Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Monkyekye Me Man Werɛ”
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
    • 14. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesaia kyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa bedi ne nkurɔfo anim brɛbrɛ no mu? (b) Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛkyerɛ sɛnea nguanhwɛfo ka wɔn nguan brɛbrɛ no mu? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 405 no.)

      14 Nanso, Onyankopɔn a ɔyɛ den yi yɛ brɛbrɛ nso. Yesaia de anigye ka sɛnea Yehowa bedi ne nkurɔfo anim asan de wɔn akɔ wɔn asase so no ho asɛm. Yehowa te sɛ oguanhwɛfo a ɔwɔ dɔ a ɔboaboa ne nguan ano gu ne “kokom.” Ɛha no, ɛda adi sɛ nea asɛmfua “kokom” no kyerɛ ne atade soro. Ɛha ne baabi a ɛtɔ mmere bi a nguanhwɛfo soa nguammaa a wɔawo wɔn foforo a wontumi ne nguankuw no mmom nnantew no. (2 Samuel 12:3) Akyinnye biara nni ho sɛ, nguanhwɛfo adeyɛ a ɛte saa a ɛka koma a wɔka ho asɛm no ma Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ nnommumfa mu no nya awerɛhyem sɛ ofi ɔdɔ mu dwen wɔn ho. Nokwarem no, yebetumi anya Onyankopɔn a ɔyɛ den saa nanso ɔyɛ brɛbrɛ no mu ahotoso sɛ ɔbɛma nea wahyɛ ho bɔ anya mmamu!

  • “Monkyekye Me Man Werɛ”
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
    • 16. Ɔkwan bɛn so na Yehowa di ne nkurɔfo anim nnɛ, na nhwɛso bɛn na eyi yɛ?

      16 Nsɛm a ɛwɔ Yesaia 40:10, 11 no so wɔ mfaso ma yɛn nnɛ nso. Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛnea Yehowa di ne nkurɔfo anim brɛbrɛ no. Sɛnea oguanhwɛfo nim nguan no mu biara ahiade—a nguammaa nketewa a wontumi ne wɔn a aka no nnantew ka ho—no, saa ara na Yehowa te n’asomfo anokwafo mu biara sintɔ ase. Bio nso, Yehowa, sɛ́ Oguanhwɛfo a ɔyɛ brɛbrɛ no, ɔyɛ nhwɛso ma Kristofo ahwɛfo. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ nguan no brɛbrɛ, na wosuasua sɛnea Yehowa ankasa fi ɔdɔ mu dwen wɔn ho no. Ɛsɛ sɛ wɔma sɛnea Yehowa te nka wɔ oguan biara a ‘ɔde n’ankasa Ba mogya tɔɔ no’ ho no tra wɔn adwenem bere nyinaa.—Asomafo no Nnwuma 20:28.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena