnefo a wonnu wɔn ho a wotu wɔn no ama yɛn som ho atew ayɛ kronn.—1 Korintofo 5:13.

5. (a) Nsɛdi bɛn na ɛwɔ Hesekiel anisoadehu ne Yohane anisoadehu a ɛwɔ Adiyisɛm 7:9-15 no mu? (b) Wɔ Hesekiel anisoadehu no mu no, henanom na mmusuakuw 12 a wɔresom wɔ fam abangua no so no yɛ wɔn ho mfonini?

5 Akwan no kɔ fam abangua no so, baabi a nkurɔfo no som Yehowa na woyi no ayɛ no. Eyi kae yɛn ɔsomafo Yohane anisoadehu a ɛfa “nnipakuw kɛse” a wɔyɛ “nguan foforo” no mufo a wɔsom Yehowa “awia ne anadwo n’asɔredan mu” ho no. Wɔka mmɛ ho asɛm wɔ anisoadehu abien no nyinaa mu. Wɔ Hesekiel anisoadehu no mu no, wɔde asiesie ɔkwan no fasu ho. Wɔ Yohane anisoadehu mu no, asomfo no kurakura berɛw, a ɛyɛ anigye a wɔanya sɛ wɔreyi Yehowa ayɛ na wɔregye Yesu atom sɛ wɔn Hene no ho sɛnkyerɛnne. (Adiyisɛm 7:9-15) Wɔ nsɛm a ɛka Hesekiel anisoadehu no ho mu no, Israel mmusuakuw 12 no yɛ nguan foforo no ho mfonini. (Yohane 10:16; fa toto Luka 22:28-30 ho.) So woka wɔn a wonya anigye wɔ Yehowa a woyi no ayɛ mu denam N’ahenni ho dawuru a wɔbɔ so no ho?

6. Ná adammaa a ɛwɔ fam abangua no so no atirimpɔw ne dɛn, na hokwan bɛn na eyi ma nguan foforo no mufo kae?

6 Bere a yɛrehwehwɛ fam abangua no so no, yehu adammaa 30, baabi a nkurɔfo no nya ayɛyɛde a wofi wɔn pɛ mu de ma mu kyɛfa no. (Hesekiel 40:17) Ɛnnɛ, nguan foforo no mufo mfa mmoa mmɔ afɔre, nanso wɔmfa nsapan nkɔ honhom fam asɔrefie hɔ. (Fa toto Exodus 23:15 ho.) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma yɛmfa [Yesu] so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba. Na yiyeyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa so, efisɛ saa afɔrebɔ no sɔ Onyankopɔn ani.” (Hebrifo 13:15, 16; Hosea 14:2) Ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yɛde afɔrebɔ ahorow a ɛte saa bɛma Yehowa.—Mmebusɛm 3:9, 27.

7. Awerɛhyem bɛn na asɔrefie no a wosusuw no ma yenya?

7 Hesekiel hwɛ bere a ɔbɔfo no susuw anisoadehu mu asɔrefie yi no. (Hesekiel 40:3) Saa ara na wɔka kyerɛɛ ɔsomafo Yohane sɛ: “Sɔre susuw Onyankopɔn asɔredan ne afɔremuka ne wɔn a wɔsɔre wɔ mu no.” (Adiyisɛm 11:1) Dɛn na saa adesusuw yi kyerɛ? Wɔ anisoadehu abien no nyinaa mu no, ɛda adi sɛ na eyi yɛ bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ biribiara rentumi nsiw Yehowa kwan sɛ ɔbɛma n’atirimpɔw a ɛfa nokware som ho no abam. Saa ara na nnɛ, yebetumi anya awerɛhyem sɛ biribiara—ɔtaa a emu yɛ den a efi nniso horow hɔ mpo—ntumi nsiw yɛn kwan sɛ yɛbɛsan de nokware som asi hɔ.

8. Henanom na wotumi hyɛn apon no mu kɔ akyiri abangua no so, na dɛn na saa apon yi kae yɛn?

8 Bere a yetwam wɔ fam abangua no so no, yehu sɛ apon abiɛsa wɔ hɔ a ɛrekɔ akyiri abangua no so; akyiri apon no sã so pɛpɛɛpɛ na ne nyinaa kɛse yɛ pɛ te sɛ fam apon no ara. (Hesekiel 40:6, 20, 23, 24, 27) Asɔfo nkutoo na wobetumi akɔ fam abangua no so. Akyiri apon no kae yɛn sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no titiriw du ɔsoro gyinapɛn ne mmara ahorow ho, nanso mmara ne gyinapɛn koro no ara na ɛkyerɛ nokware Kristofo nyinaa kwan. Nanso asɔfo no adwuma ne dɛn, na dɛn na ɛkyerɛ nnɛ?

Asɔfo Anokwafo

9, 10. Ɔkwan bɛn so na “ahene asɔfokuw” a Hesekiel anisoadehu no mu asɔfokuw no yɛɛ wɔn ho mfonini no de honhom fam nkyerɛkyerɛ ama?

9 Ansa na Kristofo mmere no reba no, asɔfo no yɛɛ adwumaden wɔ asɔrefie hɔ. Mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔre a na wokum wɔn, afɔre a na wɔde wɔn bɔ wɔ afɔremuka so, ne mfɛfo asɔfo ne nkurɔfo no a na wɔsom wɔn no yɛ adwuma a egye honam fam ahoɔden. Nanso na wɔwɔ nnwuma foforo a ɛho hia. Yehowa hyɛɛ asɔfo no sɛ: “Wɔnkyerɛkyerɛ me man akronkronne ne nea abu so ntam nsonoe, na wɔmma wonhu nea ɛho wɔ fĩ ne nea ɛho tew ntam nsonoe.”—Hesekiel 44:23; Malaki 2:7.

10 So w’ani sɔ adwumaden ne ɔsom a efi ahobrɛase mu a wɔn a wɔasra wɔn no, “ahene asɔfokuw” no, ayɛ wɔ nokware som ho no? (1 Petro 2:9) Te sɛ tete Lewifo asɔfo no, wɔadi anim de honhom fam nkyerɛkyerɛ ama, aboa nkurɔfo ma wɔate nea ɛho tew na ɛsɔ Onyankopɔn ani ne nea ɛnsɔ n’ani ase. (Mateo 24:45) Saa nkyerɛkyerɛ a yenya fi Bible ho nhoma ahorow mu ne Kristofo nhyiam akɛse ne nketewa ase no aboa ɔpepem pii ma wɔne Nyankopɔn anya abusuabɔ.—2 Korintofo 5:20.

11. (a) Ɔkwan bɛn so na Hesekiel anisoadehu no sii hia a asɔfo ahotew hia so dua? (b) Wɔ nna a edi akyiri yi mu no, ɔkwan bɛn so na wɔatew wɔn a wɔasra wɔn no ho wɔ honhom fam?

11 Nanso, ɛsɛ sɛ asɔfo no yɛ pii sen afoforo a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔn ho atew no; ɛsɛ sɛ wɔn ankasa nso ho tew. Enti, Hesekiel dii kan huu nyiyim a na wɔbɛyɛ wɔ Israel asɔfo mu no. (Hesekiel 44:10-16) Saa ara na abakɔsɛm da no adi sɛ wɔ 1918 mu no, Yehowa traa ase ‘sɛ ɔnanfo’ wɔ ne honhom fam asɔrefie hɔ, na ɔyɛɛ asɔfokuw a wɔasra wɔn no mu nhwehwɛmu. (Malaki 3:1-5) Wɔmaa wɔn a wobuu wɔn sɛ wɔn ho tew wɔ honhom fam anaasɛ wɔasakra afi kan abosonsom biara ho no kwan ma wɔtoaa wɔn som adwuma no so wɔ ne honhom fam asɔrefie hɔ. Saa ara na te sɛ onipa foforo biara no, ankorankoro a wɔasra wɔn no ho betumi agu fĩ—honhom fam anaa abrabɔ fam. (Hesekiel 44:22, 25-27) Na ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwumaden na ama wɔakɔ so ‘ayi wɔn ho afi wiase nkekae ho.’—Yakobo 1:27; fa toto Marko 7:20-23 ho.

12. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ wɔn a wɔasra wɔn no adwuma ho anisɔ?

12 Yɛn mu biara betumi abisa sɛ, ‘So m’ani sɔ nhwɛso a wɔn a wɔasra wɔn no ayɛ wɔ mfe pii a wɔde asom nokwaredi mu no? So misuasua wɔn gyidi?’ Eye sɛ nnipakuw kɛse no mufo kae sɛ wɔn a wɔasra wɔn no ne wɔn rentra bere nyinaa wɔ asase so ha. Yehowa kaa asɔfo a na wɔwɔ Hesekiel anisoadehu mu no ho asɛm sɛ: “Mommma wɔn [asase no mu] kyɛfa bi Israel mu, mene wɔn kyɛfa.” (Hesekiel 44:28) Saa ara na wɔn a wɔasra wɔn no nni asase so agyapade daa. Wɔwɔ ɔsoro agyapade, na nnipakuw kɛse no mufo bu no sɛ ɛyɛ hokwan a wɔanya sɛ wɔbɛboa wɔn ahyɛ wɔn nkuran bere a wɔda so ara wɔ asase so ha no.—Mateo 25:34-40; 1 Petro 1:3, 4.

Obirɛmpɔn No—Ɔne Hena?

13, 14. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obirɛmpɔn no yɛ nguan foforo no muni? (b) Obirɛmpɔn no yɛ henanom ho mfonini?

13 Afei asɛmmisa bi a emu yɛ den sɔre. Henanom na obirɛmpɔn no gyina hɔ ma? Esiane sɛ wɔka ne ho asɛm sɛ onipa biako ne kuw nti, yebetumi aka sɛ ogyina hɔ ma nnipakuw bi. (Hesekiel 44:3; 45:8, 9) Nanso wɔne henanom? Nokwarem no, ɛnyɛ wɔn a wɔasra wɔn no. Wɔ anisoadehu no mu no, ɔne asɔfo no bom yɛ adwuma, nanso ɔnyɛ bi. Nea ɛnte sɛ asɔfokuw no, wɔma no agyapade wɔ asase no so, na ɔbɛtra asase so ha, ɛnyɛ ɔsoro. (Hesekiel 48:21) Afei nso, Hesekiel 46:10 ka sɛ: “Na obirɛmpɔn no, sɛ [mmusua a wɔnyɛ asɔfo] no [reba asɔrefie no fam abangua hɔ] a, ɔmfra wɔn mu mmra mu, na sɛ wɔrefi adi a, ɔne wɔn mfi adi.” Ɔnhyɛn akyiri abangua so hɔ, na mmom ɔsom wɔ fam abangua no so, na ɔne nkurɔfo no kɔ asɔrefie hɔ san fi hɔ. Saa nneɛma yi kyerɛ pefee sɛ obirɛmpɔn no ka nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no ho.

14 Ɛda adi pefee sɛ obirɛmpɔn no wɔ asɛyɛde bi wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu. Wɔ fam abangua so hɔ no, ɔtra Apuei fam Pon no ntwironowa hɔ. (Hesekiel 44:2, 3) Eyi bɛkyerɛ ɔhwɛ adwuma a ɔwɔ, te sɛ mpanyimfo a wɔwɔ Israel a wɔtraa kurow no pon ano buu wɔn atɛn no. (Rut 4:1-12; Mmebusɛm 22:22) Nguan foforo no mufo bɛn na ɔhwɛ adwuma hyɛ wɔn nsa nnɛ? Wɔne mpanyimfo a wɔde honhom kronkron apaw wɔn a wɔwɔ asase so anidaso no. (Asomafo no Nnwuma 20:28) Enti wɔresiesie obirɛmpɔn kuw no na akyiri yi wɔde ɔhwɛ adwuma no ahyɛ wɔn nsa wɔ wiase foforo no mu.

15. (a) Ɔkwan bɛn so na Hesekiel anisoadehu no ma yehu abusuabɔ a ɛda mpanyimfo a wɔyɛ nnipakuw kɛse no mufo ne asɔfokuw a wɔasra wɔn no mufo no ntam? (b) Akanni bɛn na mpanyimfo a wɔasra wɔn no de ama wɔ Onyankopɔn asase so ahyehyɛde no mu?

15 Nanso, abusuabɔ bɛn na ɛda asɔfokuw a wɔasra wɔn ne saa mpanyimfo a wɔyɛ nnipakuw kɛse no mufo a seesei ɔhwɛ adwuma hyɛ wɔn nsa no ntam nnɛ? Hesekiel anisoadehu no kyerɛ sɛ mpanyimfo a wɔyɛ nnipakuw kɛse no mufo no hyɛ wɔn a wɔasra wɔn no ase di dwuma boa wɔn, na wɔn a wɔasra wɔn no na wodi anim wɔ honhom fam. Ɔkwan bɛn so? Kae sɛ, wɔmaa asɔfo a wɔwɔ anisoadehu no mu no asɛyɛde sɛ wɔnkyerɛkyerɛ nkurɔfo no honhom fam nneɛma. Wɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsom sɛ atemmufo wɔ nsɛnnii mu. Bio nso, wɔmaa Lewifo no yɛɛ “ahwɛfo” wɔ asɔrefie no apon ano. (Hesekiel 44:11, 23, 24) Ɛda adi pefee sɛ na ɛsɛ sɛ obirɛmpɔn no fi ahobrɛase mu brɛ ne ho ase hyɛ asɔfo no honhom fam adwuma ne wɔn akanni ase. Ɛnde, ɛfata sɛ nnɛ mmere yi mu no, wɔn a wɔasra wɔn no di anim wɔ nokware som mu. Sɛ nhwɛso no, woyii Yehowa Adansefo Sodikuw no fii wɔn a wɔasra wɔn no mu. Saa mpanyimfo anokwafo a wɔasra wɔn no atete obirɛmpɔn kuw no asiesie wɔn mfe pii, na wɔresiesie wɔn a wɔbɛba abɛyɛ saa kuw yi mufo ama da a wɔde tumi bɛma wɔn koraa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no.

16. Sɛnea Yesaia 32:1, 2 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ mpanyimfo nyinaa yɛ wɔn ade?

16 Ahwɛfo bɛn na wɔn a wɔbɛyɛ obirɛmpɔn kuw no mufo yi a wɔrebɛma wɔn asɛyɛde akɛse no yɛ? Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 32:1, 2 no ka sɛ: “Hwɛ, trenee so na ɔhene bi bedi hene, na asafohene nso, atemmu so na wobedi asafohene. Na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.” Saa nkɔmhyɛ yi renya ne mmamu nnɛ, bere a Kristofo mpanyimfo—wɔn a wɔasra wɔn ne nguan foforo—yɛ adwuma bɔ nguankuw no ho ban fi “osu” te sɛ ɔtaa ne abasamtu ho no.

17. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo nguanhwɛfo bu wɔn ho, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ nguankuw no bu wɔn?

17 Wɔmfa nsɛmfua “asafohene” ne “obirɛmpɔn” a ɛkyerɛ ade koro wɔ Hebri mu no nni dwuma sɛ abodin nhyɛ nnipa anuonyam. Mmom no, wɔde ka asɛyɛde a wɔhwɛ kwan sɛ saa mmarima yi benya de ahwɛ Onyankopɔn nguan so no ho asɛm. Yehowa de kɔkɔbɔ a emu yɛ den ma sɛ: “Momma ɛnnɔɔ mo sõ, Israel abirɛmpɔn, múnyi amimdi ne nhyɛso, na monyɛ atemmude ne atreneede.” (Hesekiel 45:9) Eye sɛ mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa tie saa afotu yi. (1 Petro 5:2, 3) Nguankuw no nso hu sɛ Yesu de ahwɛfo yi ama sɛ ‘nnipa mu akyɛde.’ (Efesofo 4:8) Wɔakyerɛw nneɛma a ɛma wɔfata no wɔ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no mu. (1 Timoteo 3:1-7; Tito 1:5-9) Enti Kristofo di mpanyimfo no akanni akyi.—Hebrifo 13:7.

18. Wɔn a wɔbɛyɛ obirɛmpɔn kuw no mufo asɛyɛde ahorow no bi ne dɛn nnɛ, na dɛn na ɛbɛyɛ wɔn asɛyɛde daakye?

18 Wɔ Bible mmere mu no, na abirɛmpɔn bi wɔ tumi pii, na na afoforo wɔ kakraa bi. Ɛnnɛ, nguan foforo no mu mpanyimfo no wɔ asɛyɛde a egu ahorow pii. Ebinom som wɔ asafo biako mu; afoforo som asafo pii sɛ ahwɛfo akwantufo; afoforo som ɔman mũ no nyinaa sɛ Baa Boayikuw mufo; afoforo nso boa Sodikuw no boayikuw ahorow no. Wɔ wiase foforo no mu no, Yesu besisi “asase nyinaa so ahene” ma wɔadi Yehowa asomfo anim wɔ asase so. (Dwom 45:16) Akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛpaw eyinom mu pii afi mpanyimfo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu. Esiane sɛ saa mmarima yi da wɔn ho adi sɛ wɔfata nnɛ nti, ɔde asɛyɛde akɛse mpo bɛhyehyɛ wɔn mu pii nsa daakye, bere a ɔda obirɛmpɔn kuw no adwuma adi wɔ wiase foforo no mu no.

Onyankopɔn Nkurɔfo Asase Nnɛ

19. Hesekiel anisoadehu no mu asase no gyina hɔ ma dɛn?

19 Hesekiel anisoadehu no nso kaa Israel asase a wɔsan siesie so ho asɛm. Dɛn na anisoadehu no mu ade yi gyina hɔ ma? Sanba ho nkɔmhyɛ foforo ka siei sɛ Israel asase no bɛyɛ paradise te sɛ Eden. (Hesekiel 36:34, 35) Ɛnnɛ, yɛte asase a wɔasan asiesie so so, na ɛte sɛ Eden wɔ ɔkwan bi so. Saa ara na yɛtaa ka yɛn honhom fam paradise ho asɛm. Ɔwɛn-Aban akyerɛ yɛn “asase” no ase sɛ “baabi a” Onyankopɔn nkurɔfo a wɔapaw wɔn “yɛ wɔn adwuma.”b Baabiara a ebia Yehowa somfo bi wɔ no, ɔwɔ saa asase a wɔasiesie so no so, bere tenten a ɔbɔ mmɔden sɛ obekura nokware som mu denam Kristo Yesu anammɔn akyi a obedi so no.—1 Petro 2:21.

20. Nnyinasosɛm bɛn na yebetumi asua afi “somã afɔrebɔde” a ɛwɔ Hesekiel anisoadehu mu no mu, na ɔkwan bɛn so na yebetumi de saa nnyinasosɛm yi adi dwuma?

20 Na asase no fã bi a wɔfrɛ no “somã afɔrebɔde” no nso ɛ? Na eyi yɛ nkurɔfo no ntoboa a wɔde boa asɔfo no ne kurow no. Saa ara na na ɛsɛ sɛ “asase no sofo nyinaa” de asase no fã bi yɛ ntoboa ma obirɛmpɔn no. Dɛn na eyi kyerɛ nnɛ? Nokwarem no, ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔpaw asɔfokuw wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu na wotua wɔn ka. (2 Tesalonikafo 3:8) Mmom no, mmoa a wɔde ma mpanyimfo nnɛ no yɛ honhom mu de titiriw. Nea ɛka ho ne adwuma a wɔreyɛ no a wɔbɛboa, na wɔada biakoyɛ ne ahobrɛase honhom adi. Nanso, te sɛ Hesekiel bere so no, wɔde saa ntoboa yi ma “Yehowa,” na ɛnyɛ onipa bi.—Hesekiel 45:1, 7, 16, NW.

21. Dɛn na yebetumi asua afi asase no a wɔkyekyem wɔ Hesekiel anisoadehu mu no mu?

21 Ɛnyɛ obirɛmpɔn ne asɔfo no nkutoo na wɔma wɔn trabea wɔ asase a wɔasiesie so yi so. Asase a wɔkyekyem no kyerɛ sɛ mmusuakuw 12 no mu biara nya n’ankasa agyapade a asɛm biara nni ho. (Hesekiel 47:13, 22, 23) Enti ɛnyɛ sɛ nnipakuw kɛse no mufo te honhom mu paradise bi mu nnɛ nko, na mmom wɔbɛma wɔn asase nso bere a wonya trabea wɔ Onyankopɔn Ahenni mu wɔ asase so ha no.

22. (a) Kurow a ɛwɔ Hesekiel anisoadehu mu no gyina hɔ ma dɛn? (b) Dɛn na yebetumi asua afi kurow no a ɛwɔ apon wɔ afã nyinaa no mu?

22 Nea edi akyi koraa no, dɛn na kurow no a ɛwɔ anisoadehu mu no gyina hɔ ma? Ɛnyɛ ɔsoro kurow, efisɛ ɛda asase a ‘wɔahura ho,’ asase a (ɛho ntew) so. (Hesekiel 48:15-17) Enti ɛsɛ sɛ ɛyɛ biribi a ɛwɔ asase so. Wiɛ, dɛn ne kurow? So enkura adwene a ɛne sɛ nnipa bi bom sɛ kuw sisi adan na wɔyɛ wɔn asetra ho nhyehyɛe? Yiw. Enti, kurow no yɛ asase so ɔhwɛ adwuma a ɛboa wɔn a wɔbɛbom ayɛ ɔman trenee wɔ asase so no ho mfonini. Ebedi dwuma koraa wɔ “asase foforo” a ɛreba no mu. (2 Petro 3:13) Kurow no apon a ɛwɔ kurow no afã nyinaa, a abusua biara de biako no, kyerɛkyerɛ nneɛma mu pefee. Ɛnnɛ, Onyankopɔn nkurɔfo nhyɛ esum ase nniso biara ase. Ɛsɛ sɛ anuanom a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa no yɛ nkurɔfo a wotumi bɛn wɔn; obiara nim nnyinasosɛm ahorow a ɛkyerɛ wɔn kwan no yiye. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ mmusuakuw nyinaa mufo dɔw asase no de boa kurow no kae yɛn sɛ nguan foforo no boa ɔhwɛ adwuma ho nhyehyɛe ahorow a wɔyɛ ma Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa no wɔ honam fam no mpo.—Hesekiel 48:19, 30-34.

23. Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

23 Na asubɔnten a ɛresen fi asɔrefie hɔ no nso ɛ? Nea egyina hɔ ma nnɛ ne daakye no bɛyɛ adesua a ɛto so abiɛsa wɔ nsɛm a edidi so yi mu ne nea etwa to.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! nhoma no, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii, kratafa 64, nkyekyem 22.

b Hwɛ July 1, 1995, Ɔwɛn-Aban, kratafa 20.

Nsɛntitiriw a Ɛsɛ sɛ Yetĩ Mu

◻ Dɛn na asɔrefie a ɛwɔ Hesekiel anisoadehu mu no yɛ ho mfonini?

◻ Henanom na asɔfo a wɔresom wɔ asɔrefie hɔ no yɛ wɔn ho mfonini?

◻ Dɛn ne obirɛmpɔn kuw no, na n’asɛyɛde ahorow no bi ne dɛn?

◻ Dɛn ne asase a ɛwɔ Hesekiel anisoadehu no mu no, na ɔkwan bɛn so na wɔkyekyɛ ma mmusuakuw 12 no?

◻ Dɛn na kurow no yɛ ho mfonini?

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/Asase mfonini wɔ kratafa 15]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Sɛnea wɔkyekyɛɛ asase no mu wɔ Hesekiel anisoadehu no mu

MMUSUAKUW DUMIEN NO

Po Kɛse No

Galilea Po

Yordan Asubɔnten

Nkyene Po

DAN

ASER

NAFTALI

MANASE

EFRAIM

RUBEN

YUDA

OBIRƐMPƆN NO

BENYAMIN

SIMEON

ISAKAR

SEBULON

GAD

[Nsɛm a wɔahyehyɛ]

SOMÃ AFƆREBƆDE A WƆAYƐ NO KƐSE

A. “Yehowa Ankasa Wɔ Hɔ” (Jehovah- Shammah); B. kurow no mfusase

Lewifo Kyɛfa

Yehowa Asɔrefie

Asɔfo Kyɛfa

B A B

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena