Biakoyɛ Mu Monkɔ So Nteɛm Anigye So
“Momma mo ani nnye, monteɛm anigye so wɔ biakoyɛ mu.”—YESAIA 52:9, NW.
1. Dɛn nti na Yehowa Adansefo de “biakoyɛ” teɛm nnɛ?
BIAKOYƐ MU! Nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛ saa asɛm yi ase sɛ “wɔ adwenkoro mu: sɛnea ɛbɛyɛ na wɔne wɔn ho ahyia pɛpɛɛpɛ.” Yehowa Adansefo som wɔ biakoyɛ mu efisɛ wokura Kristo adwene, na wɔyɛ biako wɔ Yehowa din a wɔbɛkamfo akyerɛ mu. Esiane Yehowa nhyira a ɛwɔ wɔn so nti, sɛnkyerɛnne kwan so asase a wɔte so no mpo ani gye, na ne fã biara teɛm anigye so. Eyi nyinaa ne ɔsomafo Paulo mpaebɔ mu nsɛm no hyia: “Boasetɔ ne awerɛkyekye Nyankopɔn no mma munnwen ade koro wɔ mo mu, sɛnea Kristo Yesu kwan te no, na mode koma koro ne nokoro ahyɛ Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’agya, no anuonyam.”—Romafo 15:5, 6; Yohane 17:4, 6, 20, 21.
2. (a) Sɛnea 1 Korintofo 1:10 ne Efesofo 4:4-6 kyerɛ no, dɛn nti na awɛmfo no ‘ani hyia’? (b) Henanom na wɔn nso wɔde anigye teɛm, na ɔkwan bɛn so?
2 ‘Ahyɛ Onyankopɔn anuonyam!’ Ɛno ne nea Yehowa “awɛmfo” a wɔyɛ biako no reyɛ nnɛ. Enti wɔma nkɔmhyɛ no ba mu sɛ: “Biakoyɛ mu na wɔkɔ so teɛm anigye so; efisɛ wɔn ani na wɔde behu bere a Yehowa san boaboa Sion ano no.” (Yesaia 52:8, NW) Wɔn ‘aniwa hyia,’ efisɛ‘wɔn nyinaa wie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.’ (1 Korintofo 1:10; hwɛ Efesofo 4:4-6 nso.) Na afei, bere a “nnipakuw kɛse” no gye ‘anigye nteɛm’ no so no, wiase nyinaa nnyigyei no ano yɛ den kɛse.—Adiyisɛm 7:9, 10, 15.
3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ahyehyɛde a ɛwɔ asase so no nso ada anigye a ɔsorofo wɔ no adi?
3 Onyankopɔn soro ahyehyɛde, a abɔfo kronkron “huuhaa” ka ho no ma ne “nne” so de ayeyi ma Yehowa sɛ Ɔbɔadeɛ kɛse no, ne “Oguammaa no,” Yesu Kristo. (Adiyisɛm 5:11, 12; 4:11) Saa ara nso na wɔahyehyɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ asase so nnɛ no ama ɔsom kronn a anigye wom. Sɛnkyerɛnne kwan so asase a wɔte so no mpo wɔ ‘anigye.’ Odiyifo no se: “Momma mo ani nnye, monteɛm anigye so wɔ biakoyɛ mu, Yerusalem amamfo, efisɛ Yehowa akyekye ne man werɛ, wasan agye Yerusalem.” (Yesaia 52:9, NW) Yehowa asan agye “ne man,” “ɔsoro Yerusalem,” ne soro ahyehyɛde no ananmusifo a wɔwɔ asase so no afi awerɛhow tebea a wohyiae wɔ Wiase Ko I mu no mu, na biakoyɛ a wɔde teɛm ‘anigye so’ no de wiase nyinaa ntrɛwmu a akɔ so de abedu nnɛ aba!—Galatifo 4:26, 27; Yesaia 52:8.
4. Ɔkwan bɛn so na Yehowa “ayi ne basa ho” dedaw, na yɛanya daakye ho ahotoso bɛn?
4 Nea edi hɔ no, nkɔmhyɛ no se: “ [Yehowa] ayi ne basa kronkron no ho, amanaman nyinaa anim, na asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.” Yehowa ko maa ne nkurɔfo ampa wɔ saa “nna a edi akyiri” no fã a edi kan no mu, na ɛrenkyɛ, wɔ Harmagedon no, ɔbɛsan “ayi ne basa kronkron no ho,” de agye ne nkurɔfo a wɔahyehyɛ wɔn no. Saa bere no, ‘aman pii behu sɛ ɔno ne Yehowa.’—Yesaia 52:10; 12:2; Hesekiel 38:23.
5, 6. (a) Dɛn nti na ɛho hia kɛse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn adwuma no? (b) Ɔkwan bɛn so na ahyehyɛde no ayɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ na adansedi adwuma no mu atrɛw?
5 Yehowa, ɔsɛe da no abɛn! “Ɛreba ntɛm sɛ.” (Sefania 1:14) Enkosi saa bere no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ ‘nea eye kyɛn so ho asɛmpa’ no dawuru wɔ asase so nyinaa. (Yesaia 52:7) Sɛnea ɛbɛyɛ na adwuma no akɔ so no, Yehowa ahyehyɛde no de mmara kwan so adwumayɛ akuw horow di dwuma, te sɛ Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania, na eyinom hwɛ adwuma a Yehowa Adansefo asafo horow yɛ wɔ baa dwumadibea ahorow bɛyɛ 94 ase wɔ asase so nyinaa no so. Mfe anum a atwam no mu no, ntrɛwmu kɛse aba wɔ nhoma tintim ne nneɛma afoforo a saa baa dwumadibea horow yi de di dwuma mu, na ama Asafo no atumi ‘abɔ asomdwoe ne nkwagye ho dawuru’ kɛse asen bere biara.
6 Wɔ afe a etwaam no mu no, wosii dan foforo de kaa Asafo no nhoma tintimbea a ɛwɔ Watchtower Farms, wɔ New York Ɔman no mu no ho, faako a wɔretrɛw Betel Fie no nso mu no. Wɔahyehyɛ nsɛmma nhoma tintim afiri foforo kɛse bi nso, na anyɛ yiye koraa no etumi tintim nsɛmma nhoma bɛyɛ 400,000 da koro. Wɔatutu Asafo ti no nhoma tintim mfiri dedaw a na ɛwɔ hɔ no mu dodow no ara asan ayɛ no foforo. Mprempren wɔde eyinom redi dwuma wɔ Ɔwɛn Aban baa dwumadibea horow wɔ wiase nyinaa, ne wɔ Brooklyn ne Watchtower Farms nso. Ntrɛwmu rekɔ so wɔ wiase nyinaa. Sɛ nhwɛso no, baa dwumadibea a ɛwɔ Germany no afi ase de ne nhoma tintim afiri kɛse a ɛto so abien a ɛde ahoɔhare kɛse tintim nneɛma no adi dwuma, na ɛrenkyɛ na Japan baa dwumadibea no de ne de a ɛto so abiɛsa a etumi tintim nsɛmma nhoma 60,000 dɔnhwerew biara no adi dwuma.
Nsɛmma Nhoma Kɔ Anim!
7. Nkɔso bɛn na ɛbae wɔ nsɛmma nhomakra mu wɔ 1983 mu?
7 Dɛn nti na ntrɛwmu kɛse yi nyinaa rekɔ so wɔ teokrase nhoma tintim mu? Ɛyɛ adwuma kɛse a mo anuanom nyinaa reyɛ wɔ asɛnka adwuma no mu no ntia. Afe a etwaam no mu no momaa nkurɔfo kraa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma foforo 1,756,153, a ɛboro afe a etwaam de no so ɔha biara mu 28.
8. Ɔkwan bɛn so na hu a wohu bo a yɛn nsɛmma nhoma no som ma biribi fi mu ba?
8 Ɔmansin sohwɛfo bi a ɔwɔ Amerika kyerɛwee sɛ kratawa bi a ekura nkratafa anan wɔ nsɛmma nhoma dwumadi ho a wɔde hyɛɛ Yɛn Ahenni Som mu, April 1983 no “kaa yɛn nyinaa kɛse.” Ose na ɛtaa ba sɛ anuanom kuw a wɔwɔ kar mu no fi asɛnka ba a wɔanya nsɛmma nhomakra bɛyɛ anan anaa anum. ɔdansefo kwampaefo biako dii susuw a na osusuw sɛ ɔrentumi mma wɔnkra bi no so na onyaa nsɛmma nhomakra akron wɔ dapɛn biako mu. Japan baa dwumadibea no bɔ amanneɛ sɛ nsɛmma nhoma foforo a wɔkrae wɔ May ne June mu no yɛ 70,115 sɛ wɔde toto 49,016 a wonyae wɔ asram abien ɔsatu a etwaam no mu no ho a—ɛwom mpo sɛ na afe biara nsɛmma nhomakra bo no yɛ 1,800 yen (Amerika sika dɔla 7.50) ! Nanso bo a yɛn nsɛmma nhoma no som honhom mu no nyɛ nea wobetumi de sika atoto ho, wɔrentumi mfa dwetɛ anaa sika kɔkɔɔ mpo ntoto ho. (Mmebusɛm 8:10, 11) Momma yɛnkɔ so nna mmɔdenbɔ adi wɔ nsɛmma nhoma a yɛbɛma wɔakra no mu wɔ 1984 mu!
9. Dɛn na ebetumi ama yɛde nsɛmma nhoma pii amema?
9 Nanso, nsɛmma nhoma a yɛkyekyɛe wɔ 1983 mu no nyinaa te dɛn? Na eye, nanso ɛyɛ yɛn adwuma no fã biako a ɛnkɔɔ anim. Dɛn na yebetumi ayɛ wɔ eyi ho? Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛn nsɛmma nhoma no mu nsɛm ho anisɔ a yebenya no kanyan yɛn ma yɛkɔ so de ma bere biara, titiriw no wɔ yɛn dapɛn dapɛn Nsɛmma Nhoma Da no. Yɛka sɛ “dapɛn dapɛn” Nsɛmma Nhoma Da efisɛ yɛn nuanom a wɔwɔ asase so no pii de anigye nya mu kyɛfa daa. Baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ akyirikyiri te sɛ Kenya ne Hong Kong akyerɛ sɛ yenyi Memeneda a ɛto so abien ne nea ɛto so anan a yɛahyɛ no agyirae wɔ Asafo kalenda no so ama nsɛmma nhoma dwumadi no mfi hɔ, esiane sɛ eyi betumi ama nsɛmma nhoma kyekyɛ wɔ wɔn asasesin no mu no so atew kɛse nti. Ɔkwan biara so no, momma obiara nnya ɔsom adwuma yi mu kyɛfa anigye so Memeneda a ɛto so abien ne anan no, nanso dɛn nti na momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ anim, na yɛakyekyɛ nsɛmma nhoma Memeneda biara—wɔ afie afie, mmɔnten so, gua so ne wɔn a yɛma wɔn bi daa no!—Ɔsɛnkafo 11:1.
10. Mfaso bɛn na nsɛmma nhoma biako pɛ maa Nyan! ɔkenkanfo bi nyae?
10 Enti mpɛn pii no ɛyɛ nsɛmma nhoma koro pɛ na ɛkanyan anigye, na awiei koraa no ɛde “oguan” foforo ba “oguanhwɛfo pa” no “ban” no mu. (Yohane 10:14, 16) Osuahu a edi so yi ma asɛm no mu da hɔ:
Da koro bi na Ahenni dawurubɔfo bi a ɔwɔ Mauritius retwam wɔ obi a wagye din sɛ ɔkɔwensani fie, bere a ɔbarima no frɛɛ no. Ɔde anigye ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, magyae asanom.” Esiane sɛ wɔ Réunion no nnipa pii kɔ ayaresabea sɛnea ɛbɛyɛ na wɔaboa wɔn ma wɔagyae asanom nti, Ɔdansefo no bisae sɛ, “Ayaresabea bɛn na wokɔe?” Ɔbarima no buae sɛ, “Mankɔ ayaresabea biara; mekenkan Nyan! [July 8, 1982 Engiresi de a ɛfa asanom bebrebe ho no] na migyaee asanom.” Bɛyɛ asram abien a atwam ni bere a yɛrekyerɛw yi, na Ɔdansefo no ne abusua yi reyɛ Bible adesua wɔ Wubetumi Atra, Ase Daa wo Paradise wɔ Asase So nhoma a Ɔwɛn Aban Asafo no yɛe no mu. Nsɛmma nhoma biako pɛ tumi yɛɛ eyi!
Ofie Bible Adesua Benya Nkɔso!
11. Wubetumi Atra Ase Daa nhoma no akã wiase nyinaa dɛn?
11 Wɔ June 1982 mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no daa adesua nhoma a ɛne Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So a mfonini ahorow wom adi. Ebedu September mfinimfini wɔ 1983 mu no, na wɔatintim saa nhoma yi mfuamfua 14,663,229 wɔ Asafo no nhoma tintimmea horow wɔ wiase nyinaa. Mprempren ɛwɔ kasa horow 55 mu. Na saa nhoma yi akã nnipa a wɔwɔ wiase no dɛn? Akã wɔn kɛse! Ɔwɛn Aban baa dwumadibea a ɛwɔ Puerto Rico no kyerɛw wɔ Spanish asasesin a ɛwɔ hɔ no ho sɛ:
‘Yɛn nsa kaa Wubetumi Atra Ase Daa, nhoma no 30,000 wɔ August mu, nanso ankyɛ na ne nyinaa sae, na October mu no yɛn nsa kaa 30,000 bio. February 1983 no na ne nyinaa asa, na March ne June no yɛn nsa kaa 40,000 bio. Mprempren aka bɛyɛ 10,000, nanso yɛrehwɛ nhoma 35,000 foforo kwan nnansa yi ara.’
12. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔakyerɛ nhoma yi ho anisɔ? (b) Bere a wodan kɔ akontaabu a wɔahyehyɛ wɔ nkratafa 20-23 so no, so wuhu aman horow a Bible adesua horow a wɔyɛe dɔɔso sen adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ no?
12 Wɔ Lapland no, akwakora bi a ɔno ankasa nyɛ Ɔdansefo kyerɛw Ɔwɛn Aban baa dwumadibea a ɛwɔ Finland no sɛ:
“Makenkan nyamesom nhoma horow kakra. Nanso, misusuw sɛ mo nhoma Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So no ne nea eye sen biara no mu biako. Mɛpɛ sɛ momena me 11 na matumi de amema me nnamfonom.”
Akyinnye biara nni ho sɛ saa nhoma yi boae wɔ nkɔso kɛse a aba wɔ ofie Bible adesua horow a wɔyɛe wɔ 1983 ɔsom afe yi mu no mu. Asase so nyinaa no, wɔne nnipa afoforo a wɔn ani gye asɛm no ho yɛɛ adesua horow 1,797,112 ɔsram biara—eyi boro 1982 de a na ɛyɛ adesua horow 1,586,293 no so ɔha biara mu 13.3.
13. Ɔkwan bɛn so na Wubetumi Atra Ase Daa nhoma no betumi aboa wɔn a wɔnyɛ Adansefo ankasa no?
13 So wopɛ sɛ wuhu ɔkwan a wubetumi afa so agyina asetra mu nsɛm a emu yɛ den ano anaa? Ɛnde hu Yehowa Adansefo wɔ wɔn Ahenni Asa horow no biako so na bisa na wɔne wo nyɛ Bible adesua wɔ saa Wubetumi Atra Ase Daa nhoma yi mu. So w’ani gye Bible mu nkɔmhyɛ horow a Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ mu no ho bere tenten a atwam ni, nanso mprempren wonyɛ Ɔdansefo ankasa anaa? Ɛsɛ sɛ wo nso wo ne Adansefo no mu biako sua saa nhoma yi.
14. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔyɛ Adansefo nyinaa betumi de Wubetumi Atra Ase Daa nhoma adi dwuma yiye?
14 So woyɛ Ɔdansefo a wo ne obi a ɔwɔ asɛm no ho anigye nnyɛ Bible adesua anaa? Ɛnde dɛn nti na wunkanyan obi anigye wɔ nhoma yi mu—ɛdenam afie afie asɛnka anaasɛ bɔnnɔ so adansedi so—na wɔnhyɛ nyansa sɛ wobɛpɛ ɛsɛ mobom kenkan nhoma no? Eyi yɛ yɛ mmerɛw yiye, ɛdenam nkyekyem ahorow no a mobɛkenkan na moabɔ ho nkɔmmɔ denam nsemmisa ahorow ne mfonini a ɛwom no so. Sɛnea Yesu ankasa kae no, sɛ yegye Kristofo asuafo kɔndua no tom a, ‘yebenya ɔhome ama yɛn kra,’ na anigye a yɛwɔ no kɔ anim bere a yɛn ankasa tumi boa afoforo ma wɔbɛyɛ asuafo no. (Mateo 11:29, 30; 28:19) Na adesua a ɛte saa bebue kwan ama yɛn akyiri yi ma yɛde nsɛm a ɛwɔ yɛn nhoma ketewa United in Worship of the Only True God no mu a ɛhyɛ gyidi den no adi dwuma.
15. Dwuma kɛse bɛn na Nya Asetra mu Anigye nhomawa no adi?
15 Afe a etwaam no mu no, nhomawa Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! a ekura nkratafa 32 no nso ayɛ adwinnade a tumi wom wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa nkyerɛkyerɛ adwuma no mu. Abibirim ɔman kɛse a wɔfrɛ no Zaire, faako a adawurubɔfo dodow foforo 28,126 a wonyae no boro nea wonyae ɔsram biara wɔ 1982 mu no so ɔha biara mu 14 no bɔ amanneɛ sɛ:
Nhomawa Nya Asetra mu Anigye mo Asase so Daa! a ɛwɔ yɛn man yi mu kasa horow mu no ayɛ mmoa kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu. Nnipa bebree aka sɛ na ɛno ne nea wohia ma wɔn asasesin a nnipa a wɔwom no nnim nhoma anaasɛ wontumi nkenkan yiye no. Asafo horow de nea wɔn nsa ka no mema ntɛmntɛm. Protestant asɔre bi a ɛwɔ Isiro no bisaa asafo a ɛwɔ kurom hɔ no sɛ wɔmma wɔn bi na wɔmfa nyɛ wɔn Kwasida sukuu. Katolek sɔfo a ɔwɔ Medje de n’afiri a wɔfrɛ no Land-Rover tuu kwan akwansin pii a na ɔrebɔ mmɔden sɛ ne nsa bɛka bi ama sukuu a ɛwɔ kurom hɔ no. Wɔtaa hu akwantufo sɛ wokura nhomawa yi bi wɔ wɔn nsam.
16. (a) Wɔakyekyɛ nhomawa no dɛn? (b) Nea ɛne Ɔsɛnkafo 11:6 hyia no, ɔkwan bɛn so na mmofra nkumaa betumi de nhomawa no adi dwuma?
16 Ɔwɛn Aban nhoma tintimmea a wɔyɛ eyi ho adwuma no atintim bɛboro 17,000,000 wɔ kasa horow 111 mu, na dodow a wɔhwehwɛ wɔ wiase nyinaa no dɔɔso yiye. Mmofra pii ahu sɛ nhomawa yi yɛ mmoa kɛse wɔ nokware aba a wobedua wɔ wɔn mfɛfo sukuufo mu, na wɔne wɔn afi Bible adesua ase no mu.—Ɔsɛnkafo 11:6.
17. Osuahu ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛnea nhomawa yi ne ɛmu mfonini ahorow no boa wɔ nkyerɛkyerɛ mu?
17 Ɔman bi a wɔabara yɛn adwuma no wɔ hɔ de saa amanneɛbɔ yi manae:
Ɔbea Dansefo bi a na ɔde nhomawa no rekyerɛkyerɛ mmofra baasa no awie ahoni ho nkɔmmɔbɔ. Adesua no akyi mmofra no kowuraa ɔdan foforo bi mu ntɛmntɛm. Ankyɛ na wɔsan bae a wokurakura nnua a wɔasen, mmeamudua ne nneɛma afoforo. Wɔde eyinom beguu Ɔdansefo no anim wɔ ɔpon no so. Bere a ne ho adwiriw no no, ɔbea no bisae sɛ ɛno yɛ dɛn. Abeawa a n’ani afi kakra no kae sɛ, “Yɛasua no mprempren ara sɛ ɛsɛ sɛ yɛtow abosom ne ahoni ahorow nyinaa gu, sɛnea Bible ka no.”
Ivory Coast de saa amanneɛbɔ yi bae:
Ɔmansin sohwɛfo yere bɔ amanneɛ sɛ otumi de nhomawa no dii nsɛm ahorow, te sɛ aware dodow, aguamammɔ, ahonhonsɛmdi ne mpaebɔ ho dwuma, denam mfonini ahorow a wɔayɛ no fɛfɛɛfɛ na emu da hɔ no mu kakraa so a ɔbɛdan akɔ ara kwa no so. Yiw, sɛnea ɔka no, “Mfonini biako som bo sen nsɛmfua apem.”
“Montwe Mo Ho, Montwe Mo Ho”
18. Dɛn ho titiriw na ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo ‘twe wɔn ho fi’?
18 ɛnyɛ wɔ Afrika nkutoo, na mmom wiase nyinaa, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa, nokware Nyankopɔn no, ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi Babilon atoro nyamesom ne abrabɔ bɔne a nyamesom a ɛtete sɛɛ de ba anaasɛ wɔma ho kwan no ho. Onyankopɔn diyifo no se: “Montwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ, monnka ade a ɛho ntew; mumfi adi mfi ne mu, montwe mo ho, mo a mosoa [Yehowa] nnwinne no.”—Yesaia 52:11.
19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, sɛ wɔn a wɔawae afi gyidi no ho bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtwe yɛn afi yɛn som kronn no ho a?
19 Efi 1919 reba no, Yehowa nkurɔfo atew wɔn ho afi Kristoman atosɛm ahorow no ho. Nanso, bere ne bere mu no, ebia obi bɛsan akɔ ahonisom so ma wɔatu no afi asafo no mu. Ebia ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛtwe wɔn a wɔso “Yehowa nnwinne no”—nsiesiei a ɛsom bo a Onyankopɔn yɛ ma ɔsom kronn wɔ afie afie, nsɛmma nhoma, Bible adesua ne Kristofo dwumadi afoforo mu no. Nanso Adansefo anokwafo bɔ mmɔden sɛ ‘wɔremfa wɔn ho nhyɛ’ ɔwae a ɛte sɛɛ mu.—2 Korintofo 6:17; 2 Yohane 9-11.
20. Dɛn na Onyankopɔn Asɛm ka wɔ abrabɔ fam afideyɛ ho, na ɔkwan bɛn so na yebetumi atwe yɛn ho afi ho?
20 Nanso, afide afoforo wo hɔ a enya nnipa pii sen gyidi no ho ankasa a wɔwae fi—abrabɔ fam afideyɛ. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ mmɔden a wiase yi bɔ sɛ ɛbɛma yɛde yɛn ho ahyɛ ɔbrasɛe mu no ho! Ɔsomafo Paulo bɔ kɔkɔ sɛ “nguamman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da . . . rennya Onyankopɔn ahenni no,” na nea ɔde ka nneɛma bɔne yi ho nso ne “efĩ, ahohwi.” (1 Korintofo 6:9, 10; Galatifo 5:19-21) Ɔkwan biara nni hɔ mma ɔbrasɛefo wɔ honhom mu paradise a Yehowa de asi hɔ wɔ ne nkurɔfo mu no mu, na nnipa a wɔte sɛɛ nso rennya afã biara wɔ Ahenni no mu anaasɛ wɔ Paradise asase a mprempren abɛn no so. Yɛsrɛ sɛ Yehowa nkurɔfo a wɔn ho tew bekura wɔn gyinabea mu wɔ honhom mu paradise no mu denam Paulo afotu a emu da hɔ no akyi a wobedi no so: “Munguan aguamammɔ,” “munguan abosonsom.”—1 Korintofo 6:18; 10:14
21. (a) Nea ɛne Yesaia 52:12 hyia no, ahotoso bɛn na ɛsɛ sɛ yenya mprempren? (b) Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛwɔ ‘anan a ɛyɛ fɛ’?
21 Bere a wogyee Yehowa nkurɔfo a wɔasra wɔn no fii Babilon som nkoayɛ mu no, wohuu tumi a ɛwɔ asɛm a Onyankopɔn diyifo no kae no mu: “Ɛnyɛ ɔhare so na mubefi adi, na ɛnyɛ aguan so na mobɛnantew, na [Yehowa] di mo anim, na Israel Nyankopɔn abɔ mo kyidɔm.” (Yesaia 52:12) Ɛnnɛ, Awurade “nguan foforo” “nnipakuw kɛse” no di ahurusi nso wɔ saa ogye yi mu. Ahenni adawurubɔfo anokwafo 2,501,722 no nyinaa wɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛkɔ so adi wɔn anim, ne sɛ ɔbɛbɔ wɔn kyidɔm, de akosi Harmagedon ko no mfiase ne n’awiei. (Adiyisɛm 16:13-16) Enti, mo Yehowa nokware Nyankopɔn no adansefo, “momma mo ani nnye, monteɛm anigye so wɔ biakoyɛ mu”! Momma mo ‘anan a ɛyɛ fɛ’ no mfa mo nkɔ ntɛmntɛm nkɔbɔ biribi a eye kyɛn so ho asɛmpa no dawuru, efisɛ “mo Nyankopɔn di hene!”—Yesaia 52:7-9.
Mmuae bɛn na wode bɛma wɔ nea edidi so yi ho?
□ Ɔkwan bɛn so na Yehowa asiesie ne nkurɔfo ma ‘wɔde biakoyɛ ateɛm’?
□ Akwan horow bɛn so na yebetumi akyerɛ yɛn nsɛmma nhoma horow no ho anisɔ?
□ Dwuma pa bɛn na yɛn nyinaa betumi de nnansa yi adesua nhoma horow no adi?
□ Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yedi afotu ne nkuranhyɛ a ɛwɔ Yesaia 52:11, 12 no ho dwuma?
[Kratafa 25 adaka]
Wɔ June mu no, Korea nyaa nsɛmma nhomakra dodow foforo a ɛkɔ soro sen biara a ɛne 6,656, eyi boro June a etwaam de no so ɔha biara mu 110. Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ Greenland nyaa nsɛmma nhomakra foforo 510 wɔ afe no mu, ɛboro 1982 de no so ɔha biara mu 71
[Kratafa 26 adaka]
Mprempren wotintim Nyan! wɔ koso horow a edidi so yi mu sɛ nsɛmma nhoma a ɛba asram abiɛsa biara—Arabic, Bicol, Croatian, Fijian, Hebrew, Hiri Motu, lcelandis, Kikamba, Kikuyu, Russian, Shona, Sinhalese, Turkish ne Urdu, ne Apuei fam kasa afoforo bi nso mu. Ɛwom sɛ wontumi nkra eyinom de, nanso nsa tumi ka mfuamfua denam asafo horow no so. Wɔakyerɛ nsɛmma nhoma atitiriw yi ho anigye kɛse
[Kratafa 28 adaka]
Abusua bi tu fii France kɔɔ Moorea supɔw so wɔ French Polynesia kɔboaa asafo ketewa bi a ɛwɔ hɔ. Asram dodow bi akyi no, mprempren akwampaefo 4, ne adawurubɔfo 5 bu akontaa, no wɔyɛ ofie Bible adesua 51. Wɔkyerɛ sɛ wɔ supɔw Raiatea a ɛbɛn hɔ no so no, abusua biara ne Yehowa Adansefo ayɛ adesua. Wiase nyinaa no, “otwa adwuma no dɔɔso.”—Mateo 9:37.
[Kratafa 29 adaka]
“Sɛnea wunnim mframa kwan ne nnompe nyin onyinsɛmfo yam no, saa ara na wunnim Onyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa no nneyɛe. Gu w’aba anɔpa, na anwummere nso nyi wo nsa mfi ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, eyi anaa eyi, anaasɛ n’abien amma bɛbom ayɛ yiye.”—Ɔsɛnkafo 11:5, 6.