-
“Din Foforo”Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
-
-
“Din Foforo” a Yehowa De Ma
6. Sion ho adwene bɛn na na Yehowa wɔ?
6 Adwene bɛn na na Yehowa wɔ ma Sion, ne soro ‘bea,’ a na tete Yerusalem gyina hɔ ma no no? Ɔkae sɛ: “Amanaman behu wo trenee, na ahene nyinaa ahu w’anuonyam, na wɔato wo din foforo a [Yehowa, “NW”] ano bɛkyerɛ no.” (Yesaia 62:2) Bere a na Israelfo yɛ wɔn ade trenee mu no, ɛmaa amanaman no hwɛɛ wɔn yiye. Ahemfo mpo gye toom sɛ na Yehowa de Yerusalem reyɛ adwuma, na na wɔn nniso biara nto Yehowa Ahenni no koraa.—Yesaia 49:23.
7. Ná Sion din foforo no kyerɛ dɛn?
7 Afei Yehowa sii Sion tebea a asakra no so dua denam din foforo a ɔde maa no no so. Saa din foforo no kyerɛɛ Sion asase so mma tebea a nhyira ne nidi wom a efii ase wɔ afe 537 A.Y.B. mu no.a Ɛkyerɛe sɛ na Yehowa gye tom sɛ Sion yɛ ne dea. Ɛnnɛ, ɛyɛ Nyankopɔn Israel no anigye sɛ Yehowa ani gye wɔn ho wɔ saa kwan yi so, na nguan foforo no ne wɔn di ahurusi.
-
-
“Din Foforo”Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
-
-
a Wɔ Bible nkɔmhyɛ mu no, “din foforo” betumi akyerɛ dibea anaa hokwan foforo.—Adiyisɛm 2:17; 3:12.
-