Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 6/15 kr. 8-11
  • Foro a Yɛde Ntaban Bɛforo sɛ Akɔre

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Foro a Yɛde Ntaban Bɛforo sɛ Akɔre
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkɔre Frankaa a Wokurakurae
  • Ɔkɔre Aniwa
  • ‘Ɔkɔre Kwan Wɔ Wim’
  • Ɔkɔre Ntaban Ase Nwini Mu
  • Emufi Kwan
  • Ɔkɔre Aniwa
    Nyan!—2003
  • Yehowa Ma Nea Wabrɛ Tumi
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
  • Sua Biribi Fi Wim Nnomaa Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Yesaia 40:31—“Wɔn a Wɔn Ani Da Yehowa So No Bɛsan Anya Ahoɔden”
    Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 6/15 kr. 8-11

Foro a Yɛde Ntaban Bɛforo sɛ Akɔre

SƐ OBI kodi mfe anum wɔ Nasi nneduaban mu a, dɛn nkate na onya? Abasamtu? Abufuw? Menasepɔw?

Bere a ɛte sɛ nea ɛyɛ nwonwa no, obi a ɔte saa kyerɛwee sɛ: “Ɛmaa m’asetra tuu mpɔn sen sɛnea anka metumi ahwɛ kwan biara.” Dɛn nti na ɔtee nka saa? Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Minyaa ahobammɔ wɔ Ɔsorosoroni no ntaban ase, na odiyifo Yesaia nsɛm yi nyaa mmamu wɔ me so: ‘Wɔn a wɔtwɛn Awurade no nya ahoɔden foforo, wɔde ntaban foro sɛ akɔre . . . Wɔnantew, na wɔmmrɛ.’”—Yesaia 40:31.

Na saa Kristoni barima yi a wɔyɛɛ ne nipadua ayayade a enni kabea no wɔ honhom a etu kɔɔ soro wɔ sɛnkyerɛnne kwan so, honhom a Nasi aninyanne antumi anni so. Te sɛ Dawid no, onyaa ahobammɔ wɔ Onyankopɔn “ntaban” ase nwini mu. (Dwom 57:1) Saa Kristoni yi de ntotoho bi a odiyifo Yesaia yɛe dii dwuma, de ne honhom fam ahoɔden totoo ɔkɔre a otu kɔ sorosoro wɔ wim no ho.

Ɛtɔ da bi a wote nka sɛ ɔhaw ahorow ahyɛ wo so? Akyinnye biara nni ho sɛ wo nso wobɛpɛ sɛ wunya ahobammɔ wɔ Ɔsorosoroni no ntaban ase na ‘wode ntaban foro sɛ ɔkɔre.’ Nea ɛbɛyɛ na yɛate sɛnea eyi betumi ayɛ yiye ase no, mfaso wɔ so sɛ yebehu biribi afa ɔkɔre, a wɔtaa ka ne ho asɛm sɛnkyerɛnne kwan so wɔ Kyerɛwnsɛm mu no ho.

Ɔkɔre Frankaa a Wokurakurae

Wɔ nnomaa a tetefo no huu wɔn no nyinaa mu no, gyama ɔkɔre na wɔn ani gyee ne ho kɛse esiane n’ahoɔden ne tumi a ɔde tu no nti. Tete asraafo dɔm pii, a Babilon, Persia, ne Roma de ka ho, kurakuraa ɔkɔre frankaa tuu aperenten. Na Kores Ɔkɛseɛ asraafo dɔm no ka ho. Bible hyɛɛ nkɔm sɛ na saa Persia hene yi bɛyɛ sɛ anomaa a odi nam a obefi apuei fam abɛmene Babilon Ahemman no. (Yesaia 45:1; 46:11) Bere a wɔkyerɛw nkɔmhyɛ yi too hɔ akyi mfe ahanu no, Kores asraafo dɔm no, a na akɔre wowɔ wɔn akodi frankaa mu no, baa Babilon kurow no so prɛko pɛ te sɛ ɔkɔre a ɔtow hyɛ aboa bi so kyere no.

Nnansa yi ara, akofofo te sɛ Charlemagne ne Napoleon ne aman te sɛ United States ne Germany nso de ɔkɔre ayɛ wɔn sɛnkyerɛnne. Wɔde ahyɛde maa Israelfo sɛ wɔnnsom akɔre anaa abɔde foforo biara honi. (Exodus 20:4, 5) Nanso Bible akyerɛwfo twee adwene sii ɔkɔre su horow so de yɛɛ wɔn asɛm ho mfatoho. Enti wɔtaa de ɔkɔre, anomaa a wɔtaa bɔ ne din sen biara wɔ Kyerɛwnsɛm mu, no yɛ nneɛma bi te sɛ nyansa, Onyankopɔn ahobammɔ, ne ahoɔhare ho sɛnkyerɛnne.

Ɔkɔre Aniwa

Wɔde ɔkɔre aniwa a ehu ade kɔ akyirikyiri no ayɛ kasabebu bere nyinaa. Ɛwom sɛ ɔkoropɔn mu ayɛ duru ara ne kilogram 5 de, nanso n’ani sõ ankasa sen nnipa de, na ehu ade kɔ akyiri sen no. Bere a Yehowa ankasa rekyerɛ Hiob sɛnea ɔkɔre tumi hwehwɛ n’aduan no, ɔkae sɛ: “N’aniwa hwɛ ade akyirikyiri.” (Hiob 39:27, 29) Alice Parmelee bɔ amanneɛ wɔ ne nhoma All the Birds of the Bible mu sɛ “bere bi ɔkɔre bi huu apataa bi a wawu sɛ ɛtɛn ɔtare bi a ɛne ne ntam kwan yɛ kilomita 5 ani, na ɔtoo ne ho hwii kɔɔ beae pɔtee hɔ. Ɛnyɛ sɛ ɔkɔre no tumi huu ade ketewaa bi a ɛwɔ akyirikyiri koraa sen sɛnea onipa betumi ahu nko, na mmom anomaa no kɔɔ so hwɛɛ apataa no bere a ɔretwa kilomita anum aba fam no nyinaa.”

Esiane sɛ ɔkɔre tumi hu ade kɔ akyiri nti, ɔyɛ nyansa, Yehowa su atitiriw no biako, ho sɛnkyerɛnne a ɛfata. (Fa toto Hesekiel 1:10; Adiyisɛm 4:7 ho.) Dɛn nti na ɛte saa? Nyansa hwehwɛ sɛ yebehu nea ebefi biribiara a yɛbɛyɛ mu aba no asie. (Mmebusɛm 22:3) Esiane sɛ ɔkɔre tumi hu ade wɔ akyirikyiri nti, otumi hu asiane bi a ɛwɔ akyiri na ɔda ne ho so, te sɛ Yesu mfatoho mu ɔbadwemma a ohui sɛ mframa kɛse bi betumi abɔ nti osii ne dan sii ɔbotan so no. (Mateo 7:24, 25) Nea yebetumi ahyɛ no nsow ne sɛ, wɔ Spania kasa mu no, sɛ wɔka obi ho asɛm sɛ ɔyɛ ɔkɔre a, ɛkyerɛ sɛ ɔhwɛ ade kɔ akyiri anaa ɔwɔ nhumu.

Sɛ wunya kwan bɛn ɔkɔre bi a, hyɛ sɛnea ɔde n’ani di dwuma no nsow. Ɔmfa n’ani mmɔ wo so kɛkɛ; mmom no, ɛte sɛ nea ɔhwɛ wo nipaban ho biribiara. Saa ara na onyansafo kari asɛm bi ansa na wasi gyinae, sen sɛ obegye ne nsusuwii anaa ne nkate adi. (Mmebusɛm 28:26) Bere a hu a ɔkɔre hu ade kɔ akyirikyiri no ma ɛfata sɛ wɔde no yɛ Onyankopɔn su a ɛne nyansa ho sɛnkyerɛnne no, Bible akyerɛwfo de ɔkwan nwonwaso a ɔfa so tu no nso yɛ mfatoho.

‘Ɔkɔre Kwan Wɔ Wim’

Sɛnea ne ho yɛ hare na afei ɛte sɛ nea ɔmfa ahoɔden pii ntu, ɔmfa ɔkwan pɔtee biara so na ɔnhyɛ baabi a ɔfa no agyirae no ma ‘ɔkɔre kwan wɔ wim,’ no yɛ anika. (Mmebusɛm 30:19) Wɔtwe adwene si ɔkɔre ahoɔhare so wɔ Kwadwom 4:19, faako a wɔka Babilon asraafo no ho asɛm sɛ: “Yɛn tiwfo ho yɛ hare sen ɔsoro akɔre; wotiw yɛn hyerebahyereba mmepɔw so.” Sɛ ɔkɔre a ɔrebɔ mfamfia wɔ wim hu aboa bi na ɔpɛ sɛ ɔkyere no a, ɔkyea ne ntaban na ɔtow ne ho hwii, na amanneɛbɔ ahorow bi kyerɛ sɛ saa bere no obetumi de dɔnhwerew biako atwa kilomita 130. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Kyerɛwnsɛm no de ɔkɔre gyina hɔ ma ahoɔhare, titiriw ɛdefa asraafo dɔm ho.—2 Samuel 1:23; Yeremia 4:13; 49:22.

Yesaia twe adwene si sɛnea ɔkɔre mfa ahoɔden pii ntu no so. “Wɔn a wɔtwɛn Awurade no nya ahoɔden foforo, wɔde ntaban foro sɛ akɔre, wotu mmirika, na wɔmpa abaw, wɔnantew, na wɔmmrɛ.” (Yesaia 40:31) Dɛn na ɛboa ɔkɔre ma otu fãã saa? Sɛ Ɔkɔre rekɔ wim a, ɔnsɛe ahoɔden pii efisɛ ɔde mframahyew, anaa mframa a emu yɛ hyew a ɛretu, na edi dwuma. Aniwa nhu mframahyew, nanso ɔkɔre ho akokwaw wɔ ne hwehwɛ mu. Sɛ ɔkɔre no hu mframahyew a, ɔtrɛw ne ntaban ne ne dua mu, na ɔbɔ mfamfia wɔ mframa a emu yɛ hyew no mu, na ɛde ɔkɔre no kɔ sorosoro. Sɛ ɔkɔ soro sɛnea ɛsɛ a, ogyaa ne ho mu kɔ mframahyew foforo mu, na ɛde no kɔ soro bio. Saa kwan yi so na ɔkɔre no betumi asensɛn wim nnɔnhwerew pii a ɔnsɛe ahoɔden koraa.

Akɔre nyɛ na wɔ Israel, titiriw wɔ Obon Kɛse a efi Esion-Geber a ɛwɔ Po Kɔkɔɔ no ano kosi Dan a ɛwɔ kusuu fam no mu. Bere a wɔdɔɔso paa ne osutɔbere ne otwabere a wɔkɔ mmeaemmeae no. Wɔ mfe bi mu no, wotumi kan akɔre bɛyɛ 100,000. Sɛ anɔpa awia no ma mframa no yɛ hyew a, wotumi hu nnomaa a wodi nam ɔhaha pii sɛ wotu nenam nkoko a atwa Obon Kɛse no ho ahyia no so.

Tu a akɔre mfa ahoɔden pii ntu no yɛ mfatoho fɛfɛ a ɛkyerɛ sɛnea Yehowa ahoɔden betumi ama yɛn so wɔ honhom fam ne nkate fam na ama yɛatumi akɔ so ayɛ yɛn adwuma. Sɛnea ɔkɔre ntumi mfa n’ankasa ahoɔden ntu nkɔ sorosoro saa no, sɛ yɛde yɛn ho to yɛn ankasa mmɔdenbɔ so a, yentumi nnyina. Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ mu sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” (Filipifo 4:13) Te sɛ ɔkɔre a ɔkɔ so hwehwɛ mframahyew a aniwa nhu bere nyinaa no, ‘yɛkɔ so bisa’ Yehowa adeyɛ tumi a aniwa nhu no denam yɛn mpaebɔ a efi komam no so.—Luka 11:9, 13.

Mpɛn pii no, akɔre a wɔrekɔ mmeaemmeae no tumi nya mframahyew denam nnomaa foforo a wodi nam a wɔhwɛ wɔn no so. Abɔde mu nhwehwɛmufo D. R. Mackintosh bɔɔ amanneɛ sɛ bere bi wohui sɛ akɔre ne apete 250 rebɔ mfamfia kɔ soro wɔ mframahyew koro mu. Ɛnnɛ Kristofo nso betumi asua sɛ wɔde wɔn ho bɛto Yehowa ahoɔden so denam Onyankopɔn asomfo foforo nokwaredi ho nhwɛso a wobesuasua so.—Fa toto 1 Korintofo 11:1 ho.

Ɔkɔre Ntaban Ase Nwini Mu

Bere a ɛyɛ hu paa wɔ ɔkɔre asetram no biako ne bere a ɔresua tu. Akɔre pii awuwu bere a wɔrebɔ mmɔden ayɛ saa no. Na Israel man a ɛyɛ foforo no nso wɔ asiane mu bere a wofii Misraim no. Enti nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no fata yiye: “Mo ara moahu nea meyɛɛ Misraim no ne sɛnea mesoaa mo akɔre ntaban so, na mede mo maba me nkyɛn yi.” (Exodus 19:4) Wɔbɔ amanneɛ sɛ akɔre tumi soa anomaa ba wɔ wɔn ntaban so kakra sɛnea ɛbɛyɛ a akokoaa no nhwe hɔ bere a ɔbɔ mmɔden nea edi kan sɛ obetu no. Bere a G. R. Driver reka amanneɛbɔ a ɛtete saa ho asɛm wɔ Palestine Exploration Quarterly mu no, ɔkae sɛ: “Enti [Bible] no mfatoho no nyɛ mfatoho hunu bi kɛkɛ, na mmom egyina nokwasɛm ankasa so.”

Akɔre yɛ mmaatan pa wɔ nneɛma foforo nso mu. Ɛnyɛ aduan nko na daa wɔde ma wɔn mma, na mmom anomaa baatan no nso tɔ ne bo ase tetew nam a ɔkɔrenini no de ba buw no mu no mu asinasin sɛnea ɛbɛyɛ a ɔkɔre ba no betumi amemene. Esiane sɛ wɔtaa yɛ wɔn buw wɔ nkoko anaa nnua atenten so nti, wim tebea a ano yɛ den tumi ka nnomaa mma no. (Hiob 39:27, 28) Sɛ ɛnyɛ anomaa ba no awofo na wɔhwɛ no a, anka owia a ano yɛ den a ɛtaa bɔ wɔ Bible nsase so no betumi akum no. Ɔkɔre a wanyin no trɛw ne ntaban mu, ma ɛtɔ mmere bi a edi nnɔnhwerew pii, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma ne ba a onni ahoɔden no nwini.

Enti ɛfata yiye sɛ wɔde ɔkɔre ntaban gyina hɔ ma Onyankopɔn ahobammɔ wɔ Kyerɛwnsɛm mu. Deuteronomium 32:9-12 ka sɛnea Yehowa bɔɔ Israelfo no ho ban wɔ wɔn sare so akwantu no mu: “Awurade kyɛfa ne ne man, Yakob ne n’agyapade a wɔasusuw ama no. Ohuu no sare asase so ne nkyerekyerewa so, sare paradada so nkekaboa sũ mu: otwaa ne ho hyiae, ɔhwɛɛ no so yiye, ɔkoraa no so sɛ n’aniwa kurutiayisi. Sɛ ɔkɔre hwanyan ne buw na otu bɔ ne mma so mfamfia no, ɔtrɛw ne ntaban mu faa no, ɔsoaa no ne ntakra so. Awurade nko ara na ɔkyerɛɛ no kwan.” Sɛ yenya Yehowa mu ahotoso a, obefi ɔdɔ mu abɔ yɛn ho ban saa ara.

Emufi Kwan

Ɛtɔ mmere bi na sɛ yehyia nsɛnnennen a, ebia yɛbɛte nka sɛ sɛ yebetumi atu afi yɛn haw ahorow nyinaa ho a, anka yɛpɛ. Saa pɛpɛɛpɛ na Dawid tee nka. (Fa toto Dwom 55:6, 7 ho.) Nanso ɛwom sɛ Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛboa yɛn bere a yehyia sɔhwɛ ne amanehunu wɔ saa nhyehyɛe yi mu no de, nanso onyi yɛn mfi mu korakora. Yenya Bible awerɛhyem yi sɛ: “Ɔsɔhwɛ bi ntoo mo ɛ, gye nea ɛyɛ nnipa de; na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mutumi so, na mmom ɔbɛma ɔkwan a mode befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi asoa.”—1 Korintofo 10:13.

‘Ɔkwan a yɛde befi mu’ no hwehwɛ sɛ yesua sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so. Eyi ne ade a Max Liebster a yɛfaa ne nsɛm kae wɔ asɛm yi mfiase no hui. Wɔ mfe a odii wɔ nneduaban mu no, obehuu Yehowa de ne ho too no so. Sɛnea Max behui no, Yehowa nam n’Asɛm, ne honhom, ne n’ahyehyɛde so na ɛhyɛ yɛn den. Wɔ nneduaban ahorow no mpo mu no, Adansefo no hwehwɛɛ wɔn mfɛfo gyidifo na wɔmaa wɔn honhom fam mmoa, boom susuw Kyerɛwnsɛm mu nsɛm ne Bible nhoma biara a na wɔwɔ ho. Na sɛnea anokwafo a wonyaa wɔn ti didii mu adi ho adanse mpɛn pii no, Yehowa hyɛɛ wɔn den. Max kyerɛ mu sɛ: “Mekɔɔ so srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me, na ne honhom no wowaw me.”

Sɔhwɛ biara a yebehyia no, yɛn nso yebetumi de yɛn ani ato Onyankopɔn honhom kronkron no so, bere dodow a yɛkɔ so bisa no. (Mateo 7:7-11) Bere a saa “tumi a ɛboro so” yi hyɛ yɛn den no, yebetu fãã sen sɛ yɛn nsɛnnennen bebunkam yɛn so. Yɛbɛkɔ so anantew Yehowa kwan so, na yɛremmrɛ. Yɛde ntaban bɛforo sɛ akɔre.—2 Korintofo 4:7; Yesaia 40:31.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]

Ɔmfa n’ani mmɔ wo so kɛkɛ

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 9]

Mfonini: Cortesía de GREFA

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 10]

Mfonini: Cortesía de Zoo de Madrid

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena