Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Atoro Som—Wohuu N’awiei a Ɛyɛ Nwonwa Siei
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
    • 14. Akwan bɛn so na Babilon bedi ‘mmasigyaw na wayɛ okunafo’?

      14 Dɛn na ɛbɛto Babilon? Yehowa toa so sɛ: “Na ade abien yi bɛba wo so afrɛso, da koro, mmasigyaw ne kunayɛ; ɛbɛba wo so ma adu pɛ, wo ntafowayi dodow ne wo kaberɛkyere a ano yɛ den no ara mu.” (Yesaia 47:9) Yiw, Babilon kɛseyɛ sɛ wiase tumi no bɛba awiei mpofirim. Wɔ tete Apuei fam nsase so no, asiane a ɛsen biara a na ebetumi ato ɔbea ne sɛ ɔbɛyɛ okunafo na wahwere ne mma. Yennim ‘mma’ dodow a Babilon hwere wɔn anadwo a ɔhwe ase no.d Nanso, wɔ bere a ɛsɛ mu no, kurow no bɛyɛ amamfõ koraa. (Yeremia 51:29) Ɔbɛyɛ kuna nso efisɛ wobetu n’ahemfo.

      15. Wɔ atirimɔdenne a Babilon de yɛɛ Yehowa nkurɔfo akyi no, dɛn bio na ɛmaa Yehowa bo fuw no?

      15 Nanso, ɛnyɛ sɛnea Babilon yɛ Yudafo no basabasa no nko nti na Yehowa bo fuw. ‘Ne ntafowayi dodow’ no nso hyɛ no abufuw. Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no kasa tia ahonhonsɛmdi; nanso Babilon di ahonhonsɛm akyi denneennen. (Deuteronomium 18:10-12; Hesekiel 21:21) Social Life Among the Assyrians and Babylonians nhoma no ka sɛ ‘adaemone dɔm a na Babilonfo susuw sɛ atwa wɔn ho ahyia no yii wɔn hu bere nyinaa.’

  • Atoro Som—Wohuu N’awiei a Ɛyɛ Nwonwa Siei
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
    • d Nabonidus and Belshazzar, a Raymond Philip Dougherty kyerɛwee no ka sɛ, bere a Nabonidus Beresosɛm no kyerɛ sɛ wɔn a wotuu Babilon so sa no “anko” na wɔhyɛnee mu no, Helani abakɔsɛm kyerɛwfo Xenophon kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ wohwiee mogya pii gui.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena