Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 9/1 kr. 8-13
  • Wɔn a Wodii Adanse Tiaa Atoro Anyame No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔn a Wodii Adanse Tiaa Atoro Anyame No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokware no Ho Adanse a Abraham Dii
  • Adansefo Man
  • Anyame a Wotwa Wɔn Mpoa
  • “Mone M’adansefo”!
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
  • Kristofo a Wodi Onyankopɔn Tumidi ho Adanse
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • “Nnipa a Wɔn Nyankopɔn Ne Yehowa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nokware Nyankopɔn no Hyɛ Ogye Ho Nkɔm
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 9/1 kr. 8-13

Wɔn a Wodii Adanse Tiaa Atoro Anyame No

“Mone m’adansefo, [Yehowa] na ose, ne m’akoa a mayi no no.”—YESAIA 43:10.

1. Hena ne nokware Nyankopɔn no, na akwan bɛn so na ɔkorɔn sen anyame bebree a wɔsom wɔn nnɛ no?

HENA ne nokware Nyankopɔn no? Ɛnnɛ, asemmisa a ɛho hia yi da adesamma nyinaa anim. Ɛwom sɛ nnipa som anyame pii de, nanso Obiako pɛ na obetumi ama yɛn nkwa ne daakye a ɛyɛ anigye. Obiako pɛ na wobetumi aka ne ho asɛm sɛ: “Ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ.” (Asomafo no Nnwuma 17:28) Nokwarem no, Onyankopɔn biako pɛ na ɔfata sɛ wɔsom no. Sɛnea ɔsoro nnwontofo a wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu ka no: “[Yehowa], wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.”—Adiyisɛm 4:11.

2, 3. (a) Ɔkwan bɛn so na Satan nam atorodi so twaa fata a Yehowa fata sɛ wɔsom no mpoa? (b) Dɛn na Hawa bɔne no de baa Hawa ne ne mma so, na dɛn na ɛde baa Satan so?

2 Wɔ Eden turom no, Satan nam atorodi so twaa fata a Yehowa fata sɛ wɔsom no mpoa. Ɔnam ɔwɔ so ka kyerɛɛ Hawa sɛ sɛ ɔtew atua tia Yehowa mmara na odi dua a Yehowa abara no aba a, n’ankasa bɛyɛ sɛ Onyankopɔn. Asɛm a ɔkae ne sɛ: “Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” (Genesis 3:5) Hawa gyee ɔwɔ no dii, na odii aduaba a wɔabara no.

3 Nokwarem no, Satan dii atoro. (Yohane 8:44) Bere a Hawa yɛɛ bɔne no, ɔkwan koro pɛ a ɔnam so yɛɛ “sɛ Onyankopɔn” ne sɛ n’ankasa pawee sɛ obesi nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho gyinae, biribi a anka ɛsɛ sɛ wogyaw ma Yehowa. Na Satan atoro no nyinaa akyi no, ɔbea no wui awiei koraa. Enti Satan nkutoo na onyaa Hawa bɔne no so mfaso ankasa. Nokwarem no, botae a Satan de kɔdaadaa Hawa a wanka ne sɛ n’ankasa bɛba abɛyɛ onyame. Bere a Hawa yɛɛ bɔne no, ɔbea no bɛyɛɛ onipa a odi kan a okodii n’akyi, na ankyɛ na Adam kɔkaa ne ho. Ɛnyɛ sɛ wɔwoo wɔn mma no dodow no ara “amumɔyɛ mu” nko, na mmom wɔbaa Satan nkɛntɛnso nso ase, na bere tiaa bi mu no, wobenyaa wiase mũ bi a atwe ne ho afi nokware Nyankopɔn no ho.—Genesis 6:5; Dwom 51:5.

4. (a) Hena ne wiase yi nyame? (b) Dɛn na ɛho hia denneennen?

4 Wɔsɛee saa wiase no wɔ Nsuyiri no mu. (2 Petro 3:6) Nsuyiri no akyi no, wobenyaa wiase foforo a atwe ne ho afi Yehowa ho, na ɛda so ara wɔ hɔ. Bible ka ho asɛm sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Esiane sɛ wiase yi mfa adwene a ɛwɔ Yehowa mmara akyi ne emu nsɛm ankasa nyɛ adwuma nti, edi Satan atirimpɔw ho dwuma. Ɔno ne ne nyame. (2 Korintofo 4:4) Nanso, ɛkame ayɛ sɛ ɔyɛ onyame a ɔmfra. Ontumi mma nkurɔfo ani nnye anaa ɔmma wɔn nkwa; Yehowa nkutoo na obetumi ayɛ saa. Enti, ɛsɛ sɛ nnipa a wɔpɛ asetra a mfaso wɔ so ne wiase a eye no di kan sua sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no, na afei wosua sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde. (Dwom 37:18, 27, 28; Ɔsɛnkafo 12:13) Ne saa nti ɛho hia denneennen sɛ mmarima ne mmea gyidifo di Yehowa ho adanse anaa wɔbɔ ne nokware no dawuru.

5. “Adansefo mununkum” bɛn na Paulo kaa wɔn ho asɛm? Bobɔ wɔn a ɔkaa wɔn ho asɛm no bi din.

5 Efi mfiase pɛɛ na wɔanya anokwafo a wɔtete saa wɔ wiase. Ɔsomafo Paulo bobɔ wɔn mu bebree din wɔ Hebrifo ti 11, na ɔfrɛ wɔn “adansefo mununkum a ɛte sɛɛ.” (Hebrifo 12:1) Adam ne Hawa babarima a ɔto so abien, Habel, na Paulo dii kan kaa ne ho asɛm. Ɔbɔ Henok ne Noa a wɔtraa ase ansa na Nsuyiri no reba nso din. (Hebrifo 11:4, 5, 7) Yudafo abusua no nana, Abraham, da nsow wɔ wɔn mu. Abraham a wɔfrɛ no “Onyankopɔn adamfo” no bɛyɛɛ Yesu, “ɔdansefo a ɔsɛ sɛ wogye no di na ɔyɛ ɔnokwafo no,” nanabarima.—Yakobo 2:23; Adiyisɛm 3:14.

Nokware no Ho Adanse a Abraham Dii

6, 7. Akwan bɛn so na Abraham asetra ne ne nneyɛe dii adanse sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no?

6 Ɔkwan bɛn so na Abraham dii adanse? Ɔnam Yehowa mu gyidi a emu yɛ den a onyae ne osetie a ɔyɛ maa no no so. Bere a wɔka kyerɛɛ Abraham sɛ omfi kurow kɛse Ur mu nkodi ne nna a aka wɔ akyirikyiri asase bi so no, otiei. (Genesis 15:7; Asomafo no Nnwuma 7:2-4) Mpɛn pii no, mmusuakuw a wodi atutra gyae wɔn akyinkyinakyinkyin no kɔtra kurow kɛse a dwoodwoo asetra wɔ hɔ kɛse mu. Enti bere a Abraham tu fii kurow kɛse mu kɔtratraa ntamadan mu no, odii adanse kɛse sɛ ɔwɔ Yehowa Nyankopɔn mu ahotoso. Osetie a ɔyɛe no dii wɔn a wɔhwɛɛ no no adanse. Yehowa hyiraa Abraham yiye wɔ ne gyidi no ho. Ɛwom sɛ na Abraham te ntamadan mu de, nanso onyaa honam fam yiyedi. Bere a wɔfaa Lot ne n’abusua nnommum kɔe no, Yehowa maa Abraham dii nkonim bere a otiw wɔn no, enti otumi gyee wɔn. Abraham yere woo babarima wɔ ne mmerewa bere mu maa Yehowa bɔ a ɔhyɛe sɛ Abraham bɛwo aseni bi no baam. Nkurɔfo nam Abraham so hui sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn teasefo a ɔma ne bɔhyɛ ahorow bam.—Genesis 12:1-3; 14:14-16; 21:1-7.

7 Bere a Abraham kogyee Lot na ɔresan aba no, Salem (a akyiri yi wɔfrɛɛ hɔ Yerusalem no) hene Melkisedek, a okohyiaa Abraham kwan kae sɛ: ‘Ɔsorosoro Nyankopɔn nhyira nka Abram.’ Sodom hene no nso behyiaa no, na na ɔpɛ sɛ ɔma no akyɛde. Abraham annye. Dɛn ntia? Ná ɔpɛ sɛ wohu ne nhyira no Fibea pefee. Ɔkae sɛ: “Mema me nsa so mekyerɛ [Yehowa], ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no, sɛ efi asaawa so de kosi mpaboa hama so, meremfa biribiara a ɛyɛ wo de, na woanka sɛ: Me na mama Abram anya ne ho.” (Genesis 14:17-24) Hwɛ adanse fɛfɛ a Abraham dii!

Adansefo Man

8. Ɔkwan bɛn so na Mose kyerɛɛ Yehowa mu gyidi kɛse?

8 Mose a ɔyɛ Abraham aseni no nso ka adansefo a Paulo bobɔɔ wɔn din no ho. Mose pow Misraim ahonyade, na akyiri yi ɔde akokoduru kɔɔ saa wiase tumidi kɛse no sodifo anim sɛ ɔrekodi Israel mma anim akɔ ahofadi mu. Ɛhe na onyaa akokoduru no fii? Onya fii ne gyidi mu. Paulo ka sɛ: “[Mose miaa] n’ani traa mu sɛnea ohu nea wonhu no no.” (Hebrifo 11:27) Ná nnipa tumi de wɔn aniwa hu Misraim anyame no de wɔn nsa ka wɔn. Ɛnnɛ mpo wɔn ahoni no nya nkurɔfo so tumi. Nanso, ɛmfa ho sɛ aniwa nhu Yehowa no, na Mose bu no sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa sen saa atoro anyame no nyinaa. Ná Mose gye di korakora sɛ Yehowa te ase, na obetua N’asomfo ka. (Hebrifo 11:6) Mose bɛyɛɛ ɔdansefo a ɔda nsow.

9. Ɔkwan bɛn na na ɛsɛ sɛ Israel man fa so som Yehowa?

9 Bere a Mose dii Israelfo no anim kɔɔ ahofadi mu akyi no, ɔbɛyɛɛ apam bi a Yehowa ne Abraham asefo a wɔnam Yakob so bae no yɛe ntamgyinafo. Ɛno nti, wɔde Israel man sii hɔ sɛ Yehowa ahode titiriw. (Exodus 19:5, 6) Ná wobedi adanse sɛ ɔman nea edi kan. Asɛm a Yehowa nam Yesaia so kaa no bɛyɛ mfe 800 akyi no yɛɛ adwuma ɔkwan bi so fii ɔman no nhyɛase: “Mone m’adansefo, [Yehowa] na ose, ne m’akoa a mayi no no, sɛ munhu na munnye me nni, na munhu mu sɛ me ara mene no.” (Yesaia 43:10) Ɔkwan bɛn so na saa ɔman foforo yi bɛyɛɛ Yehowa adansefo? Ɛnam wɔn gyidi ne osetie ne nneɛma a Yehowa yɛ maa wɔn no so.

10. Ɔkwan bɛn so na anwonwadwuma a Yehowa yɛ maa Israel no dii adanse, na dɛn na efi mu bae?

10 Wɔde Israel sii hɔ akyi bɛyɛ mfe 40 no, na aka kakra ma wɔagye Bɔhyɛ Asase no. Wɔsomaa akwansrafo ma wɔkɔhwehwɛɛ Yeriko kurow mu, na Rahab a ɔte Yeriko bɔɔ wɔn ho ban. Dɛn ntia? Ɔkae sɛ: “Yɛate sɛnea mo Misraim fi mu no [Yehowa] maa Mmɛw-Po mu nsu yowee mo anim, ne nea moyɛɛ Amorifo ahene baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Sihon ne Og a mosɛee wɔn pasaa no. Na yɛate, na yɛn koma atu, na ɔhome bi rensɔre bio obiara mu wɔ mo anim, efisɛ [Yehowa] mo Nyankopɔn no, ɔno ne Nyankopɔn wɔ nyameso ɔsoro ne asase so ɛfam.” (Yosua 2:10, 11) Yehowa anwonwadwuma ho asɛm a Rahab ne n’abusua tee no kaa wɔn ma wofii Yeriko gyaw n’atoro anyame no hɔ ne Israel kɔsom Yehowa. Ɛda adi pefee sɛ Yehowa nam Israel so dii adanse kɛse.—Yosua 6:25.

11. Asɛyɛde bɛn na na Israel awofo nyinaa wɔ wɔ adansedi ho?

11 Bere a na Israelfo no da so wɔ Misraim no, Yehowa somaa Mose kɔɔ Farao nkyɛn sɛ: “Kɔ Farao nkyɛn, na mahyɛ ne koma ne ne nkoa koma den, na mayi me nsɛnkyerɛnne yi adi wɔ wɔn mu, na woaka nea meyɛe wɔ Misraim ne me nsɛnkyerɛnne a miyiii adi wɔ wɔn mu no wɔ wo ba ne wo ba ba asom, na moahu sɛ mene [Yehowa].” (Exodus 10:1, 2) Ná Israelfo a wɔyɛ osetie no bɛka Yehowa nnwuma akɛse no akyerɛ wɔn mma. Ná wɔn mma nso bɛka akyerɛ wɔn mma na wɔakɔ so ayɛ no saa ara fi awo ntoatoaso biako so akɔ awo ntoatoaso foforo so. Saa kwan no so no, wɔbɛkae Yehowa ahoɔdenne no. Ɛnnɛ nso, ɛyɛ awofo asɛyɛde sɛ wodi wɔn mma adanse.—Deuteronomium 6:4-7; Mmebusɛm 22:6.

12. Ɔkwan bɛn so na sɛnea Yehowa hyiraa Salomo ne Israel no yɛɛ adansedi?

12 Sɛnea Yehowa maa Israel nhyira pii bere a na wodi nokware no dii adanse kyerɛɛ aman a na atwa ho ahyia no. Sɛnea Mose kae bere a ɔbobɔɔ nhyira horow a Yehowa de hyɛɛ bɔ din no: “Asase so aman nyinaa behu sɛ wɔde [Yehowa] din na ɛfrɛɛ wo, na wobesuro wo.” (Deuteronomium 28:10) Salomo gyidi nti, wɔmaa no nyansa ne ahonyade. Wɔ ne nniso ase no, ɔman no dii yiye, na wonyaa asomdwoe kyɛe. Yɛkenkan saa bere no ho asɛm sɛ: “Amanaman nyinaa mu bi bae sɛ wobetie Salomo nyansa, wofi asase so ahene a wɔtee ne nyansa no nyinaa nkyɛn bae.” (1 Ahene 4:25, 29, 30, 34) Wɔn a wɔbɛsraa Salomo no mu otitiriw ne Seba hemmaa no. Bere a ɔde n’ani huu sɛnea Yehowa ahyira ɔman no ne ne hene no, ɔkae sɛ: “Nhyira nka [Yehowa] wo Nyankopɔn a ɔpɛ w’asɛm na ɔde wo atra n’agua so sɛ di hene ma [Yehowa] wo Nyankopɔn. . . . Wo Nyankopɔn dɔ Israel.”—2 Beresosɛm 9:8.

13. Dɛn na ebia na ɛyɛ Israel adansedi a etu mpɔn sen biara, na ɔkwan bɛn so na yɛda so nya mu mfaso?

13 Ɔsomafo Paulo kaa biribi a gyama ɛne Israel adansedi a etu mpɔn sen biara ho asɛm. Bere a ɔreka honam fam Israel ho asɛm akyerɛ Kristofo asafo a na ɛwɔ Roma no, ɔkae sɛ: “Wɔde Nyankopɔn nsɛm ahyɛ wɔn nsa.” (Romafo 3:1, 2) Efi Mose so no, wɔde honhom kaa Israelfo anokwafo bi maa wɔkyerɛw sɛnea Yehowa ne Israel dii ne afei n’afotu, ne mmara, ne ne nkɔmhyɛ ahorow ho asɛm too hɔ. Saa tete akyerɛwfo no nam saa nkyerɛwee yi so dii awo ntoatoaso a ɛbɛba nyinaa—yɛn nnɛ de yi ka ho—adanse sɛ Onyankopɔn koro pɛ na yɛwɔ, na ne din ne Yehowa.—Daniel 12:9; 1 Petro 1:10-12.

14. Dɛn nti na ebinom a wodii Yehowa ho adanse hyiaa ɔtaa?

14 Awerɛhosɛm ne sɛ, mpɛn pii na Israel anna gyidi adi, na ɛho behiae sɛ Yehowa soma adansefo kɔ n’ankasa ne man hɔ. Wɔtaa eyinom mu pii. Paulo kae sɛ wɔn mu bi “huu animguasede ne ɔhwe, mpokyerɛ ne duam nna nso.” (Hebrifo 11:36) Adansefo anokwafo ampa! Hwɛ awerɛhosɛm a ɛyɛ sɛ mpɛn pii no, na ɔtaa a wohyia no fi wɔn mfɛfo a wɔwɔ Yehowa man a wapaw no mu hɔ! (Mateo 23:31, 37) Nokwarem no, ɔman no bɔne bɛyɛɛ kɛse araa maa 607 A.Y.B. mu no, Yehowa maa Babilonfo ba bɛsɛee Yerusalem ne n’asɔrefie no de Israelfo a wonyaa wɔn ti didii mu no dodow no ara kɔɔ nnommumfa mu. (Yeremia 20:4; 21:10) Ɛno ne Yehowa din ho adanse a ɔman no dii awiei? Dabi.

Anyame a Wotwa Wɔn Mpoa

15. Ɔkwan bɛn so na wodii adanse wɔ Babilon nnommumfa mu mpo?

15 Wɔ Babilon nkoasom mu mpo no, ɔman no mufo anokwafo antwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobedi Yehowa Nyameyɛ ne ne tumi ho adanse. Sɛ nhwɛso no, Daniel de akokoduru kyerɛɛ Nebukadnesar adae ase, kyerɛɛ ɔfasu ho nkyerɛwee no ase kyerɛɛ Belsasar, na wannyae nsɛm mu ansiesie wɔ mpaebɔ ho asɛm no mu wɔ Dario anim. Hebrifo baasa no nso dii Nebukadnesar adanse kɛse bere a wɔpowee sɛ wɔbɛkotow ohoni bi no.—Daniel 3:13-18; 5:13-29; 6:4-27.

16. Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyɛɛ nkɔm sɛ Israel bɛsan aba wɔn asase so, na na ba a wɔbɛsan aba yi bedi atirimpɔw bɛn ho dwuma?

16 Nanso, Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔman no bedi adanse bio wɔ Israel asase so. Hesekiel a ɔhyɛɛ nkɔm wɔ Yudafo a na wɔwɔ Babilon nkoasom mu no mu no kyerɛw faa nea Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ asase a wɔasɛe no pasaa no ho sɛ: “Mɛma nnipa adɔɔso mo so, Israel fi nyinaa nyinaa, na wɔbɛtratra nkurow no mu na wɔakyekyere afoafõ no.” (Hesekiel 36:10) Dɛn nti na na Yehowa bɛyɛ saa? Ne titiriw no, na ɔde bedi n’ankasa ne din ho adanse. Ɔnam Hesekiel so kae sɛ: “Ɛnyɛ mo nti na mereyɛ, na mmom me din kronkron a muhuraa ho, amanaman . . . no mu no ntia.”—Hesekiel 36:22; Yeremia 50:28.

17. Dɛn ne Yesaia 43:10 ho nsɛm foforo?

17 Ɛyɛ bere a odiyifo Yesaia rehyɛ Babilon nnommumfa mu a Israel befi asan aba ho nkɔm no na wɔde honhom kaa no ma ɔkyerɛw nsɛm a ɛwɔ Yesaia 43:10 a ɛkae sɛ Israel yɛ Yehowa dansefo, n’akoa no. Wɔ Yesaia ti 43 ne 44 no, wɔka Yehowa ho asɛm sɛ Israel Bɔfo, Ɔnwenfo, Onyankopɔn, Ɔkronkroni, Ogyefo, Dimafo, Ɔhene, ne Ɔyɛfo. (Yesaia 43:3, 14, 15; 44:2) Nea enti a wɔmaa Israel kɔɔ nnommumfa mu ne sɛ mpɛn pii no, ɔman no amfa anuonyam a ɛte saa amma no. Nanso, na wɔda so yɛ ne man. Ná Yehowa aka akyerɛ wɔn sɛ: “Nsuro, na magye wo, mabɔ wo din mafrɛ wo, me na wowɔ me.” (Yesaia 43:1) Ná Israelfo Babilon nnommumfa no bɛba awiei.

18. Ɔkwan bɛn so na gye a wogyee Israel fii Babilon no daa no adi sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro no?

18 Nokwarem no, Yehowa de gye a ogyee Israel fii Babilon no twaa anyame mpoa. Otwaa amanaman no atoro anyame no mpoa sɛ wɔmfa wɔn adansefo mmra, na ɔkae sɛ Israel ne ne dansefo. (Yesaia 43:9, 12) Bere a ɔmaa Israel ahofadi fii nnommumfa mu no, ɔdaa no adi sɛ Babilon anyame no nyɛ anyame koraa, na ɔno ne nokware Nyankopɔn koro no. (Yesaia 43:14, 15) Bere a aka bɛyɛ mfe 200 ama asɛm no asi, a ɔbɔɔ Persiani Kores din sɛ ɔne n’akoa a ɔbɛma Yudafo no anya ahofadi no, ɔde ne Nyameyɛ ho adanse foforo mae. (Yesaia 44:28) Ná wɔbɛma Israelfo ahofadi. Dɛn ntia? Yehowa kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na [Israel aka] m’ayeyi akyerɛ.” (Yesaia 43:21) Ná ebebue hokwan foforo ma wɔadi adanse.

19. Adanse bɛn na ka a Kores ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔnsan nkɔ Yerusalem no ne nneɛma a Yudafo anokwafo yɛe bere a wɔsan kɔe no dii?

19 Ɛbere no dui no, Persiani Kores dii Babilon so nkonim sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no pɛpɛɛpɛ. Ɛmfa ho sɛ na Kores yɛ ɔbosonsonni no, ɔkaa Yehowa Nyameyɛ ho asɛm bere a ɔde mpaemuka bi too Yudafo a wɔwɔ Babilon anim no: “Mo man muni biara a ɔwɔ mo mu ha no, ne Nyankopɔn nni n’akyi, na ɔmforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na onkosi [Yehowa] Israel Nyankopɔn fi no. Ɔno ne [nokware, NW] Nyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem.” (Esra 1:3) Yudafo pii kɔe. Wotwaa kwan san kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so kosii afɔremuka wɔ baabi a na tete asɔrefie no si no. Ɛmfa ho sɛ wohyiaa abasamtu ne ɔsɔretia denneennen no, wotumi san sii asɔrefie no kyekyee Yerusalem kurow no awiei koraa. Sɛnea Yehowa ankasa kae no, “ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden so, na [ne] honhom so,” na eyi nyinaa bae. (Sakaria 4:6) Saa nneɛma a wotumi yɛe yi de adanse foforo mae sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no.

20. Ɛmfa ho Israel mmerɛwyɛ ahorow no, dɛn na yebetumi aka afa Yehowa din ho adanse a wodii wɔ tete wiase no mu ho?

20 Enti, Yehowa kɔɔ so de Israel dii dwuma sɛ ne dansefo, ɛmfa ho sɛ na ɛyɛ ɔman a nnipa a wɔnyɛ pɛ a ɛtɔ da bi a wɔyɛ atuatewfo na wɔwom no. Bere a Kristosom nnya mmaa wiase no, na saa ɔman no ne n’asɔrefie ne asɔfodi no gyina hɔ sɛ nokware som ti wɔ wiase nyinaa. Obiara a ɔkenkan nnwuma a Yehowa yɛ maa Israel no ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no rennye kyim sɛ nokware Nyankopɔn koro pɛ na yɛwɔ, na ne din ne Yehowa. (Deuteronomium 6:4; Sakaria 14:9) Nanso, na wobedi Yehowa din ho adanse a ɛsen saa koraa, na yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Wokae?

◻ Ɔkwan bɛn so na Abraham dii adanse sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no?

◻ Mose su a ɛda nsow bɛn na ɛboaa no ma otumi yɛɛ ɔdansefo nokwafo?

◻ Akwan bɛn so na Israel dii Yehowa ho adanse sɛ ɔman?

◻ Ɔkwan bɛn so na gye a wogyee Israel fii Babilon no daa no adi sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro no?

[Kratafa 10 mfonini]

Abraham nam ne gyidi ne osetie so dii Yehowa Nyameyɛ ho adanse a ɛda nsow

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena