Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 12/1 kr. 9-14
  • Yɛn Ho A Yɛbɛde Afi Atoro Som Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Ho A Yɛbɛde Afi Atoro Som Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Atoro Som Mfiase
  • Nokware Som
  • Babilon Nnommumfa
  • Yɛn ho a Yɛbɛde Afi Atoro Som ho wɔ Awiei Bere Mu
  • Nokware ne Atoro Som
  • Yɛn Ho A Yɛde Bɛhyɛ Ɔsom Kronn Mu Ama Nkwagye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Montwe Mo Ho Mfi Atoro Som Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Sɛn Na Atoro Som Agu Onyankopɔn Din Ho Fĩ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Ɔsom a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 12/1 kr. 9-14

Yɛn Ho A Yɛbɛde Afi Atoro Som Ho

“‘Enti mumfi wɔn mu, . . . ’ sɛnea Yehowa se ne no, ‘na mommfa mo ho nnka nea ɛho ntew’. . . ’na megye mo atom.’”​—2 KORINTOFO 6:17, New World Translation.

1. Nhyehyɛe bɛn na Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔne Yesu bɛyɛ, na nneɛma abien bɛn na asɛm a ɔkae yi ma yehu?

“SƐ WOBƐKOTOW asɔre me a, anka mede eyinom nyinaa mema wo.” Ɛwom sɛ wɔkaa asɛm yi wɔ atoro som mfiase akyi mfe mpempem pii de, nanso ɛma yenya nea yebegyina so ahu nea ɔhyɛ atoro som akyi ne atoro som atirimpɔw. Ɛrekɔ afe 29 Y.B. awiei no, Ɔbonsam de wiase ahenni nyinaa kyerɛɛ Yesu sɛ ɔnkotow nsɔre no, na ɔde ama no. Asɛm yi ma yehu nneɛma abien bi: sɛ wiase ahenni ahorow no yɛ Satan de a obetumi de ama, ne sɛ atoro som botae titiriw ne sɛ ɛbɛma wɔasom Ɔbonsam.​—Mateo 4:8, 9.

2. Dɛn na yesua fi Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 4:10 no mu?

2 Yesu nam ne mmuae no so ampow atoro som nkutoo, na mmom ɔkyerɛe nea ɛwɔ nokware som mu nso. Ɔkae sɛ: “Fi me so, Satan! na wɔakyerɛw sɛ: Kotow sɔre [Yehowa], wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.” (Mateo 4:10) Enti, nokware som botae ne ɔsom a wɔde ma nokware Nyankopɔn koro, Yehowa. Nea ɛka ho ne gyidi ne osetie, Yehowa apɛdeyɛ.

Atoro Som Mfiase

3. (a) Bere bɛn na ɔkwan bɛn so na atoro som fii ase wɔ asase so? (b) Nyamesom ho koma a wɔannya nneyɛe a edi kan bɛn na wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ, na nyamesom mu ɔtaa akɔ so dɛn fi saa bere no?

3 Atoro som fii ase wɔ asase so bere a nnipa a wodi kan no yɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn na wɔpenee Ɔwɔ no nyansahyɛ a ɛne sɛ wɔn ankasa nsi “papa ne bɔne” ho gyinae mma wɔn ho no so no. (Genesis 3:5) Wɔnam saa a wɔyɛe no so pow Yehowa trenee nniso na wɔtwee wɔn ho fii ɔsom a ɛfata, nokware som ho. Wɔne nnipa a wodi kan a “wɔsesaa Onyankopɔn nokware no gyee atoro, na wɔfɛree na wɔsom abɔde sen Ɔbɔadeɛ no.” (Romafo 1:25) Abɔde a wopawee sɛ wɔbɛsom no a na wonnim no nyɛ obiara sɛ Satan Ɔbonsam, “ɔwɔ dedaw no.” (Adiyisɛm 12:9) Wɔn babarima panyin, Kain, pow sɛ obedi Yehowa ayamye afotu so ma enti ɔsɔre tiaa Ne tumidi. Sɛ́ onim anaasɛ onnim no, Kain bɛyɛɛ ‘ɔbɔnefo Satan abofra,’ ne nea ɔsom Ɔbonsam. Okum ne nuabarima kumaa Habel, a ɔde ne ho hyɛɛ nokware som mu no. (1 Yohane 3:12, Revised English Bible; Genesis 4:3-8; Hebrifo 11:4) Habel mogya ne mogya a wodii kan hwie gui esiane nyamesom ho koma a wɔannya nti. Awerɛhosɛm ne sɛ atoro som akɔ so ahwie mogya a ɛho nni asɛm agu de abesi nnɛ da yi.​—Hwɛ Mateo 23:29-35; 24: 3, 9.

4. Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛma yehu sɛnea nokware som te wɔ Noa ho asɛm no mu?

4 Ansa na Nsuyiri no reba no, Satan tumi twee adesamma mu dodow no ara fii nokware som ho. Nanso, Noa “nyaa Yehowa anim dom.” Dɛn ntia? Efisɛ “ɔne nokware Nyankopɔn no nantewee.” Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, ɔde ne ho hyɛɛ nokware som mu. Nokware som nyɛ guasode anaa amanne bi yɛ na mmom ɛyɛ asetra kwan. Ɛkyerɛ Yehowa mu gyidi a wonya ne osetie a wɔde som no, sɛ ‘wɔne no bɛnantew.’ Noa yɛɛ eyi.​—Genesis 6:8, 9, 22, NW; 7:1; Hebrifo 11:6, 7.

5. (a) Dɛn na Ɔbonsam bɔɔ mmɔden sɛ ɔde besi hɔ wɔ Nsuyiri no akyi, na ɔkwan bɛn so? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa sɛee Ɔbonsam atirimpɔw no, na dɛn na efii mu bae?

5 Nsuyiri no akyi bere tiaa bi no, ɛda adi sɛ Ɔbonsam de Nimrod, ɔbarima a wagye dimmɔne wɔ sɛnea “ɔsɔre tia Yehowa” mu no, dii dwuma de bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka adesamma nyinaa abom wɔ ɔsom bi a ɛbɛsan asɔre atia Yehowa no mu. (Genesis 10:8, 9, NW; 11:2-4) Anka ɛbɛyɛ atoro som a wɔaka abom ayɛ no biako, ɔsom a wɔabom de ma Ɔbonsam, a ɛwɔ kurow ne abantenten a na n’asomfo asi no mu. Yehowa sɛee saa nhyehyɛe yi denam “ɔkasa koro” a na adesamma nyinaa ka saa bere no a ɔyɛɛ no basaa no so. (Genesis 11:5-9) Enti, wɔbɛfrɛɛ kurow no Babel, ne akyiri yi Babilon, na din abien yi nyinaa kyerɛ “Basabasa.” Saa ɔkasa a wɔyɛɛ no basaa no maa adesamma bɔ hwetee asase so.

6. (a) Nyamesom nsusuwii ahorow bɛn na Satan de hyɛɛ n’asomfo adwenem wɔ Babilon ansa na wɔrebɔ wɔn ahwete? (b) Dɛn nti na nsɛdi wɔ nyamesom ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no gyidi mu? (d) Satan atirimpɔw bɛn na Babilon dii ho dwuma, na saa tete kurow no bɛyɛɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne?

6 Nanso, anansesɛm ne nyamesom ho abakɔsɛm ma ɛda adi sɛ ansa na Yehowa rebɛbɔ adesamma ahwete no, na Satan de atoro som ho nsɛm atitiriw bi ahyɛ n’asomfo adwenem. Nea ɛka eyinom ho ne ɔkra bi a ɛkɔ so tra ase wɔ owu akyi, awufo suro, ne asase ase beae bi a ɛyɛ hu ho adwene, ne anyame ne anyamewa pii, a wɔayɛ ebinom baasakoro no som. Nnipa akuwakuw a wɔka ɔkasa horow no de gyidi horow yi kɔɔ asase so mmeae akyirikyiri. Bere bi akyi no, nsakrae ahorow bi baa nsusuwii atitiriw yi mu. Nanso, mpɛn pii no, ɛnonom ne nsusuwii atitiriw a wohu wɔ atoro som a ɛwɔ wiase afanan nyinaa no mu. Ɛwom sɛ wɔmaa mmɔden a Satan bɔe sɛ ɔde atoro som biako pɛ a ne wiase nyinaa ahenkurow wɔ Babilon besi hɔ no yɛɛ ɔkwa de, nanso ɔde atoro som a egu ahorow, a efi Babilon, a ɔde begye ɔsom a wɔde bɛma Yehowa no ama n’ankasa ho no bae. Babilon kɔɔ so yɛɛ beae titiriw a abosonsom, nkonyaasɛm, abayisɛm, ne nsoromma mu hwɛ​—a ne nyinaa yɛ atoro som mu nneɛma atitiriw​—wɔ mfeha pii. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Adiyisɛm nhoma no ka wiase atoro som ahemman no ho asɛm sɛnkyerɛnne kwan so sɛ aguaman bi a ne ho ntew a wɔfrɛ no Babilon Kɛse no.​—Adiyisɛm 17:1-5.

Nokware Som

7. Dɛn nti na kasa a wɔyɛɛ no basaa no anka nokware som? (b) Hena na wɔfrɛɛ no “gyidifo nyinaa agya,” na dɛn ntia?

7 Ɛda adi sɛ, ɔkwan a adesamma fa so kasa a Yehowa yɛɛ no basaa wɔ Babel no anka nokware som. Mmarima ne mmea anokwafo te sɛ Habel, Henok, Noa, ne Noa yere, ne Noa mma ne ne nsenom de wɔn ho hyɛɛ nokware som mu ansa na Nsuyiri no reba. Nsuyiri no akyi no, wɔkoraa nokware som so wɔ Noa babarima Sem asefo mu. Abraham a ɔyɛ Sem aseni no de ne ho hyɛɛ nokware som no mu na wɔbɛfrɛɛ no “gyidifo nyinaa agya.” (Romafo 4:11) Ɔde nnwuma kaa ne gyidi ho. (Yakobo 2:21-23) Na ne som no yɛ asetra kwan.

8. (a) Ɔkwan bɛn so na nokware som hyiaa atoro som ɔsɔretia wɔ afeha a ɛto so 16 A.Y.B. mu, na dɛn na efii mu bae? (b) Yehowa ɔsom kronn ho nhyehyɛe foforo bɛn na ɔde sii hɔ?

8 Abraham asefo kɔɔ so de wɔn ho hyɛɛ nokware som mu​—Isak, Yakob (anaa, Israel), ne Yakob mmabarima 12, a Israel mmusuakuw 12 no fi wɔn mu no. Bere a afeha a ɛto so 16 A.Y.B. rekɔ awiei no, na Abraham asefo a wofi Isak mu no repere akora ɔsom kronn no so wɔ beae bi a ɔtan ne abosonsom wɔ hɔ​—Misraim​—faako a wɔyɛɛ nkoa no. Yehowa de ne somfo Mose, a ofi Lewi abusua mu no dii dwuma de yii N’asomfo no fii Misraim, asase a na atoro som agye ntini wɔ so yiye no kɔndua ase. Yehowa nam Mose so ne Israel yɛɛ apam, na ɔde wɔn yɛɛ Ne nkurɔfo a wapaw wɔn. Saa bere no, ɔde mmara a wɔakyerɛw yɛɛ ne som ho nhyehyɛe, de sii hɔ bere tiaa bi wɔ afɔrebɔ nhyehyɛe bi a asɔfokuw bi di ho dwuma mu, na ɛwɔ kronkronbea a wotumi hu, a nea edi kan no ne ahyiae ntamadan a wotumi tutu kosi no beae foforo ne akyiri yi asɔrefi a na ɛwɔ Yerusalem no.

9. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔde ho hyɛɛ nokware som mu ansa na Mmara apam no reba? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ Mmara no ho nneɛma a wohu no rentra hɔ daa?

9 Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ na nneɛma a wotumi hu yi nyɛ nokware som no ho nneɛma a ɛbɛtra hɔ daa. Na Mmara no yɛ nneɛma a ɛbɛba no sunsuma nko.” (Kolosefo 2:17; Hebrifo 9:8-10; 10:1) Ansa na wɔde Mose Mmara no rema, wɔ agyanom mpanyimfo no mmere so no, ɛda adi sɛ mmusua ti gyinaa wɔn fifo ananmu bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka a wosisii so. (Genesis 12:8; 26:25; 35:2, 3; Hiob 1:5) Nanso na asɔfokuw anaa afɔrebɔ nhyehyɛe, a guasodeyɛ ne amanne ahorow ka ho a wɔahyɛ da ayɛ ho nhyehyɛe biara nni hɔ. Bio nso, Yesu ankasa kyerɛɛ sɛnea ɔsom a wɔde mmara a wɔakyerɛw yɛɛ ho nhyehyɛe a ɛwɔ Yerusalem no rentra hɔ daa no bere a ɔka kyerɛɛ Samariani bea bi sɛ: “Da no reba a ɛnyɛ bepɔw yi so [Gerisim, faako a anka Samariafo asɔredan bi si] anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre Agya no. . . . Bere no reba, na adu, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre Agya no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:21-23) Yesu kyerɛe sɛ ɛnyɛ nneɛma a wotumi hu na ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma wɔ nokware som mu, na mmom honhom ne nokware.

Babilon Nnommumfa

10. (a) Dɛn nti na Yehowa maa kwan ma wɔfaa ne nkurɔfo nnommum kɔɔ Babilon? (b) Akwan abien bɛn so na Yehowa gyee nkaefo anokwafo bi wɔ 537 A.Y.B. mu, na atirimpɔw titiriw bɛn nti na wɔsan kɔɔ Yuda?

10 Efi Eden atuatew no so no, ɔtan akɔ so atra nokware som ne atoro som ntam. Wɔ mmere bi mu no, atoro som, a Babilon yɛ ho mfonini fi Nimrod bere so no, afa nokware asomfo nnommum wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Ansa na Yehowa rema kwan ma wɔafa ne nkurɔfo nnommum akɔ Babilon wɔ 617 ne 607 A.Y.B. mu no, na wɔayɛ nkoa ama Babilon atoro som dedaw. (Yeremia 2:13-23; 15:2; 20:6; Hesekiel 12:10, 11) Wɔ 537 A.Y.B. mu no, nkaefo anokwafo bi san kɔɔ Yuda. (Yesaia 10:21) Wotiee nkɔmhyɛ kwan so ɔfrɛ yi sɛ: “Mumfi Babel!” (Yesaia 48:20) Na eyi renyɛ honam fam ogye ara kwa. Na ɛyɛ honhom fam ogye a wonya fi abosonsom atoro som a ɛho ntew tebea bi mu nso. Enti wɔhyɛɛ nkaefo anokwafo yi sɛ: “Montwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ, monnka ade a ɛho ntew; mumfi adi mfi ne mu, montew mo ho, mo a mosoa [Yehowa] nnwinne no.” (Yesaia 52:11) Na atirimpɔw titiriw a enti wɔresan akɔ Yuda no ne sɛ wɔbɛsan de ɔsom kronn, nokware som akosi hɔ.

11. Ɔsom kronn a wɔsan de sii hɔ wɔ Yuda akyi no, nyamesom mu nsɛm afoforo bɛn na esisii wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu?

11 Nea ɛyɛ anigye ne sɛ saa afeha a ɛto so asia A.Y.B. no ara mu no, atoro som nyaa nkorabata afoforo wɔ Babilon Kɛse mu. Saa bere no na Budhasom, Konfusiosom, Soroastasom, Yainsom, ne Hela nsusuwii mu nyansapɛ a na akyiri yi ebenya Kristoman asɔre ahorow no so nkɛntɛnso kɛse no bae. Enti bere a na wɔde ɔsom kronn resan asi hɔ wɔ Yuda no, na Onyankopɔn tamfo kɛse no de atoro som a egu ahorow afoforo reba.

12. Ogye a wonya fii Babilon nnommumfa mu bɛn na ɛbae wɔ afeha a edi kan Y.B. mu, na kɔkɔbɔ bɛn na Paulo de mae?

12 Ebeduu bere a Yesu baa Israel no, na Yudafo no mu dodow no ara de wɔn ho ahyɛ Yudasom a egu ahorow mu, ɔsom bi a agye Babilon nyamesom mu nsusuwii pii atom no. Na ɛde ne ho akɔbɔ Babilon Kɛse ho. Kristo kasa tiae na oyii n’asuafo no fii Babilon nnommumfa mu. (Mateo, ti 23; Luka 4:18) Esiane sɛ na atoro som ne Helafo nyansapɛ abu so wɔ mmeae a ɔsomafo Paulo kaa asɛm no nti, ɔfaa Yesaia nkɔmhyɛ no mu nsɛm de kaa Kristofo a na ehia sɛ wɔtwe wɔn ho fi Babilon Kɛse nkɛntɛnso a ɛho ntew ase no ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefi ne [Babilonfo] abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn teasefo no asɔrefi, sɛnea Onyankopɔn aka sɛ: ‘Mɛtra wɔn mu na manantew wɔn mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔayɛ me ɔman.’ ‘“Enti, mumfi wɔn mu, na montew mo ho,’ sɛnea Yehowa se ne no, “na mommfa mo ho nnka nea ɛho ntew’”; ‘“na megye mo atom.’””​—2 Korintofo 6:16, 17, NW.

Yɛn ho a Yɛbɛde Afi Atoro Som ho wɔ Awiei Bere Mu

13. Dɛn na ɛda adi wɔ nkrasɛm ahorow a Kristo de kɔmaa asafo ahorow ason a wɔwɔ Asia Kumaa no mu, na dɛn na efii mu bae?

13 Nkrasɛm ahorow a Kristo nam Adiyisɛm a ɔde maa ɔsomafo Yohane so de kɔmaa asafo ahorow ason a ɛwɔ Asia Kumaa no da no adi pefee sɛ ebeduu afeha a edi kan Y.B. awiei mu no, na Babilon ɔsom mu nneyɛe ne su horow reba Kristofo asafo no mu. (Adiyisɛm, atiri 2 ne 3) Ɔwae no kɔɔ so titiriw fi afeha a ɛto so abien kosi afeha a ɛto so anum Y.B. mu, na nea efii mu bae ne nea ɛte sɛ Kristofo ɔsom kronn ho nsusuwso a aporɔw a epuei no. Wɔde Babilonfo nkyerɛkyerɛ ahorow te sɛ ɔkra a enwu da, hell bi a ogya dɛw wɔ hɔ, ne Baasakoro no kaa Kristosom a awae nkyerɛkyerɛ ahorow ho. Katolek, Ortodoks, ne akyiri yi Protestant asɔre ahorow no nyinaa gyee atoro nkyerɛkyerɛ ahorow yi toom, ma enti, wɔbɛyɛɛ Babilon Kɛse, Ɔbonsam atoro som ahemman no fã.

14, 15. (a) Dɛn na Yesu mfatoho a ɛfa awi ne nwura ho no kyerɛe? (b) Dɛn na esii wɔ ɛde rekɔ afeha a ɛto so 19 no awiei, na ebeduu 1914 mu no, na nkɔso bɛn na nokware Kristofo anya wɔ nkyerɛkyerɛ mu?

14 Wontumi nsɛee nokware som korakora da. Wɔahu wɔn a wɔdɔ nokware no wɔ mfehaha no nyinaa mu, na wɔn mu binom wui esiane wɔn nokwaredi ma Yehowa ne n’Asɛm, Bible no nti. Nanso sɛnea Yesu bɛ a ɛfa awi ne nwura ho no kyerɛ no, “nneɛma nhyehyɛe no awiei” mu nkutoo ansa na wobeyi sɛnkyerɛnne kwan so awi, anaa Ahenni no mma a wɔasra wɔn no afi nwura, anaa ɔbɔnefo no mma no ho. (Mateo 13:24-30, 36-43, NW) Bere a awiei bere​—bere a wɔbɛyɛ saa nyiyim no​—bɛnee no, Bible asuafo komapafo a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 19 no awiei mu hɔ no fii ase dee wɔn ho fii atoro som nkoasom mu.

15 Ebeduu 1914 no, na Kristofo a wonim wɔn nnɛ sɛ Yehowa Adansefo yi anya agyede no mu gyidi a emu yɛ den. Na wonim sɛ Kristo ba no bɛyɛ nea wɔmfa ani nhu. Wɔtee ase sɛ “Amanaman mmere no” bɛba awiei wɔ 1914 mu. (Luke 21:24, King James Version) Na wɔtee nea ɔkra no ne owusɔre no kyerɛ ase pefee. Afei nso wohuu mfomso kɛse a ɛwɔ asɔre ahorow no hellgya ne Baasakoro nkyerɛkyerɛ no mu no. Wohuu din kronkron no na wofii ase de dii dwuma na wohuu sɛnea adannandi ɔkyerɛkyerɛ no ne ahonhonsɛmdi nteɛ no.

16. Ɔfrɛ bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn gyee so wɔ 1919 mu?

16 Na wɔafi ase reyi atoro som mpokyerɛ afi wɔn so wɔ ɔkwan pa so. Na wɔ 1919 mu no, Babilon kɛse hweree nkɛntɛnso a ɛwɔ wɔ Onyankopɔn nkurɔfo so no korakora. Sɛnea wogyee Yudafo nkaefo bi fii Babilon wɔ 537 A.Y.B. mu no, saara na Kristofo a wɔasra wɔn nkaefo anokwafo no tiee ɔfrɛ a ese “mumfi adi mfi [Babilon Kɛse] mu” no.​—Yesaia 52:11.

17. (a) Dɛn na ɛbae fi 1922 de reba, na ahiade bɛn nka na Onyankopɔn nkurɔfo tee wɔ wɔn mu? (b) Gyinabea a ɛyɛ soronko koraa bɛn na wɔpaw, na dɛn nti na ntease wɔ eyi mu?

17 Efi 1922 de reba no, wotintimii Bible mu nokware ahorow a emu yɛ hyew kyekyɛɛ no baguam de paa Babilon atoro som, titiriw Kristoman asɔre ahorow no ho ntama. Wohuu hia a ehia sɛ wɔma Onyankopɔn nkurɔfo a wɔatew wɔn ho no hu no yiye sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho korakora fi atoro som ahorow nyinaa ho. Enti, mfe pii mu no, wɔkwatii asɛmfua “nyamesom” a wɔde bedi dwuma bere a wɔreka ɔsom kronn ho asɛm no mpo. Wɔde nsɛm te sɛ “Nyamesom Yɛ Afiri ne Nnaadaa,” kyinkyin nkurow akɛse mmɔnten so. Nhoma te sɛ Government (1928) ne “The Truth Shall Make You Free” (1943) kyerɛɛ nsonsonoe a wohu no pefee a ɛda “Kristosom” ne “nyamesom” ntam no. Ntease wɔ gyinabea a ɛyɛ soronko koraa yi mu, efisɛ na ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho korakora fi Babilon Kɛse ahyehyɛde ahorow a ɛwɔ baabiara no ho.

Nokware ne Atoro Som

18. “Nyamesom” ho ntease foforo bɛn na wɔde mae wɔ 1951 mu, na ɔkwan bɛn so na wɔakyerɛkyerɛ eyi mu wɔ 1975 Yearbook no mu?

18 Afei, wɔ 1951 mu no, na bere aso sɛ Yehowa bɛma ne nkurɔfo anya nsonsonoe a ɛwɔ nokware som ne atoro som mu no ho ntease a emu da hɔ yiye. 1975 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ 1951 mu no, nokware som akyidifo suaa asɛm ‘nyamesom’ ho biribi titiriw. Na wɔn mu binom tumi kae 1938 yiye, bere a na ɛtɔ bere bi a, wɔde nsɛm a wɔakyerɛw a ɛkanyan adwene a ɛne ‘Nyamesom Yɛ Afiri ne Nnaadaa’ kyerɛe no. Sɛnea wohuu no no, ɛnde na ‘nyamesom’ biara nyɛ kristosom, efi Ɔbonsam. Nanso March 15, 1951 The Watchtower penee so sɛ wɔde nkyerɛkyerɛmu nsɛm ‘nokware’ ne ‘atoro’ bedi dwuma de aka nyamesom ho asɛm. Bio nso, nhoma a ɛkanyan anigye Dɛn na Nyamesom Ayɛ Ama Adesamma? (a wotintimii wɔ 1951 mu na woyii no adi wɔ ‘Ɔsom Kronn’ Nhyiam ase wɔ Wembley Stadium, London, England no) kae sɛ: ‘Sɛ wɔte ase sɛnea wɔde adi dwuma no a, “nyamesom” ho nkyerɛkyerɛmu tiawa kyerɛ ɔsom nhyehyɛe bi, ɔkwan bi a wɔfa so som, a sɛ ɛyɛ nokware anaa atoro som no mfa ho. Eyi ne Hebri asɛmfua a egyina hɔ ma nyamesom,’a·boh·dáh, a nea ɛkyerɛ ankasa ne “ɔsom adwuma” no hyia, a nea wɔyɛ ma no no mfa ho.’ Ɛno akyi no, nsɛm ‘atoro som’ ne ‘nokware som’ bɛyɛɛ nea wonim yiye wɔ Yehowa Adansefo mu.”​—Kratafa 225.

19, 20. (a) Dɛn nti na na ɛnsɛ sɛ nokware asomfo ma asɛmfua “nyamesom” a yɛde di dwuma ma ɔsom kronn no haw wɔn? (b) Dɛn na ntease foforo yi maa Yehowa nkurɔfo tumi yɛe?

19 Bere a August 15, 1951, The Watchtower no rebua ɔkenkanfo bi asemmisa no, ɛkae sɛ: “Ɛnsɛ sɛ obiara ma asɛmfua ‘nyamesom’ a yɛde di dwuma no haw no. Dwuma a yɛde di no mma yɛnyɛ sɛ atoro som ahorow a wɔde atetesɛm di dwuma no, sɛnea Kristofo a yɛfrɛ yɛn ho no mma yɛnyɛ sɛ Kristoman atoro Kristofo no.”

20 Asɛmfua “nyamesom” ho ntease foforo yi boaa Yehowa nkurɔfo ma wɔmaa nsonsonoe a ɛda nokware som ne atoro som ntam no bɛyɛɛ kɛse mmom sen sɛ ɛbɛkyerɛ sɛ wɔregyaa nsɛm mu asiesie, sɛnea asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ no.

Nea Yɛde Sɔ Yɛn Ntease Hwɛ

◻ Bere bɛn na ɔkwan bɛn so na atoro som fii ase wɔ asase so?

◻ Dɛn na Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔde besi hɔ wɔ Nsuyiri no akyi, na ɔkwan bɛn so na wɔsɛee n’atirimpɔw no?

◻ Babilon bɛyɛɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne?

◻ Ogye bɛn na ɛbae wɔ 537 A.Y.B. mu, wɔ afeha a edi kan Y.B. mu, ne wɔ 1919 mu

◻ Asɛmfua “nyamesom” ho ntease foforo bɛn na wɔde mae wɔ 1951 mu, na dɛn nti na saa bere no na wɔde mae?

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 11]

Atoro nkyerɛkyerɛ ahorow a wogye di wɔ wiase nyinaa nyaa wɔn mfiase wɔ Babilon:

◻ Baasakoro, anaa anyame a wɔayɛ wɔn baasakoro ahorow

◻ Ɔdesani ɔkra no kɔ so tra ase wɔ owu akyi

◻ Ahonhonsɛmdi​—“awufo”a wɔne wɔn kasa

◻ Ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu

◻ Kaberɛkyere a wɔde pata adaemone

◻ Asɔfo a wɔwɔ tumi nniso

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena