Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nkɔmhyɛ Nsɛm a Ɛfa Wo Ho a Awerɛkyekye Wom
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
    • 24, 25. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ka Kores ho asɛm bio, na nkɔmhyɛ foforo bɛn na eyi ma yɛkae?

      24 Yehowa ka Kores ho asɛm bio: “Mahwanyan obi afi benkum fam ma waba, awiapuebea na obefi abɔ me din; na ɔbɛba amradofo so sɛ anwemmo so, na ɔte sɛ ɔnwemfo a ɔwɔw dɔte.” (Yesaia 41:25)d Nea ɛnte sɛ amanaman no anyame no, Yehowa betumi ayɛ nneɛma. Sɛ ɔde Kores fi apuei “awiapuebea” ba a, Onyankopɔn bɛda ne tumi a ɔde hyɛ nkɔm no adi na afei wayɛ ma ne nkɔmhyɛ no abam daakye.

      25 Saa nsɛm yi kae yɛn ɔsomafo Yohane nkɔmhyɛ nsɛm a ɛfa ahene a wɔbɛhwanyan wɔn ma wɔayɛ ade wɔ yɛn bere yi so ho no. Wɔ Adiyisɛm 16:12 no, yɛkenkan sɛ wobesiesie “kwan ama ahene a wofi owia apuei nohɔ.” Saa ahene no nyɛ nkurɔfo biara sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo. Sɛnea Kores gyee Onyankopɔn nkurɔfo tete no, saa ahene a wɔwɔ tumi sen biara no bɛtɔre Yehowa atamfo ase na wɔabɔ ne nkurɔfo ho ban afa ahohiahia kɛse no mu akɔ trenee wiase foforo no mu.—Dwom 2:8, 9; 2 Petro 3:13; Adiyisɛm 7:14-17.

  • Nkɔmhyɛ Nsɛm a Ɛfa Wo Ho a Awerɛkyekye Wom
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
    • d Ɛwom sɛ Kores kurom wɔ Babilon apuei fam de, nanso bere a ɔde ne ntua a etwa to baa kurow no so no, ofii atifi fam, Asia Kumaa, na ɛbae.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena