Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 11/1 kr. 11-15
  • Ɔma Yɛn Ahoɔden A Ɛboro So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔma Yɛn Ahoɔden A Ɛboro So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Nsiesiei Horow A Ɛnyɛ Nwonwa
  • Ɔsoro Ntetee
  • Ɔhene no ne N’asafohene
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
  • Hwɛ Ahenni Nkɔso Nhyira Horow!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Akumaa Dan Ɔman a Ɛyɛ Den’
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
  • ‘Munni Ahurusi Daa Wɔ Ade a Merebɔ no Ho’
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 11/1 kr. 11-15

Ɔma Yɛn Ahoɔden A Ɛboro So

“Tumi a ɛboro so no [yɛ] Onyankopɔn dea, na [emfi] yɛn mu.”​—2 KORINTOFO 4:7.

1. Dɛn na na Yehowa nim dedaw wɔ yɛn nnɛ bere yi ho wɔ abakɔsɛm mu, na ɔkwan bɛn so na ɔbɔɔ n’asomfo kɔkɔ wɔ ho?

NÁ YEHOWA ahu mmere a emu yɛ den a ɛbɛba asase so aman nyinaa so no ato hɔ bere tenten. Ná onim dedaw sɛ awiei koraa no adesamma pɛsɛmenkominya ne nsɛmmɔnedi no de ɔporɔw ne basabasayɛ na ɛbɛba. Yehowa honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔde kɔkɔbɔ a emu da hɔ yi mae: “Na hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden.” (2 Timoteo 3:1-5) Ampa, tebea a asiane wom ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom nokware Nyankopɔn no!

2. So ɛbɛyɛ mmerɛw ama Yehowa adansefo sɛ wobedi n’atirimpɔw ma wɔn no ho dwuma, na dɛn na wobehia na ama wɔatumi ayɛ saa?

2 Nanso ɛyɛ tebea horow a ɛte sɛɛ mu na Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛma wɔaka ne din ne n’Ahenni no ho asɛm wɔ asase nyinaa so. Denam henanom so? Denam nnipa a oyii ne din ne atirimpɔw kɛse adi kyerɛɛ wɔn​—Yehowa Adansefo​—so. (Yesaia 43:10-12) Ná onim dedaw sɛ wobehyia ɔsɔretia afi tumidifo a wobebu Onyankopɔn Ahenni no sɛ ɛne wɔn di asi no hɔ. (Dwom 2:2, 3) Ná onim nso sɛ n’adansefo no behyia ɔhaw ne amanehunu a ɛba nnipa nyinaa so no bi. Na wobehia ahoɔden a ɛsen nea wɔn ankasa betumi anya no. So wɔn Nyankopɔn no yɛɛ saa ahiade yi ho nsiesiei?

3. Yehowa nsiesiei ma n’asomfo wɔ mmere a emu yɛ den yi mu te sɛ nsiesiei bɛn a ɔyɛ maa ɔsomafo Paulo?

3 Ɔsomafo Paulo osuahu no bua saa asemmisa no. Wɔaka asiane ahorow a ɛtoo no no bi ho asɛm ama yɛn wɔ 2 Korintofo 11:23-27. Esiane sɛ Yehowa paw Paulo sɛ ɔsomafo ne ɔkyerɛkyerɛfo maa amanaman no nti, ɔde n’adwene sii saa ɔkyerɛkyerɛ adwuma no so kɛse. (Romafo 11:13) Nanso ɔkwan bɛn so na otumi fii asiane ahorow no nyinaa mu na owiee adwuma a wɔde ama no sɛ ɔnyɛ no? Yehowa de n’ani sii n’akoa nokwafo yi so na ogyee no, mpɛn pii wɔ bere a etwa to koraa mu, wɔ mmere a emu yɛ den no nyinaa mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a Paulo betumi ayɛ Kristofo som adwuma no, Onyankopɔn maa no “tumi a ɛboro so.” (2 Korintofo 4:7) Eyi maa ɔsomafo no tumi gyinaa amanehunu ahorow ano. Ɔsomafo Paulo gyee ɔsoro mmoa yi toom bere a ɔkyerɛw sɛ, “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu” no.​—Filipifo 4:13.

4. So Paulo gyee ɔsoro mmoa yi toom, na tumi bɛn na enyaa wɔ no so?

4 Enti ɛda adi sɛ wɔ gye a na Onyankopɔn de ne ho gye mu anwonwa kwan so ma Paulo akyi no, na ‘ɔma no ahoɔden’ nso. Eyi maa ɔsomafo no tumi gyinaa mu na owiee ne som no. Ne saa nti ɔkyerɛwee sɛ: “M’ani nwu asɛmpa no ho, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagye mu ma wɔn a wogye di nyinaa.” (Romafo 1:16) Nea ɛka tete nkɔmhyɛ ahorow pii nkyerɛase ne ne mmamu ho no, wɔdaa asɛmpa no adi kyerɛɛ Paulo na na ogye di sɛ ɛyɛ nokware. Akyinnye biara nni ho sɛ nokware no ho nimdeɛ ne ɛho anisɔ nso bɛyɛɛ nea ɛhyɛɛ no den.

Yehowa Nsiesiei Horow A Ɛnyɛ Nwonwa

5. So Yehowa ama n’ani akũ n’adansefo a wɔwɔ asase so mprempren no ahiade ho saa ara?

5 Na Yehowa asomfo a wɔwɔ asase so wɔ nna a edi akyiri yi mu no nso ɛ? So Onyankopɔn ayɛ nsiesiei ama wɔni Ampa, wayɛ saa! Nea ɛte sɛ ɔsomafo Paulo de no, yɛwɔ nkɔmhyɛ ahorow pii a ɛyɛ nwonwa wɔ Kyerɛw Kronkron no mu. Esiane sɛ Yehowa nim ne nkurɔfo ahiade dedaw nti, ofi ayamye mu de nkyerɛwee ahorow yi mae na ama wɔanya ahotoso ne awerɛkyekye Nkɔmhyɛ ahorow yi mu da hɔ bere a bere a ebenya mmamu no ba no.

6. Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a Onyankopɔn de maa Yesaia no akyekye Yehowa nkurɔfo werɛ na ahyɛ wɔn den nnɛ?

6 Yesaia, Amos ba no, kyerɛw saa nkɔmhyɛ ahorow no biako too hɔ bɛyɛ mfirihyia 700 ansa na wɔrewo Yesu Kristo. (Yesaia 1:1) Ɛnyɛ n’ankasa man Israel nko na Yesaia kyerɛw abufuhyew kɛse no ho asɛm tiaa wɔn na mmom nsase pii a atwa ho ahyia, akɛse ne nketewa, no nso. Nea ɛka atemmusɛm yi ho no, odiyifo no kaa asɛmpa maa Yehowa nokware asomfo​—asɛm a ɛbɛma wɔanya awerɛkyekye wɔ wɔn ahohia no nyinaa mu. Na sɛnea Yudafo anokwafo a na wɔwɔ Yesaia bere so nyaa ahoɔden ne anidaso wɔ Yehowa asɛmpa no mu no, saa ara na nnɛ wɔkyekye anokwafo no werɛ, wɔhyɛ wɔn den na wohyira wɔn denam Yehowa bɔhyɛ akɛse a ɛbam wɔ wɔn so no so.

7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Yesaia 32:1, 2 no de ahoɔden ne nkuranhyɛ brɛɛ Yudafo koma pafo a na wɔwɔ Yesaia bere so no, na ne titiriw no esiane tebea horow bɛn nti? (b) Ɔkwan bɛn so na asɛm koro no ara aba mu nnɛ wɔ Yehowa Adansefo mu?

7 Yehu nkuranhyɛ a ɛte saa wɔ Yesaia ti 32. Nkyekyem abien a edi kan no da bɔhyɛ bi a ɛrenya ne mmamu mprempren mpo adi: “Hwɛ, trenee so na ɔhene bi bedi hene, na asafohene nso, atemmu so na wobedi asafohene. Na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.” Hwɛ asɛmpa ara a na ɛno bɛyɛ ama koma pafo a na wɔsom Onyankopɔn wɔ Yesaia bere so no, bere a na ahene ne asafohene a wonni nokware adi wɔn so bere tenten akyi no!

8 Nanso hwɛ asɛmpa ara a eyi yɛ ma Yehowa Adansefo nnɛ! Titiriw ɛde fi 1919 mu no, Ɔhene Yesu Kristo a wɔde no asi ahengua so no ama tebea a eye aba wɔ n’akyidifo a wɔwɔ asase so no mu. Wama wɔn “asafohene” (Hebri, sarim) a wɔde sohwɛ a ɛteɛ na ɔdɔ wom ma ampa. Nea ɛne sodifo ahorow a wɔyɛ nhyɛso a wɔn ho na wɔsom a wɔwɔ wiase nyinaa no bɔ abira no, nea ɔyɛ ɔhene wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde mu no ama wɔanya nnipa a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa a wɔmmɔ wɔn abodin sɛ “asafo no asafohene” adedifo, anaa biribi te saa. Mmom no, wɔyɛ asomfo a wɔbrɛ wɔn ho ase, mmarima a nnipa a wɔte sɛ nguanten a Yehowa aboa wɔn ano ayɛ wɔn kuw biako no nyinaa yiyedi ho hia wɔn ankasa. Akwankyerɛ a mmarima a wɔbɛba abɛyɛ “asafohene” wɔ Nhyehyɛe Foforo no mu yi de ma no da adi sɛ ɛyɛ nea ahotɔ wom ampa.a

9. Nsakrae bɛn na aba wɔ Yehowa nkurɔfo mu?

9 Nsakrae bɛn ara na eyi ama aba wɔ Yehowa asase so asomfo ahyehyɛde no mu sɛɛ yi! Ɛte sɛ nea wɔkae wɔ Yesaia 32:3 no: “Na wɔremfura adehufo aniwa, na wɔn a wɔte asɛm aso bɛwɛn.” Esiane ɔpɛ a emu yɛ den a wɔwɔ sɛ wɔbɛhyɛ Yehowa anuonyam na wɔasom no no nti, wabue wɔn koma ani ne aso a wɔde nya ntease. Wama wɔanya n’apɛde ma wɔn no mu nhumu a ɛyɛ anigye. Adansefo anokwafo no nntɔ nnkɔ demokrase nneyɛe anaa akwan horow a wɔfa so no so. Wɔama wɔn ani ada hɔ wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔsom wɔ teokrase ahyehyɛde, ahyehyɛde a wɔhwehwɛ Onyankopɔn apɛde mu na afei wɔadi ho dwuma no mu. Wɔde ho nkamfo ma Teokrat Kɛse no sɛ wada n’atirimpɔw adi akyerɛ asomfo a wɔwɔ asase so a wɔbrɛ wɔn ho ase na wɔwɔ ɔpɛ.

10. Nhyira ahorow a ɛyɛ nwonwa a Yehowa nkurɔfo a wɔn adwene mu abue nya no bi ne nea ɛwɔ he?

10 Sɛ wopɛ a, bu nhyira ahorow a Yehowa nkoa anya no ho akontaa. Nea ɛka ho no, wonya nokware nimdeɛ a ɛfa ba a Yesu Kristo aba n’ahenni mu fi 1914 no mu anigye; nsonsonoe kɛse a ɛda Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu no ne Satan de no ntam no; faako a asɛnka adwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ansa na Satan wiase no aba n’awiei no akodu; kronkron a mogya yɛ; ne nea Onyankopɔn nneɛma a wɔde bɛma Onyankopɔn kyerɛ no. Wɔ Yehowa Adansefo ahyehyɛde no mu no, wɔasan ayɛ akwankyerɛ ho nhyehyɛe a ɛte sɛ afeha a edi kan Kristofo de no. Nea ɛyɛ nhyira kɛse nso ne mprempren paradise tebea a nokware asomfo wom no. Ɛnyɛ ahoɔden nko na eyinom nyinaa ne akyɛde afoforo pii a efi Yehowa hɔ no ma ne nkurɔfo nya na mmom asomdwoe, biakoyɛ ne akomatɔyam nso wɔ bere a emu yɛ den wɔ abakɔsɛm mu yi mu.

11. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ateɛ n’asase so ananmusifo no so anaasɛ wakyerɛkyerɛ wɔn, na kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ na eyi ho hia?

11 Wɔama Yehowa asomfo anya ahonim a egyina Bible so ma enti wotie n’ahyɛde horow no yiye na wɔde di dwuma wɔ wɔn da biara da asetra mu. (Dwom 25:10) Wɔabɔ wɔn kɔkɔ wɔ nneyɛe a ɛho ntew na ɛyɛ fĩ a Onyankopɔn kyi no ho. Pɛsɛmenkominya, ɔbrasɛe ne sum ase nneɛma a wɔn mu binom de wɔn ho hyeem wɔ mmere a atwam no mu no yɛ nea mprempren wɔagyae koraa. (1 Petro 4:3) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛkɔ so anya Ahenni nhyira horow mu kyɛfa nyinaa yɛ eyi. Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa ho tew wɔ adwene, abrabɔ ne nipadua mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya hokwan de ayeyi afɔre abrɛ Yehowa, ‘ayɛyɛde afɔre wɔ trenee mu.’ (Malaki 3:3; Yesaia 52:11) Ahotɔ a ɛyɛ nwonwa bɛn ara na Adansefo anokwafo nyinaa nya sɛɛ yi, bere a wɔne nnipadɔm a wɔyɛ biako ampa wɔ Ɔbɔadeɛ no anigye som mu bɔ no!

Ɔsoro Ntetee

12. Ɔkwan bɛn so na Yesaia 32:4 anya mmamu wɔ Yehowa nnɛyi asomfo mu?

12 Yesaia 32:4 kɔ so ka sɛ: “Na adwenharefo a wɔpere asɛm ho benya nhumu na dodowpofo tɛkrɛma akasa turodoo a emu tew.” Wɔ Wiase Ko I mu no, na Yehowa nkaefo a wɔasra wɔn no nni ntease a ɛteɛ, na Babilonfo adwen horow yɛ nea agu wɔn ho fĩ ara na na wonni teokrase kwan a wɔfa so yɛ ade wɔ wɔn mu. Nanso wɔ 1919 mu no Onyankopɔn yii wɔn fii Babilonfo mpokyerɛ mu na ɔkɔɔ so maa wɔn ne nokware ahorow no ho nimdeɛ pii. Ɛdenam nokware ahorow yi so no, wɔasua sɛ wɔbɛyɛ nnipa a wosusuw nneɛma ho na ɛnyɛ adwenharefo. Mprempren wɔde ahotoso ka wɔn gyidi ho asɛm a wɔmpow dodow wɔ ehu mu a wonhu nea wɔka. Na ɔkwan bɛn so na yɛn sɛ ankorankoro no betumi ayɛ asɛmpakafo a wɔn ho akokwaw na wɔwɔ akokoduru? Ɛdenam ɔsoro nkyerɛkyerɛ no a wode bedi dwuma kɛse no so a emu pii yɛ nea wɔde ma wɔ nhyiam horow ase wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so no. Sɛ nhwɛso no, akyinnye biara nni ho sɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no yɛ akwan horow a Yehowa nam so ahyira n’asomfo na wahyɛ wɔn den ma wɔaka nokware no akokoduru so a emu da hɔ no biako.

13. Kasa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho?

13 Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, ɔsoro ntetee ama Onyankopɔn asomfo ahu sɛ ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ bɔ ahorow a ɛnyɛ wɔn adwene sɛ wobedi so, na ɛnsɛ sɛ wotwiri obi anaasɛ wɔka ne ho nsɛmmɔne Onyankopɔn nhyira wɔ wɔn a wotie afotu yi a wɔakyerɛw wɔ Ɔsɛnkafo 5:2 no so: “Mma w’ano nnyɛ birebire, na wo koma nso mmpɛ ntɛm mmma asɛm bi mmfi, Onyankopɔn anim, na Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na wo de, wowɔ asase so; enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.” Saa ara na ɛho hia sɛ ɛnsɛ sɛ wokasa tia Awurade ahyehyɛde no ne n’ananmusifo a wapaw wɔn no. Yehowa ne Ɔtemmufo a onim nneɛma nyinaa a n’anim na wobebu eyinom ne nsɛnhuhuw afoforo ho akontaa.​—Mateo 12:36, 37; Leviticus 19:16; Yuda 8.

14. Kɔkɔbɔ bɛn na wɔde ma Yehowa nkurɔfo wɔ ha, na ɔkwan bɛn so na Mmebusɛm 29:20 si so dua?

14 Wɔn a wɔpow Yehowa nkyerɛkyerɛ nso ne nnipa a wɔkasa tia Yehowa ahyehyɛde a ɛho tew no ne ne mmara horow a ɛma asomdwoe tra wɔn ntam na nneɛma kɔ so pɛpɛɛpɛ no. Nsonsonoe a ɛda saafo yi ne wɔn a wɔyɛ atuatewfo ankasa ntam no yɛ ketewaa bi. Kora ne wɔn a na wɔka ne ho no yɛɛ saa na wɔsɛee wɔn koraa bere a wɔansuro sɛ wɔde ahopere bɛkasa atia Onyankopɔn akoa Mose no. (Numeri 16:1-40) Wɔ asɛm yi ara ho no, Mmebusɛm 29:20 se: “Wuhu onipa a ɔpere ne nsɛm ho a, anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen no.”

15. Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Yesaia 32:5, 6 no abɛyɛ nea ɛfa Yehowa asomfo ho nnɛ?

15 Yehowa ahyira ne nkurɔfo ma, wɔanya nyansa nso a wɔde beyiyi papa ne bɔne mu. Wɔhwɛ wɔn ho so yiye wɔ wɔn a wɔde tɛkrɛma a ɛyɛ dɛ ne adɛfɛdɛfɛsɛm ba wɔn nkyɛn, na ebia wokura akyɛde ahorow mpo, sɛ wɔbɛsɛe wɔn a wɔn ani nna hɔ no koma no ho. (Fa toto 1 Timoteo 6:20, 21; Yuda 16 ho.) Nyamesomfo bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛka nsɛmpa a ɛnyɛ nea wɔanya dedaw afi Yesu Kristo ne n’asomafo no nkyɛn akyerɛ wɔn. Afei nso, wɔmmpaw nnipa a wonni adwene ne nnaadaafo mma wɔnsom wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu. Eyi ne asɛm no hyia sɛ: “Wɔremfrɛ ogyennyentwi sɛ bapɔmma bio, na wɔrenka sɛ ɔdaadafo yɛ ɔdɛɛfoɔ. Na ogyennyentwi ka agyennyentwisɛm na ne koma dwen amumɔyɛsɛm, sɛ obedi ahuhusɛm na waka [Yehowa] ho asɛm a ɛnteɛ; sɛ ɔbɛma nea odi kɔm kra ada mpan, na wama anonne abɔ nea odi sukɔm.”​—Yesaia 32:5, 6.

16. (a) Adwen horow a nnipa a wɔawae no ahyɛ ho nkuran no bi ne nea ɛwɔ he? (b) Ɛdefa eyi ho no, dɛn na wɔaka wɔ Yesaia 32:7?

16 So ɛnyɛ nokware sɛ wɔn a wɔafi yɛn mu kɔ wɔ mfe ahorow a atwam no mu esiane sɛ “wɔnka yɛn ho” nti na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa afoforo ma wɔafa asiane kwan a ɛte saa ara so no asiw wɔn ho kwan wɔ honhom mu aduan a ɛyɛ den ne honhom mu nsu a edwudwo koma no fibea no ho? (1 Yohane 2:19) Na, sɛ́ saa agyennyentwi yi bɛma wɔn yam ayɛ yiye na wɔabue wɔn nsam wɔ adesamma a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn no ho mmom no, wonhu hia a ɛho hia sɛ wɔbɛbom ayɛ asɛnka adwuma bi wɔ yɛn bere yi mu no. Sɛ́ anka wɔbɛka abom sɛ nnipa biako a wɔatete wɔn ma wɔatra ase ayɛ wɔn ade ma ɛne nnyinasosɛm ne ahyɛde ahorow a ɛkorɔn wɔ Onyankopɔn Asɛm mu ahyia mmom no, wɔma obiara kwan sɛ ɔmma Bible no a ɔno ankasa kenkan ne ne ntease a ɔwɔ no nkyerɛ no kwan. (Dwom 133:1-3; 1 Korintofo 1:10) Wɔbɛdaadaa afoforo ma wɔagye adi sɛ Yehowa bɛkɔ so de afiri abɔnefo bere nyinaa, bere dodow a wɔma ɛyɛ te sɛ nea wɔasakra wɔn adwene wɔ nnipa ani so no. Nea, ɛyɛ anigye wɔ eyi mu ne nea Yesaia 32:7 ka wɔ wɔn a wɔwaee wɔ tete Israel ho no: “Ɔdaadaafo akwan yɛ bɔne, ɔbɔ ne tirim pɔw bɔne, sɛ ɔde atosɛm bɛsɛe mmɔboroni ne ohiani a ɔka nokware.”

17. (a) Henanom na Yesu apaw wɔn sɛ n’akyidifo? (b) Nsemmisa bɛn na ɛsɔre wɔ wɔn daakye dwumadi ho wɔ kɔ a wiase bɔne yi mu nsɛm tebea kɔ so sɛe no mu?

17 Yesu nokware akyidifo a wapaw wɔn esiane sɛ honhom mu nneɛma ho hia wɔn nti no ‘ka nokware.’ Nanso wɔn a wɔhwehwɛ nokware no yiyedi ankasa ho nhia nnyennyentwi a wɔyɛ asɔretiafo no. Wɔn adwene ne sɛ wɔbɛtwe afoforo adi wɔn akyi a ɛmfa ho sɛ asiane bɛn na wɔde wɔn ankasa ne afoforo tom. Nanso, so Yehowa bɛma kwan ma koma pafo atɔ afiri a ɛne atoro nsusuwii mu? So wayɛ nsiesiei ama nhyira a ne nkoa ne wiase nyinaa asɛnka adwuma no benya?

[Ase hɔ nsɛm]

a Yɛsrɛ wo hwɛ December 1, 1951 Watchtower mu, nkratafa 716-29.

Wubebua Dɛn?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa ahyɛ n’adansefo den nnɛ?

◻ Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Yesaia 32:1, 2 no ba mu wɔ Yehowa Adansefo mu?

◻ Nhyira horow a Onyankopɔn nkurɔfo a wɔn adwene mu abue nya no bi ne nea ɛwɔ he?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yesaia 32:5, 6 ba mu nnɛ?

[Kratafa 13 mfoni]

So wopow sɛ wubetie kasa a wɔde tia Yehowa ahyehyɛde no? Ɛsɛ sɛ wopow

[Kratafa 15 adaka]

Minim ahobrɛase, na minim taamudi nso. Makokwaw ade biara ne ade nyinaa mu, ɔmee ne ɔkɔm ne taamu ne hiadi; mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.​—Filipifo 4:12, 13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena