-
Nea Afi Asɛnka Adwuma no Mu Aba—‘Mfuw no Ahoa sɛ Wotwa’Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
-
-
15. Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Yesaia 60:5, 22 no anya mmamu? (Hwɛ nnaka a nsɛmti ne “Yehowa na Ɔma Ɛyɛɛ Yiye” wɔ kratafa 93, ne “Sɛnea ‘Nea Osua’ no Adan ‘Ɔman Kɛse.”)
15 Bere a na aka bɛyɛ mfe 800 ma Yesu ama saa mfatoho no, Yehowa nam Yesaia so hyɛɛ baabi a honhom fam otwa adwuma a yɛreyɛ nnɛ no bɛkɔ akodu ne anigye a otwa adwuma no de bɛba ho nkɔm too hɔ wɔ ɔkwan bi so a yɛn werɛ remfi da.c Yehowa kaa nkurɔfo a wobefi “akyirikyiri” aba n’ahyehyɛde mu ho asɛm. Bere a Yehowa rekasa akyerɛ “ɔbea” a ɛnnɛ ogyina hɔ ma wɔn a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so no, ɔkae sɛ: “Wubehu na woahyerɛn, na wo koma behuruw adi ahurusi, efisɛ po mu ahonyade nyinaa bɛba wo nkyɛn, na aman ahode bɛyɛ wo dea.” ( Yes. 60:1, 4, 5, 9) Hwɛ sɛnea saa asɛm yi abam! Ɛnnɛ, Yehowa asomfo a wɔde mfe pii asom no no redi ahurusi sɛ wɔahu sɛ Ahenni no ho adawurubɔfo kakraa bi a na wɔwɔ wɔn aman mu no abɛyɛ mpempem pii.
-
-
Nea Afi Asɛnka Adwuma no Mu Aba—‘Mfuw no Ahoa sɛ Wotwa’Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
-
-
c Sɛ wopɛ sɛ wunya saa nkɔmhyɛ a emu nsɛm yɛ anigye yi ho nsɛm pii a, hwɛ Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II nhoma no kratafa 303-320.
-