Onyankopɔn “Ɔman A Ɛyɛ Den” A Ɛyɛ Biako A Ɛbɛyɛ Asase So Ma
“Nea osua koraa no bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, [Yehowa], mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.”—YESAIA 60:22.
1, 2. (a.) Dɛn na aba wiase biakoyɛ ne nhyehyɛe so? (b) Dɛn na ɛrekɔ so wɔ Yehowa asomfo mu wɔ wiase a asɛe yi mu?
NNIPA animdefo gye tom sɛ wiase yi mu repaapae kɛse na basabasayɛ redɔɔso. Samufo asɛm bi a ɛwɔ The New York Times mu kae sɛ: “Amammuisɛm mu basabasayɛ retrɛw wɔ wiase nyinaa sen bere biara. . . . Basabasayɛ a ɛte sɛɛ pii rekɔ so mprempren araa ma ɛyɛ den sɛ wobedi ho dwuma.” Ɛkae sɛ: “Nokwasɛm no ne sɛ obiara nni hɔ a ɔredi wiase no so bio na ama nhyehyɛe ayɛ adwuma kakraa.” Nanso, nneɛma a ɛresɛe yi ne nea Onyankopɔn Asɛm ka too hɔ maa yɛn bere yi.—2 Timoteo 3:1-5, 13; Mateo 24:3-13.
2 Wɔ Yehowa asomfo a wɔyɛ biako no fam no, basabasayɛ a emu retrɛw no yɛ sɛnkyerɛnne ankasa sɛ nneɛma nhyehyɛe bɔne bi rebɛn n’awiei, bere a nhyehyɛe foforo bi rebɛn. (Luka 21:28) Nanso, wɔ wiase a nnipa pii suasua ne nyame a wɔabrɛ no ase, Satan Ɔbonsam, no mu na Yehowa retew ne nkurɔfo ho na ɔredi wɔn anim akɔ Nhyehyɛe Foforo a eye mu. Ɔboaboa wɔn ano kɔ ne som kronn a wɔama so te sɛ nea wɔde asi bepɔw so ma akron sen ɔsom afoforo nyinaa no mu. Afei wɔn a wɔdan ba nokware Nyankopɔn biakoyɛ som yi mu no ka kyerɛ afoforo sɛ: “Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan na yɛnnantew n’atempɔn so.” (Yesaia 2:2, 3) Wɔn a wɔde wɔn aba biakoyɛ som yi mu no de ahopere hwɛ ‘ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu’ kwan.—2 Petro 3:13.
“Nguanten” A Wɔpaapae Wɔn Mu Fi “Mpapo” Ho
3, 4. (a.) Dɛn na akɔ so fi 1914? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔrepaapae nnipa no mu ama nkwagye?
3 Sɛnea Onyankopɔn Bible nkɔmhyɛ mmerebu te no, wɔde “ɔsoro foforo” (Onyankopɔn soro Ahenni wɔ Kristo nniso ase) no sii hɔ wɔ 1914 afe a na emu yɛ den no mu. Ɛno akyi no na wɔde 144,000 a wɔyɛ “ɔsoro foforo” no mfɛfo adedifo no paw no aba awiei. (Adiyisɛm 14:1-4) Mprempren Yehowa refrɛ nkurɔfo ma wɔabɛyɛ saa Ahenni no asase so mma. ‘Wobefi ahohiahia kɛse no mu’ sɛ wɔn a wɔanya nkwa na wɔabefi trenee nhyehyɛe foforo ase wɔ Ahenni no akwankyerɛ ase.—Adiyisɛm 7:9, 14; Mateo 24:21.
4 Yesu kaa anoboaboa yi ho asɛm too hɔ wɔ asɛm yi mu: “Na onipa ba [Kristo] no bɛba n’anuonyam mu [wɔ ɔsoro Ahenni tumi mu] a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtra n’anuonyam ahengua so. Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu. Na ɔde nguanten no begyina ne nifa, na ɔde mpapo no agyina benkum.” Dɛn na ebefi mu aba? Yesu kae sɛ: “Ɛno na ɔhene bese wɔn a wɔwɔ ne nifa [nnipa a wɔte sɛ nguanten] no sɛ: Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase asefi mu no nni! . . . Ɛnna ɔbɛkaakyerɛ wɔn a wɔwo benkum [nnipa a wɔte sɛ mpapo] no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, mumfi me so nko daa ogya [daa ɔsɛe] a woasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no mu! . . . Na eyinom befi hɔ ako daa ahoyeraw mu na nnipa trenee no bɛkɔ daa nkwa mu.”—Mateo 25:31-46.
5. Ɔkwan bɛn so na Yehowa mmɔborohunu da adi nnɛ?
5 Nanso, Yehowa yɛ Onyankopɔn mmɔborohunufo a ɔwɔ ɔdɔ. “Ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo, ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.” (2 Petro 3:9) Enti, ansa na Onyankopɔn de wiase a emu apaapae na ɛne ne ho di ako yi bɛba awiei no, ɛyɛ ne pɛ sɛ n’asomfo bɛka daa nkwa wɔ trenee Nhyehyɛe Foforo mu anidaso no ho asɛm akyerɛ. Saa ara na ne Ba no kae sɛ: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.
6. Henanom na Yehowa ma wɔyɛ Ahenni asɛnka adwuma no?
6 Henanom na ɛsɛ sɛ wɔka Ahenni no ho asɛm yi ansa na awiei no aba? Ɛda adi sɛ Yehowa remfa wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔsom no no nni dwuma. Wɔn a ɔma wɔyɛ Ahenni asɛnka adwuma no ne wɔn a wofi wɔn pɛ mu brɛ wɔn ho ase ma no no. Nkɔmhyɛ no abam wɔ honhom mu Israel nkaefo no so sɛ: “Mɛka wɔn mabom sɛ nguan nguamman mu.” (Mika 2:12) “Nguan foforo” no ne wɔn nya saa biakoyɛ no mu kyɛfa mprempren (Yohane 10:16) Eyinom nyinaa na wɔyɛ amanaman ntam Yehowa adansefo a wɔyɛ biako no. Mpanyin ne mmofra, mmarima ne mmea, ka ho, efisɛ nnwom a efi honhom mu no se: “Munyi [Yehowa] ayɛ! . . mmerante ne mmabaa nso, mpanyin ne mmofra: Wonyi [Yehowa] din ayɛ.” “Mmea a wɔka nkonim asɛmpa no asafo sõ.”—Dwom 68: 11; 148:1, 12, 13.
Asɛm A Wɔka Wɔ Biakoyɛ Mu
7. (a) Biakoyɛ bɛn na Yehowa Adansefo wɔ? (b) Yɛbɛyɛ dɛn ahu ankasa sɛ wɔbɛkora biakoyɛ yi so?
7 Yehowa, Yesu Kristo ne abɔfo kronkron no hwɛ sɛ asase so ahyehyɛde a ɛyɛ Ahenni asɛnkafo no bɛbɔ Onyankopɔn asɛm no dawuru wɔ biakoyɛ mu. (Mateo 28:19, 20; Yohane 14:26; Adiyisɛm 14:6, 7) Enti Yehowa Adansefo yɛ nea Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu ka no. ‘Wɔabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.’ ‘Wɔde koma koro ne nokoro hyɛ Onyankopɔn, wɔn Awurade Yesu Kristo n’agya, anuonyam.’—1 Korintofo 1:10; Romafo 15:6.
8. Dɛn na ɛho hia na ama ɔsom mu biakoyɛ anya nkɔso?
8 Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ biako wɔ adwene, nsusuwii ne asɛnka mu no, Yehowa Adansefo sua Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware no daa. Wɔyɛ eyi wɔ kokoam, ne wɔ afe afe nhyiam horow akɛse ne asafo nhyiam horow anum dapɛn biara no ase. Saa kwan yi so no wɔn nsa ka honhom fam aduan koro wɔ Yehowa pon so. (Mateo 24:45-47; Hebrifo 10:24, 25) Wogye tom sɛ Bible mu ntetee yi ne ade titiriw a ɛma wɔbom som no. Sɛnea Katolekni ɔkyerɛwfo William Whalen kae wɔ atesɛm krataa a wɔfrɛ no U.S. Catholic mu no: “ [Yehowa Adansefo] Ahenni Asa biara de mpanyimfo ntetee kɛse ma wɔ ɔsram biako mu sen nea Katolekfo amansin horow pii yɛ wɔ afe no nyinaa mu.” Yiw, Bible mu ntetee ne ade titiriw a ɛma wonya “adwenkoro,” “nsusuwii koro” na wɔyɛ “nokoro” no.
9. Yɛbɛyɛ dɛn ahu wɔn a Yehowa de wɔn di dwuma ma wɔka Ahenni asɛm no?
9 Sɛ w’adwene mu yɛ wo naa wɔ wɔn a Yehowa de wɔn redi dwuma ma wɔaka “ahenni no ho asɛmpa yi” no ho a, bisa wo ho sɛ: Sɛ nnipa bi kɔ nkurɔfo afi mu kɔka Yehowa ne n’Ahenni no ho asɛm a, wɔyɛ nnipa bɛn? Ɛyɛ nea wonim wɔ baabiara sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo. Mpɛn ahe na nnipa a wɔwɔ nyamesom afoforo mu ba wo nkyɛn bɛka Yehowa ne n’Ahenni no ho asɛm kyerɛ wo? Mpɛn dodow ahe na nnipa a wɔte sɛɛ ka nneɛma yi ho asɛm ankasa mpo, wɔ baabiara? Nnipa a wɔde wɔn ho abɔ wiase yi nyamesom ahorow a emu apaapae no ho no aka wɔn ano atom wɔ Yehowa ne n’Ahenni no ho. Wɔn mu kakraa bi na wonim oniiko a Yehowa yɛ anaa nea n’Ahenni no bɛkyerɛ ama asase yi. Nanso, Yehowa ne n’Ahenni ho asɛm no yɛ nea ɛwosow wiase nyinaa, efisɛ, sɛnea Daniel 2:44 ka too hɔ no, ɛrenkyɛ, Yehowa Ahenni no ‘bebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.’
Nkɔso Ntɛmntɛm Fi Mfitiase Nketewaa Mu
10. Ná Yehowa asomfo dodow te dɛn ansa na 1914 reba, nanso ɛsɛ sɛ yebu nea wɔyɛe saa bere no dɛn?
10 Nnɛyi Ahenni ho dawurubɔ no fii ase wɔ ɔkwan ketewaa so. Efi 1870 mfe no so besi 1914 afe soronko no so no, na Ahenni adawurubɔfo no dodow sua. Nanso saa anokwafo no too nhyɛase maa nea na ɛrebɛba. Bere a ɛno yɛ mfitiase ketewaa no, ɛma yɛkae kyerɛwsɛm a ese ɛnsɛ sɛ ‘yebu nneɛma nketewa da no animtiaa’ no. (Sakaria 4:10) Wɔ Yehowa asomfo fam no na ɛyɛ “nneɛma nketewa da” ansa na 1914 reba, nanso na pii bɛba a ɛrenkyɛ.
11, 12. (a) Adanse bɛn na na ɛwɔ hɔ sɛ honhom kronkron reyɛ adwuma wɔ 1914 akyi? (b) Asɛm bɛn na wɔkae wɔ Ahenni adwuma no ho bɛboro mfirihyia 30 a atwam ni, na dɛn na yebetumi aka wɔ ho nnɛ?
11 Bere a Wiase Ko I fii ase wɔ 1914 mu no, nneɛma nhyehyɛe dedaw no kɔɔ ne “nna a edi akyiri” mu. (2 Timoteo 3:1) Ahenni no nso fii ase dii tumi wɔ 1914 mu. (Adiyisɛm 12:10-12) Wɔmaa Kristo tumi saa bere no sɛ omfi ase mpaapae “nguanten” no mu mfi “mpapo” no ho. Enti, Onyankopɔn honhom kronkron no fii ase dii dwuma denneennen wɔ n’asomfo anokwafo so. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 2:16-21 ho.) Ahenni adwurubɔfo no dodow kɔɔ soro fi bɛyɛ 4,000 wo 1918 mu koduu nea ɛboro 260,000 wo 1948 mu, wɔ mfirihyia 30 ntam. Bɛyɛ saa bere no mu naC. S. Braden a ɔyɛ nyamesom abakɔsɛm ho ɔbenfo no kyerɛwee sɛ: “Yehowa Adansefo de wɔn adansedi no ahyɛ asase so nnyina ma. . . . Wobetumi aka no nokwarem sɛ nyamesom kuw biara nni wiase a ɛda nnamyɛ adi na ɛkɔ so wɔ mmɔden a ɛbɔ sɛ ɛbɛtrɛw Ahenni no ho asɛmpa no mu no mu sen Yehowa Adansefo.”
12 Nanso, na ɛno yɛ nea ɛboro mfirihyia 30 a atwam ni! Ɛnnɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔn dodow boro wɔn a na wɔwɔ wiase nyinaa wɔ 1948 mu no so mmɔho du wɔ hɔ! Esiane nea Braden kae no sɛ ná Yehowa Adansefo de wɔn Ahenni ho dawurubɔ no “ahyɛ asase so ma” saa bere no nti, dɛn na wobetumi aka wɔ anim a Ahenni adwuma no akɔ mprempren no ho? Yebetumi de ahotoso aka eyi: Pii bɛba nnansa yi ara!
13. Dɛn na ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa a ɛkyerɛ sɛ Yesaia 60:22 renya mmamu?
13 Amanneɛbɔ ahorow a efi aman a ɛboro 200 so ka Ahenni adwurubɔfo a wɔn dodow rekɔ anim ho asɛm. Sɛnea ɛne eyi behyia no, wɔasisi Ɔwɛn Aban baa dwumadibea adan afoforo anaasɛ wɔretrɛw nea ɛwowɔ hɔ no mu. Wɔanya mfiri ahorow a ɛde ahoɔhare kɛse tintim nhoma ahorow na Betel mmusua horow a adwumayɛfo a wɔde wɔn ho ama wom no dodow rekɔ anim wɔ wiase nyinaa. Ntrɛwmu a ɛrekɔ so ntɛmntɛm yi nyinaa kyerɛ yɛn sɛ yɛde yɛn aniwa rehu bɔ a ɛyɛ anigye a wɔhyɛe bere tenten a atwam ni wɔ Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔwɔ boasetɔ ho no mmamu sɛ: “Nea osua koraa no bɛdan apem na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me [Yehowa] mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.” (Yesaia 60:22) Asɛm biara nni nokwasɛm yi ho sɛ wɔresiesie Yehowa Adansefo honhom mu ne wɔ ahyehyɛde kwan so ma wɔde Yehowa ne n’Ahenni no ho adansedi kɛse a ɛsen biara wɔ wiase abakɔsɛm mu ama!
14. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa asomfo reba abɛyɛ “ɔman a ɛyɛ den”?
14 Ɛnnɛ Kristofo a wɔyɛ asɛmpa no ho asomfo a wɔn dodow boro ɔpepem abien ne fã wɔ hɔ. Wohu wɔn wɔ asafo ahorow bɛboro 46,000 mu wɔ wiase nyinaa. Bere a Yehowa Adansefo hyiaam March 29, 1983 de hyɛɛ Kristo wu no ho fã no, nnipa 6,767,707 bae, na wɔnam saa yɛ so kyerɛɛ wɔn ani a egye Onyankopɔn Ahenni no ho. Saa nnipa yi dɔɔso sen wiase aman nyinaa nkyem abiɛsa mu abien mu nnipa a wɔwɔ saa aman no biara mu! Ampa, Yehowa asomfo a wɔyɛ biako no reba abɛyɛ “ɔman a ɛyɛ den,” ɛwom sɛ wɔde wɔn toto nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔn dodow bɛyɛ ɔpepepem anan ne fã no ho a wosua de.—Mateo 7:13, 14.
15. Dɛn na aba wɔ mfe kakraa a atwam yi mu a ɛfa nnipa a wɔte sɛ nguanten no anoboaboa no ho?
15 Nnipa a wɔte sɛ nguanten ano a wɔboaboa no rekɔ so ntɛmntɛm nnansa yi. Nnipa a wɔpɛ trenee resen aba Yehowa ahyehyɛde no mu mprempren abɛsom no. Wɔ saa yɛ mu no, wɔrenya kyɛfa wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛwɔ Hagai 2:7 no mmamu a ɛyɛ anigye mu, faako a Yehowa se: “Mɛwosow amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa ade a wɔpɛ bɛba, na mede anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma.” Saa nnipa a wɔpɛ na wɔbrɛ wɔn ho ase yi ka kyerɛ Yehowa asomfo no sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.”—Sakaria 8:23.
16, 17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de ne nkurɔfo bedi dwuma ansa na wasɛe nhyehyɛe bɔne yi?
16 Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu a emu retrɛw no rebɛn bere a ɔde bedi dwuma wɔ ɔkwan a emu yɛ den foforo so: de aka n’atemmusɛm a etwa to atia nhyehyɛe yi. Wobetumi de eyi atoto bere a wɔde ahyɛde maa Israelfo a na wɔatwa Yeriko kurow no ho ahyia nnasia dedaw, da koro biara pɛnkoro no ho, sɛ: “Ɛda a ɛto so ason no, muntwa kurow no ho nhyia mpɛn ason, na asɔfo no nhyɛn ntorobɛnto no. . . . sɛ mote torobɛnto no nne a, ɔman no nyinaa nhuro mmɔ ose kɛse, na kurow no ho fasu no bɛhwe fam.” Enti wɔ da a etwa to no mu no, adwuma no kɔɔ so ɔhare so mpɛn ason! Afei wɔbɔɔ torobɛnto no, ɔman no bɔɔ ose kɛse na “ɔfasu no hwee fam.”—Yosua 6:2-5, 20.
17 Ɛnnɛ wɔde nokware nsu “bɔkɔɔ” rekɔ nnipa no nkyɛn de ahyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnnan mmra Yehowa nkyɛn. Nanso ɛrenkyɛ, ɛda no bɛba a asɛm no bɛyɛ “den.” Ɛbɛbɔ Satan nhyehyɛe yi nyinaa awiei a abɛn no ho dawuru. Nokware no nsu bɔkɔɔ no bɛkyen abɛyɛ nokware asukɔtweaa a ɛyɛ den. Atemmusɛm a etwa to yi ano bɛyɛ den araa ma wɔde toto “asukɔtweaa akɛse a ɛte sɛ dwetikɛsebo” ho, a ɛkyerɛ sɛ ɛsosõ yiye. Enti na Adiyisɛm 16:21 ka sɛ: “Ɔhaw no sõ kɛse” no.
“Ɔman A Ɛyɛ Den” Yɛ Asase So Ma
18. (a) Onyankopɔn Ahenni no yɛ paara dɛn? (b) Dɛn na Daniel 2:35 kyerɛ sɛ awiei koraa no Ahenni no bɛyɛ?
18 Onyankopɔn Ahenni a ɛno ne ade a edi kan a Yehowa Adansefo de wɔn ho ma no yɛ nniso ankasa ampa. Kristo ne ne mfɛfo 144,000 no ne ne soro adedifo. Ɛwɔ mmara ankasa ne “mmara nhoma”—Onyankopɔn Asɛm no. Saa nniso a ɛyɛ paara yi wɔ nkoa ankasa nso a wɔyɛ ɔman a ɛreyɛ kɛse, ɔpepem pii a wɔaka abom sɛ nnipa biako. Na Bible no aka ato hɔ sɛ bere a Mesia Ahenni yi abubu wiase nniso horow no nyinaa afi hɔ akyi no, ‘ɛbɛyɛ asase nyinaa so ma.’ (Daniel 2:35) Ɔkwan bɛn so na eyi bɛba?
19, 20. Ɔkwan bɛn so na Yehowa asomfo bɛba abɛyɛ “ɔman a ɛyɛ den” ankasa?
19 Wɔn a wotwa Harmagedon no befi ase ayɛ Paradise a Yesu kaa ho asɛm wɔ Luka 23:43 no. (Adiyisɛm 16:14, 16) Afei, ɛrenkyɛ “owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Asomafo no Nnwuma 24:15) Wɔ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni tumi no mu no, wɔbɛma obiara anya hokwan a ɔde bɛba abegyina Ahenni no nniso afã. Wobeyi wɔn a wɔmpɛ trenee nniso no afi hɔ. (Adiyisɛm 20:6, 11-15) Enti, wɔ mfirihyia apem no awiei no, obiara a ɔte asase so bɛyɛ obi a ɔde ne ho ama Yehowa som! Saa bere no na wobetumi aka sɛ Yesaia 11:9 bɛbam ankasa sɛ: “Na [Yehowa ho nimdeɛ] bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.”
20 Hwɛ anigye ara a saa bere no bɛyɛ! Onipa biara a wubehyia no yɛ obi a ɔde “adwenkoro,” “nsusuwii koro” ne “nokoro” som Yehowa. Onyankopɔn asomfo a wɔyɛ biako a wɔte sɛɛ ɔpepem pii a wɔama wɔadu ɔdesani pɛyɛ ho bɛhyɛ Paradise asase no so ma. Saa bere no na wɔbɛyɛ “ɔman a ɛyɛ den” ampa, ɔman a ɛyɛ den sen biara a wɔahu wɔ asase so pɛn. Dabi, adesamma abusua a wɔyɛ biako nyɛ adaeso ara kwa. Ɛwɔ hɔ mpremprem So woka ho?
Ntimu Nsemmisa
□ Bere a basabasayɛ kɔ so kɛse wɔ wiase no mu no, dɛn na ɛrekɔ so wɔ Yehowa nkurɔfo mu?
□ Mpaapaemu adwuma kɛse bɛn na ɛrekɔ so nnɛ?
□ Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ wɔbɛkora Yehowa asomfo biakoyɛ no so?
□ Ɔkwan bɛn so na Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no renya nkɔso abɛyɛ “ɔman a ɛyɛ den,” na eyi bɛkɔ akowie dɛn mu?
[Kratafa 15 mfoni]
Sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu no, saa na Yesu Kristo paapae nnipa mu nnɛ wɔ Ahenni tumi mu
[Kratafa 17 mfoni]
Wɔresisi Betel afie ne nhoma tintimmea ahorow te sɛ eyinom de ama Ahenni asɛnka adwuma no akɔ so
Ebina, Japan
Abidjan, Ivory Coast
Ingleburn, N.S.W. Australia
Enebakk, Norway
Ajalvir (Madrid) , Spain