Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 12/1 kr. 16-20
  • “Montew mo ho”!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Montew mo ho”!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Ne N’ahyehyɛde Ho Tew, Yɛ Kronkron
  • Afiri Yi Ebinom
  • Dɛn Nti Na Ɛyɛ Den?
  • Kyi Nea Ɛyɛ Bɔne Nyinaa!
  • Ma W’ani Mmra Wo Honhom Fam Ahiade So!
  • Ahotew Mu A Yebekura So Akatua Horow
  • Onyankopɔn Dɔ Nnipa a Wɔn Ho Tew
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Asomfo Ho Tew
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
  • So Worekɔ So Ama Wo Ho Atew Wɔ Biribiara Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Yɛbɛyɛ Dɛn Ama Yɛn Ho Atew Wɔ Onyankopɔn Ani So?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 12/1 kr. 16-20

“Montew mo ho”!

“Montwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ, monnka ade a ɛho ntew; mumfi adi mfi ne mu, montew mo ho, mo a mosoa [Yehowa] nnwinne no.”​—YESAIA 52:11.

1, 2. (a) Nokwasɛm ahorow bɛn na ɛda adi sɛ ahotew yɛ nea nnipa pii ani gye ho? (b) Dɛn nti na honam fam ahotew ho hia?

“AHOTEW ne nyamesompa na ɛnam.” Saa na wɔtaa ka wɔ wiase dedaw yi mu. Yiw, nnipa pii ani sɔ honam fam ahotew. Ɛno nti na wɔtontɔn samina ne nnuru ahorow a wɔde twitwiw nneɛma mu. Na ɛno nti na yɛwɔ mmeae ahorow a wɔhoro nneɛma, nnwuma ahorow a wɔhwɛ aprapra ne ahotew so no. Ampa, hwɛ sɛnea wobɛte nka, sɛ wokɔ adidibea fɛfɛ bi na wukohu sɛ ntama a ɛsɛw ɔpon no so no ayɛ fĩ, nkyɛnsee no ho ntew, na wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no nso ntade ayɛ fĩ a! So w’anom rentow? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛba saa, efisɛ efi yɛ abofono.

2 Nanso ahotew nyɛ nea ɛyɛ fɛ ara kwa. Efĩ de nyarewa pii ba. Sɛnea ayaresafo pii kyerɛ no, nea ama onipa nkwa nna aware kakraa nnɛ ne nkɔso a aba wɔ ahotew mu no. Nea ɛsen saa no, abenfo a wosua nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho ade no kyerɛ sɛ afide ahorow a ɛwɔ mframa, nsu ne asase so no de adesamma abusua no asetra ankasa reto asiane mu.

Yehowa Ne N’ahyehyɛde Ho Tew, Yɛ Kronkron

3, 4. (a) Yehowa Nyankopɔn bu honhom fam efĩ dɛn? (b) Sɛ́ Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron no, dɛn na Yehowa hwehwɛ afi ne nkurɔfo nkyɛn?

3 Ɛwom sɛ ɔhonam fam ahotew ho hia nnipa pii de, nanso honhom fam ahotew ho hia kɛse mpo. Nea edi kan no, honhom mu efĩ hyɛ Yehowa Nyankopɔn abufuw. Ebu ne kɛseyɛ animtiaa, ɛyɛ atuatew a etia ne trenee gyinapɛn ahorow. Sɛnea ɛte no, ɛkyerɛ nokware a wonni mma no sɛ Onipa. Honhom mu efĩ, sɛ́ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ anaa abrabɔ mu no, ɛde mpaapaemu ne ɔporɔw ba. Ɛde basabasayɛ ba na ekowie owu mu. Ɛno nti na Yehowa Nyankopɔn kasa tiaa denneennen no! Ɛno nti na ɔhyɛɛ ne nkurɔfo a wɔtraa ase tete hɔ, Israelfo no sɛ: “Monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.” (Leviticus 11:44, 45) Ɛno nso nti na Onyankopɔn hwehwɛe sɛ ne nkurɔfo a wagye wɔn a na wofi Babilon resan akɔ Yerusalem a wɔsõ nnwinne a wɔde bedi dwuma wɔ ne som mu no ho tew honhom mu no. Wɔ nkɔmhyɛ asɛm a ɛfa Yehowa Adansefo nso ho nnɛ mu no, Onyankopɔn kae sɛ: “Montwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ, monnka ade a ɛho ntew; mumfi adi mfi ne mu, montew mo ho, mo a mosoa [Yehowa] nnwinne no.”​—Yesaia 52:11.

4 Yehowa Nyankopɔn hyɛ sɛ, sɛ n’adansefo no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho tew, kyerɛ sɛ, yɛyɛ kronkron ne trenee. So ɛnyɛ saa na Yehowa ankasa te? Yiw, mpɛn pii no wɔka ne ho asɛm sɛ “Israel Kronkronni”! (Yesaia 12:6; 29:19; 41:14; Yeremia 51:5) Na, nea ɛfata no, yɛkenkan wɔ Adiyisɛm 4:8 sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne [Yehowa] Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ.”

5. (a) Ɛdefa kronkronyɛ ho no, dɛn na ɛyɛ nokware wɔ Yesu Kristo ho, trenee abɔfo no ho, Onyankopɔn adeyɛ tumi no ho ne n’Asɛm no ho? (b) Enti, ahyɛde bɛn na Yehowa Nyankopɔn de ma ne nkoa a wɔwɔ asase so ha no?

5 Afei nso, so wɔmfrɛ Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, “Nyankopɔn kronkronni no”? (Yohane 6:69) So wɔmfrɛ Onyankopɔn soro asomfo no “abɔfo kronkron”? (Marko 8:38) So wɔmfrɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi no ne honhom kronkron? Na so wɔmfrɛ Onyankopɔn Asɛm no “nkyerɛwee kronkron” mma ɛmfata? (2 Timoteo 3:15) Enti, ɛda adi pefee sɛ, sɛ́ Yehowa Adansefo no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛn ho tew na yɛyɛ kronkron, sɛnea wɔhyɛ yɛn wɔ 1 Petro 1:15, 16 no: “Sɛ nea ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no, mo nso monyɛ kronkron abrabɔ nyinaa mu, na wɔakyerɛw sɛ: Monyɛ kronkron, efisɛ me, meyɛ kronkron.”

6. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔnam tew Kristofo ho nea edi kan? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ Yehowa nkurɔfo yɛ kronkron na wɔn ho tew daa?

6 Ɛdenam yɛn ahonu, adwensakra ne gyidi wɔ Yesu Kristo mogya a wohwie gui no mu no so no, wɔatew yɛn ho wɔ Onyankopɔn anim. (1 Korintofo 6:11; Adiyisɛm 7:14) Ɛsɛ sɛ yekura saa tebea yi mu, sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ so nya Onyankopɔn dom a. (Dwom 15:1, 2) Nea ɛsen saa no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho tew na nnipa a wɔdɔ nokware ne trenee a wɔahaw no nyinaa ani agye yɛn ho esiane tebea horow a ennye na ɛho ntew a wohu wɔ asase so no nti. (Hesekiel 9:4) Bio nso, ɛho hia yiye sɛ yekura kronnyɛ ne ahotew mu na yɛantow yɛn mfɛfo gyidifo no biara hintidua. Sɛnea ɔsomafo Paulo kaee Filipifo Kristofo no: “Mebɔ eyi ho mpae sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara nimdeɛ ne ntease nyinaa mu, na moasɔ nneɛma a eye koraa no ahwɛ na moabu, na moayɛ kurennyenn ne nnipa a hintiduato nni wɔn mu akosi Kristo da no.”​—Filipifo 1:9, 10; fa toto Mateo 18:6 ho.

Afiri Yi Ebinom

7, 8. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ebinom nhuu hia a ɛho hia sɛ wɔma wɔn ho tew sɛ Onyankopɔn nkoa? (b) Eyi si hia a kɔkɔbɔ bɛn ho hia so dua?

7 Nea ɛyɛ awerɛhow no, ebinom a na anka wɔka yɛn ho no ankura wɔn ahotew ne wɔn kronkronyɛ mu, sɛ́ Yehowa nnwinne soafo. Enti, wɔayi wɔn afi Kristofo asafo no mu esiane nneyɛe horow bi a ɛne Kyerɛwsɛm nhyia nti. Wɔayi ebinom nso esiane Bible mu nnyinasosɛm a wɔamfa ammɔ wɔn bra nti. Wɔn a wɔka eyinom ho ne mmofra kakra a wɔyɛ asomfo a wɔahyira wɔn ho so mma, ne ebinom a wɔyɛ ahwɛfo ne asafo mu asomfo mma.

8 Ɛda adi pefee sɛ, ɔkwan bi so no, eyinom nyinaa tɔɔ Satan afiri mu. Ɛdenam mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛsoa Yehowa nnwinne bere a wɔmma wɔn ho ntew so no, na wɔrebu wɔn ani agu ahyɛde a ɛwɔ Yesaia 52:11 no so, na na wɔrentumi nkɔ so nyɛ eyi wɔ mpiyɛ mu. (Fa toto Hiob 9:1-4 ho.) Hwɛ sɛnea eyi si hia a kɔkɔbɔ a ɛwɔ 1 Korintofo 10:12 ho hia no so dua: “Nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ nhwɛ yiye na wanhwe ase”!

Dɛn Nti Na Ɛyɛ Den?

9. (a) Atamfo abiɛsa bɛn nti na yɛn ho a yɛbɛma atew honhom mu bere nyinaa no yɛ asɛm a emu yɛ den? (b) Dɛn nti na Satan ne n’adaemone no yɛ ɔhaw kɛse ma Kristofo?

9 Dɛn nti na honhom mu ahotew mu a yebekura yɛ asɛm a emu yɛ den saa? Efisɛ yɛwɔ atamfo abiɛsa a wɔn ho yɛ den a wɔko tia yɛn​—Satan ne n’adaemone, n’ahyehyɛde a aniwa hu no, ne yɛn honam fam mmerɛwyɛ ahorow a ɛyɛ bɔne no. Nea edi kan no, Satan ne n’adaemone no wɔ hɔ. So wɔnyɛ wɔn a wɔn ho ntew na wɔn bra asɛe? Yiw, saa pɛpɛɛpɛ. Wɔfrɛ adaemone no “ahonhom fĩ.”​—Mateo 10:1.

10, 11. Dɛn na ɛwɔ Satan ahyehyɛde a aniwa hu no ho a ɛma ɛyɛ den ma Kristofo sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛyɛ kronn na ɛho tew so?

10 Nea etia abien no, Satan ahyehyɛde a aniwa hu no yɛ yɛn tamfo. Akyinnye biara nni ho, ne nyamesom wiase ahemman no ho ntew honhom fam. Na saa ara na wiase a aka a ɛda ne tumi mu no nso te. (1 Yohane 5:19; Adiyisɛm 16:13; 17:4; 18:2) Enti, sɛnea ɛbɛyɛ na yɛn som asɔ Onyankopɔn ani no, ɛsɛ sɛ ‘yeyi yɛn ho fi wiase nkekae mu.’​—Yakobo 1:27.

11 Nneɛma pii nso a wɔda no adi wɔ wiase atesɛm nkrataa mu, nsɛmma nhoma ahorow mu, TV so dwumadi ahorow mu ne sini mu no ho ntew. Sɛ nhwɛso no, nneɛma pii a wɔda no adi wɔ TV so no pii reyɛ nea ɛho ntew koraa bere a bere rekɔ so no. Mfe bi a atwam ni no na sini a ɛda ɔbrɛasɛe adi yɛ nea wɔntaa nyi. Nanso nnɛ de ɛno na aba so. Nsɛmma nhoma ahorow a ɛda mfonini ahorow a ɛmfata adi yɛ nea abu so. Ampa, “nna a edi akyiri” yi mu no, yɛahyia “mmere a emu yɛ den.”​—2 Timoteo 3:1-5.

12. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔayɛ kronkron na wɔn ho atew no, ɔtamfo a ɔwɔ wɔn ankasa mu bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo ne no di asi?

12 Nea ɛma ɛyɛ den sɛ yebetumi akura ahotew mu ne yɛn ankasa honam fam akɔnnɔ ahorow a enye no. (Genesis 8:21; Romafo 5:12) Enti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa pere sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ na yɛn ho atew sɛ Yehowa nnwinne soafo. (Romafo 7:13-25) Nanso dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ kronkron na yɛn ho atew?

Kyi Nea Ɛyɛ Bɔne Nyinaa!

13. Sɛ yebetumi akura ahotew mu a, dɛn ne nneɛma a edi kan a ɛsɛ sɛ yesua no mu biako?

13 Nea ɛka nneɛma a edi kan a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi ayɛ kronn na yɛn ho atew daa sɛ ‘Yehowa adɔfo’ ne sɛ ‘yebekyi bɔne.’ Yiw, ɛho hia sɛ ‘yekyi bɔne.’ (Dwom 97:10; Romafo 12:9) Ɛsɛ sɛ nneɛma a ɛyɛ bɔne no yɛ yɛn tan, ɛyɛ yɛn abofono, a sɛnea ɛma yɛn honam a ahwe ase no ani gye mprempren no mfa ho. Ɛho hia sɛ yɛkɔ so ka kyerɛ yɛn ho sɛ, sɛ yɛamma yɛn ho antew a, ɔhaw bɛba yɛn so. (Galatifo 6:7, 8) Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛma ɔhaw a ɛba afoforo so bere a yɛyɛ bɔne a anibere wom no tra yɛn adwene mu. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛsɛ sɛ yekyi na yekwati nea ɛyɛ bɔne nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ na amfa ahohorabɔ amma Yehowa Nyankopɔn so.

14. (a) Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛn ho atew abrabɔ fam no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho? (b) Asɛyɛde bɛn na anuanom mmea wɔ wɔ eyi fam?

14 Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛn ho atew no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ nneɛma te sɛ nsusuwii a ɛmfata a yɛbɛma atra yɛn adwene mu ne afoforo a wɔnyɛ yɛn aware mu ahokafo a yɛne wɔn bɛtwe mpena ho. Sɛnea Paulo tuu fo wɔ 1 Timoteo 5:1, 2 no, ɛsɛ sɛ Kristofo bu wɔn honhom mu nuanom mmea mpanyimfo sɛ ɛnanom ne mmabaa sɛ wɔn honam fam nuanom, wɔ ahotew nyinaa mu. Nanso eyi nyinaa mu no yɛn nuanom mmea no nso wɔ asɛyɛde, a ɛne sɛ ‘wɔbɛhyɛ ntade a ɛsɛ, de ani a ewu ade ne adwenemtew akeka wɔn ho.’ (1 Timoteo 2:9, 10) Sɛ mmea hwɛ ahwehwɛ mu a, akyinnye biara nni ho sɛ wonim bere a wɔn ahosiesie yɛ nea ɛsɛ anaasɛ ebia wɔn atade ne wɔn ahosiesie yɛ nea ɛkanyan akɔnnɔ. Ahosiesie a ɛsɛ ne wiase akɔnnɔ bɔ abira.​—Mika 6:8.

Ma W’ani Mmra Wo Honhom Fam Ahiade So!

15. Nneɛma pɔtee bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛn ho atew?

15 Nanso, bɔne a yebekyi no kyerɛ nneɛma bi a yɛrenyɛ ara kwa sɛnea ɛbɛyɛ na yɛayɛ kronn na yɛn ho tew. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ da yɛ nneɛma bi nso. Bere nyinaa no ɛsɛ sɛ yɛn ani ku yɛn honhom mu ahiade ho. (Mateo 5:3) Hwɛ hia a ɛho hia sɛ ‘wɔn a wɔdɔ Yehowa’ no sua n’Asɛm no daa! (Dwom 119:105-112) Ɛsɛ sɛ yetie afotu pa a ɛwɔ Filipifo 4:8 no, na yɛde nneɛma a ɛho tew na ɛhyɛ nkuran hyɛ yɛn adwene mu. Nea ɛboa kɛse ne kyerɛwnsɛm ahorow ne Ahenni nnwom ahorow no mu nsɛm a yebesua agu yɛn tirim. Eyinom befi ase aba yɛn adwene mu bere a yɛte hɔ kwa, anaa anadwo a yɛda hɔ na yɛn ani gu so no.​—Dwom 63:6; 77:6.

16. Ɔkwan bɛn so na fekuw a yɛne yɛn nuanom bɛbɔ no boa ma yɛyɛ kronkron na yɛn ho tew?

16 Sɛ yɛn ani ku yɛn honhom mu ahiade ho a, yɛbɛkɔ asafo nhyiam horow daa, faako a yebetumi ahyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran ama ɔdɔ ne nnwuma pa a ɛho tew. (Hebrifo 10:23-25) Sɛnea fekubɔ bɔne betumi agu yɛn ho fi no, saa ara na fekubɔ pa betumi aboa ma yɛn ho atew honhom mu. Yɛn fekubɔ a yɛbɛhwɛ no yiye wɔ agodi mu no nso ho hia ma honhom fam ahotew mu a yebekura.​—1 Korintofo 15:33.

17. Dɛn nti na mpaebɔ betumi aboa yɛn ma yɛn ho atew daa?

17 Na nea ɛnsɛ sɛ yebu ani gu so ne mmoa ‘a yenya fi mpaebɔ mu no. Wotu yɛn fo sɛ ‘yenkura mpaebɔ mu ara,’ sɛ ‘yɛmmɔ mpae daa.’ (Romafo 12:12; 1 Tesalonikafo 5:17) Na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a yenni adagyew sɛ yɛbɛbɔ mpae. Momma yɛmmɔ mpae nsrɛ nyansa, ahoɔden ne Onyankopɔn honhom kronkron. Na, ɛdenam nea yɛbɔ mpae srɛ no ho adwuma a yɛbɛyɛ so no, yebetumi anya “Onyankopɔn asomdwoe” a ɛbɛbɔ yɛn koma ne yɛn adwene tumi horow ho ban na ama yɛayɛ kronkron na yɛn ho atew.​—Filipifo 4:6, 7.

18. Ɔkwan bɛn so na Yehowa som mu yiye a yɛde yɛn ho bɛhyɛ no bɛboa yɛn?

18 Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm a yɛbɛka akyerɛ afoforo, de yɛn ho ahyɛ Yehowa som mu yiye no nso yɛ ade foforo a ɛboa kɛse ma yɛyɛ kronn na yɛn ho tew. Dodow a wɔde wɔn ho ahyɛ abrabɔ bɔne mu no yɛɛ saa bere a ebia wɔwɔ akwamma regye wɔn ahome. Kɔkɔbɔ nhwɛso bɛn ara na yɛwɔ wɔ Ɔhene Dawid asɛm no mu! Yiw, ná ɛyɛ fefɛwbere, bere a na ahene taa kɔ ɔko, na Dawid traa fie, a na ɔrehome, sɛnea yɛbɛka no no. Saa bere no na ɔne Bat-Seba yɛɛ bɔne. (2 Samuel 11:1-4) Enti, ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye bere nyinaa, sɛ yebetumi akɔ so ama yɛn ho atew sɛ Yehowa nnwinne soafo a.

19. Dɛn nti na ahosodi ho hia kɛse saa wɔ ahotew mu a yebekura no mu?

19 Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn kɔ so de yɛn di dwuma ma yɛsoa ne nnwinne a, ahosodi ho hia. (Galatifo 5:22, 23; 1 Korintofo 9:27) Ɛsɛ sɛ yɛteɛ yɛn adwene so na yɛbɔ yɛn koma ho ban, bɔ sɔhwɛ biara gu, na yekum nneɛma a ɛho ntew ho akɔnnɔ nyinaa. Sɛnea Yesu kaa no no, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yebetu ani anaasɛ yebetwa nsa anaa nan akyene sɛnkyerɛnne kwan so, sɛ wɔto yɛn hintidua a. (Marko 9:43-48) Paulo de afotu pa ma wɔ eyi fam, wɔ Efesofo 4:29-5:5.

20, 21. (a) Dɛn na ɔdɔ ma Yehowa Nyankopɔn betumi ayɛ de aboa yɛn ma yɛakura ahotew mu? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ ma yɛn nuanom ne afoforo boa yɛn ma yekura ahotew mu honhom mu?

20 Na ɔdɔ ma Yehowa bɛboa yɛn titiriw ma yɛakura ahotew mu. So ‘yɛdɔ Yehowa’ ampa? So yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no nyinaa? So ɛyɛ yɛn botae sɛ yɛbɛkɔ so ne no anantew, sɛnea tete gyidifo yɛe no? (Genesis 5:24; 6:9) Sɛ saa a, nokware dɔ ma Yehowa Nyankopɔn bɛboa yɛn ma yɛayɛ kronkron na yɛn ho atew. Yiw, sɛ yɛde yɛn koma nyinaa, yɛn kra nyinaa, yɛn adwene nyinaa ne yɛn ahoɔden nyinaa dɔ no a, yebesuro sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɔmpɛ. Enti, sɛ́ ‘Yehowa adɔfo’ no, mommma yɛnnsan akyi anaasɛ yɛmmma wiase yi anaa yɛn ankasa akɔnnɔ horow a enye nngu yɛn ho fi.​—Marko 12:29, 30; Hebrifo 10:38, 39.

21 Ade nso a ɛboa kɛse ma yekura ahotew ne kronkronyɛ mu ne nokware dɔ a yebenya ama yɛn nuanom. Sɛ yɛn ani gye wɔn honhom mu yiyedi ho ampa a, yɛbɛhwɛ yiye sɛ yɛrenyɛ biribi a ɛbɛhaw wɔn anaasɛ ɛbɛma wɔate nka sɛ wɔn ho ntew denam kasa fĩ a yɛka, yɛn ahosiesie a ɛmfata anaa ɛdenam nneyɛe anaa abrabɔ a ɛho ntew mu a yɛde yɛn ho hyɛ so. Kae, ɔdɔ ‘ani nnye nea ɛnteɛ ho.’ (1 Korintofo 13:4, 6) Nokware dɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa remma yɛnyɛ bɔne wɔ saa kwan yi so. Ɛbɛma yɛadi yɛn ho so, ‘asiesie akwan trenee ama yɛn anan.’​—Hebrifo 12:13.

Ahotew Mu A Yebekura So Akatua Horow

22, 23. Dɛn ne mfaso horow a ahotew mu a yebekura bɛma yɛn ankasa anya no binom?

22 Akatua bɛn na yebenya sɛ yɛbɛma yɛn ho atew sɛ Yehowa nnwinne soafo? Nea ɛka eyinom ho ne “ahonim pa” ne “koma kronn.” (1 Timoteo 1:5) Asomdwoe nso yɛ akatua foforo. Ɛdenam yɛn ho a yɛbɛma atew honhom mu so no, yɛrente yaw a ahonim bɔne de ba no​—awerɛhow, nna a wontumi nna, suro a obi suro sɛ ne ho bɛda hɔ. Yiw, ɛdenam yɛn ho a yɛbɛma atew so no, yɛrenyɛ a nyaatwom da, mmmɔ mmɔden sɛ yɛde biribi besie. Nneɛma a ɛtete sɛɛ ho ahofadi yɛ akatua pa ankasa.

23 Kronkron ne ahotew mu a yebekura so akatua foforo nso ne sɛ yɛne yɛn nuanom ne yɛn mmusua mufo ne afoforo benya abusuabɔ pa. Yɛn ahonim renhaw yɛn sɛ yɛato obi hintidua. Bio nso, ɛdenam yɛn ho a yɛbɛma atew so no, yebetumi ahyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran denam ɔdɔ so. (1 Korintofo 8:1) Enti yebenya anigye kɛse a efi ɔma mu ba no, sɛ yɛboa afoforo ma wonya honhom mu yiyedi.​—Asomafo no Nnwuma 20:35.

24. Dɛn ne ntease a eye sen biara a enti ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛma yɛn ho atew sɛ Yehowa nkurɔfo?

24 Nea ɛsen biara no, ɛdenam yɛn ho a yɛbɛma atew sɛ Yehowa nnwinne soafo so no, yɛbɛma yɛn soro Agya no koma ani agye na ama wanya mmuae ama Satan a otwa mpoa no. (Mmebusɛm 27:11) Nokwarem no, esiane nea Yehowa Nyankopɔn ayɛ ama yɛn no nyinaa nti asɛyɛde da yɛn so sɛ yɛyɛ eyi. Enti sɛ́ Yehowa nokware adansefo no, momma yɛn nyinaa mma yɛn ho ntew, nyɛ kronkron, sɛ ne nnwinne soafo. Sɛnea ɛbɛyɛ na ahyɛ Onyankopɔn anuonyam na ɛde ayeyi abrɛ no, na ahyɛ yɛn nuanom ne yɛn mmusua horow den, ne esiane daa nkwa a esi yɛn anim no nti, momma yɛn ho ntew!

So Wokae?

□ Esiane sɛ Yehowa yɛ kronkron nti, dɛn na ɔhwehwɛ sɛ ne nkurɔfo yɛ?

□ Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ebinom nkuraa ahotew mu sɛ Yehowa nkoa no si hia a kɔkɔbɔ bɛn a ɔsomafo Paulo de mae ho hia so dua?

□ Atamfo abiɛsa bɛn na wɔko tia yɛn ho a yɛbɛma atew honhom mu bere nyinaa no?

□ Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛn ho atew honhom mu no, nneɛma pɔtee bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

□ Ɔkwan bɛn so na yɛn ho a yɛde bɛhyɛ Yehowa som mu yiye no betumi aboa yɛn ma yɛn ho atew?

□ Dɛn ne ntease a ɛsõ sen biara a enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho tew sɛ Yehowa Adansefo?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena