Sɛnea Yesu Te Nnɛ
BERE a sɛnea na Yesu te ho hia no, ɛho hia kɛse koraa sɛ yebehu sɛnea ɔte nnɛ ne baabi a ɔwɔ. Dwuma bɛn na odi wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ma adesamma abusua mu?
Wiase abakɔsɛm ntumi mma yɛn mmuae. Yebetumi ahu wɔ nhoma a Onyankopɔn ma wɔkyerɛwee ma ɛso aba wɔn a wɔhwehwɛ nokware no mfaso nkutoo mu. Na ɛno ne Kyerɛw Kronkron Bible no, nhoma a wɔakyekyɛ sen biara wɔ wiase abakɔsɛm mu.
Bible nyɛ nhoma foforo bi a nnipa akyerɛw kɛkɛ. Bere a nnipa na Onyankopɔn de wɔn dii dwuma ma wɔkyerɛwee no, ɔno ankasa ne nhoma no kyerɛwfo: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.”—2 Timoteo 3:16, 17.
Ɔsomafo Paulo gyee Kyerɛwnsɛm no toom, efisɛ ɔkyerɛwee sɛ: “Munyaa Onyankopɔn kaseɛ asɛm no yɛn nkyɛn no, mugyei, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ampa.”—1 Tesalonikafo 2:13.
Onyankopɔn ne tumi nyinaa wura a Ɔbɔɔ amansan yi ne mu nsoromma akuw ɔpepepem pii ne nsorommakuw no mu biara mu nsoromma ɔpepepem pii no. Hwɛ tumi kɛse a ɔwɔ a ɛma otumi bɔɔ eyinom nyinaa! Akyinnye biara nni ho sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ No a ɔyɛɛ amansan a ɛyɛ nwonwa yi no betumi akyerɛw akwankyerɛ nhoma a obiara a ɔrehwehwɛ nokware no betumi de ne ho ato so.
Nea Bible Ka
Onyankopɔn Asɛm pa Yesu ho nkyerɛkyerɛ a enni ano ne nsusuwii hunu ahorow nyinaa ho ntama. Hyɛ nkyerɛkyerɛmu ahorow a ɛfa ne ho a ɛde ma yɛn no bi nsow:
• Yesu ne Onyankopɔn abɔde a odi kan, na ɔno nkutoo na ɔbɔɔ no tẽẽ wɔ soro wɔ mfe pii a atwam a yennim ano, ansa na wɔrebɔ abɔfo ne amansan a aniwa hu yi. Ɛno nti na wɔfrɛ no Onyankopɔn ‘Ba a ɔwoo no koro’ no. Wɔnam Ɔba yi, Onyankopɔn ‘dwumayɛni a waben,’ so na ɛbɔɔ abɔde afoforo nyinaa, bere a na ɔmmɛyɛɛ onipa no.—Yohane 3:16; 6:38; 8:58; Mmebusɛm 8:30; Kolosefo 1:16.
• Bɛyɛ mfe 2,000 a atwam no, Onyankopɔn yii Yesu nkwa bɛhyɛɛ Yudani baabun bi awotwaa mu ma wɔwoo no sɛ onipa. Ɛnnɛ mpo, nnipa nam ɔbarima ho nsu a wɔtwe gu ɔbea awotwaa mu so tumi yɛ biribi a ɛte saa wɔ akwan bi so.—Mateo 1:18; Yohane 1:14.
• Ná Yesu nyɛ nipa pa kɛkɛ. Bere a onyinii no, ɔdaa ne soro Agya, Yehowa Nyankopɔn, dɔ, ne mmɔborohunu, ne ne trenee adi pɛpɛɛpɛ.—Yohane 14:9, 10; Hebrifo 1:3; 1 Yohane 4:7-11, 20, 21.
• Sɛ Onyankopɔn nanmusifo wɔ asase so no, Yesu dii ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so ahiade ho dwuma, nanso wanyɛ nyiyim antia adefo. Esiane sɛ Onyankopɔn honhom kronkron tumi a ano yɛ den gyina Yesu akyi nti, ɔsaa ayarefo yare anwonwakwan so, na onyanee awufo mpo. Ná ɔnam nnwuma a ɛyɛ nwonwa saa a ɔyɛe so reda nea ɔbɛyɛ wɔ asase nyinaa so, bere a wɔanyan no afi awufo mu na wabɛyɛ Onyankopɔn soro Ahenni so Hene no, ho nhwɛso ketewaa bi adi.—Mateo 11:4-6; Luka 7:11-17; Yohane 11:5-45.
• Saa Nyankopɔn soro Ahenni no na Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae na wɔmfa nni kan wɔ wɔn asetra mu no. Sɛ wɔde si hɔ wie a, “ebebubu ahenni horow [nea ɛwɔ hɔ nnɛ] no nyinaa ama asã, na ɛno de ebegyina daa.” Afei, Ahenni no nkutoo na ɛbɛyɛ nniso a ɛwɔ asase so. Ɛno ne adesamma a wɔwɔ ahokyere mu no anidaso koro pɛ.—Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10.
• Ná Yesu Agya ne Onyankopɔn, na Yesu dii Onyankopɔn nokware. Enti, bere a wokum Yesu no, na ɔyɛ onipa a ɔyɛ pɛ. Ofii ne pɛ mu de ne nkwa a ɛyɛ pɛ no maa Onyankopɔn sɛ agyede afɔre de tuaa nea Adam yeraa no bere a ɔtew atua tiaa Onyankopɔn no ka. Yesu nam saa a ɔyɛe so buee daa nkwa ho kwan maa wɔn a wogye no di no nyinaa.—Yohane 3:16; Romafo 3:23, 24; 1 Yohane 2:2.
• Sɛ́ Onyankopɔn soro Hene a wɔapaw no no, Yesu bedi Onyankopɔn atirimpɔw ho dwuma ayi nnebɔneyɛfo afi asase so na wama adesamma asoɔmmerɛfo adu adwene ne nipadua mu pɛyɛ ho. Afei adesamma bɛtra ase asomdwoe ne anigye mu wɔ paradise asase so, na obiara benya adan pa ne aduan pii. Yare, awerɛhow ne owu befi hɔ koraa. Wobenyan awufo mpo, na wobenya hokwan atra asase so daa.—Genesis 1:26-28; 2:8; Dwom 37:10, 11, 29; Mmebusɛm 2:21, 22; Yesaia 25:6; 65:21-23; Luka 23:43; Asomafo no Nnwuma 24:15; Adiyisɛm 21:3, 4.
Enti, Bible ka kyerɛ yɛn pefee sɛ Yesu yɛ onipa titiriw a Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔde trenee wiase foforo bɛba asase so ha no nam ne so bɛbam. Esiane dwuma titiriw a Yesu di nti, na obetumi aka ama afata sɛ: “Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.”—Yohane 14:6; 2 Petro 3:13.
Sodifo Mmɔborohunufo
Nnipa ahobrɛasefo pɛ sɛ Yesu di wɔn so hene wɔ wiase foforo no mu, na hwɛ sodifo soronko a ne ho yɛ anigye a ɔbɛyɛ! Ɔkwan biako a ɔnam so daa eyi adi ne nyarewa a ɔsaa no anwonwakwan so bere a na ɔwɔ asase so no. (Mateo 15:30, 31) Nanso, hyɛ sodifo kõ a ɔbɛyɛ no nso nsow.
Nea edi kan no, susuw wiase yi sodifo ahorow ho kyerɛwtohɔ ho. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ efi tete no, wɔayɛ ayayade ne atirimɔdenne pii, na wɔadi wɔn nkurɔfo anim adi ako, ayɛ atirimɔdenne, adi nkurɔfo nsɛm atirimɔden so, na wɔakunkum nnipa pii. Wɔ afeha a ɛto so 20 yi nkutoo mu no, wɔakunkum nnipa bɛboro ɔpepem 100 wɔ akodi mu.
Fa wiase yi sodifo ahorow nneyɛe ne wɔn ho kyerɛwtohɔ toto Yesu nneyɛe ne sɛnea ɔne ahiafo, wɔn a wɔhyɛ wɔn so, ne wɔn a wonni tumi no dii nsɛm no ho kyerɛwtohɔ ho hwɛ: “Ohuu nkurɔfo akuwakuw no, ne yam hyehyee no maa wɔn, efisɛ na wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.” Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.”—Mateo 9:36; 11:28-30.
Hwɛ sɛnea na Yesu hu nnipa mmɔbɔ! Wɔ eyi mu no, osuasuaa ne soro Agya no. Ná Yesu yɛ ɔdɔ nhwɛso, na ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo sɛ wonnya nokware dɔ a ɛwɔ nnyinaso mma wɔn ho wɔn ho. Enti na ɛnsɛ sɛ wɔma abusua, ɔman a wofi mu, sikasɛm mu gyinabea, ɔsom a na anka wɔwom, anaa biribi foforo biara twitware wɔn amanaman ntam biakoyɛ no mu. (Yohane 13:34, 35; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Nokwarem no, na Yesu dɔ nnipa araa ma ɔde ne nkwa mae maa wɔn. (Efesofo 5:25) Ɔne sodifo a wiase yi hia, na wobenya.
Yesu Yɛ Ɔhene a Ne Ho Yɛ “Fɛ” Nnɛ
Onyankopɔn nkɔmhyɛ Asɛm boa yɛn ma yɛte ase sɛ Yesu yɛ ɔsoro Hene a ɔwɔ tumi nnɛ. Odwontofo no hyɛɛ ne ho nkɔm sɛ: “Wo ho yɛ fɛ sen nnipa mma. . . . Na fa w’ahensɛm no tew mu kɔ w’anim . . . Wodɔ trenee, na wotan abɔnefosɛm, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de anigye ngo asra wo sen wo mfɛfo.”—Dwom 45:2, 4, 7.
Sɛ ɔsoro Hene a Onyankopɔn asra no no, wɔama Yesu ahyɛde sɛ ɔnyɛ biribi mfa nna ɔdɔ a ɔwɔ ma trenee ne tan a ɔtan abɔnefosɛm no adi. Enti, wɔka ne ho asɛm wɔ Bible mu sɛ nkonimdifo a onwu, “Ahene mu hene,” a ɛrenkyɛ obebu Onyankopɔn atamfo nyinaa atɛn. Afei nso, ɔbɛsan adan asase paradise na ɔde adesamma a wɔfata ogye akɔ pɛyɛ mu.—Adiyisɛm 19:11-16.
Yesu dwumadi foforo no renyɛ ‘Mesia a ɔrehu amane’ a atamfo rebɔ no ahohora, rehwe no, na wɔrekum no. Mmom no, ne dwumadi foforo no bɛyɛ “Onyankopɔn-tumfoɔ,” asase sodifo. (Yesaia 9:6) Nnipa sodifo dodow no ara ani nnye asɛm yi ho, efisɛ sɛnea Daniel 2:44 ka no, wobebubu wɔn ahenni horow no ma asa nnansa yi ara. Bere a Onyankopɔn de Kristo redi dwuma sɛ ne brafo no, ‘ɔbɛbobɔ ahene, n’abufuw da no. Obedi amanaman mu asɛm.’—Dwom 110:5, 6.
Yesaia ka siei sɛ wɔ eyi yɛ mu no, Kristo ‘bɛma amanaman pii abobɔ piriw, na ahene amuamua wɔn ano wɔ ne ho.’ Dɛn ntia? “Efisɛ nea [nyamesomfo a wɔne wɔn ka atirimsɛm] nka nkyerɛɛ wɔn no, wohu, na nea wɔntee da no, wɔte ase.”—Yesaia 52:15.
‘Ahum a Wotwa’
Yesaia kaa nyamesom akannifo anibiannaso a wɔyɛ wɔ wɔn adwuma ho no ho asɛm siei. Sɛ nhwɛso no, wɔnkyerɛkyerɛ Bible mu nokware no, na mmom nkyerɛkyerɛ a ennyina Kyerɛwnsɛm so te sɛ nkurɔfo a wɔyɛ wɔn ayayade daa wɔ hellgya a ɛredɛw mu, baasakoro, ne ɔkra a enwu—a ne nyinaa fi abosonsom mu—na wɔkyerɛkyerɛ wɔn nguankuw no. Na asɔfo aboa ako a wɔn aman adi nyinaa, sɛ ɛho hia sɛ wokunkum wɔn ankasa som mufo mpo a. Eyi tia Onyankopɔn mmara ankasa.—1 Yohane 2:3, 4; 3:10-12; 4:8, 20, 21.
Afei nso, asɔfo no ayeyɛ nyamesom ahoni, asɔfo ntade, asɔredan akɛse a wɔbɔ ho ka pii, ne mfonini ahorow a egyina abosonsomfo nsusuwii so, a owia nyame kontonkurowi ka ho, a ɛyɛ wɔn nguankuw no fɛ nanso ɛnsɔ Onyankopɔn ani. Wɔyɛ eyinom ɛmfa ho sɛ Onyankopɔn hyɛ n’asomfo sɛ: “Móntwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ, monnka ade a ɛho ntew; . . . mo a mosoa [Yehowa, NW] nnwinne no.”—Yesaia 52:11; 2 Korintofo 6:14-18.
Wɔn a wɔkyerɛ sɛ wogyina Onyankopɔn ananmu nanso wɔto ne mmara ahorow, na wɔkyerɛkyerɛ afoforo ma wɔyɛ saa ara no betwa nea wɔagu no. Wobebu wɔn fɔ, na sɛ wɔsɛe nneɛma nhyehyɛe yi a, wobenya ho asotwe. Sɛnea odiyifo Hosea kae no, “mframa na wogu, na ahum nso na wobetwa.”—Hosea 8:7; hwɛ Adiyisɛm 17:1-3, 15, 16 nso.
Nnipa Komapafo Sua Nokware No
Onyankopɔn ne Yesu ho nsɛm a asɔfo nna no adi wɔ ɔkwampa so no remma nnipa komapafo nnyae Yesu ho nokware sua. Amma nkurɔfo annyae sua wɔ afeha a edi kan no mu, efisɛ sɛnea Paul Barnett kyerɛwee wɔ The Two Faces of Jesus mu no, “Kristo nyɛ obi a osian fii wim bae kɛkɛ a wɔammɔ ho nkae.” Yiw, saa bere no, Bible nkɔmhyɛ ‘kaa’ Mesia no ‘ba’ ho asɛm pɛpɛɛpɛ, na ɛmaa n’asuafo anokwafo huu ne ba no. Ɛnnɛ adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ama Yesu tumi sɛ onni ade sɛ “Ahene mu hene” wɔ soro anuonyam mu.—Mateo 24:3-13; 2 Timoteo 3:1-5, 13.
Nokwarem no, ‘wɔbɛka Onyankopɔn ahenni a Kristo di so no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.’ (Mateo 24:14) Ɛno na Yehowa Adansefo a wɔn dodow boro ɔpepem anum reyɛ wɔ wiase nyinaa. Enti akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wohu sɛnea Yesu te ankasa no betumi ahu. (Yohane 10:14; 1 Yohane 5:20) Na hu a wobehu no na wɔatie no no nyinaa ho hia na ama wɔanya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohia kɛse” a ɛbɛba asase so nnansa yi ara no mu.—Adiyisɛm 7:9-14; Yohane 17:3; 2 Tesalonikafo 1:6-10.
Enti, Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woahwehwɛ Onyankopɔn Ba no ho nsɛm a ɛyɛ anigye a ɛwɔ Bible mu no mu.
[Kratafa 9 mfonini]
Kristo a ɔwɔ N’ahenni tumi mu no beyi abɔnefosɛm afi hɔ
[Kratafa 10 mfonini]
Wɔ Kristo nniso a ɔdɔ wom ase no, asase yi bɛdan paradise