Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • kr ti 12 kr. 118-131
  • Nhyehyɛe a Yɛde Som “Asomdwoe Nyankopɔn No”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyehyɛe a Yɛde Som “Asomdwoe Nyankopɔn No”
  • Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Mɛpaw Asomdwoe sɛ Wo Hwɛfo”
  • Sɛnea Kristo Di Asafo no Anim
  • “Monyɛ Nhwɛso Mma Nguankuw No”
  • Sɛnea Mpanyimfo Yɛn Onyankopɔn Nguankuw no Nnɛ
  • Asafo no Sohwɛ a Atu Mpɔn no Ama Biakoyɛ a Ɛwɔ Onyankopɔn Nkurɔfo Mu no Mu Ayɛ Den
  • Ahwɛfo a Wɔhwɛ Nguankuw No So
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Muntie Mo Mpanyimfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Ahwɛfo, Munsuasua Ahwɛfo Kunini No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Sɛnea Wɔahyehyɛ Nneɛma Wɔ Kristofo Asafo No Mu
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
kr ti 12 kr. 118-131

TI 12

Nhyehyɛe a Yɛde Som “Asomdwoe Nyankopɔn No”

NEA TI YI KA HO ASƐM

Yehowa yɛ nhyehyɛe ma ne nkurɔfo nkakrankakra

1, 2. Nsakrae bɛn na wɔyɛe wɔ Ɔwɛn-Aban no ho wɔ January 1895, na nsɛm bɛn na anuanom ka faa ho?

BERE a Bible Suani John A. Bohnet a ɔyɛ nsi no nsa kaa Ɔwɛn-Aban a ɛbae January 1895 no, nea ohui no maa n’ani gyei kɛse. Ná nsɛmma nhoma no nnuraho yɛ foforo. Ná mfonini a ɛwɔ anim no yɛ abantenten bi a esi mpoano a atifi nkanea kyerɛ po so hyɛn kwan. Ná mfonini foforo no ho amanneɛbɔ a ɛwɔ nsɛmma nhoma no mu asɛmti ne “Yɛn Nnuraho Foforo.”

2 Onua Bohnet ani gyei araa ma ɔkyerɛw krataa kɔmaa Onua Russell sɛ: “Ɛyɛ me anigye sɛ ƆWƐN ABAN no Nnuraho ayɛ fɛ saa.” Bible Suani nokwafo foforo, John H. Brown, nso kyerɛw krataa de kaa nnuraho no ho asɛm sɛ: “Ɛyɛ fɛ yiye. Ɛwom sɛ asorɔkye ne ahum rebɔ saa abantenten no de, nanso egyina ne fapem so pintinn.” Saa nnuraho foforo no ne nsakrae a edi kan a anuanom hui saa afe no​—nanso na ɛnyɛ ɛno ne nea etwa to. Wɔsan huu nsakrae kɛse foforo nso wɔ November mu. Anwonwasɛm ne sɛ, na ɛno nso fa ɛpo a ɛrebɔ asorɔkye ho.

3, 4. Ɔhaw bɛn na wɔkaa ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbae November 15, 1895 no mu, na nsakrae kɛse bɛn na wɔkaa ho asɛm?

3 Ɔwɛn-Aban a ɛbae November 15, 1895 no mu asɛm bi kaa ɔhaw bi a na asɔre ho asɛm pefee sɛ: Ɔhaw bi a ɛrekɔ so resɛe asomdwoe a ɛwɔ Bible Asuafo no mu no. Ná anuanom dodow no ara regye akyinnye wɔ nea ɔfata sɛ ɔyɛ ɔkannifo wɔ asafo a wɔwom wɔ wɔn mpɔtam no ho. Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa anuanom ma wɔahu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔagyae akyinnye a ɛde mpaapaemu ba no, wɔde ahyehyɛde no totoo po so hyɛn ho. Afei, wogye toom pefee sɛ, na wɔn a wodi asafo no anim no ntotoo nneɛma yiye wɔ ahyehyɛde a ɛte sɛ po so hyɛn no mu a ɛbɛma wɔatumi agyina ahum kɛse ano. Ɛnde, na dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

4 Nsɛmma nhoma no kae sɛ, po so hyɛn mu panyin a onim adwuma hwɛ ma wɔde nneɛma a wɔde gye nkwa gu hyɛn no mu, na ɔhwɛ nso sɛ ɛhyɛn no mu adwumayɛfo no bɛyɛ krado na sɛ ahum bi hyia ɛhyɛn no a, wɔatumi abɔ ho ban. Saa ara na ɛsɛ sɛ wɔn a wodi ahyehyɛde no anim no hwɛ sɛ asafo ahorow no nyinaa asiesie wɔn ho a wobetumi agyina tebea ahorow a ɛyɛ den ano. Nsɛmma nhoma no kaa nsakrae kɛse bi a na ɛbɛma wɔatumi ayɛ saa no ho asɛm. Ɛde akwankyerɛ mae sɛ, womfi ase ntɛm ara “mpaw mpanyimfo wɔ asafo biara mu” mma “ ‘wɔnhwɛ’ nguankuw no so.”​—Aso. 20:28.

5. (a) Dɛn nti na nhyehyɛe a edi kan a wɔde paw asafo mu mpanyimfo no yɛ ade a ɛbae wɔ ne bere mu? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

5 Saa nhyehyɛe a edi kan a wɔyɛe de paw asafo mu mpanyimfo no yɛ ade a ɛbae wɔ ne bere mu a ɛma wotumi hyehyɛɛ asafo ahorow a ɛyɛ den. Ɛboaa yɛn nuanom ma wotumi gyinaa tebea ahorow a emu yɛ den a Wiase Ko I no de bae no ano. Wɔ mfe a edi hɔ mu no, nsakrae pa foforo a wɔyɛe wɔ ahyehyɛde no mu no boaa Onyankopɔn nkurɔfo ma wosiesiee wɔn ho yiye de som Yehowa. Bible nkɔmhyɛ bɛn na ɛkaa saa nsakrae yi ho asɛm? Nsakrae ahorow a wɔayɛ wɔ ahyehyɛde no mu bɛn na woahu? Mfaso bɛn na woanya afi mu?

“Mɛpaw Asomdwoe sɛ Wo Hwɛfo”

6, 7. (a) Yesaia 60:​17 kyerɛ dɛn? (b) Dɛn na ‘ɔhwɛfo’ ne ‘adwuma so panyin’ ho asɛm a wɔkae no kyerɛ?

6 Sɛnea yesusuw ho wɔ nhoma yi Ti 9 no, Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ Yehowa behyira ne nkurɔfo ma wɔadɔɔso. ( Yes. 60:​22) Nanso, Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ nea ɛsen saa koraa. Wɔ saa nkɔmhyɛ no ara mu no, ɔkae sɛ: “Mede sika kɔkɔɔ besi kɔbere ananmu, na mede dwetɛ asi dade ananmu, na kɔbere asi dua ananmu, na dade asi abo ananmu. Na mɛpaw asomdwoe sɛ wo hwɛfo na trenee ayɛ w’adwuma so panyin.” ( Yes. 60:​17) Saa nkɔmhyɛ yi kyerɛ dɛn? Na ɛnnɛ, ɛfa yɛn ho dɛn?

Nneɛma a wɔde sisii nneɛma foforo ananmu no yɛ nsakrae pa

7 Yesaia nkɔmhyɛ no ka sɛ wɔde biribi foforo besi biribi ananmu. Nanso, momma yɛnhyɛ no nsow sɛ nneɛma a wɔde sisii nneɛma foforo ananmu no yɛ nsakrae pa. Sika kɔkɔɔ a wɔde sii kɔbere ananmu no yɛ nsakrae pa, na saa ara na nneɛma a aka a wɔde sisii foforo ananmu no nso yɛ papa. Enti, Yehowa nam saa mfatoho yi so hyɛɛ nkɔm sɛ ɔbɛma tebea a ne nkurɔfo wom no anya nkɔso nkakrankakra. Nkɔso bɛn na nkɔmhyɛ no reka ho asɛm no? Yehowa nam ‘ɔhwɛfo’ ne ‘adwuma so panyin’ ho asɛm a ɔkae no so kyerɛe sɛ ɔbɛma nhyehyɛe a wɔde hwɛ ne nkurɔfo so no atu mpɔn nkakrankakra.

8. (a) Hena na wama nkɔso a ɛwɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu no aba? (b) Yɛbɛyɛ dɛn anya nkɔso no so mfaso? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “Ɔbrɛɛ Ne Ho Ase Gyee Nteɛso Toom” no nso.)

8 Hena na ɔma ahyehyɛde no nya saa nkɔso yi? Yehowa kae sɛ: “Mede sika kɔkɔɔ besi, . . . mede dwetɛ asi, . . . na mɛpaw asomdwoe.” Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ nnipa mmɔdenbɔ na ama asafo no anya nkɔso, na mmom efi Yehowa ankasa hɔ. Efi bere a Yehowa de Yesu sii ahengua so sɛ Ɔhene no, Yehowa ama ne Ba no de saa nkɔso yi aba asafo no mu. Yɛyɛ dɛn nya saa nsakrae yi so mfaso? Kyerɛwsɛm koro no ara ka sɛ, saa nkɔso no de “asomdwoe” ne “trenee” bɛba. Sɛ yegye Onyankopɔn akwankyerɛ tom na yɛyɛ nsakrae a, asomdwoe tena yɛn mu, na ɔdɔ a yɛwɔ ma adetrenee ka yɛn koma ma yɛsom Yehowa a ɔsomafo Paulo frɛɛ no “asomdwoe Nyankopɔn no.”​—Filip. 4:9.

9. Dɛn na ɛma biakoyɛ tena asafo no mu ma biribiara kɔ so wɔano wɔano, na dɛn ntia?

9 Paulo san kyerɛw Yehowa ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn nyɛ sakasaka Nyankopɔn, na mmom asomdwoe Nyankopɔn.” (1 Kor. 14:​33) Momma yɛnhyɛ no nsow sɛ Paulo amfa nneɛma a wɔyɛ no wɔano wɔano antoto nneɛma a wɔyɛ no sakasaka ho, na mmom ɔde totoo asomdwoe ho. Dɛn ntia? Momma yensusuw saa asɛm yi ho nhwɛ: Nneɛma a wɔyɛ no wɔano wɔano nkutoo mfa asomdwoe mma. Sɛ nhwɛso no, asraafodɔm bi betumi ayɛ wɔn ade wɔano wɔano ato santen akɔ akono, nanso nneɛma a wɔyɛ no wɔano wɔano no nkowie asomdwoe mu, na mmom akodi mu. Enti, ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Kristofo no kae asɛntitiriw yi bere nyinaa sɛ: Ahyehyɛde biara a ɛyɛ n’ade wɔano wɔano nanso ennyina asomdwoe so no rennyina, na ɛrenkyɛ koraa na agu. Nanso, anigyesɛm ne sɛ, Onyankopɔn asomdwoe ma wɔyɛ nneɛma wɔano wɔano, na ɛtena hɔ daa. Enti, yɛn ani sɔ paa sɛ “Onyankopɔn a ɔma asomdwoe no” na ɔkyerɛ yɛn ahyehyɛde yi kwan na ɔtew ho! (Rom. 15:​33) Nea ama yɛayɛ biako na yɛyɛ yɛn ade wɔano wɔano wɔ asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa mu na yɛn ani gye ho kɛse no fi Onyankopɔn a ɔma yenya asomdwoe no hɔ.​—Dw. 29:11.

10. (a) Mpɔntu bɛn na ɛbaa yɛn ahyehyɛde no mu wɔ mmere a atwam no mu? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “Sɛnea Wɔmaa Asafo no Sohwɛ Tuu Mpɔn” no.) (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

10 Adaka a n’asɛmti ne “Sɛnea Wɔmaa Asafo no Sohwɛ Tuu Mpɔn” no ma yehu nsakrae a mfaso wɔ so a wɔyɛe ne sɛnea nneɛma kɔɔ so wɔano wɔano wɔ mmere a atwam no. Nsakrae ahorow a ɛte sɛ nea wɔde ‘sika kɔkɔɔ asi kɔbere ananmu’ bɛn na Yehowa nam yɛn Hene no so ayɛ nnansa yi ara? Ɔkwan bɛn so na saa nsakrae a wɔyɛe wɔ ahwɛfo adwuma mu no ama asomdwoe ne biakoyɛ a ɛwɔ asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa mu no ayɛ kɛse? Ɔkwan bɛn so na ɛreboa w’ankasa ma woasom “asomdwoe Nyankopɔn no”?

Sɛnea Kristo Di Asafo no Anim

11. (a) Ntease foforo bɛn na Kyerɛwnsɛm no mu nhwehwɛmu a wɔyɛe no ma yenyae? (b) Dɛn na na anuanom a wɔwɔ akwankyerɛ kuw no mu no asi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ?

11 Efi afe 1964 besi afe 1971 no, akwankyerɛ kuw no ma wɔyɛɛ Bible mu nhwehwɛmu bi a ɛkɔ akyiri. Nneɛma pii a wɔyɛɛ ho nhwehwɛmu no mu biako ne ɔkwan a na Kristofo asafo a ɛwɔ asomafo no bere so no fa so toto nneɛma wɔ asafo no mu no.a Ɛdefa sɛnea na wɔahyehyɛ asafo no ho no, wohui sɛ mpanyimfo akuw na na wɔhwɛ asafo ahorow a ɛwɔ asomafo no bere so no so, na ɛnyɛ ɔpanyin anaa ɔhwɛfo biako pɛ na na odi asafo no anim. (Monkenkan Filipifo 1:1; 1 Timoteo 4:​14.) Bere a akwankyerɛ kuw no tee saa asɛm no ase yiye no, wohui sɛ wɔn Hene Yesu na ɔrekyerɛ wɔn kwan ma wɔanya nkɔso wɔ sɛnea wɔahyehyɛ Onyankopɔn nkurɔfo ahyehyɛde no​—ná anuanom mmarima a wɔsom wɔ akwankyerɛ kuw no mu no asi wɔn bo sɛ wobegye Ɔhene no akwankyerɛ atom. Wɔyɛɛ nsakrae ntɛm ara paw mpanyimfo akuw ma wɔhwɛɛ asafo ahorow no so ma ɛne sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm mu no hyiae. Nsakrae ahorow a wɔyɛe wɔ afe 1970 mfe no mfiase mu no bi ne dɛn?

ƆBRƐƐ NE HO ASE GYEE NTEƐSO TOOM

WƆDE krataa bi a Onua Russell de kɔmaa anuanom kakraa bi a na wɔwɔ Scandinavia aman no mu a na Onua Kaarlo Harteva ka ho mu nsɛm baa April 1, 1916, Ɔwɛn-Aban a ɛwɔ Finland kasa mu no mu. Onua Russell kyerɛw wɔn sɛ: “Yɛhyɛ anuanom adɔfo a yɛne mo wɔ ɔsom no mu nyinaa nkuran sɛ, monsan mmra nokware no mu mmɛyɛ adwuma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no nnɛ no.” Dɛn nti na Onua Russell kaa asɛm yi kyerɛɛ wɔn?

Kaarlo Harteva

Kaarlo Harteva

Wɔwoo Onua Harteva wɔ afe 1882 mu, na na ɔka wɔn a wodii kan bɛyɛɛ Bible Asuafo wɔ Finland no ho. Ɔbɔɔ asu wɔ April 1910, na afe 1912 no, Onua Russell ka kyerɛɛ no sɛ ontintim Ɔwɛn-Aban wɔ Finland kasa mu. Biribiara kɔɔ so yiye kosii sɛ Wiase Ko I no fii ase. Onua Harteva kyerɛwee wɔ December 1, 1914, Ɔwɛn-Aban no mu sɛ: “Sika ho a ayɛ den nti, . . . afe yi yɛrentumi nhyɛ bɔ sɛ yebetintim Ɔwɛn-Aban no nkratafa dodow a yetintim no, anaasɛ yebetintim no bere nyinaa.” Nanso, nea ɛbɛyɛ na Onua Harteva anya sika no, ɔne nkurɔfo bi tew kuw bi a wɔfrɛ no Ararat wɔ afe 1915 mu, na wofii ase tintim nsɛmma nhoma bi a wɔde saa din no too so.

Bere a Onua Harteva de n’adwene sii kuw foforo no ne nsɛmma nhoma foforo no so no, onua foforo bɛyɛɛ Ɔwɛn-Aban a ɛwɔ Finland kasa mu no samufo. Ná wotintim Bible mu nsɛm ne ayaresa bi a wɔmfa nnuru nni dwuma wom ne kasa foforo bi a wɔfrɛ no Esperanto ho nsɛm wɔ Ararat nsɛmma nhoma no mu. Ankyɛ koraa na nsɛmma nhoma foforo no twee anuanom adwene fii nokware nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ no so. Bere a ɛbaa saa no, esiane sɛ na anuanom honhom fam yiyedi ho hia Onua Russell nti, ɔka kyerɛɛ Onua Harteva ne wɔn a wɔka ne ho no sɛ “wɔnsan mmra nokware no mu.”

Dɛn na onua Harteva yɛe? Otintim Onua Russell krataa no ne nea ɔno nso kyerɛw kɔmaa Onua Russell no wɔ Ararat nsɛmma nhoma no mu. Onua Harteva paa kyɛw wɔ nea wayɛ no ho, na ɔkae sɛ: “Mɛyɛ nea metumi biara de asiesie ɔhaw no.” Ankyɛ na Onua Harteva san paa kyɛw wɔ ɔhaw a aba no ho wɔ Ararat nsɛmma nhoma no nea etwa to koraa no mu, na ɔde kaa ho sɛ: “Mɛhwɛ yiye paa wɔ biribiara a mɛyɛ wɔ nokware a yɛwɔ seesei no ho.” Kaarlo Harteva brɛɛ ne ho ase gyee nteɛso toom a wanyɛ n’ade te sɛ saa bere no mu mpanyimfo a wɔtow aba paw wɔn no mu binom a wɔyɛ ahomaso no.

Akyiri yi, wɔpaw Onua Harteva bio ma ɔbɛyɛɛ Ɔwɛn-Aban a ɛwɔ Finland kasa mu no samufo ne baa dwumadibea sohwɛfo. Ɔyɛɛ nnwuma yi kosii afe 1950 mu. Odii Yehowa nokware, na ɔsomee kosii sɛ owiee ne som adwuma wɔ asase so wɔ afe 1957 mu. Nokwasɛm ne sɛ, wɔtew wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase gye nteɛso a wɔn Hene Yesu de ma wɔn no ho, na wonya Yehowa nhyira.

12. (a) Nsakrae bɛn na wɔyɛe wɔ akwankyerɛ kuw no mu? (b) Ka sɛnea wɔahyehyɛ Akwankyerɛ Kuw no seesei no ho asɛm. (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “Sɛnea Akwankyerɛ Kuw no Hwɛ Ahenni Nneɛma So.”)

12 Ná nsakrae a edi kan no fa akwankyerɛ kuw no ho. Ɛde besi saa bere no, na anuanom mmarima baason a wɔasra wɔn a wɔda Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania adwumakuw no ano no na na wɔyɛ akwankyerɛ kuw no mufo. Nanso, wɔ afe 1971 mu no, wɔde anuanom bi bɛkaa akwankyerɛ kuw no mufo a na wɔyɛ nnipa 7 no ho ma wɔbɛyɛɛ 11, na efi saa bere no, akwankyerɛ kuw no mufo no ankɔ so anna Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania adwumakuw no ano bio. Efi saa bere no, akwankyerɛ kuw no mufo no ammu wɔn ho sɛ wɔn mu biara sen ne yɔnko ma enti wofii ase sɛ wɔbɛsesa nea ɔyɛ oguamtenani no afe biara, na wobegyina wɔn din nkyerɛwde a edi kan no so na ɛbɛyɛ saa.

13. (a) Nhyehyɛe bɛn na na wɔde ayɛ adwuma mfe 40? (b) Dɛn na Akwankyerɛ Kuw no yɛe wɔ afe 1972 mu?

13 Nsakrae a edi hɔ a wɔyɛe no kaa asafo biara. Ɔkwan bɛn so? Efi afe 1932 besi afe 1972 no, na onuabarima biako na ɔhwɛ asafo biara so. Ebesi afe 1936 no, na edin a wɔde frɛ saa onuabarima no ne ɔsom adwuma kwankyerɛfo. Ɛno akyi no, wɔsesaa edin no bɛfrɛɛ no kuw somfo, wɔsan bɛfrɛɛ no asafo somfo, na awiei koraa no, wɔbɛfrɛɛ no asafo sohwɛfo. Saa anuanom mpanyimfo no de nsi yɛɛ nguankuw no honhom fam ahiade ho adwuma. Ná asafo sohwɛfo no nkutoo taa sisi gyinae a na ɔne asomfo a aka a wɔwɔ asafo no mu no nsusuw ho. Nanso, wɔ afe 1972 mu no, Akwankyerɛ Kuw no yɛɛ nsakrae titiriw bi ho nhyehyɛe. Ná ɛyɛ nsakrae bɛn?

14. (a) Nhyehyɛe foforo bɛn na efii ase October 1, 1972? (b) Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo ntam nkitahodifo no de afotu a ɛwɔ Filipifo 2:3 no yɛ adwuma?

14 Afei de, na wɔbɛfa teokrase akwan so apaw anuanom mmarima foforo a sɛ wogyina Kyerɛwnsɛm no so susuw wɔn ho a wɔfata sɛ wɔsom sɛ Kristofo asafo no mu mpanyimfo sen sɛ wɔbɛma onuabarima biako asom sɛ asafo sohwɛfo wɔ asafo biara mu. Ná wɔn nyinaa bɛbom sɛ mpanyimfo kuw a wɔbɛhwɛ asafo a wɔwom no so. Saa nhyehyɛe foforo a wɔyɛe de paw mpanyimfo akuw no fii ase October 1, 1972. Ɛnnɛ, mpanyimfo ntam nkitahodifo no mmu ne ho sɛ ɔsen mpanyimfo a aka no, na mmom obu ne ho sɛ ɔyɛ “akumaa.” (Luka 9:​48) Hwɛ sɛnea anuanom mmarima ahobrɛasefo a wɔte saa no yɛ nhyira ma anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa!​—Filip. 2:3.

Ɛda adi pefee sɛ, yɛn Hene no de nhumu ayɛ adwuma ama n’akyidifo anya ahwɛfo a wohia wɔ bere a ɛsɛ mu

15. (a) Mfaso ahorow bɛn na afi nhyehyɛe a wɔyɛe de paw mpanyimfo akuw wɔ asafo ahorow mu no mu aba? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛn Hene no de nhumu yɛɛ adwuma?

15 Nhyehyɛe a wɔyɛe ma mpanyimfo kuw bom di asafo no mu asɛyɛde ahorow ho dwuma no de nkɔso kɛse aba. Momma yensusuw ɛso mfaso abiɛsa yi ho nhwɛ: Nea edi kan koraa no, nhyehyɛe no boa mpanyimfo no nyinaa ma wɔkae bere nyinaa sɛ Yesu na ɔyɛ asafo no Ti​—ɛmfa ho asɛyɛde ahorow a wɔn mu biara wɔ wɔ asafo no mu no. (Efe. 5:​23) Nea ɛto so abien, Mmebusɛm 11:​14 ka sɛ: “Agyinatufo dodow mu na [nkonimdi] wɔ.” Sɛ mpanyimfo bom susuw nneɛma a ɛfa asafo no honhom fam yiyedi ho na wosusuw wɔn mu biara adwenkyerɛ ho a, ɛboa ma wosisi gyinae a ɛne Bible nnyinasosɛm ahorow hyia. (Mmeb. 27:​17) Yehowa hyira gyinae ahorow a ɛte saa so, na ɛde mfaso ba. Nea ɛto so abiɛsa, anuanom mmarima pii a wɔfata a wɔanya wɔn ma wɔresom sɛ asafo mu mpanyimfo no ama ahyehyɛde no atumi adi ahwɛfo adwuma ne ahwɛfo nsrahwɛ a ɛho abehia sɛ wɔyɛ no kɛse wɔ asafo ahorow mu no ho dwuma. ( Yes. 60:​3-5) Wo de, susuw ho hwɛ, wɔ afe 1971 no, na asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa boro 27,000, nanso eduu afe 2013 no, na ɛboro 113,000! Ɛda adi pefee sɛ, yɛn Hene no de nhumu ayɛ adwuma ama n’akyidifo anya ahwɛfo a wohia wɔ bere a ɛsɛ mu.​—Mika 5:5.

SƐNEA WƆMAA ASAFO NO SOHWƐ TUU MPƆN

  • Afe 1881​—Onua Russell ka kyerɛɛ Bible Asuafo a wɔte mpɔtam bi no sɛ nea ɛbɛma wɔatumi ne wɔn ho wɔn ho adi nkitaho no, anuanom a wohyiam daa no mma Betel nhu mmeae a wohyiam no.

  • Afe 1895​—Wɔka kyerɛɛ asafo ahorow nyinaa sɛ wɔmpaw anuanom mmarima bi mfi wɔn mu mma wɔnsom sɛ mpanyimfo.

  • Afe 1919​—Baa dwumadibea faa teokrase kwan so paw ɔsom adwuma kwankyerɛfo wɔ asafo biara mu. Ne nnwuma no bi ne sɛ ɔbɛyɛ asɛnka ho nhyehyɛe na wahyɛ anuanom nkuran ma wɔde wɔn ho ahyɛ mu. Asafo mu mpanyimfo binom sɔre tiaa ɔsom adwuma kwankyerɛfo ho nhyehyɛe no.

  • Afe 1932​—Wotwaa aba a na wɔtow no afe afe de paw mpanyimfo no mu. Nea wɔyɛe ne sɛ, wɔmaa asafo no tow aba paw anuanom mmarima a wɔde nsi yɛ asɛnka adwuma no na wɔbɔ wɔn bra ma ɛfata edin foforo a yɛafa a ɛne Yehowa Adansefo no sɛ wɔnsom sɛ ɔsom boayikuw. Ná asafo no mufo yi mpanyimfo no mu biako ma Asafo Ti anaa baa dwumadibea paw no sɛ ɔsom adwuma kwankyerɛfo.

  • Afe 1937​—Anuanom mmarima a wɔyɛ nnipakuw kɛse no mufo betumi ne wɔn nuanom mmarima a wɔasra wɔn abom asom wɔ ɔsom boayikuw ahorow mu.

  • Afe 1938​—Asafo ahorow no gyee mpaemuka a ɛkyerɛ sɛ wɔmfa teokrase kwan so mpaw asafo asomfo no toom. Eyi na ɛde aba a na wɔtow wɔ asafo ahorow mu no baa awiei.

Sɛ wopɛ sɛ wuhu pii fa nhyehyɛe a akɔ so wɔ ahyehyɛde no mu ho a, hwɛ Jehovah’s Witnesses​—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma no kratafa 204-235.

Aba a na asafo no tow no afe biara de paw mpanyimfo wɔ afe 1920 mfe no mu

“Yɛn nsa nifa na na yɛma so de kyerɛ sɛ yɛpene ɔpanyin bi so. Sɛ yɛma yɛn nsa so a, na onuabarima bi fa yɛn mu kan nnipa dodow a wɔama wɔn nsa so no.”​—Onuawa Rose Swingle, Chicago, Illinois, U.S.A.

“Monyɛ Nhwɛso Mma Nguankuw No”

16. (a) Asɛyɛde bɛn na asafo mu mpanyimfo wɔ? (b) Bible Asuafo no buu Yesu ahyɛde a ɛne sɛ ‘wɔnyɛn ne nguan’ no dɛn?

16 Bere a Bible Asuafo no fii wɔn som adwuma no ase no, na asafo mu mpanyimfo no nim dedaw sɛ wɔwɔ asɛyɛde sɛ wɔboa wɔn mfɛfo asomfo ma wɔkɔ so som Onyankopɔn. (Monkenkan Galatifo 6:​10.) Wɔ afe 1908 no, Ɔwɛn-Aban no mu asɛm bi kaa Yesu ahyɛde a edi hɔ yi ho asɛm. Yesu kae sɛ: “Yɛn me nguan nkumaa.” ( Yoh. 21:​15-17) Wɔnam saa asɛm no so ka kyerɛɛ asafo mu mpanyimfo no sɛ: “Ɛho hia paa sɛ yɛma adwuma a Owura no de ama yɛn sɛ yɛnhwɛ nguan no so no tena yɛn komam, na ɛfata sɛ yebu no sɛ ɛyɛ hokwan kɛse na yɛanya sɛ yɛbɛma Awurade akyidifo no aduan na yɛahwɛ wɔn so.” Wɔ afe 1925 no, Ɔwɛn-Aban no san sii sɛnea ahwɛfo adwuma no ho hia so dua. Wɔkaee asafo mu mpanyimfo no sɛ: “Asafo no yɛ Onyankopɔn ankasa dea, . . . na wɔn a wɔanya hokwan resom wɔn nuanom nyinaa no bebu wɔn som adwuma no ho akontaa.”

17. Dɛn na wɔayɛ de aboa asafo mu mpanyimfo ma wɔabɛyɛ ahwɛfo a wɔfata?

17 Ɔkwan bɛn so na Yehowa ahyehyɛde no aboa asafo mu mpanyimfo ma ɔhwɛ adwuma a wɔreyɛ no abɛyɛ te sɛ nea wɔde ‘dwetɛ asi dade ananmu’? Wɔayɛ saa denam ntetee a wɔde ama wɔn no so. Wɔyɛɛ Ahenni Som Sukuu a edi kan maa ahwɛfo wɔ afe 1959 mu. Wosusuw asɛmti “Sɛnea Yɛbɛboa Ankorankoro Wɔ Asafo no Mu” ho wɔ saa ɔkasa no mu. Wɔhyɛɛ saa asafo mu mpanyimfo no nkuran sɛ “wɔnyɛ nhyehyɛe nkɔsrasra anuanom wɔ wɔn afie.” Wɔkaa akwan ahorow pii a mpanyimfo no betumi afa so ama nsrahwɛ a ɛte saa no ahyɛ anuanom gyidi den ho asɛm. Wɔ afe 1966 no, wofii ase yɛɛ Ahenni Som Sukuu foforo. Wosusuw asɛm “Mfaso a Ɛwɔ Nguanhwɛ Adwuma So” ho wɔ saa sukuu yi mu. Asɛntitiriw bɛn na wosii so dua? Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a wodi anim no “boa ma wɔhwɛ Onyankopɔn nguan no, na bere koro no ara wɔhwɛ wɔn ankasa mmusua yiye, na wɔyɛ asɛnka adwuma no nso.” Wɔayɛ asafo mu mpanyimfo sukuu ahorow pii nnansa yi. Dɛn na afi ntetee a Yehowa ahyehyɛde no akɔ so de ama Yehowa asomfo no mu aba? Ɛnnɛ, Kristofo asafo no wɔ mmarima mpempem pii a wɔfata a wɔsom sɛ ahwɛfo wɔ asafo ahorow mu.

Ahenni Som Sukuu a wɔyɛe wɔ Philippines, afe 1966

Ahenni Som Sukuu a wɔyɛe wɔ Philippines, 1966

18. (a) Adwuma kɛse bɛn na wɔde ahyɛ asafo mu mpanyimfo nsa? (b) Dɛn nti na Yehowa ne Yesu pɛ asafo mu mpanyimfo a wɔyɛ adwumaden no asɛm?

