Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Boa Ma Honhom Fam Paradise no Nkɔ So Nyɛ Fɛ
    Ɔwɛn-Aban—2015 | July 15
    • 1, 2. Hebri Kyerɛwnsɛm mu no, dɛn na na wɔde asɛm “nan ntiasoɔ” no gyina hɔ ma?

      YEHOWA NYANKOPƆN kaa sɛ: “Ɔsoro yɛ m’adwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ.” (Yesaia 66:1) Onyankopɔn san kaa ne “nan ntiasoɔ” ho asɛm sɛ: “Mɛhyɛ me nan sibea animuonyam.” (Yesaia 60:13) Ɔkwan bɛn so na ɔhyɛ ne nan ntiaso no anuonyam anaa ɔma ɛyɛ fɛ? Dɛn na wei kyerɛ ma wɔn a wɔte ne nan ntiaso a ɛne asase so no?

      2 Hebri Kyerɛwnsɛm mu no, wɔde asɛmfua “nan ntiasoɔ” no gyina hɔ ma asɔrefie a na ɛwɔ tete Israel no nso. (1 Berɛsosɛm 28:2; Dwom 132:7) Ná asɔrefie no ne baabi titiriw a wɔde nokware som ma Yehowa, enti na asɔrefie no yɛ no fɛ paa. Ná wɔde hyɛ Yehowa anuonyam wɔ asase so.

      3. Ɛnnɛ, ɛhe titiriw na wɔde nokware som ma Yehowa, na bere bɛn na efii ase?

      3 Ɛnnɛ, ɛhe titiriw na wɔde nokware som ma Yehowa? Ɛnyɛ dan te sɛ asɔrefie no. Ɛyɛ honhom fam asɔrefie, na ɛhyɛ Yehowa anuonyam sen ɔdan biara. Dɛn ne honhom fam asɔrefie no? Ɛyɛ nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ a ɛma nnipa tumi ne no fa adamfo na wɔsom no. Yesu agyede no nkutoo na ɛma saa nhyehyɛe yi tumi yɛ yie. Saa nhyehyɛe yi fii ase afe 29. Saa bere no na wɔbɔɔ Yesu asu na wɔsraa no sɛ Yehowa honhom fam asɔrefie no Sɔfo Panyin.—Hebrifoɔ 9:11, 12.

      Ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo yi no ayɛ seesei ara, wɔ asase so ha yi ara

      4, 5. (a) Sɛnea Dwom 99 kyerɛ no, dɛn na Yehowa asomfo anokwafo pɛ sɛ wɔyɛ? (b) Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbisa yɛn ho?

      4 Yɛda Onyankopɔn ase paa sɛ wayɛ nokware som ho nhyehyɛe ama yɛn. Yɛka Yehowa din ne agyede a ɛsom bo paa a ɔde akyɛ yɛn no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo de kyerɛ ho anisɔ. Ɛnnɛ yɛdi ahurusi sɛ nokware Kristofo bɛboro ɔpepem nwɔtwe reyi Yehowa ayɛ da biara! Bere a ɔsom ahorow mufo di mfomso susu sɛ, sɛ wɔwu a wɔbɛkɔ soro akɔyi Onyankopɔn ayɛ no, Yehowa nkurɔfo nim sɛ ɛhia sɛ wɔyi no ayɛ seesei ara, wɔ asase so ha yi ara.

      5 Sɛ yɛyi Yehowa ayɛ a, na yɛresuasua Onyankopɔn asomfo anokwafo a Dwom 99:1-3, 5 ka wɔn ho asɛm no. (Kenkan.) Mmarima anokwafo te sɛ Mose, Aaron, ne Samuel yeree wɔn ho boaa nhyehyɛe a Onyankopɔn yɛ maa nokware som tete no. (Dwom 99:6, 7) Ɛnnɛ, ansa na Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no bɛkɔ soro ne Yesu akɔsom sɛ asɔfo no, wɔde nokwaredi som Yehowa wɔ honhom fam asɔrefie no fã a ɛwɔ asase so no mu. “Nnwan foforɔ” ɔpepem pii nso de nokwaredi reboa wɔn. (Yohane 10:16) Akuw mmienu yi nyinaa de baakoyɛ resom Yehowa. Nanso ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘Mede m’ahoɔden nyinaa reboa nhyehyɛe a Yehowa ayɛ ama nokware som no anaa?’

  • Boa Ma Honhom Fam Paradise no Nkɔ So Nyɛ Fɛ
    Ɔwɛn-Aban—2015 | July 15
    • 7 Ɛduu afe 1919 no, wɔn a Onyankopɔn agye wɔn atom a wɔresom wɔ ne honhom fam asɔrefie no bɛdaa adi pefee. Ná wɔayɛ nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa bɛgye wɔn som atom. (Yesaia 4:2, 3; Malaki 3:1-4) Enti anisoadehu a ɔsomafo Paulo nyae mfe pii a na atwam no fii ase baa mu.

      8, 9. “Paradise” bɛn na Paulo huu wɔ anisoadehu mu no?

      8 Wɔaka anisoadehu a Paulo nyae no ho asɛm wɔ 2 Korintofoɔ 12:1-4. (Kenkan.) Yehowa kyerɛɛ Paulo biribi a ɛbɛba daakye wɔ saa anisoadehu no mu. “Paradise” bɛn na Paulo hui no? Nea ɛdi kan, ɛbɛtumi akyerɛ Paradise a ɛbɛba asase so nnansa yi ara no. (Luka 23:43) Nea ɛto so mmienu, ɛbɛtumi agyina hɔ ama honhom fam paradise a ɛdi mũ a ɛbɛba wiase foforo no mu no. Afei, nea ɛto so mmiɛnsa, ɛbɛtumi akyerɛ tebea papa a ɛwɔ soro wɔ “Onyankopɔn paradise” no mu.—Adiyisɛm 2:7.

      9 Ɛnneɛ, adɛn nti na Paulo kaa sɛ “ɔtee nsɛm a wɔmmɔ soɔ a mmara mma ho kwan sɛ onipa ka”? Efisɛ na bere nsoe sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ɔhui wɔ anisoadehu mu no nyinaa mu. Nanso, ɛnnɛ Yehowa ama yɛn kwan ma yɛka nhyira a ne nkurɔfo nya seesei ara no ho asɛm kyerɛ afoforo!

      10. Adɛn nti na honhom fam paradise no ne honhom fam asɔrefie no nyɛ ade koro?

      10 Yɛtaa ka honhom fam paradise ho asɛm, nanso ɛyɛ dɛn? Ɛyɛ asomdwoe soronko a ɛwɔ yɛne Onyankopɔn ne yɛn nuanom ntam. Enti ɛsono honhom fam paradise ɛnna ɛsono honhom fam asɔrefie no. Honhom fam asɔrefie no yɛ nokware som ho nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ. Ɛnna honhom fam paradise no ma yɛhu wɔn a Onyankopɔn agye wɔn atom pefee a wɔresom no wɔ ne honhom fam asɔrefie hɔ no.—Malaki 3:18.

      11. Hokwan bɛn na yɛanya nnɛ?

      11 Ɛyɛ anigyesɛm sɛ yɛahu sɛ efi afe 1919 reba no, Yehowa ama nnipa a wɔnyɛ pɛ kwan sɛ wɔmmoa mma wɔnhyehyɛ honhom fam paradise no, wɔnhyɛ mu den, na wɔntrɛw mu. Woreboa ma wɔayɛ adwuma kɛse yi? W’ani sɔ sɛ woanya hokwan ne Yehowa reyɛ adwuma de ahyɛ no anuonyam wɔ asase so anaa?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena