Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 11/1 kr. 16-21
  • Hwɛ Ahenni Nkɔso Nhyira Horow!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwɛ Ahenni Nkɔso Nhyira Horow!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa Ma Nokwaredifo
  • Asomdwoe Nhyira
  • Adwuma Kɛse A Ɛsɛ Sɛ Wowie Yɛ
  • Ɔhene no ne N’asafohene
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
  • Ɔma Yɛn Ahoɔden A Ɛboro So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Akumaa Dan Ɔman a Ɛyɛ Den’
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
  • Yehowa ‘Yɛ No Ntɛm’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 11/1 kr. 16-21

Hwɛ Ahenni Nkɔso Nhyira Horow!

“Obiara a n’ani bɔ wɔn so no behu wɔn sɛ wɔyɛ ɔman a [Yehowa] ahyira wɔn.”​—YESAIA 61:9.

1. (a) Yehowa nnɛyi nsiesiei bɛn na ɛda n’ayamye wɔ nnipa pii a wonnya mmehuu no no ho adi? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔnam hu n’ankasa ne nkurɔfo a wahyira wɔn no?

EFI 1914 mu no wɔde ɔsoro Hene bi asi ahengua so na wama no tumi sɛ onni hene. Na wɔayɛ nsiesiei ama asase so ahyehyɛde bi wɔ “asafohene” a wodi hene trenee so ase. (Yesaia 32:1, 2) Wɔ eyi nyinaa mu no, Yehowa ada ne ho adi sɛ ne yam ye ma wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn nyinaa. Na wɔn a ɔkɔm ne sukɔm de wɔn no sen yuu ba nnipa a Yehowa ahyira wɔn no nkyɛn. Nanso ɔkwan bɛn so na wohu wɔn? So wɔyɛ wɔn a wɔagye din wɔ asetra, amammui anaa sikasɛm mu? Dabi, ɛnyɛ eyinom mu biara nti na wohu wɔn. Esiane sɛ wosuasua wɔn Nyankopɔn yamyefo no denam wɔn pɛ mu a wofi sɛ wɔne afoforo bɛkyɛ nhyira horow a wɔanya dedaw no so nti.

2. Nea ɛne Yesaia 32:8 hyia no, su bɛn na ɛda adi wɔ Yehowa asomfo a wɔwɔ asase so nnɛ no mu, na ɛno te saa esiane sɛ wɔatie wɔn Kannifo no afotu bɛn nti?

2 Ayamye Nyankopɔn no akyerɛkyerɛ n’asomfo ma wɔn nso ayɛ ayamyefo. Ɛdefa onipa a ɔyɛ ɔyamyefo ho no, Yesaia 32:8 se: “Na ɔdɛɛfoɔ dwen ayamye, na ayamye ara na ɔde gyina.” Sɛnea Yesu de nea n’ankasa pɛ too nkyɛn na wanhwehwɛ nneɛma pii sɛnea ɛbɛyɛ a obedi ahyɛde a Onyankopɔn de ama no sɛ ɔnka Ahenni no ho anuonyam asɛmpa no nkyerɛ afoforo no ho dwuma no, saa ara na n’akyidifo no abɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ. Wotie Yesu afotu no: “Momma, na wɔama mo; susukora pa a wɔamia so na wɔawosow na abu so na wɔde begu mo ntama mu. Na susukora a mode susuw no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo bio.” (Luka 6:38) Yehowa ne Kristo Yesu na wobetumi atua wɔn asomfo ayamye a ɛte sɛɛ so ka na wɔbɛyɛ saa denam nya a wɔbɛma wɔanya akomatɔyam, asomdwoe ne anigye wɔ wɔn nokware som no aba a ɛsow a ɛfa Ahenni no nneɛma ho no mu so.

3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nokware asomfo su no bɔ Kristoman ne n’aboafo de no abira?

3 Wɔn a wɔtrɛw asɛmpa no mu ayamye, mmɔdenbɔ ne adɔe su no ne afoforo de bɔ abira. Onyankopɔn diyifo no ka ɔhaw a ɛbɛba mmea a wɔn ho dwo wɔn na ‘wɔdɔ dwoodwoo asetra’ wɔ Yerusalem a anni nokware no mu so ho asɛm. (Yesaia 32:9-14) Ebia wɔn su no bɛkae yɛn ebinom a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn ne Kristo nanso wɔmmmɔ mmɔden anaasɛ wonnnyɛ nnam wɔ Yehowa som mu no. Ampa, ebia yebesusuw wɔn a wɔwɔ Kristoman mu ne wɔn a nnipa pii a ɔkɔm ne sukɔm de wɔn no ho nhia wɔn ankasa no ho. Wiase nneɛma ho a wodwen a wonsusuw ho sɛ wɔbɛyɛ adwuma a Yehowa ahyɛ sɛ wɔnyɛ wɔ saa bere yi mu wɔ abakɔsɛm mu no betumi akowie amanehunu mu ama wɔn, te sɛ nea ɔhaw ba wɔ twa adwuma mu huammɔdi mu no.

4. Daakye bɛn na ɛretwɛn wɔn a wɔkɔ so di Onyankopɔn Asɛm no ho atoro nyinaa?

4 Awerɛhow ne ɔsɛe nkutoo na ɛda hɔ ma Kristoman ne n’aboafo no. Honhom mu kɔm a ɛbɛma wɔn dodow so ahuan na ebefi ayamye a onni ne aba a wansow wɔ Yehowa som mu no mu aba. Esiane sɛ saa atoro Kristofo no nyinaa annua na woangugu so yiye, amfa Onyankopɔn Asɛm no anni dwuma wɔ nokwaredi mu nti, asɛyɛde biara nna Yehowa so sɛ ‘ɔbɛma anyin.’​—Fa toto 1 Korintofo 3:6-9 ho.

Asɛmpa Ma Nokwaredifo

5. Dɛn na wɔka too hɔ wɔ Yesaia 32:15, na nneɛma a ɛyɛ nwonwa bɛn na akɔ so abesi afe 1984 yi mu?

5 Nea ɛhyɛ nkuran no, asɛmpa wɔ hɔ ma wɔn a wɔde boasetɔ twɛn Yehowa bere a wɔde Ahenni nneɛma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no di dwuma no. Wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Yesaia 32:15 wɔ asɛm yi mu: “Ɛde rekosi sɛ wobefi soro ahwie honhom no agu yɛn so, na sare so adan ɛkwã, na wɔabu ɛkwã sɛ kwae.” Wɔahwie Onyankopɔn honhom kronkron no agu ne nnɛyi adansefo no so te sɛ nea ɛbaa asomafo ne asuafo a na wɔretwɛn no so wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no. (Asomafo no Nnwuma 2:1-4, 14-18; Yoel 2:28, 29) Te sɛ saa bere no mu no, saa ara na nnɛ nea afi mu aba ne sɛ Yehowa asomfo anokwafo a wɔwɔ asase so no ayɛ wɔn a wonni adagyew wɔ adwuma a ɛne sɛ wɔbɛyɛ asuafo pii no mu. Titiriw no, Yehowa hwiee ne honhom guu ne nkurɔfo so wɔ 1919 ne 1922 mu, na ɛdefi 1922 mu titiriw no, wɔde adwene sii Ahenni asɛnka adwuma no so kɛse. Saa dwumadi yi akɔ so na emu atrɛw araa abedu afe 1984 yi mu, a tebea horow a ɔhaw wom a ayɛ asase yi so ma no mfa ho. Asɛmpa no ho adawurubɔfo ayamyefo no dodow akɔ soro afi dodow kakraa bi a na wɔyɛ 7,000 anaa 8,000 wɔ 1922 mu no so akodu nea ɛsen biara a ɛyɛ 2,652,323 nnɛ.

6. Nneɛma foforo a ɛyɛ nwonwa bɛn na afi honhom kronkron a wohwie guu Yehowa asase so ahyehyɛde no so no mu aba?

6 Ampa, ‘honhom a wɔahwie agu’ no ama wɔasow aba pii. Satan wiase no tebea a ɛte sɛ sare asase no nka yɛn bio, na saa ara na Yehowa Asɛm no tie ho honhom mu kɔm nka yɛn. (Hesekiel 36:29, 30) Efi Pentekoste 33 Y.B. reba no, Onyankopɔn adua ‘nnua akɛse’​—Kristofo a wɔyɛ den a wonhinhim​—wɔ ne nkurɔfo honhom fam asase no so. Saa “nnua” akɛse a ɛsow aba a ɛyɛ nea “[Yehowa] tɛw” yi anyinyin na adan kwae bere a Yehowa asomfo ahyehyɛde a aniwa hu no ma wɔn a wɔpɛ no nya onwini a ahotɔ wom ne honhom mu aduan fi wɔn Nyankopɔn nkyɛn no.​—Yesaia 61:3.

7. Dɛn na akã kuw kɛse a wɔyɛ koma pafo ma wɔresen aba Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no mu no?

7 Nea nnipa koma pafo a mprempren wɔsen yuu ba Yehowa teokrase ahyehyɛde a aniwa hu no mu ani agye ho ne honhom mu paradise nneɛma ahorow a ɛyɛ nwonwa no. Asase so baabiara nni hɔ bio a wɔahu trenee ne atemmu. Nea asɔfo a wonni nokware, amansɛmdifo a wɔsom wɔn ankasa ho ne aguadi mu mpanyimfo adifudepɛfo de ayɛ wɔn no ara dɔɔso. Wɔabue wɔn ani ama woahu asafo a mmarima ne mmea a wosuro Onyankopɔn wom a wɔ wɔn mu no wɔmma nnyennyentwi ne atorofo nyɛ te sɛ mmapɔmma; faako a wɔkasa tia nneyɛe bɔne a ɛnsɛ Kristofo na wodi wɔn a wɔkɔ so yɛ nneɛma a ɛho ntew ne bɔne no ho dwuma ɔhare so no.

8. Ɔkwan bɛn so na Yesaia 32:16 nya mmamu wɔ Yehowa nkurɔfo so nnɛ?

8 Odiyifo no toa n’asɛm a wofi honhom mu de ama no no so sɛ: “Na atemmu bɛtra sare so, na trenee nso atra ɛkwã mu.” (Yesaia 32:16) Ampa, atemmu ne trenee wɔ Yehowa teokrase ahyehyɛde a aniwa hu no mu. Ɛwom, Onyankopɔn asomfo anokwafo nyinaa hu sɛ biribiara a wɔwɔ ne nea wonya a gyinabea pa a wɔwɔ wɔ Yehowa anim no ka ho, yɛ ayamye a ɛnsɛ wɔn a wɔn nsa ka. Wɔn trenee no fi Nyankopɔn.

9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa adansefo anokwafo nnwuma bɔ Kristoman asɔfo nnwuma ne wɔn su abira?

9 Eyi yɛ soronko koraa wɔ Kristoman mu atitiriw a wɔyɛ wɔn ho atreneefo ne wɔn nyaatwom nneyɛe no ho. Ɛyɛ trenee a wɔde nnwuma na ɛkyerɛ​—nnwuma a ɛde ayeyi brɛ Yehowa na ɛho ba n’abɔde a wɔyɛ asoɔmmerɛwfo a wofi mmusua ne kasa horow nyinaa mu mfaso. Saa nnwuma no mu kɛse biako ne Ɔhene a odi tumi mprempren sɛnea Onyankopɔn pɛ no ho dawuru a wɔbɛbɔ. Nnipa ahyehyɛde foforo biara nni hɔ a ɛka saa nokwasɛm a ɛyɛ anigye no ho asɛm. Na koma pafo biara a ɔte asɛm no nso ho pere no sɛ ɔbɛka Ahenni biakoyɛ nhyira horow no ho asɛm akyerɛ ne mfɛfo.

Asomdwoe Nhyira

10. Dɛn na Yesaia kɔ so ka ho asɛm wɔ ne nkɔmhyɛ no mu wɔ ti 32, nkyekyem 17?

10 Wiase nyinaa adwuma a emu retrɛw yi, saa ɔsom kronn yi, kɔ anim wɔ ahyehyɛde kwan so tebea a asomdwoe, kommyɛ ne ahotoso wom mu te sɛ nea Yesaia kɔ so ka ho asɛm wɔ ne nkɔmhyɛ no mu wɔ ti 32, nkyekyem 17 no, sɛ: “Na trenee no nneyɛe bɛyɛ asomdwoe, na trenee no aba ayɛ kommyɛ ne ahotoso akosi daa.” Ɛyɛ nokware trenee yi na nnipa a wosuro Onyankopɔn a wofi mmusua ne kasa horow nyinaa mu no rehwehwɛ, na afei wohu wɔ Yehowa Adansefo ahyehyɛde no mu. Ɛha na asomdwoe wɔ, efisɛ obiara di boa, na wɔwɔ “pii yɛ Awurade adwuma no mu.”​—1 Korintofo 15:58, New World Translation.

11. (a) Henanom na wonni afã biara wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na woyi wɔn adi, na dɛn na efi mu ba ma Yehowa nokware asomfo?

11 Wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no, wɔmma nsɛnhuhuwkafo ne wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ adwuma wɔ Yehowa som mu no kwan. Nokwarem no, bɔ a wɔhyɛe wɔ Yesu bɛ a ɛwɔ Mateo 13:24-30, 39, 41 no mu no reba mu mprempren. Atwafo a wɔyɛ abɔfo no ‘reboaboa hintidua ne wɔn a wodi nsɛmmɔne nyinaa ano afi n’Ahenni ahyehyɛde no mu.’ Abɔfo no tumi hu wɔn a wɔyɛ Yehowa nokware asomfo ne wɔn a wɔyɛ atorofo. Wotumi ma tebea horow ba a wɔnam so da wɔn a wodi nsɛmmɔne no adi na wɔpam wɔn fi nokware Kristofo kuw no mu. Na dɛn na ɛde aba? Ahyehyɛde a ɛyɛ den na ɛreyɛ adwuma de ayi Yehowa ayɛ na ama n’Ahenni wɔ Yesu Kristo ase no anya nkɔso.

12. (a) Bɔhyɛ a emu yɛ den bɛn na Yehowa de ma ne nkurɔfo sɛnea wɔada no adi wɔ Yesaia 32:18 no? (b) Nsɛm a ɛrebesisi bɛn na ɛho mframa adi kan rebɔ, na ɔkwan bɛn so na ɛka Yehowa asomfo anokwafo?

12 Yesaia kɔ so ka sɛ (32:18) : “Na me man bɛtra asomdwoe fi, ne ahotɔ trabea, ne kommyɛ homebea.” Ampa, Yehowa ama n’asomfo anokwafo a wɔwɔ asase so trabea ne adwuma a wɔremma obiara kwan mma ɔmpam wɔn mfi so. Wɔbɛkɔ so atra hɔ akosi sɛ Yehowa bewie n’atirimpɔw ma wɔn wɔ bere a edi Harmagedon anim yi ho dwumadi (Adiyisɛm 16:14, 16) Wɔ wɔn fam de, Babilon Kɛse, wiase atoro som ahemman, no ahwe ase dedaw. Nkɛntɛnso a ɛwɔ no resa ntɛmntɛm. Mprempren mpo, aboa a wɔkaa ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 17 no rehwɛ no, na wasiesie ne ho sɛ obedi ne nam na ɔde ogya ahyew no koraa. (Adiyisɛm 17:16) Nanso nneɛma a ɛte sɛɛ a ɛrekɔ so kɛse no nhaw Ahenni no ho adansefo koraa. Ehu ne akomatu nkaa wɔn te sɛ nnipa a wɔwɔ wiase no. Esiane sɛ Yehowa ahyira yɛn na ɔma yedi kan hu nneɛma a ɛrebɛba nti, yetumi de ahotoso hyia nea ɛbɛba daakye. “Asomdwoe pii wɔ wɔn a wɔdɔ [Yehowa] mmara, na biribi ntõatõa wɔn.”​—Dwom 119:165.

13. Nkɔso kɛse bɛn na Yehowa ama aba n’ahyehyɛde a aniwa hu no mu, na tumi bɛn na eyi anya wɔ ne nkurɔfo su ne wɔn adwumayɛ so?

13 Odiyifo no ka too hɔ wɔ Yesaia 60:17 sɛ nkɔso kɛse bɛba wɔ teokrase nhyehyɛe ne akwan a wɔfa so yɛ ade no mu wɔ Yehowa asomfo a wɔwɔ asase so no mu. Ɔyɛɛ eyi ho nhwɛso denam kɔbere, dwetɛ ne sika a wɔde sii nneɛma a ebetumi asɛe ne abo a ɛnsom bo ananmu no so. Afei yɛkenkan sɛ: “Na mɛma asomdwoe adi wo so panyin ahwɛ wo, na mede trenee mayɛ wo kafõ.” Wɔn a wɔwɔ Ahenni-dawurubɔ ahyehyɛde yi mu nyinaa ani gye sɛ wɔbɛbom asom wɔ asomdwoe mu, efisɛ wɔn adwuma nyinaa, wɔ ɔsom no fã biara mu a wɔwɔ no, yɛ nea ɛfa Ahenni no ho dawurubɔ wɔ asase nyinaa so no ho. Wɔn nyinaa aniwa hyiam, na adwuma no a wobewie yɛ ho hia wɔn nyinaa. Hwɛ soronko ara a ɛyɛ wɔ pɛsɛmenkominya ne akodi a ɛkɔ so wɔ adwumayɛfo ne adwuma mpanyimfo ntam wɔ wiase a atwa yɛn ho ahyia no mu ho! Wɔn a wɔwɔ Yehowa ahyehyɛde mu nyinaa, a ɛmfa ho sɛ dibea bɛn na wokura no yɛ wɔn a Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn na enti wotumi kɔ so yɛ wɔn adwuma no wɔ asomdwoe ne nhyehyɛe pa mu.​—Yesaia 54:13.

14. Daakye a nsonsonoe kɛse wom bɛn na ɛwɔ hɔ ma (a) Yehowa nkurɔfo a wɔyɛ mmɔdenbɔfo? (b) Kristoman ne amansɛmdifo a ɔne wɔn abɔ aguaman no nyinaa?

14 Nnipa a wɔahyira wɔn a wɔyɛ mmɔdenbɔfo yi bɛkɔ so a biribiara nhaw wɔn, bere a Satan nneɛma nhyehyɛe no awiei ba mpofirim mpo no. Yehowa atemmu a ɛte sɛ amparuwbo a emu yɛ duru a ɛba Kristoman ne wiase no nyinaa so no bɛsɛe ɔtamfo no koraa. Nanso wobegye Onyankopɔn nkurɔfo nkwa wɔ n’ahobammɔ ase bere a wɔbrɛ “kwae” kɛse a ɛyɛ Satan asraafo dɔm no ase sɛnea Yesaia 32:19 ka too hɔ no: “Na amparuwbo begu da a kwae no bɛhwe fam no, na wɔbɛbrɛ kurow no ase korakora.” Wɔ nneɛma a ɛkɔ so a ɛwosow wiase yi nyinaa mu no, Yehowa asomfo de wɔn ho bɛto bɔhyɛ no so sɛ “[Yehowa] bɔfo bɔ wɔn a wosuro no ho nsra hyia, na ogye wɔn.”​—Dwom 34:7.

Adwuma Kɛse A Ɛsɛ Sɛ Wowie Yɛ

15. Adwuma bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo yɛ?

15 Nanso, adwuma kɛse wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wowie yɛ, bere a Yehowa kɔ so ara ma nnipa pii a wɔwɔ aman nyinaa mu ani ne wɔn aso bue ma wɔte nea nkwagye asɛm no kyerɛ ase no. Anigye ne wɔn a wɔde wɔn ho ma koraa ma Ahenni no ho adwuma a ɛte sɛɛ a wonni adagyew koraa a wɔregu Ahenni nokware aba no wɔ nnipa a wɔwɔ amanaman nyinaa mu no mu ampa! Saa nhyira yi te sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ Yesaia 32 nkyekyem a etwa to no mu no, a ɛkenkan sɛ: “Nhyira ne mo a mugu aba, asu nyinaa ho, na moto nantwi ne afurum nan kwan.” Ná mmoa yi yɛ nea Onyankopɔn tete nkurɔfo de wɔn yɛ adwuma ma wɔfɛntɛm asase ma wogu aba wɔ so. Wode toto ho nnɛ a, Yehowa ama ne nnɛyi adansefo nsa aka nneɛma a wohia sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi agu Ahenni nokware aba no ntɛmntɛm ne wɔ ɔkwan a etu mpɔn so a wɔwɔ anidaso a emu yɛ den sɛ Yehowa de ne nhyira bɛka ho ma wɔatwa aba pii.

16. Adanse ahorow bɛn na yɛwɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa rehyira n’Ahenni adansefo no kɛse wɔ asase nyinaa so mprempren?

16 Bere a yɛto yɛn ani hwɛ afuw a ɛne wiase no mu no, so yenhu Yehowa nhyira a ɛda adi wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛde nnam bɛka Ahenni ho asɛm no bere nyinaa no so anaa? Wɔanya baa dwumadibea adan akɛse a emu na adwumayɛfo a wɔyɛ asomfo a wɔwɔ ɔpɛ na wɔn dodow rekɔ anim a wohia wɔn ma wɔayɛ Betel adwuma a ɛdɔɔso no te wɔ nsase pii so. Wɔama wɔn nsa aka nnɛyi tintim mfiri a ɛde ahoɔhare kɛse yɛ adwuma wɔ aman ahorow pii so na ama Bible, Bible nhoma ne nsɛmma nhoma ahorow a wotintim no dodow anya nkɔso kɛse. Onyankopɔn asomfo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ a wɔn dodow rekɔ anim de wɔn ho rema asom sɛ daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo na da biara wɔde bere pii yɛ adwuma a ɛho hia a ɛne Ahenni nokware a wobedua wɔ nnipa pii koma mu no. Ɛkame ayɛ sɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ asafo ahorow nyinaa mu rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn som adwuma no anya nkɔso a nhyira horow a Yehowa ahwie agu wɔn so dedaw no ho anisɔ kɛse a wɔwɔ mu na wofi yɛ saa.

17. Dɛn na ɛda nsow wɔ Yehowa Adansefo ne wɔn adwuma no ho wɔ yɛn bere yi mu?

17 Yehowa Adansefo nkutoo na wɔreyɛ nkwagye adwuma yi ama Onyankopɔn Ahenni nniso no. Wɔn nkutoo na wɔrenya nea afi otwa adwuma no mu aba a ɛda adi mprempren mpo no mu anigye. Aba a Yehowa de ma n’adwumayɛfo a wɔde wɔn ho ama a wɔwɔ afuw no so no nso yɛ nea wɔayiyim yiye! Yɛn Bible sua mmoa nhoma horow no yɛ nea wɔasiesie na akanyan pii a afei na wɔrebɛba no koma na wɔde wɔn aba Yehowa asomdwoe ahyehyɛde, Kristofo asafo a wɔde toto ne Ba no “san” ho wɔ Mateo 13:30 no mu.

18. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛde akomatɔyam ne anigye bɛkɔ yɛn anim wɔ yɛn Ahenni som adwuma no mu?

18 Ampa, yɛwɔ Yehowa da no mu, da a ne “bɔhyɛ a ɛsosoe akɛseakɛse a ne bo yɛ den” no bɛbam ama ne nkurɔfo a wɔde wɔn ho ama no mu. (2 Petro 1:4) Asomdwoe ne biakoyɛ rekɔ so wɔ yɛn mu. Wɔama yɛanya yɛn Nyankopɔn atirimpɔw ahorow no mu ntease a emu da hɔ. Yɛwɔ asomdwoe wɔ wiase nnipa a ehu ne dadwen aka wɔn no mu. Daakye a nhyira akɛseakɛse wom wɔ hɔ retwɛn yɛn ara. So ɛnyɛ yɛn anigye mmoroso sɛ yɛne wɔn a wɔn nsa aka Ahenni biakoyɛ nhyira horow yi nyinaa? Na so ɛnyɛ nea yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ yɛn anim wɔ Ahenni adwuma no mu de ayi Yehowa ayɛ daa?

Wubua Dɛn?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa asomfo su ne wɔn a wɔwɔ Kristoman mu de no bɔ abira?

◻ Dɛn na afi Yehowa honhom o wohwie gui no mu aba?

◻ Nea ɛne Yesaia 32:17, 18 hyia no, nhyira horow bɛn na Yehowa nkurɔfo nsa ka mprempren?

◻ Adanse bɛn na yɛwɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa rehyira n’Ahenni adansefo no?

[Kratafa 17 mfoni]

Wosii hia a ɛho hia sɛ, ‘wɔbɔ Ɔhene no ne Ahenni no ho dawuru’ no so dua wɔ Yehowa nkurɔfo 1922 nhyiam a wɔyɛe wɔ Cedar Point, Ohio, no ase

[Kratafa 20 mfoni]

Yehowa de wiase nyinaa asomdwoe ne biakoyɛ ahyira ne nkurɔfo

[Kratafa 21 adaka]

Nea osua koraa no bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, [Yehowa], mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.​—Yesaia 60:22.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena