Nhoma A Wɔatɔ Sen Biara Wɔ Wiase—Mmɔden A Abɔ Na Atra Hɔ
NHOMA horow apem biara a wɔbɛyɛ mu no, emu aduonum pɛ na ɛkɔ so yɛ nea nkurɔfo taa tɔ, anyɛ yiye koraa no de kosi mfirihyia ason. Esiane sɛ ɛnkyɛ na nnipa ayera anigye a wɔwɔ wɔ mu nti, nhoma nkwa nna taa yɛ tiatiaa.
Ɛnde dɛn na wubesusuw, wɔ nhoma a akɔ so ayɛ nea agye din a wɔde adi dwuma nea ɛboro mfirihyia 3,000 ni no ho? Fa nokware a ɛyɛ sɛ afi ɔsɔretia a emu yɛ den sen biara a nhoma ahyia wɔ wiase abakɔsɛm mu no ka ho. Nhyɛsofo, ahemfo, ahenemma, ahenni horow nyinaa abɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe no. Nanso, ɛnnɛ, abɛdan nhoma a wɔtɔ sen biara wɔ wiase!
Ɛtɔ bere bi a na wɔn a wɔsɔretia Bible no wɔ anidaso sɛ ne sɛe yɛ nea ɛdan ara a ɛbɛba. Sodifo ahorow a wɔwɔ tumi kɛse ahyehyɛ mmara de abara eyi sɛ ɛsɛ sɛ wɔhyew no, nanso ɛnkyɛ na wohu sɛ bara a wɔbaraa no no ayɛ kwa. Nhoma no fii mu. Ɛso a wɔakora de afa wɔn a wɔako atia no mpɛn ahorow pii mu wɔ mfehaha no mu no yɛ nea wɔato no din sɛ “abakɔsɛm mu anwonwade.”
Wo de susuw eyi ho! So ɛnyɛ nwonwa yiye sɛ nhoma a akyɛ te sɛ Bible no na wɔasɔre atia no bebrebe yi nyinaa no bɛkɔ so ayɛ nhoma a wɔtɔ sen biara wɔ wiase? Nhoma horow te sɛ nnipa wɔ akwan horow so. Wɔwɔ mfiase, wobenyin agye din, wɔayɛ dedaw na wɔawuwu. Nhomakorabea ahorow taa yɛ nhoma horow ɔpepem pii a awuwu anaa wɔntɔ bio no asiei.
Nanso, Bible no a wofii ne kyerɛw ase bɛyɛ mfeha 35 ni no yɛ nea wodi ho dwuma ara na wotumi kenkan wɔ asase so nnipa a wɔn dodow yɛ ɔha mu nkyem 97 no kasa horow mu. Esiane sɛ ɔkwan a wɔafa so akyekyɛ akɔ akyirikyiri no yɛ nwonwa nti, ansa na ɛrebenya din sɛ “nea wɔtɔ sen biara” no mpo no, na Bible no yɛ nhoma a wɔhwehwɛ sen biara wɔ wiase dedaw.
Ehia Pii Kyɛn Kɔ a Nhoma No Bɛkɔ So Atra Ase
Bible no kyerɛ sɛ Onyankopɔn nsɛm na ɛwɔ mu, na afei emu nkyerɛwee no yɛ nea ne honhom no ankasa ma wɔkyerɛwee. (2 Tim. 3:16; 2 Pet. 1:20, 21) Onyankopɔn kae wɔ n’asɛm no mu sɛ: ‘Wura guan, nhwiren twam, na yɛn Nyankopɔn asɛm tim hɔ daa!” (Yes. 40:8) Nanso ne ‘tim a etim hɔ daa’ no bɛkyerɛ pii akyɛn sɛ́ Onyankopɔn asɛm no bɛtra hɔ sɛ nhoma bere tenten ara kwa.
Wɔ nokwarem no, “nhoma” horow wɔ hɔ nnɛ a ne kyerɛw reyɛ ayɛ sɛ nea akyɛ kyɛn Bible no, te sɛ nhwɛso no, abopon ne nhoma horow wɔ hɔ a efi tete Babilon ne Misriamfo nkyerɛwee mu a wogye di sɛ wɔkyerɛwee mfehaha pii ansa na Mose refi ase aboaboa Bible no ano wɔ 1513 A.Y.B. mu. Nanso saa tete nhoma horow yi yɛ nea wɔakyerɛw wɔ kasa horow a awuwu anaa wɔnka bio no mu na nsɛm a ɛka no yɛ nea nnipa a wɔte ase nnɛ no nni ho mfaso biara koraa. Sɛ yɛbɛka a, wɔ nokwarem no, saa “nhoma” horow yi awu.
Nea ɛne eyi bɔ abira no, Bible no ka sɛ Onyankopɔn Asɛm no bɛkɔ so ‘ayɛ wɔn a wogye di no mu adwuma.’ (1 Tes. 2:13) Tumi a ɛwɔ ne nsɛm no mu no benya wɔn a wɔde di dwuma no asetra so nkɛntɛnso. Bere a ɛreka saa nkyekyem no ara ho asɛm no, The Jerusalem Bible no ka fa “Onyankopɔn asɛm” no ho sɛ: “Ɛda so ara yɛ tumi a ɛte ase wɔ mo a mugye di no mu.”
Sɔhwɛ Kɛse
So Onyankopɔn betumi akora n’asɛm no so sɛ “tumi a ɛte ase” de akosi daa? Sɛ ɛte saa a ɛbɛkyerɛ sɛ obedi akwanside ahorow a ɛsosoe so. Nea wɔde bɛka nneɛma a esiw no kwan a ɛsɛe no no ho ne ntua a wɔde ba so mpofirim a ebetumi asɛe Bible no sɛ tumi a ɛte ase wɔ gyidifo no mu.
Ɔkwan a Bible no faa so dii saa ɔsɔretia ahorow no nyinaa so nkonim no ho nsusuwho yɛ anigye. Nnipa abɔ mmɔden wɔ mfehaha no mu sɛ wɔbɛhyew no na wɔde asie wɔ fam. Ahemfo akɛse ne abirɛmpɔn akanyan ahemman ahorow ma wɔasɔre atia Bible no, nanso Bible no da so ara yɛ nhoma a wontumi nsɛee no de besi nnɛ.
Enti ɛbɛma obi asusu sɛ: ‘Dɛn nti koraa na wɔbɔɔ mmɔden saa na wɔde akora so? So ɛno ne sɛ Bible no benya nkɛntɛnso pa wɔ m’asetra so anaa? So atirimpɔw bi a emu dɔ na ɛho hia titiriw wɔ hɔ? Yiw, dɛn nti na wɔbɔɔ mmɔden denneennen saa wɔ tete hɔ, na wɔda so ara bɔ, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔama onipa biara anya Bible no na wakenkan?
Wubehu mmuae a ɛyɛ anigye a ɛfa saa nsemmisa ahorow yi ho wɔ nsɛm a wɔakyerɛw a edidi so yi mu. Ɛbɛma anisɔ a wowɔ ma kora a wɔakora Bible no so de abesi nnɛ no nso ayɛ kɛse.