Asomdwoe Hene. Yesu ne Onyankopɔn Ahenni no so Hene, na ɔbɛma asomdwoe a enni awiei aba asaase so baabiara.—Yesaia 9:6.
Ɔfotufo Nwonwafo. Yesu afotu nyinaa yɛ afotu pa, na mfaso wɔ so bere nyinaa. Sɛ yedi so a, ɛde yɛn bɛkɔ nkwagye mu.—Yesaia 9:6; Yohane 6:68.