18 Yehowa nam yɛn Hene Yesu so ayɛ nhyehyɛe ma yɛanya mpanyimfo wɔ Kristofo asafo no mu a wɔreyɛ adwuma kɛse bi. Ɛyɛ adwuma bɛn? Adwuma no ne sɛ wobedi Onyankopɔn nguan anim de wɔn afa mmere a emu yɛ den sen biara wɔ nnipa asetena mu no mu. (Efe. 4:​11, 12; 2 Tim. 3:1) Esiane sɛ asafo mu mpanyimfo no tie Kyerɛwnsɛm mu afotu a edi hɔ yi na wɔyɛ adwumaden nti, Yehowa ne Yesu pɛ saa anuanom mmarima yi asɛm yiye. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: ‘Mumfi mo pɛ mu nyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ mo nsa no anigye so, na monyɛ nhwɛso mma nguankuw no.’ (1 Pet. 5:​2, 3) Momma yensusuw akwan pii a Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo fa so yɛ nhwɛso ma nguankuw no ne sɛnea wɔboa kɛse ma asomdwoe ne anigye tena asafo no mu no mu abien ho nhwɛ.

“YƐN HO DWIRIW YƐN”

WƆDE awarefo bi a wɔyɛ asɛmpatrɛwfo a wofi Asia kɔɔ asafo bi a mfe pii mu no, na ennya nkɔso mu. Wohui sɛ na anuanom a wɔwɔ hɔ no wɔ ɔdɔ, nanso na wɔmfa ahyehyɛde no akwankyerɛ ahorow nyɛ adwuma. Bere a asɛmpatrɛwfo no ne adawurubɔfo no faa nnamfo no, onua a ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo no de nkakrankakra totoo nneɛma wɔ asafo no mu ma nhyehyɛe a ɛwɔ asafo no mu ne Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa de no bɛyɛɛ pɛ. Dɛn na efii mu bae? Wɔ mfe abien ntam no, nnipa dodow a wɔba asafo nhyiam no bu bɔɔ ho, wɔn a wɔyɛ foforo fii ase kɔɔ asɛnka, na adawurubɔfo bɛboro 20 bɔɔ asu. Awarefo no kae sɛ: “Yɛn ho dwiriw yɛn. Yehowa hyiraa yɛn pii! Nea afi akwankyerɛ a Onyankopɔn ahyehyɛde no de ma a yɛde ayɛ adwuma mu aba no ama asafo no mufo nyinaa ani agye.”

Sɛnea Mpanyimfo Yɛn Onyankopɔn Nguankuw no Nnɛ

19. Yɛte nka dɛn wɔ asafo mu mpanyimfo a wɔne yɛn kɔ asɛnka no ho?

19 Nea edi kan, mpanyimfo ne asafo no mufo bom kɔ asɛnka. Asɛmpa kyerɛwfo Luka kaa Yesu ho asɛm sɛ: “Otutuu akwan kɔɔ nkurow mu ne nkuraa ase kɔkaa asɛm no, na ɔpaee mu kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa. Ná dumien no ka ne ho.” (Luka 8:1) Sɛnea Yesu ne n’asomafo no boom kɔɔ asɛnka no, saa ara na nnɛ mpanyimfo a wɔyɛ nhwɛso pa ne asafo no mufo bom kɔ asɛnka. Wonim sɛ sɛ wɔyɛ saa a, wɔboa ma su pa tena asafo no mu. Asafo no mufo te nka dɛn wɔ mpanyimfo a wɔte saa ho? Onuawa bi a wadi bɛboro mfe 80 a wɔfrɛ no Jeannine kae sɛ: “Sɛ me ne ɔpanyin bi reyɛ asɛnka adwuma no a, ɛma minya hokwan ne no bɔ nkɔmmɔ, na ɛma mihu no yiye.” Onua bi a wadi bɛyɛ mfe 35 a wɔfrɛ no Steven kae sɛ: “Sɛ me ne ɔpanyin bi yɛ afie afie asɛnka adwuma no a, mete nka sɛ ɔpɛ sɛ ɔboa me. Sɛ minya mmoa a ɛte saa a, ɛma m’ani gye yiye.”

Oguanhwɛfo bi ahu ne guan bi a wayera wɔ anadwo bi a osu retɔ

Sɛnea oguanhwɛfo hwehwɛ oguan a wayera no, saa ara na mpanyimfo bɔ mmɔden hwehwɛ wɔn a wɔne asafo no mmɔ bio no

20, 21. Asafo mu mpanyimfo bɛyɛ dɛn atumi asuasua oguanhwɛfo a ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no? Ma ho nhwɛso. (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “Dapɛn Dapɛn Nsrahwɛ a Mfaso Wɔ So” no nso.)

20 Nea ɛto so abien, Yehowa ahyehyɛde no atete mpanyimfo ma wodwen wɔn a wɔne asafo no mmɔ bio no ho. (Heb. 12:​12) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no boa nnipa a wɔayɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn som mu no, na ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ wɔfa so yɛ saa? Yesu mfatoho a ɛfa oguanhwɛfo ne oguan a wayera ho no ma yenya mmuae no. (Monkenkan Luka 15:​4-7.) Bere a oguanhwɛfo no hui sɛ oguan no ayera no, ɔhwehwɛɛ no te sɛ nea oguan biako pɛ na ɔwɔ. Dɛn na Kristofo a wɔyɛ mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ de suasua saa oguanhwɛfo no? Sɛnea na oguan a wayera no som bo ma oguanhwɛfo no, saa ara na wɔn a wɔne asafo no mmɔ bio no som bo ma mpanyimfo no. Wobu ɔdawurubɔfo a wayɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn som mu no sɛ oguan a wayera, na wommu no sɛ obi a wɔboa no a ɛrenyɛ yiye. Afei nso, sɛnea oguanhwɛfo no yɛɛ n’adwene sɛ ‘ɔbɛhwehwɛ oguan a wayera no akosi sɛ obehu no’ no, saa ara na mpanyimfo no nso kɔhwehwɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw no na wɔboa wɔn.

21 Bere a oguanhwɛfo a ɔwɔ mfatoho no mu no huu oguan a wayera no, dɛn na ɔyɛe? Ɔmaa no so brɛoo de no ‘bɔɔ ne kɔn ho,’ na ɔde no kɔkaa nguan a aka no ho. Saa ara na asɛm a ɔpanyin bi befi ne komam aka akyerɛ nea wayɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn som mu no betumi ama no so brɛoo, na aboa no ma wasan aba asafo no mu. Saa na ɛtoo onua bi a ɔwɔ Afrika a wɔfrɛ no Victor a ogyaee asafo no. Victor ka sɛ: “Mfe awotwe a meyɛɛ mmerɛw no mu no, mpanyimfo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa me.” Dɛn paa na ɛkaa ne koma? Ɔka sɛ: “Da koro, ɔpanyin bi a wɔfrɛ no John a me no kɔɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu bɛsraa me de mfonini ahorow bi a yetwae bere a na yɛreyɛ sukuu no kyerɛɛ me. Ɛma mekaakaee nneɛma pii a bere bi na meyɛ no, na m’ani fii ase gyinaa nneɛma a na meyɛ wɔ Yehowa som mu no.” Bere a John kɔsraa Victor no, ankyɛ koraa na ɔsan baa asafo no mu. Ɛnnɛ, wasan reyɛ akwampae adwuma no bio. Nokwasɛm ne sɛ, Kristofo a wɔyɛ mpanyimfo a wɔwɔ tema boa yɛn ma yɛn ani gye kɛse.​—2 Kor. 1:​24.b

Kristofo asafo no mu mpanyimfo baanu akɔsra Kristoni bi a ne mfe akɔ anim a wagyae asɛnkakɔ

DAPƐN DAPƐN NSRAHWƐ A MFASO WƆ SO

BERE a mpanyimfo a wɔwɔ asafo bi mu wɔ United States koma kaa wɔn sɛ wɔbɛboa nguan a wɔayera no, wosusuw nea wobetumi ayɛ de aboa nguan a wɔne asafo no mmɔ bio no ho. Wohui sɛ nnipa bɛyɛ 30 a wɔagyae Yehowa som mfe bi a atwam no da so ara te wɔn asafo no asasesin mu. Ná wɔn mu dodow no ara mfe akɔ anim.

Mpanyimfo no mu biako a wɔfrɛ no Alfredo nsa kaa saa nkurɔfo no din, na ofii ase srasraa wɔn. Ɔkae sɛ: “Fida anɔpa biara, na mekɔbɔ obi a wayɛ mmerɛw pon mu.” Sɛ nea wayɛ mmerɛw no bue ne pon a, na Alfredo tɔ ne bo ase ne no kasa, na na ofi ne komam ka sɛnea odwen ne ho no kyerɛ no. Ɔka kyerɛ onua anaa onuawa a wayɛ mmerɛw no sɛ asafo no werɛ mfii adwuma pa a ɔyɛe wɔ Yehowa Ahenni no ho no. Alfredo ka sɛ, “Bere a mekaa nnɔnhwerew dodow a onua bi a wayɛ mmerɛw a ne mfe akɔ anim de yɛɛ asɛnka adwuma no ne nsɛmma nhoma dodow a ɔmae wɔ ɔsram a etwa to a ɔkɔɔ asɛnka wɔ afe 1976 mu no, n’ani taataa nusu.” Alfredo san ne wɔn a ɔkɔsra wɔn no kenkan Luka 15:​4-7, 10, na afei obisa wɔn sɛ: “Dɛn na ɛba, bere a oguan bi a wayera asan aba asafo no mu no? Hwɛ sɛnea Yehowa, Yesu, ne abɔfo no nyinaa di ahurusi!”

Mfe abien ni a Alfredo akɔ so asrasra wɔn a wɔayɛ mmerɛw no. Dɛn na afi adwuma a ɔde boasetɔ reyɛ no mu aba? N’ani agye sɛ watumi aboa anuanom baanu ma wɔasan afi ase ne asafo no rebɔ bio. Seesei, wɔba nhyiam a wɔyɛ no Kwasida no daa. Alfredo de anigye ka sɛ: “Sɛ wɔba Ahenni Asa so a, me nso m’ani taataa nusu.” Ɔde ka ho sɛ: “Ɛwom sɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw yi afi ase reba asafo nhyiam de, nanso meda so ara kɔ wɔn nkyɛn Fida biara efisɛ wɔka sɛ wɔhwɛ saa dapɛn dapɛn nsrahwɛ no kwan paa, na me nso mete nka saa ara!”

Asafo no Sohwɛ a Atu Mpɔn no Ama Biakoyɛ a Ɛwɔ Onyankopɔn Nkurɔfo Mu no Mu Ayɛ Den

22. Ɔkwan bɛn so na trenee ne asomdwoe hyɛ biakoyɛ a ɛwɔ Kristofo asafo no mu den? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “Yɛn Ho Dwiriw Yɛn” no nso.)

22 Sɛnea yɛadi kan ahu no, Yehowa hyɛɛ nkɔm sɛ trenee ne asomdwoe bɛdɔɔso wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu. ( Yes. 60:​17) Saa su abien yi ma biakoyɛ a ɛwɔ asafo ahorow mu no mu yɛ den. Akwan bɛn so? Ɛdefa trenee ho no, ‘Onyankopɔn yɛ Yehowa koro.’ (Deut. 6:4) Trenee a ɔhwehwɛ fi asafo ahorow a ɛwɔ ɔman biako mu no, ɛno ara na ɔhwehwɛ fi asafo ahorow a ɛwɔ ɔman foforo nso mu. Onyankopɔn asɛm nsesa, nea obu no sɛ ɛteɛ no teɛ, na nea ɛnteɛ no nteɛ, na saa ara na ɔhwehwɛ fi “akronkronfo asafo nyinaa mu.” (1 Kor. 14:​33) Enti, sɛ asafo bi benya nkɔso a, gye sɛ wɔde Onyankopɔn asɛm yɛ adwuma. Ɛdefa asomdwoe ho no, ɛnyɛ nea yɛn Hene no pɛ nkutoo ne sɛ yebenya asomdwoe wɔ asafo no mu, na mmom sɛ yɛn ankasa nso bɛyɛ “wɔn a wɔpɛ asomdwoe.” (Mat. 5:9) Enti, ‘yedi nneɛma a ɛde asomdwoe ba akyi.’ Yedi kan siesie akasakasa biara a etumi sɔre wɔ yɛn mu no. (Rom. 14:​19) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛboa ma asomdwoe ne biakoyɛ tena yɛn asafo mu.​—Yes. 60:18.

23. Dɛn na yɛn a yɛyɛ Yehowa asomfo no nya nnɛ?

23 Wɔ November 1895, bere a Ɔwɛn-Aban no kaa nhyehyɛe a wɔde paw mpanyimfo akuw no ho asɛm nea edi kan no, mpanyimfo no nso kaa wɔn komam asɛm. Asɛm bɛn na wɔkae? Wɔkae sɛ, wɔn yam a anka nhyehyɛe foforo a ahyehyɛde no ayɛ no abɛboa Onyankopɔn nkurɔfo ma “wɔayɛ ntɛm ayɛ biako wɔ gyidi mu.” Sɛ yɛhwɛ nea akɔ so wɔ mfe pii a atwam no a, ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛahu sɛ nsakrae a Yehowa nam yɛn Hene no so ayɛ no nkakrankakra no ama biakoyɛ a yɛde resom no mu ayɛ den ankasa. (Dw. 99:4) Ɛno nti, ɛnnɛ, Yehowa nkurɔfo nyinaa ani gye, bere a yɛnantew “honhom koro no ara” mu, tutu “anammɔn koro no ara,” na yɛde “mmati koro” som “asomdwoe Nyankopɔn no.”​—2 Kor. 12:​18; monkenkan Sefania 3:9.

a Wotintim nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri a wɔyɛe no wɔ Aid to Bible Understanding nhoma a wɔde yɛ nhwehwɛmu no mu.

b Hwɛ asɛm a wɔato din “Asafo mu Mpanyimfo​—‘Mfɛfo Adwumayɛfo a Wɔboa Ma Yɛn Ani Gye’” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbae January 15, 2013 mu no.

So Wugye Di sɛ Ahenni no Wɔ Hɔ Ampa?

  • Nsrakrae pa bɛn na Ahenni no de aba ahyehyɛde no mu?

  • Ɔkwan bɛn so na nsakrae ahorow a wɔayɛ wɔ sɛnea wɔhwɛ asafo no so no aboa wo ma woasom “asomdwoe Nyankopɔn no”?

  • Asɛm a ɔpanyin bi kae ne nneɛma a ɔyɛe bɛn na ama woanya anigye kɛse?

  • Dɛn na w’ankasa wubetumi ayɛ de aboa ma asomdwoe ne biakoyɛ atena asafo no mu?

[Kratafa 130 mfonini]Akwankyerɛ Kuw no boayikuw baako ne aboafo a ɛka wɔn ho ahyiam

SƐNEA AKWANKYERƐ KUW NO HWƐ AHENNI NNEƐMA SO

MMARIMA a wɔyɛ Yehowa Nyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn na wɔwɔ Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no mu. Wɔn ara nso na wɔbom yɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma no.” Wɔn na wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmma Onyankopɔn nkurɔfo honhom fam aduan, na wɔmfa Ahenni no ho asɛnka adwuma a wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa no ho akwankyerɛ mma, na wɔnhyɛ ho nkuran.​—Mat. 24:​14, 45-47.

Akwankyerɛ Kuw no hyiam dapɛn biara, na wɔtaa yɛ saa Wukuda. Eyi ma saa anuanom yi tumi bom yɛ adwuma wɔ biakoyɛ mu. (Dw. 133:1) Akwankyerɛ Kuw no mufo san som wɔ boayikuw ahorow mu. Boayikuw biara wɔ adwuma pɔtee a ɛyɛ wɔ Ahenni adwuma no mu. Adwuma a wɔyɛ no na wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ kratafa a edi hɔ no.

  • Kristofo mmarima bi resusuw akwan wɔbɛfa so aboa wɔn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa ho

    Nsɛm Ho Dwumadi Boayikuw

    Anuanom a wɔwɔ saa boayikuw yi mu na wɔhwɛ nsɛm a ɛfa mmara ho, na sɛ ɛho behia sɛ wɔde nea yegye di ankasa to gua a, wɔn na wodi ho dwuma. Wɔn ara nso na wodi atoyerɛnkyɛm, ɔtaa, ne nsɛm foforo a emu yɛ den a ɛto yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa no ho dwuma.

  • Betel abusua no mufo yɛ nnwuma ahorow

    Adwumayɛfo Yiyedi Boayikuw

    Anuanom a wɔwɔ boayikuw yi mu na wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wonni Betel abusua no mufo a wɔwɔ wiase nyinaa no honhom fam ne honam fam ahiade ho dwuma, na wɔboa wɔn wɔ akwan foforo so nso. Wɔn na wɔhwɛ ma wɔfa anuanom foforo ba Betel mmusua no mu, na wodi Betel som ho nsɛm ho dwuma.

  • Betelni bi reboa ma wɔatintim Bible ho nhoma na wɔde akɔma wɔn nuanom ne ɔmanfo

    Nhoma Tintim Boayikuw

    Saa boayikuw yi na ɛhwɛ ma wotintim Bible ho nhoma ma wɔde kɔ wiase nyinaa. Wɔn ara na wɔhwɛ nhoma tintimbea ne adan ne nnwumakuw a Yehowa Adansefo de yɛ adwuma so, na wɔn ara nso na wɔhwɛ ma wosisi adan wɔ wiase nyinaa, a Ahenni Asa ahorow a wosisi nso ka ho. Wɔn na wɔhwɛ ma wɔde ntoboa a woyi sɛ wɔmfa nyɛ Ahenni no ho adwuma no di dwuma yiye.

  • Onua Kristoni bi reyɛ nhwehwɛmu wɔ ɔfese

    Ɔsom Boayikuw

    Anuanom a wɔwɔ boayikuw yi mu na wɔhwɛ biribiara a ɛfa asɛnka adwuma no ne nsɛm a ɛfa asafo ahorow, akwampaefo, asafo mu mpanyimfo, ahwɛfo akwantufo, ne asɛmpatrɛwfo ho no so. Wɔn na wɔhwɛ nneɛma foforo pii a ebi ne adwuma a Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw yɛ no so.

  • Onua Kristoni bi gyina asɛnka pon ho rema ɔkasa

    Nkyerɛkyerɛ Boayikuw

    Saa boayikuw yi na ɛyɛ ɔkasa ahorow a wɔma wɔ nhyiam akɛse ne nketewa, ne asafo nhyiam ahorow ase no ho nhyehyɛe. Ɛno na ɛhwɛ Gilead Sukuu, Ahenni Asɛmpakafo Sukuu, Akwampaefo Ɔsom Sukuu, ne sukuu ahorow a aka no so. Saa boayikuw yi ara nso na ɛhwɛ ma wɔkyerɛw Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka adesua nhoma no ne dwumadi ahorow a wɔyɛ gu kasɛt ne video so no so.

  • Nhoma ahorow a wotintim ne nea wɔde gu jw.org wɛbsaet

    Akyerɛw Boayikuw

    Anuanom a wɔwɔ boayikuw yi mu na wɔhwɛ ma wɔkyerɛw Bible ho nhoma a wotintim ne nea wɔde gu Intanɛt so ma yɛn nuanom ne ɔmanfo nso. Wɔn ara nso na wɔhwɛ Wɛbsaet a ahyehyɛde no de di dwuma ne Bible ho nhoma a wɔkyerɛ ase kɔ kasa ahorow mu wɔ wiase nyinaa no so. Afei nso, boayikuw yi ara na ɛma nsɛm a nkurɔfo bisa fa kyerɛw nsɛm bi ne yɛn nhoma mu nsɛm bi ho no ho mmuae.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena