-
Paradise a Wɔasan De Aba!Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
Asase a Ɛda Mpan Di Ahurusi
3. Sɛnea Yesaia nkɔmhyɛ no kyerɛ no, nsakrae bɛn na ɛbɛba asase no so?
3 Yesaia nkɔmhyɛ a efi honhom mu a ɛfa Paradise a wɔasan de asi hɔ ho no de nsɛm a edi so yi na efi ase: “Sare so ne nkyerekyerewa benya anika, na anhwea pradada adi ahurusi, na ahan sɛ nhwiren; nhwiren ara na ebegu, ahosɛpɛw ne osebɔ mu ara na ebedi ahurusi; wɔde Lebanon anuonyam, Karmel ne Saron ahyehyɛde, bɛma no; wobehu [Yehowa, “NW”] anuonyam, yɛn Nyankopɔn ahyehyɛde no.”—Yesaia 35:1, 2.
4. Bere bɛn na Yudafo asase no bɛdanee sare, na ɔkwan bɛn so na ɛbaa saa?
4 Yesaia kyerɛw saa nsɛm yi wɔ bɛyɛ afe 732 A.Y.B. mu. Bɛyɛ mfe 125 akyi no, Babilonfo sɛe Yerusalem, na wɔde Yudafo kɔ nnommumfa mu. Wɔn asase no da mpan, na ɛdan amamfõ. (2 Ahene 25:8-11, 21-26) Saa kwan yi so no, Yehowa kɔkɔbɔ a ɛne sɛ sɛ Israelfo anni nokware a, wɔbɛkɔ nnommumfa mu no nya mmamu. (Deuteronomium 28:15, 36, 37; 1 Ahene 9:6-8) Bere a Hebri man no bɛyɛ nnommum wɔ ananafo asase so no, wɔn nsase a na nsu pa wɔ so ne nnuaba nturo no bɛda mpan mfe 70, na ɛbɛyɛ sɛ sare.—Yesaia 64:10; Yeremia 4:23-27; 9:10-12.
5. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔsan de paradise tebea ba asase no so? (b) Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo ‘hu Yehowa anuonyam’?
5 Nanso, Yesaia nkɔmhyɛ no ka sɛ asase no renna mpan daa. Wɔbɛdan no paradise ankasa. Wɔde “Lebanon anuonyam” ne “Karmel ne Saron ahyehyɛde” bɛma no.a Ɔkwan bɛn so? Sɛ Yudafo no fi nnommumfa mu ba a, wɔbɛsan adɔw wɔn asase no na wɔagugu wɔn mfuw so nsu, na asase no asan adɔ srade sɛnea na ɛte kan no. Eyi ho anuonyam betumi akɔ Yehowa nkutoo hɔ. Ɛyɛ ne pɛ ne ne mmoa ne ne nhyira nti na Yudafo no nya paradise tebea a ɛte saa. Nnipa no tumi hu “[Yehowa, NW] anuonyam, [wɔn] Nyankopɔn ahyehyɛde” bere a wohu sɛ Yehowa nsa wɔ nsakrae a ɛyɛ nwonwa a ɛba wɔn asase no so mu no.
6. Mmamu a ehia kɛse bɛn na Yesaia nsɛm no anya?
6 Nanso, Yesaia nsɛm no nya mmamu a ehia kyɛn saa wɔ Israel asase a wɔasan asiesie so no ho. Wɔ honhom fam no, Israel adan asase kesee ne sare mfe pii. Bere a na nnommum no wɔ Babilon no, wɔkaa nokware som hyɛe denneennen. Ná asɔrefie, afɔremuka, ne asɔfodi ho nhyehyɛe biara nni hɔ. Wotwaa afɔre a wɔbɔ no daa mu. Afei de, Yesaia hyɛ nsakrae bi ho nkɔm. Wɔ mmarima te sɛ Serubabel, Esra, ne Nehemia akanni ase no, Israel mmusuakuw 12 no nyinaa mu ananmusifo san kɔ Yerusalem, kosi asɔrefie no, na wɔsom Yehowa a obiara nhaw wɔn. (Esra 2:1, 2) Eyi yɛ honhom fam paradise ampa!
-
-
Paradise a Wɔasan De Aba!Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
a Kyerɛwnsɛm no ka tete Lebanon ho asɛm sɛ asase a ɛsow aba a kwae pii ne nkyeneduru akɛse wɔ so a na wɔde toto Eden Turo ho. (Dwom 29:5; 72:16; Hesekiel 28:11-13) Ná wonim Saron sɛ asase a asuten ne odum ayɛ so mã; na Karmel agye din sɛ baabi a bobeturo, nnuaba nturo, ne mmepɔw a nhwiren wɔ so ayɛ so mã.
-