-
Ɔhene no ne N’asafoheneYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
5-7. Dwuma bɛn na “asafohene” a wɔhyɛɛ wɔn ho nkɔm no di wɔ Onyankopɔn nguankuw ho?
5 Nanso, bere tenten a mprempren wiase a nitan ahyɛ mu ma wɔ hɔ no, nnipakuw kɛse no mufo hia ahobammɔ. Wɔ akwan pii so no, ‘asafohene a wodi ade wɔ atemmu mu’ no na wɔde eyi ma. Nhyehyɛe a edi mũ bɛn ara ni! Wɔka saa “asafohene” yi ho asɛm bio wɔ Yesaia nkɔmhyɛ a ɛma akomatɔyam yi mu: “Wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.”—Yesaia 32:2.
6 Saa bere yi a ɔhaw ahyɛ wiase nyinaa ma no, “asafohene” ho hia, yiw mpanyimfo a ‘wɔbɛwɛn nguankuw no nyinaa,’ na wɔahwɛ Yehowa nguan na wɔde Yehowa trenee nnyinasosɛm abu atɛn. (Asomafo no Nnwuma 20:28) Ɛsɛ sɛ saa “asafohene” no du ahwehwɛde a ɛwɔ 1 Timoteo 3:2-7 ne Tito 1:6-9 no ho.
7 Wɔ Yesu nkɔmhyɛ kɛse a ɛka “wiase awiei” a ahohia wom ho asɛm mu no, ɔkae sɛ: “Monhwɛ na mo bo antu.” (Mateo 24:3-8) Dɛn nti na nnɛyi wiase tebea a ɛyɛ hu no mma Yesu akyidifo bo ntu? Ade biako ne sɛ “asafohene” no—sɛ wɔyɛ wɔn a wɔasra wɔn anaa “nguan foforo” no mufo no—de nokwaredi rebɔ nguan no ho ban. (Yohane 10:16) Wɔde akokoduru hwɛ wɔn nuanom mmarima ne mmea, wɔ ahude te sɛ mmusua ntam akodi ne mmusua asetɔre mpo mu. Wɔ wiase a honhom mu kɔm asi mu mu no, wɔhwɛ hu sɛ Onyankopɔn Asɛm, Bible mu nokware ahorow, bɛma wɔn a wɔahaw no anya ɔhome.
8. Ɔkwan bɛn so na Yehowa retete “asafohene” a wɔka nguan foforo no ho no de wɔn adi dwuma?
8 Mfirihyia 50 a abɛsen kɔ no, “asafohene” no abɛda adi pefee. Wɔretete “asafohene” no sɛ “obirɛmpɔn” kuw no sɛnea ɛbɛyɛ a ahohiahia kɛse no akyi no, wɔbɛpaw wɔn a wɔfata wɔ wɔn mu no de ɔhwɛ adwuma no ahyɛ wɔn nsa wɔ “asase foforo” no so. (Hesekiel 44:2, 3; 2 Petro 3:13) Bere a wodi anim wɔ Ahenni adwuma no mu na wɔde honhom fam akwankyerɛ ne ɔhome ma no, wɔda wɔn ho adi sɛ “botan kɛse onwini,” na wɔma nguan a wɔhwɛ wɔn no nya ɔhome.b
9. Tebea bɛn na ɛma “asafohene” ho hia nnɛ?
9 Wɔ Satan wiase bɔne no nna a edi akyiri a emu yɛ den yi mu no, Kristofo a wɔahyira wɔn ho so hia ahobammɔ a ɛte saa denneennen. (2 Timoteo 3:1-5, 13) Atoro nkyerɛkyerɛ ne nnaadaasɛm rebɔ denneennen sɛ ahum. Ɔko ho ahum retu wɔ aman ntam ne aman mu, na nkurɔfo ayi wɔn anim de ntua reba Yehowa Nyankopɔn nokware asomfo so. Wɔ wiase a honhom fam kɔm asi mu yi mu no, Kristofo hia asuten a emu nsu yɛ kurennyenn, nokware a wɔmfraa mu no denneennen de adwudwo wɔn honhom fam sukɔm. Anigyesɛm ne sɛ, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔnam ne Hene a ɔredi tumi no nuanom a wɔasra wɔn ne nguan foforo no mu “asafohene” a wɔreboa wɔn no so de nkuranhyɛ ne akwankyerɛ bɛma wɔn a wɔahaw na wɔn abam abu wɔ ahohia mmere yi mu no. Enti Yehowa bɛhwɛ ahu sɛ ade a ɛteɛ na ɛyɛ pɛ na ɛbɛkɔ so.
-
-
Ɔhene no ne N’asafoheneYesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 333]
“Asafohene” no biara te sɛ mframa ano hintabea, osu ano guankɔbea, nkyerekyerewa so nsuwansuwa, ne owia ano nwini
-