Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 5/1 kr. 8-12
  • Sɛnea Wohu Nokware Somafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wohu Nokware Somafo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Pa Atoro Adiyifo Ho Ntama
  • Babilon ne Yerusalem Ho Nsɛm a Ɛyɛ Hu
  • Onyankopɔn Ma N’asomafo Nsɛm Bam
  • Ɔsomafo no Asɛmpa Ma Sion!
  • Yehowa—“Onyankopɔn a Ɔteɛ na Ogye Nkwa”
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
  • Kores Ɔkɛseɛ
    Nyan!—2013
  • Wobetumi Aka Nea Ɛbɛba Daakye Asie!
    Nyan!—1981
  • Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo Wɔ Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 5/1 kr. 8-12

Sɛnea Wohu Nokware Somafo

“Mene . . . nea ɔma n’akoa asɛm gyina, na ɔma n’abɔfo agyinatusɛm ba mu.”—YESAIA 44:25, 26.

1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ma yehu nokware asomafo, na ɔkwan bɛn so na ɔpa atorofo no ho ntama?

YEHOWA NYANKOPƆN ne Okunini a ɔma wohu ne nokware asomafo. Ɔma wohu wɔn denam nsɛm a ɔnam wɔn so ka a ɔma ɛbam no so. Yehowa nso ne Otitiriw a Ɔpa atoro asomafo ho ntama. Ɔkwan bɛn so na ɔpa wɔn ho ntama? Ɔma wɔn nsɛnkyerɛnne ne wɔn nkɔmhyɛ ahorow yɛ ɔkwa. Ɔnam saa kwan yi so da no adi sɛ wɔyɛ nkɔmhyɛfo a wɔn ankasa paw wɔn ho, a wɔn nsɛm fi wɔn ankasa atoro nsusuwii mu—yiw, wɔn honam fam nsusuwii a ɛyɛ nkwaseasɛm!

2. Ntawntawdi bɛn na esii wɔ Israelfo mmere so?

2 Yesaia ne Hesekiel nyinaa kyerɛe sɛ wɔyɛ Yehowa Nyankopɔn asomafo. So na wɔyɛ bi? Momma yɛnhwɛ. Yesaia hyɛɛ nkɔm wɔ Yerusalem bɛyɛ 778 A.Y.B. mu kosii 732 A.Y.B. akyi bere bi. Wɔfaa Hesekiel dommum kɔɔ Babilon wɔ 617 A.Y.B. mu. Ɔhyɛɛ nkɔm maa ne nuanom Yudafo a na wɔwɔ hɔ no. Adiyifo baanu no nyinaa de akokoduru bɔɔ dawuru sɛ wɔbɛsɛe Yerusalem. Adiyifo foforo kae sɛ Onyankopɔn remma eyi mma. Henanom na wɔbɛyɛɛ asomafo anokwafo ankasa?

Yehowa Pa Atoro Adiyifo Ho Ntama

3, 4. (a) Nsɛm abien a ɛbɔ abira bɛn na wɔka kyerɛɛ Israelfo a na wɔwɔ Babilon no, na ɔkwan bɛn so na Yehowa paa atoro asomafo ho ntama? (b) Dɛn na Yehowa kae sɛ ɛbɛba atoro adiyifo no so?

3 Bere a na Hesekiel wɔ Babilon no, wɔmaa no nyaa nea na ɛrekɔ so wɔ Yerusalem asɔrefie no ho anisoadehu. Ná mmarima 25 wɔ fie no pon a ɛhwɛ apuei fam no ano. Ná mmapɔmma baanu, Yaasania ne Pelatia, ka wɔn ho. Yehowa buu wɔn dɛn? Hesekiel 11:2, 3 bua sɛ: “Onipa ba, eyinom ne mmarima a wodwen abususɛm na wotu fo bɔne, kurow yi mu; wose: Bere a wɔde sisi adan nnui[?]” Ná saa asomdwoe ho asomafo a wɔyɛ aniammɔnho yi reka sɛ, ‘Asiane biara remma Yerusalem so. Hwɛ, ɛrenkyɛ yebesisi adan pii wɔ mu!’ Enti Onyankopɔn ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ ɔno nso nhyɛ nkɔm ntia saa atoro adiyifo yi. Wɔ Hesekiel ti 11 nkyekyem 13 no, ɔka nea ɛtoo wɔn no mu biako ho asɛm kyerɛ yɛn sɛ: “Na merehyɛ nkɔm no, Benaia ba Pelatia wui.” Esiane sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Pelatia ne mmapɔmma no mu okunini ne otumfoɔ ne ɔbosonsomfo a ɔsen biara nti na ɛbaa saa. Ne mpatuwu no daa no adi sɛ na ɔyɛ atoro diyifo!

4 Kum a Yehowa kum Pelatia no amma atoro adiyifo foforo no annyae atoro a wodii wɔ Onyankopɔn din mu no. Saa nnaadaafo yi kɔɔ so hyɛɛ nneɛma ho nkɔm tiaa Onyankopɔn apɛde a wɔannyae. Enti Yehowa Nyankopɔn ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Wonnue, adiyifo nkwasea a wodi wɔn honhom akyi na wonhu hwee no.” Te sɛ Pelatia no, ‘wɔrentra hɔ bio’ na wɔakɔ so aka Yerusalem ho adiyisɛm sɛ “wohuu asomdwoe ade maa no, nanso asomdwoe bi nni hɔ.”—Hesekiel 13:3, 15, 16.

5, 6. Ɛmfa ho atoro asomafo a na wɔwɔ hɔ no, ɔkwan bɛn so na ɛdaa adi sɛ Yesaia yɛ nokware diyifo?

5 Yesaia de, Onyankopɔn nsɛm a ɔka faa Yerusalem ho nyinaa baa mu. Wɔ 607 A.Y.B. ahohuru bere mu no, Babilonfo sɛee kurow no na wɔfaa Yudafo nkae no san kɔɔ Babilon sɛ nnommum. (2 Beresosɛm 36:15-21; Hesekiel 22:28; Daniel 9:2) So amanehunu yi maa atoro adiyifo no gyaee atosɛm a na wɔkɔ so ka gu Onyankopɔn nkurɔfo so no? Dabi, atoro asomafo no kɔɔ so ara!

6 Te sɛ nea na eyi nnɔɔso no, Babilon asumanfo, akɔmfo, ne nsoromma mu ahwɛfo a na wɔyɛ ahohoahoafo no hyehyɛɛ nkɔm kyerɛɛ Israelfo nnommum no. Nanso, Yehowa daa saa atoro asomafo no adi sɛ wɔyɛ nkwaseafo a wɔbrɛ gu kwa, a nea wɔka no mma mu. Bere kɔɔ so no, ɔkyerɛe sɛ Hesekiel ne Yesaia na na wɔyɛ ne nokware asomafo. Yehowa maa nsɛm a ɔnam wɔn so kae no nyinaa baa mu sɛnea na wahyɛ bɔ no: “Mene . . . nea ɔma adebisafo nsɛnkyerɛnne yɛ ɔkwa, na ɔma nkɔmhyɛfo bobɔ adam; nea ɔma anyansafo san nkyirinkyiri, na ɔdan wɔn nimdeɛ nkwaseasɛm; nea ɔma n’akoa asɛm gyina, na ɔma n’abɔfo agyinatusɛm ba mu.”—Yesaia 44:25, 26.

Babilon ne Yerusalem Ho Nsɛm a Ɛyɛ Hu

7, 8. Asɛm a efi honhom mu bɛn na Yesaia ka faa Babilon ho, na na ne nsɛm no kyerɛ dɛn?

7 Ná Yuda ne Yerusalem bɛyɛ amamfõ a nnipa rentra mu mfe 70. Nanso Yehowa nam Yesaia ne Hesekiel so kae sɛ wɔbɛsan akyekye kurow no ama nnipa atra asase no so sɛnea na waka asie no pɛpɛɛpɛ! Ná eyi yɛ nkɔmhyɛ a ɛyɛ nwonwa. Dɛn ntia? Efisɛ na wonim Babilon sɛ ɛmma ne nneduafo ahofadi da. (Yesaia 14:4, 15-17) Enti hena na na obetumi ama saa nnommum yi ahofadi? Hena na na obetumi atu Babilon kokuroko ne n’afasu akɛse ne n’asubɔnten bammɔ nhyehyɛe no agu? Na Ade Nyinaa so Tumfoɔ Yehowa na na obetumi! Na ɔkae sɛ ɔbɛyɛ: “Mene . . . nea ɔka kyerɛ ebun [kyerɛ sɛ, nsu a ɛbɔ kurow no ho ban no] sɛ: Yow, na mɛma wo nsuten ayoyow. Nea ɔka Kores ho sɛ: Me guanhwɛfo ni, na ɔbɛma nea ɛsɔ m’ani nyinaa aba mu, na waka Yerusalem ho sɛ: Wɔnkyekye! na asɔrefi nso: Wɔnhyɛ ase!”—Yesaia 44:25, 27, 28.

8 Susuw ho hwɛ! Ná Eufrate Asubɔnten a ɛyɛ akwanside kɛse ma nnipa no te sɛ nsuko a ɛsɔ ade a adɔ kɔɔ so wɔ Yehowa ani so. Ná ɛbɛyow wɔ anibu biako mu! Ná Babilon bɛhwe ase. Ɛwom sɛ na aka bɛyɛ mfe 150 ansa na wɔawo Persiani Kores de, nanso Yehowa maa Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ ɔhene yi bedi Babilon so nkonim, na wama Yudafo nnommum no ahofadi denam hyɛ a na ɔbɛhyɛ ma wɔasan akɔkyekye Yerusalem ne n’afasu no so.

9. Hena na Yehowa bɔɔ ne din sɛ ne yɛmafo a ɔbɛtwe Babilon aso no?

9 Yehu saa nkɔmhyɛ yi wɔ Yesaia 45:1-3 sɛ: “Saa na Awurade [Yehowa, NW] ka kyerɛ nea wasra no, Kores, nea maso ne nifa sɛ mɛbrɛ amanaman ase n’anim, na masansãn ahene abɔso, sɛ mebue apon n’anim, ne nkurow apon, na wɔantoto mu no: Me ara medi w’anim, na mafɛntɛm nea ɛkorɔnkorɔn; mebubu kɔbere apon mu, na matwitwa dade adaban mu. Na mede sum mu akorade ne aboɔdenne a ahintaw mɛma wo; na woahu sɛ me, Awurade [Yehowa, NW], mene nea mebɔɔ wo din mefrɛɛ wo no.”

10. Ɔkwan bɛn so na na ‘wɔasra’ Kores, na ɔkwan bɛn so na na Yehowa betumi akasa akyerɛ no bɛboro mfe ɔha ansa na wɔrewo no?

10 Hyɛ no nso sɛ Yehowa kasa kyerɛɛ Kores te sɛ nea na wɔawo no dedaw a ɔte ase. Eyi ne Paulo asɛm a ose Yehowa ‘frɛ nneɛma a ɛmmae sɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ’ no hyia. (Romafo 4:17) Afei nso, Onyankopɔn ka Kores ho asɛm sɛ “nea wasra no.” Dɛn nti na ɔkaa saa? Sɛnea ɛte biara no Yehowa sɔfo panyin amfa ɔsra ngo kronkron angu Kores ti so da. Ampa, nanso eyi yɛ sra a wɔsra obi wɔ nkɔmhyɛ kwan so. Ɛkyerɛ paw a wɔpaw obi na wɔde dwumadi soronko bi hyɛ ne nsa. Enti na Onyankopɔn betumi aka paw a odii kan paw Kores no ho asɛm sɛ wasra no.—Fa toto 1 Ahene 19:15-17; 2 Ahene 8:13 ho.

Onyankopɔn Ma N’asomafo Nsɛm Bam

11. Dɛn nti na na wɔn a wɔte Babilon te nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ?

11 Bere a Kores tow hyɛɛ Babilon so no, emufo tee nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ. Na osubɔnka kakraka bi a emu dɔ a Eufrate Asubɔnten no twae no atwa wɔn kurow no ho ahyia. Baabi a na asubɔnten no fa kurow no mu no, na koko bi sa so tenteenten wɔ asubɔnten no apuei fam. Nea ɛbɛyɛ na kurow no atew ne ho no, Nebukadnesar too nea ɔfrɛɛ no “ɔfasu kɛse a ɛte sɛ bepɔw no, a na wontumi ntutu ase . . . [Ɔmaa] n’atifi kɔɔ soro te sɛ bepɔw.”a Ná saa ɔfasu yi wɔ kɔbere apon akɛse deda ano. Ná gye sɛ obi aforo ban no wɔ nsu no ano ansa na watumi awura mu. Ɛnyɛ nwonwa sɛ na Babilon nneduafo nni anidaso biara sɛ wobetumi anya ahofadi da bi!

12, 13. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nsɛm a ɔnam Yesaia so kae no baa mu bere a Babilon bedii Kores nsam no?

12 Nanso, na ɛnyɛ Yudafo nnommum a na wɔwɔ Yehowa mu gyidi no so! Na wɔwɔ anidaso kɛse. Ná Onyankopɔn nam n’adiyifo so ahyɛ wɔn bɔ sɛ ɔbɛma wɔanya ahofadi. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn maa ne bɔhyɛ no baa mu? Kores maa n’asraafo dɔm no danee Eufrate Asubɔnten no ani wɔ Babilon kusuu fam akwansin pii. Enti, ɛkame ayɛ sɛ wɔdanee ade titiriw a na ɛbɔ kurow no ho ban no ma ɛbɛyɛɛ osubɔnka a hwee nni mu. Anadwo a asɛm no sii no, Babilon asabofo no yɛɛ anibiannaso a wɔantoto apon akɛse a ɛwɔ Eufrate nsu no ano no mu. Yehowa ammubu kɔbere apon no ankasa, na saa ara nso na wantwitwa dade adaban a na ɛbrammram saa apon no akyi no mu; na mmom nsɛm ho dwuma a odii a enti wɔantotom ammrabram akyi no ma ɛyɛɛ saa. Mfaso biara amma Babilon afasu no so. Ná ɛho nhia sɛ Kores asraafo dɔm no foro ansa na wɔatumi akɔ mu. Yehowa dii Kores anim, fɛntɛm “nea ɛkorɔnkorɔn” no, yiw, oyii akwanside ahorow nyinaa fii hɔ. Edii adanse sɛ Yesaia ne Onyankopɔn nokware somafo.

13 Bere a kurow no bedii Kores nsam koraa no, emu akorade nyinaa, nea na wɔde asie kokoam adan a esum wom mu no bedii ne nsam. Dɛn nti na Yehowa Nyankopɔn yɛɛ eyi maa Kores? Sɛnea ɛbɛyɛ na wahu sɛ Yehowa, ‘nea ɔbɔɔ ne din frɛɛ no’ no, ne nokware nkɔmhyɛ Nyankopɔn ne Amansan Hene. Ná obehu sɛ Onyankopɔn na wayɛ nhyehyɛe ama wabedi tumi na ama wama Ne nkurɔfo Israel anya ahofadi.

14, 15. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa na ɔmaa Kores dii Babilon so nkonim?

14 Tie nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Kores: “M’akoa Yakob ne Israel a mapaw no nti na mede wo din mefrɛɛ wo, na mebɔɔ wo abodin no, nso wunnya nhuu me ɛ. Mene Awurade [Yehowa, NW], na obi nni hɔ bio; Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ me nko. Me na mebɔ wo abɔso, nso wunnim me: na wɔahu afi awiapuei, ne atɔe nso, sɛ obiara nni hɔ gye me. Mene Awurade [Yehowa, NW], na obi nni hɔ bio. Me na mebɔ hann, na mebɔ sum, mema asomdwoe [kyerɛ sɛ, ɔde ma ne nkurɔfo a wɔyɛ atukɔfo no], na mede amane ba [Babilon so]; me, Awurade [Yehowa, NW], na meyɛ eyinom nyinaa.”—Yesaia 45:4-7.

15 Yehowa na ɔmaa Kores dii Babilon so nkonim, na wɔ Ne fam no ɛyɛ ɔno na ɔhyɛɛ no den ma otumi yɛɛ nea ɛsɔ N’ani tiaa kurow bɔne no na ɔmaa Ne nkurɔfo a wɔafa wɔn nnommum no nyaa ahofadi. Wɔ eyi yɛ mu no, Onyankopɔn kasa kyerɛɛ ne soro sɛ enhwie trenee ahoɔden anaa tumi ngu. Ɔkasa kyerɛɛ n’asase sɛ emmue n’anom, na ɛmfa trenee nsɛm ne ogye mmrɛ ne nkurɔfo atukɔfo no. Na ne sɛnkyerɛnne kwan so soro ne asase no tiee ahyɛde yi. (Yesaia 45:8) Wɔ Yesaia wu akyi bɛboro mfe ɔha no, ɛdaa adi sɛ ɔyɛ Yehowa nokware somafo!

Ɔsomafo no Asɛmpa Ma Sion!

16. Asɛmpa bɛn na na wobetumi aka wɔ Yerusalem a na ɛda mpan no ho bere a Babilon dii nkogu no?

16 Nanso pii ka ho. Yesaia 52:7 ka asɛmpa a Yerusalem bɛte ho asɛm: “Nea ɔnam mmepɔw so ka asɛmpa no anan yɛ fɛ dɛn ara! ɔka asomdwoesɛm, ɔka papa ho asɛmpa, ɔma wɔte nkwagye asɛm, na ɔka kyerɛ Sion sɛ: wo Nyankopɔn di hene!” Hwɛ sɛnea na ɛbɛyɛ anigye sɛ wobehu sɛ ɔsomafo bi fi mmepɔw no so reba Yerusalem. Ɛbɛyɛ sɛ ɔde asɛm na ɛnam. Ɛyɛ asɛm bɛn? Ɛyɛ anigyesɛm ma Sion. Asomdwoesɛm, yiw, asɛm a ɛfa Onyankopɔn papayɛ ho. Sɛ wɔnsan nkɔkyekye Yerusalem na wonsi n’asɔrefie bio! Na ɔsomafo no de nkonimdi ho anigye nne bɔɔ dawuru sɛ: “Wo Nyankopɔn di hene!”

17, 18. Ɔkwan bɛn so na nkonim a Kores dii wɔ Babilon so no kaa Yehowa din ankasa?

17 Bere a Yehowa maa Babilon danee n’ahengua nsusuwso a na Dawid abusua mu ahene no te so butuwii no, ɛbɛyɛɛ sɛ nea na Ɔnyɛ Ɔhene bio. Mmom no, Marduk, Babilon nyame kunini no, na ɛbɛyɛɛ sɛ nea ɔredi hene. Nanso bere a Sion Nyankopɔn tuu Babilon gui no, ɔdaa n’amansan hene a ɔyɛ no adi—sɛ ɔne Ɔhene a ɔsen biara. Na nea edii eyi ho adanse no, na wɔresan akyekye Yerusalem, “ɔhenkɛse kurow” no, asi n’asɔrefie no bio. (Mateo 5:35) Ɔsomafo a ɔde asɛmpa a ɛte saa bae no de, ɛwom sɛ na ne nan ho abɔ mfuturu, na ɛho ayɛ fĩ ma apaapae de, nanso wɔ Sion adɔfo ne ne Nyankopɔn ani so de, oo, na ɛyɛ fɛ sɛ!

18 Wɔ nkɔmhyɛ kwan so no, na Babilon asehwe no kyerɛ sɛ wɔde Onyankopɔn Ahenni asi hɔ, na na nea okura asɛmpa no yɛ saa asɛm no ho dawurubɔfo. Afei nso, saa tete somafo yi a wɔnam Yesaia so kaa ne ho asɛm siei no yɛɛ ɔsomafo bi a ɔka asɛmpa a ɛkyɛn so ho mfonini—ɛkyɛn so esiane nsɛm akɛse ne Ahenni ho asɛm ne anigyesɛm a ɛwom ma gyidifo nyinaa nti.

19. Israel asase no ho asɛm bɛn na Yehowa nam Hesekiel so kae?

19 Wɔde wɔn sanba no ho nkɔmhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye no maa Hesekiel nso. Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “Sɛ Awurade [Yehowa, NW] Nyankopɔn se ni: . . . mɛma nnipa asan atratra nkurow no mu, na wɔakyekyere afoafõ no, na wɔbɛka sɛ: Asase yi a ɛdaa hɔ hunu no na adan sɛ Eden turo yi.”—Hesekiel 36:33, 35.

20. Anigyesɛm bɛn na Yesaia kaa no nkɔmhyɛ kwan so kyerɛɛ Yerusalem?

20 Ná Onyankopɔn nkurɔfo redi Sion ho awerɛhow wɔ Babilon nnommumfa no mu. (Dwom 137:1) Afei de, na wobetumi adi ahurusi. Yesaia de afotu mae sɛ: “Yerusalem amamfõ, mommom nto anigye dwom, na Awurade [Yehowa, NW] akyekye ne man werɛ, wagye Yerusalem. Awurade [Yehowa, NW] ayi ne basa kronkron no ho, amanaman nyinaa anim, na asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.”—Yesaia 52:9, 10.

21. Ɔkwan bɛn so na nsɛm a ɛwɔ Yesaia 52:9, 10 no baa mu wɔ Babilon nkogudi no akyi?

21 Yiw, na Yehowa nkurɔfo a wapaw wɔn no wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wodi ahurusi. Afei de na wɔresan akɔtra mmeae a bere bi na ɛda mpan no, na wɔama hɔ abɛyɛ sɛ Eden turo. Na Yehowa “ayi ne basa kronkron no ho” ama wɔn. Ɔbobɔɔ n’atade nsa sɛnea yɛbɛka no no, na ama watumi asan de wɔn akɔ wɔn asase a wɔn koma da so no so. Ná eyi nyɛ abakɔsɛm mu asɛm bi a esii a obiara anhu. Mmom no, nnipa a na wɔte ase saa bere no nyinaa huu Onyankopɔn ‘basa a wayi ho’ a ɔnam so de ne tumi gyee nnipa nsɛm mu na ama watumi agye ɔman bi nkwa anwonwakwan so no. Wonyaa adanse a edi mu a ɛkyerɛe sɛ na adiyifo Yesaia ne Hesekiel yɛ Yehowa nokware asomafo. Na obiara adwenem ntumi nyɛ no naa sɛ ebia Sion Nyankopɔn no ne nokware Nyankopɔn teasefo koro pɛ wɔ asase nyinaa so anaa. Yɛkenkan wɔ Yesaia 35:2 sɛ: “Wobehu Awurade [Yehowa, NW] anuonyam, yɛn Nyankopɔn ahyehyɛde no.” Wɔn a wogyee Yehowa Nyameyɛ yi toom no, fii ase som no.

22. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anigye nnɛ? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye titiriw sɛ Yehowa pa atoro asomafo ho ntama?

22 Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛn ani gye sɛ Yehowa da ne nokware asomafo adi! Nokwarem no, ɔne “nea ɔma n’akoa asɛm gyina, na ɔma n’abɔfo agyinatusɛm ba mu.” (Yesaia 44:26) Sanba ho nkɔmhyɛ ahorow a ɔde maa Yesaia ne Hesekiel no maa ne dɔ, n’ayamye, ne ne mmɔborohunu kɛse a ɔwɔ ma n’asomfo no daa adi. Nokwarem no, ɛfata sɛ yɛkamfo Yehowa wɔ eyi nyinaa ho! Na ɛsɛ sɛ yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no ani gye titiriw sɛ ɔpa atoro asomafo ho ntama. Eyi te saa efisɛ wɔdɔɔso wɔ wiase seesei. Nsɛm akɛse a wɔkeka no ma wobu wɔn ani gu Yehowa atirimpɔw ahorow a wɔada no adi no so. Asɛm a edi hɔ no bɛboa yɛn ma yɛahu saa atoro asomafo no.

[Ase hɔ asɛm]

a The Monuments and the Old Testament, a Ira Maurice Price, yɛe wɔ 1925 mu.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa ma wohu ne nokware asomafo?

◻ Hena na Yehowa nam Yesaia so bɔɔ ne din sɛ ne yɛmafo a obedi Babilon so nkonim?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yesaia nkɔmhyɛ ahorow a ɛkaa Babilon nkogudi ho asɛm no baa mu?

◻ Ade pa bɛn na Babilon nkogudi no de baa Yehowa din so?

[Kratafa 9 mfonini]

Ná ɛyɛ aman a wɔwɔ Hesekiel bere so no sɛ ɛyɛ nea wontumi nni Babilon so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena