-
“Monkyekye Me Man Werɛ”Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
28, 29. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa kae ne nkurɔfo sɛ ɔbɛboa wɔn a wɔabrɛ no? (b) Mfatoho bɛn na wɔde di dwuma de kyerɛ sɛnea Yehowa ma n’asomfo tumi?
28 Yehowa nam Yesaia so toa nkuranhyɛ a ɔwɔ ma nnommum a wɔn abam abu no so sɛ: “Ɔno na ɔma nea wabrɛ otumi, na ɔma nea onni home ahoɔden dɔɔso. Mmerante brɛ, na wɔpa abaw, na nkwankwaa hwehwe ase. Na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa, “NW”] no nya ahoɔden foforo, wɔde ntaban foro sɛ akɔre, wotu mmirika, na wɔmpa abaw, wɔnantew, na wɔmmrɛ.”—Yesaia 40:29-31.
29 Bere a na Yehowa reka hia a ehia sɛ ɔma nea wabrɛ tumi no, ɛbɛyɛ sɛ akwantu a ɛyɛ den a na nnommum no betu ansa na wɔasan akɔ wɔn asase so no na na ɛwɔ n’adwenem. Yehowa kae ne nkurɔfo sɛ ɛyɛ ne su sɛ ɔbɛboa wɔn a wɔabrɛ a wɔba ne nkyɛn bɛhwehwɛ mmoa no. Ebia adwumaden ne nantew bɛma nnipa a wɔwɔ ahoɔden sen biara mpo—“mmerante” ne “nkwankwaa”—abrɛ. Nanso, Yehowa hyɛ bɔ sɛ ɔbɛma wɔn a wɔde wɔn ho to ne so no tumi—tumi a edi mũ a wɔde betu mmirika na wɔde anantew. Wɔde tu a ɔkɔre, anomaa a ɔyɛ den a obetumi adi nnɔnhwerew pii wɔ wim a ɔnhome, tu a ɛte sɛ nea ɔmmrɛ ho no di dwuma de kyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa ma n’asomfo tumi no mu.e Bere a Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu wɔ anidaso a ɛte saa sɛ Onyankopɔn bɛboa wɔn no, biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma wɔn abam bu.
-
-
“Monkyekye Me Man Werɛ”Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
30. Ɔkwan bɛn so na nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi anya awerɛkyekye afi Yesaia ti 40 no nkyekyem a etwa to no mu?
30 Yesaia ti 40 no nkyekyem a etwa to no kura awerɛkyekyesɛm ma nokware Kristofo a wɔte nneɛma nhyehyɛe bɔne yi nna a edi akyiri mu no. Bere a nhyɛso ne ɔhaw pii a ebu abam wɔ hɔ no, ɛyɛ akomatɔyam sɛ yebehu sɛ nsɛnnennen a yehyia ne amane a yehu no nyɛ nea yɛn Nyankopɔn nhu. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ nneɛma nyinaa Bɔfo, Nea ne “nhumu nni anobu” no besiesie atɛnkyea nyinaa wɔ n’ankasa bere a ɛsɛ mu wɔ ɔkwan a ɔpɛ so. (Dwom 147:5, 6) Enkosi saa bere no, ɛnyɛ yɛn ankasa ahoɔden na ɛbɛma yɛatumi agyina. Yehowa a n’ahoɔden nni ano no betumi de tumi—“tumi a ɛboro so” mpo—ama n’asomfo wɔ sɔhwɛ bere mu.—2 Korintofo 4:7.
-
-
“Monkyekye Me Man Werɛ”Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
-
-
e Ɔkɔre de ahoɔden kakraa bi pɛ na etu. Ɔyɛ saa denam ɔhyew, anaa mframa a emu yɛ hyew a ɛrekɔ wim a ɔde di dwuma yiye no so.
-