Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Trenee Fifi Wɔ Sion
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
    • 17. (a) Wɔbɛfrɛ Nyankopɔn Israel no mufo dɛn? (b) Dɛn ne afɔre koro pɛ a ehia ma bɔne fafiri?

      17 Na Nyankopɔn Israel nso ɛ? Yehowa nam Yesaia so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo de, wɔbɛfrɛ mo [Yehowa, “NW”] asɔfo, na wɔase mo sɛ: Yɛn Nyankopɔn asomfo; mubedi amanaman ahonyade, na mode wɔn adedodow ahoahoa mo ho.” (Yesaia 61:6) Wɔ tete Israel no, Yehowa de Lewifo asɔfokuw no mae sɛ wɔmmɔ afɔre mma asɔfo no ankasa ne wɔn mfɛfo Israelfo no. Nanso, wɔ afe 33 Y.B. mu no, Yehowa amfa Lewifo asɔfokuw no anyɛ adwuma bio, na ɔde nhyehyɛe a eye kyɛn so sii hɔ. Ogyee Yesu nkwa a ɛyɛ pɛ no toom sɛ adesamma bɔne ho afɔre. Efi saa bere no, ɛho nhiae bio sɛ wɔbɔ afɔre foforo. Yesu afɔrebɔ no di mũ bere nyinaa.—Yohane 14:6; Kolosefo 2:13, 14; Hebrifo 9:11-14, 24.

      18. Nyankopɔn Israel no yɛ asɔfokuw bɛn, na dɛn ne wɔn adwuma?

      18 Ɛnde, ɔkwan bɛn so na Nyankopɔn Israel no mufo yɛ ‘Yehowa asɔfo’? Bere a ɔsomafo Petro rekyerɛw ne mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn no, ɔkae sɛ: ‘Mo de, moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu mo mmaninyɛ nkyerɛ.’ (1 Petro 2:9) Enti, sɛ́ nnipakuw no, Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ asɔfokuw a wɔwɔ adwuma pɔtee bi: sɛ́ wɔbɛka Yehowa anuonyam akyerɛ amanaman. Wɔbɛyɛ n’adansefo. (Yesaia 43:10-12) Kristofo a wɔasra wɔn no ayɛ adwuma a ɛho hia yi wɔ nna a edi akyiri yi mu nyinaa. Ne saa nti, mprempren nnipa ɔpepem pii na wɔne wɔn reyɛ Yehowa Ahenni ho adansedi adwuma no.

      19. Ɔsom adwuma bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no benya hokwan ayɛ?

      19 Afei nso, Nyankopɔn Israel no mufo wɔ anidaso sɛ wɔbɛsom sɛ asɔfo wɔ ɔkwan foforo so. Wɔn wu akyi no, wonyan wɔn kɔ honhom fam asetra a owu nnim mu wɔ soro. Ɛhɔ no, ɛnyɛ som nko na wɔne Yesu som sɛ N’ahenni no sodifo na mmom sɛ Onyankopɔn asɔfo nso. (Adiyisɛm 5:10; 20:6) Ne saa nti, wobenya hokwan de Yesu agyede afɔre no so mfaso ahorow adi dwuma ama adesamma anokwafo wɔ asase so. Wɔkaa wɔn ho asɛm bio sɛ “nnua” wɔ ɔsomafo Yohane anisoadehu a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Adiyisɛm ti 22 no mu. Wohuu “nnua” 144,000 no nyinaa wɔ soro, a wɔresow ‘aba ahorow dumien, na wɔsow aba daa ɔsram; na wɔde nnua no nhaban na ɛsa amanaman no yare.’ (Adiyisɛm 22:1, 2) Asɔfodwuma a ɛyɛ anigye bɛn ara ni!

  • Trenee Fifi Wɔ Sion
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
    • a Ebetumi aba sɛ Yesaia 61:5 nyaa mmamu bi tete mmere mu, efisɛ wɔn a na wɔnyɛ Yudafo kaa honam fam Yudafo ho san baa Yerusalem, na ɛda adi sɛ wɔboae ma wosiesiee asase no so. (Esra 2:43-58) Nanso, efi nkyekyem 6 rekɔ no, ɛte sɛ nea nkɔmhyɛ no fa Nyankopɔn Israel nkutoo ho.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena